-
‘Monkyɛ Asaase No Sɛ Mo Agyapade’Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
‘Asaase Yi Bɛyɛ Mo Agyapade’
5, 6. (a) Hesekiel anisoadehu no mu no, asaase bɛn na na wɔbɛkyekyɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na Yehowa de asaase a na wɔbɛkyekyɛ no ho anisoadehu maa Hesekiel?
5 Kenkan Hesekiel 47:14. Yehowa de asaase bi kyerɛɛ Hesekiel wɔ anisoadehu mu, na ɔma ohui sɛ, ɛrenkyɛ saa asaase no bɛyɛ sɛ “Eden turo.” (Hes. 36:35) Afei Yehowa kaa sɛ: “Eyi ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuw 12 no sɛ wɔn agyapade.” (Hes. 47:13) “Asaase” a na wɔbɛkyɛ no, ɛno ne Israel asaase a na Yehowa nkurɔfo bɛsan akɔtena so no. Afei Yehowa kyerɛɛ mmeae a asaase mũ no nyinaa ahye deda wɔ atifi fam, anaafo fam, apuei fam, ne atɔe fam. Wubehu wei wɔ Hesekiel 47:15-21.
6 Adɛn nti na Yehowa de asaase a wɔkyekyɛe ho anisoadehu no maa Hesekiel? Yɛabehu sɛ, Yehowa kyerɛɛ mmeae a asaase no ahye deda pɛpɛɛpɛ. Wei maa Hesekiel ne Yudafo a wɔka no ho no nyaa awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara wɔbɛsan akɔtena asaase a ɛda wɔn koma so no so. Nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a Yehowa de mae yi, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Yudafo no nyaa anidaso na wɔn ani gyei! Yemmisa sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo yi a wɔtenaa ase tete no, wɔkyekyɛɛ asaase maa wɔn sɛ wɔn agyapade anaa? Yiw, wɔkyekyɛ maa wɔn.
7. (a) Efi afe 537 A.Y.B. mu no, asɛm bɛn na esii, na dɛn na ɛma yɛkae? (b) Asɛmmisa bɛn na yebedi kan asusuw ho?
7 Bere a Hesekiel nyaa anisoadehu yi akyi bɛyɛ mfe 56 wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Israelfo mpempem pii fii ase sɛ wɔreba Israel asaase so abɛtena so bio. Saa asɛm yi a esii tete no, ɛma yɛkae biribi a ɛte saa a ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu wɔ yɛn bere yi so. Ɛne sɛ, ɔkwan bi so no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso, wɔatwa asaase bi ama wɔn. Ɛyɛ asaase bɛn? Yehowa ama n’asomfo akɔtena honhom fam asaase bi so. Enti yebetumi aka sɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa maa tetefo no san kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so a, ɛbɛma yɛahu nneɛma pii afa honhom fam asaase a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo nnɛ no ho. Nanso ansa na yɛbɛka ɛno ho asɛm no, momma yenni kan nhwehwɛ asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛne sɛ: “Adɛn nti na yebetumi aka paa sɛ honhom fam asaase bi wɔ hɔ nnɛ?”
8. (a) Ɔman bɛn na Yehowa de besii honam fam Israel man no ananmu? (b) Dɛn ne honhom fam asaase anaa honhom fam paradise no? (d) Bere bɛn na ɛbae, na henanom na wɔte mu?
8 Ná Yehowa adi kan ama Hesekiel anya anisoadehu bi. Saa anisoadehu no mu no, Yehowa daa no adi sɛ, nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Israelfo a wɔbɛsan aba wɔn asaase so ho no, ebenya mmamu kɛse bere a ‘n’akoa Dawid’ a ogyina hɔ ma Yesu Kristo afi ase redi hene no. (Hes. 37:24) Saa asɛm no sii afe 1914 Y.B. Eduu saa bere no, na Yehowa de honhom fam Israel man bi asi honam fam Israel man no ananmu dedaadaw. Honhom fam Israel man no, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn na wɔwom. (Kenkan Mateo 21:43; 1 Petro 2:9.) Nanso honhom fam Israel man a Yehowa de sii honam fam Israel man no ananmu no da nkyɛn a, ɔsan de honhom fam asaase anaa honhom fam paradise bi nso sii honam fam Israel asaase no ananmu. (Yes. 66:8) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 17 no, honhom fam paradise no ne sɛnea nokware Nyankopɔn no ahyira yɛn na wabɔ yɛn ho ban ma yetumi som no no. Efi afe 1919 reba no, Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo no resom Yehowa wɔ saa asaase no so. (Hwɛ adaka 9B, “Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?”) Bere bi akyi no, Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so anaa “nguan foforo” no nso fii ase bɛtenaa honhom fam asaase yi so bi. (Yoh. 10:16) Ɛnnɛ, honhom fam paradise no renya nkɔso, na emu retrɛw. Nanso honhom fam paradise no mu nhyira no, Armagedon akyi na yebehu ne kɛse paa.
-
-
‘Monkyɛ Asaase No Sɛ Mo Agyapade’Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
13 Nea edi kan, asaase no. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ, sɛ ɔrekyɛ asaase no a, ɔmma mmusuakuw a emufo dɔɔso no de nyɛ kɛse nsen mmusuakuw a emufo nnɔɔso no de. (Num. 26:52-54) Nanso, Hesekiel anisoadehu no mu de, Yehowa hyɛɛ da kaa sɛ, wɔrekyɛ asaase no a, ɛsɛ sɛ mmusuakuw no nyinaa nya “pɛpɛɛpɛ [“obiara de bɛyɛ sɛ ne nua de,” ase hɔ asɛm].” (Hes. 47:14) Enti, nsaase 12 no mu biara, efi n’atifi fam hye so besi n’anaafo fam hye so no, na ɛsɛ sɛ emu biara kɛse yɛ pɛ. Nsaase no a na wɔbɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ saa no, na ɛkyerɛ sɛn? Bɔhyɛ Asaase no, na nsu wɔ so, na wudua nnɔbae wɔ so a, na ɛyɛ yiye paa. Enti asɛm a Yehowa kaa sɛ wɔnkyekyɛ asaase no mu pɛpɛɛpɛ no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, nnepa a ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, ɛbɛso Israelni biara so, ɛmfa ho abusuakuw a ofi mu.
-