-
Bere A Ɔwɛmfo Te Sɛ Hesekiel Ho HiaƆwɛn-Aban—1981 | August 1
-
-
4. (a) Hena na Yehowa paw no sɛ ɔnyɛ odiyifo mma n’ankasa ne nkurɔfo Israel, na henanom ho mfonini na saa odiyifo no yɛe? (b) Adwuma bɛn na wɔde maa Hesekiel?
4 Ɛdenam ne tumi horow so no, Yehowa dii kan hui sɛ ɛho behia sɛ wɔde ne kɔkɔbɔ a etwa to no ma Kristoman mpo. Na onim nea ne nkurɔfo a ɔpaw wɔn ansa na Kristofo mmere no reba no abakɔsɛm kyerɛ, anaasɛ nea ɛyɛɛ ho mfonini. Wɔ afe 613 A.Y.B. mu no, ɔpaw Yudafo bi a wɔfrɛ no Hesekiel sɛ ɔnyɛ odiyifo mma n’ankasa ne nkurɔfo. Enti ɛwom mpo sɛ na ɔyɛ obi a wɔafa no dommum wɔ Babilon asase so de, ná Hesekiel yɛ Yehowa wɛmfo ma Israel. Wɔde ne nkɔmhyɛ ahorow no kɔɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Nea Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel saa bere no yɛ nea yɛn ani gye ho nnɛ, efisɛ ɔyɛɛ Yehowa adansefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho mfonini. Saa kuw a wɔasra wɔn yi adi asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel yi ho dwuma: “Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me. Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu! Na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa no sɛ wɔbɛtwe ɔbɔnefo no afi ne kwammɔne so na wanya nkwa a: ɛnde ɔno bɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, na ne mogya de, mebisa wo nsam.”—Hes. 3:17, 18
5, 6. (a) Bere bɛn mu na Hesekiel traa ase? (b) Dɛn nti na wɔrentumi nkasa ntia Onyankopɔn sɛ ɔde adwuma a emu yɛ den hyɛɛ Hesekiel so?
5 Dɛn nti na Yehowa kasaa anibere so saa kyerɛɛ Yudani Hesekiel yi? Efisɛ saa afe 613 A.Y.B. mu, na Hesekiel te Yuda ahemman a n’ahenkurow wɔ Yerusalem a wɔabu no fɔ no nna a edi akyiri no mu. Na Yehowa ne ne nkurɔfo a wɔwɔ saa ahenni no mu no ayɛ ɔman apam denam ne ntamgyinafo, odiyifo Mose so, enti te sɛ saa nkurɔfo no muni no na Hesekiel wɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim ne nkwa nna nyinaa. Na ɔyɛ ɔsɔfo nso, a na anka ɛsɛ sɛ ɔsom Yehowa n’asɔrefi mu wɔ Yerusalem. Enti na ɔwɔ adwuma bi yɛ ma Onyankopɔn. Enti ná wɔrentumi nka sɛ ɛmfata sɛ Yehowa de adwuma a ɛyɛ den hyɛɛ Hesekiel a wɔwoo no wɔ ɔman apam no ase ne Aaron asɔfodi, a na Seraia ne ne sɔfo panyin, no dwumadi nhyehyɛe ase no so.—2 Ahe. 25:18.
-
-
Bere A Ɔwɛmfo Te Sɛ Hesekiel Ho HiaƆwɛn-Aban—1981 | August 1
-
-
8. (a) Afeha a edi kan no mu ɔsɛe bɛn a na ɛreba na ɛboa yɛn ma yehu bere a Onyankopɔn sɛe a ɛreba no bɛba? (b) Ɛnde henanom na wɔde Onyankopɔn kɔkɔbɔ no mae, na na wɔn kɔkɔbɔ adwuma no ho hia dɛn?
8 Sɛnea bere a yɛwɔ nnɛ no ayɛ tiaa no yɛ nea yetumi hu wɔ nea ɛrekɔ so asase so sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no mu. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw wɔ Mateo ti 24 ne 25 no mu no, ɔbɔɔ n’asuafo a na wɔbɛyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no fã a ɛdi kan no kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛbɛba Yerusalem so wɔ wɔn awo ntoatoaso no mu no ho. Saa kwan no so no ɔmaa n’asuafo no huu asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Yudafo a na wɔte Yudea mantam no mu no ho no. Na wɔwɔ asiane kɛse mu esiane ɔsɛe a na ɛreba ɔman no so no nti. Sɛ asiane bere a ɛte sɛɛ mu no, Kristofo “akoa” kuw a na ɛwɔ hɔ no ammɔ kɔkɔ na wɔanhyɛ Yudafo a na wɔwɔ asiane mu no sɛ womfi hɔ ntɛm ara sɛnea wobetumi a, ɛnde na Yudafo a wɔammɔ wɔn kɔkɔ yi nkwa ne wɔn ahofadi a wɔbɛhwere no ho asõdi no bi bɛda wɔn so.
9. Ɔkwan bɛn so na na Hesekiel yɛ nhwɛso pa ma Onyankopɔn “akoa” kuw a wɔasra wɔn no nnɛ?
9 Na sɛ Hesekiel a ɔtraa ase bere tenten a atwam ni no anyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ omfi akyirikyiri mfa kɔkɔbɔ mma ne kuromfo a na wɔwɔ asiane mu no nso ɛ? Anka ɔrennya nkwa wɔ Yerusalem sɛe a ɛbae wɔ 607 A.Y.B. mu no mu, efisɛ anka Yehowa bɛhwehwɛ wɔn mogya afi ne nsam. Sɛ́ Hesekiel yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no nokwaredi mu sɛnea nkitaho a na obetumi ne Yerusalem a wɔabu no fɔ adi te no daa adi, efisɛ Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛma wakɔ so atra ase. Yehowa ani gyei sɛ ɔde no bedi dwuma ma wahyɛ nkɔm wɔ ne nnommumfa wɔ Babilon no afe a ɛto so 27 mu. Ɛno yɛ mogyahwiegu kɛse a ɛbae wɔ Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no akyi mfe 16. (Hes. 29:17; 40:1) Eyi fam no na ɔyɛ nhwɛso pa ma “akoa” kuw a wɔasra wɔn no wɔ yɛn mmere bɔne yi mu. Ampa, sɛ “akoa” kuw no mufo bi twe wɔn ho fi kɔkɔ a wɔbɛbɔ nnipa abɔnefo no ho a, ebehia sɛ nnipa a wɔte saa no bu akontaa kyerɛ Yehowa. Nanso, ne nyinaa mu no, “akoa” kuw no bɛyɛ te sɛ Hesekiel. Wɔrentumi mfa mogya ho asodi bi nto wɔn so.
-