-
Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” YiƆwɛn-Aban—1999 | March 1
-
-
12. (a) Dɛn nti na nnua a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no tumi sow sɛnea ɛyɛ no? (b) Dɛn na nnua a ɛsow aba yi gyina hɔ ma wɔ nna a edi akyiri yi mu?
12 Hesekiel anisoadehu mu asubɔnten no ma wonya nkwa ne akwahosan. Bere a Hesekiel hu nnua a ebenyin wɔ asu no ho no, wɔka kyerɛ no sɛ: “N’ahaban rempo, na n’aba rensã . . . na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.” Dɛn nti na aba a saa nnua yi sow no yɛ nwonwa saa? “Efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen.” (Hesekiel 47:12b) Saa sɛnkyerɛnne kwan so nnua yi yɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so de adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu denam Yesu agyede afɔrebɔ no so no nyinaa ho mfonini. Wɔ asase so nnɛ no, nkaefo a wɔasra wɔn no na wodi anim wɔ honhom fam aduan ne ayaresa a wɔde ma no mu. Sɛ 144,000 no nyinaa nsa ka wɔn soro akatua no a, nhyira a efi wɔn asɔfodwuma mu sɛ Kristo yɔnkodifo no bɛtoa so akosi daakye, kosi sɛ awiei koraa no, wobedi owu a ɛnam Adam so bae no so nkonim koraa.—Adiyisɛm 5:9, 10; 21:2-4.
-
-
Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” YiƆwɛn-Aban—1999 | March 1
-
-
17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔaka asubɔnten a ɛma nkwa no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:1, 2, na bere bɛn na saa anisoadehu no benya ne mmamu titiriw? (b) Wɔ Paradise no, dɛn nti na nkwa nsu asubɔnten no bɛyɛ kɛse asen biara bere bi?
17 Enti, asubɔnten a Hesekiel hui no de nkwa nsu a tumi wom sen biara bɛsen saa bere no. Eyi ne bere titiriw a nkɔmhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 22:1, 2 no benya ne mmamu sɛ: “Ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu. N’abɔnten mfinimfini ne asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.”
18 Wɔ Mfirihyia Apem no mu no, wɔbɛsa nyarewa nyinaa—honam, adwene, ne nkate fam de. Wɔde sɛnkyerɛnne kwan so nnua a “wɔde sa amanaman no yare” no ayɛ eyi ho mfonini fɛfɛɛfɛ. Esiane nsiesiei a Kristo ne 144,000 no bɛyɛ nti, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24, NW) Na asubɔnten no bɛhyɛn ne bere a ɛbɛyɛ kɛse asen biara mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse na emu dɔ na atumi asõ nnipa ɔpepem pii, anaa ebia ɔpepepem pii a wobenyan wɔn a wɔbɛnom nkwa nsu a ani tew no nyinaa so. Anisoadehu mu asubɔnten no saa Po a Awu no yare, na ɛde nkwa baa baabiara a ɛkɔe no. Saa ara na mmarima ne mmea a wɔwɔ Paradise no benya nkwa koraa, na sɛ wɔkyerɛ agyede no so mfaso horow a wɔde ma wɔn no mu gyidi a, wobegye wɔn afi owu a wonya fii Adam hɔ no mu. Adiyisɛm 20:12 hyɛ nkɔm sɛ wobebue “nhoma” bi mu saa bere no, na ama wɔanya hann ho ntease foforo a awufo a wɔanyan wɔn no nso benya mu mfaso. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom remma wɔnsa wɔn yare wɔ Paradise mpo. Saa atuatewfo yi na ‘wɔde wɔn bɛma’ daa ɔsɛe “nkyene” no.—Adiyisɛm 20:15.
-