Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/15 kr. 13-18
  • Wo Ne Yehowa Ɔsoro Teaseɛnam No Mmɔ Anan Nnantew

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Ne Yehowa Ɔsoro Teaseɛnam No Mmɔ Anan Nnantew
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogye Ahyɛde no na Odi ho Dwuma
  • Ɔde Onyankopɔn Nsɛm Hyɛɛ Ne Koma Mu
  • Wamma Anibiannaso Ammu N’aba Mu
  • Wɔkanyan Yɛn na Yɛne No Abɔ Anan Anantew
  • Momma Yɛne no Nkɔ So Nnantew
  • Yehowa Ɔsoro Teaseɛnam Rekɔ N’anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Tie​—Yehowa Wɛmfo Kasa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/15 kr. 13-18

Wo Ne Yehowa Ɔsoro Teaseɛnam No Mmɔ Anan Nnantew

“Na wotie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn.”​—HESEKIEL 2:7

1, 2. Ahemfo teaseɛnam bɛn na Hesekiel hui, na dɛn na wɔka kyerɛɛ no?

YEHOWA ɔsoro teaseɛnam no gyina ne nkoa anim mprempren. Wɔde gyidi aniwa hu wɔn Amansan Hene no ahemfo afiri no. Ɛwɔ anuonyam, ɛkanyan ehu, na ɛyɛ nwonwa.

2 The same royal carriage pulled up before God’s prophet Ezekiel in vision some 2,600 years ago. From this throne-bearing chariot​—God’s heavenly organization of spirit creatures​—​Jehovah issued this dramatic command to Ezekiel: “The sons insolent of face and hard of heart​—I am sending you to them, and you must say to them, ‘This is what the Sovereign Lord Jehovah has said.’ And as for them, whether they will hear or will refrain​—for they are a rebellious house​—​they will certainly know also that a prophet himself happened to be in the midst of them.”​—Ezekiel 2:4, 5.

3. Nnɛyi nsusuwso bɛn na Hesekiel wɔ?

3 Hesekiel dii ahyɛde no ho dwuma a wanhinhim, na ɔsomee sɛ adwinnade biako pɛ wɔ Onyankopɔn nsam. Saa ara nso na nnɛ, Onyankopɔn wɔ ahyehyɛde kwan so adwinnade biako pɛ a odi so tumi. Hesekiel kuw no, nkaefo a wɔasra wɔn no di adwuma a ɛne sɛ wonni adanse a etwa to no anim, na “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no boa wɔn. (Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16) Wɔka bom yɛ “kuw biako” a Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo kyerɛ wɔn kwan wɔ Nea ɔte teaseɛnam kɛse no mu a ɔne Yehowa Nyankopɔn no tumidi ase.

4, 5. Ɛyɛɛ dɛn na wɔhyehyɛɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no, na dɛn na anya ma ɛne Yesaia 60:22 hyia?

4 Yehowa akwankyerɛ ase no, saa wiase nyinaa ahyehyɛde yi fi mfitiase ketewa no so anyin abɛyɛ ahyehyɛde kɛse a wɔde bɔ ahyɛde a ese “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu” no dawuru. (Adiyisɛm 14:7) Sɛnea ɛnyɛ Hesekiel ankasa na ɔpaw ne ho sɛ odiyifo no, saa ara nso na ɛnyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no ankasa na ɛpaw ne ho anaa ɛde ne ho sii hɔ. Ɛnnam onipa pɛ anaasɛ ne mmɔdenbɔ so na ɛbae. Nea ɔte ɔsoro teaseɛnam no mu no na ɔma wɔde saa ahyehyɛde yi sii hɔ. Esiane sɛ Onyankopɔn honhom hyɛ wɔn den, na abɔfo kronkron gyina wɔn akyi nti, Yehowa nkurɔfo anya nkɔso a ɛyɛ nwonwa araa ma ‘akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.’​—Yesaia 60:22.

5 Yehowa Adansefo 4,000,000 ne akyi na wɔbɔ Ahenni nkrasɛm no dawuru wɔ nsase 212 so. Wɔaboaboa wɔn ano wɔ asafo bɛboro 63,000 a wɔayɛ no amansin ne amantam mu. Baa dwumadibea ne nhoma tintimbea a emu trɛw reyɛ adwuma wɔ Sodikuw no akwankyerɛ ase sɛ ahyehyɛde no ti. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim te sɛ nea wɔyɛ onipa biako, wɔka asɛmpa no, wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wotie no, na wosisi nhyiambea ahorow. Yiw, Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ne Nea ɔte ɔsoro teaseɛnam no mu no rebɔ anan anantew.

6. Dɛn na anan a yɛne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no bɛbɔ anantew no kyerɛ?

6 Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako a, so wo ne Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no rebɔ anan anantew? Saa a wobɛyɛ no nkyerɛ sɛ wobɛkɔ Kristofo nhyiam horow na wode bere bi ayɛ ɔsom adwuma no ara kwa. Ne titiriw no, anan a yɛne no bɛbɔ no kyerɛ nkɔanim ne honhom mu nkɔso. Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya adwempa, yɛde nneɛma a ehia yiye di kan, na yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere biara mu. Sɛ yɛne Yehowa ɔsoro teaseɛnam no bɔ anan nantew a, yɛn asetra ne nkrasɛm a yɛbɔ no dawuru no hyia pɛpɛɛpɛ.

7 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Hesekiel abrabɔ sɛ Onyankopɔn diyifo no ho?

7 Wɔ anan a yɛne no bɛbɔ anantew no mu no, nnɛyi Yehowa asomfo betumi asua pii afi Hesekiel nhwɛso no mu. Ɛwom sɛ Yehowa hyɛɛ da paw no sɛ odiyifo de, nanso na Hesekiel da so ara wɔ nkate, nneɛma a odwen ho, ne ahiade ahorow. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima a na ɔwaree nkyɛe no, odii ne yere a owu ma ɔhweree no no ho awerɛhow. Nanso, wamma ne werɛ amfi n’adwuma sɛ Yehowa diyifo no da. Sɛ yesusuw sɛnea Hesekiel yɛɛ n’ade wɔ nneɛma afoforo ho no ho nso a, yebetumi ahyɛ yɛn ho den ma yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no abɔ anan anantew. Eyi betumi ama yɛne n’ahyehyɛde a aniwa nhu no abɔ anan anantew.

Ogye Ahyɛde no na Odi ho Dwuma

8. Nhwɛso bɛn na Hesekiel yɛe wɔ n’ahyɛde no ho?

8 Hesekiel yɛɛ nhwɛso pa denam n’ahyɛde a ogye toom na odii ho dwuma no so. Nanso na osetie ne akokoduru ho hia na wadi ho dwuma saa, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo. Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi.”​—Hesekiel 2:6-8.

9. Dɛn nkutoo na sɛ Hesekiel yɛ a, ɛremma onni mogya ho fɔ?

9 Na ɛnsɛ sɛ Hesekiel yɛ anibiannaso anaasɛ osuro, a ehia sɛ wopiapia no bere nyinaa na ama wadi n’ahyɛde no ho dwuma. Sɛ obefi ne pɛ mu de akokoduru aka Yehowa nsɛm nkutoo a, ɔrenni mogya ho fɔ. Wɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ, na wansan amfi ne bɔne no ne ne kwammɔne no so a, ɔno bewu n’amumɔyɛ mu, na wo de, woayi wo kra.”​—Hesekiel 3:19.

10. Ɔkwan bɛn so na Hesekiel kuw no ada wɔn ho adi sɛ wɔte sɛ odiyifo no?

10 Te sɛ nea Hesekiel yɛe no, Hesekiel kuw a wɔasra wɔn no agye ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no atom na wɔredi ho dwuma. Sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn nkwa ne afoforo de gyina osetie a yɛbɛyɛ no so. (1 Timoteo 4:15, 16) Ehia sɛ ɔdansefo biara ne Yehowa ahyehyɛde no bɔ anan nantew. Onyankopɔn renkyekyere yɛn mfam ne teaseɛnam no ho na ɔntwe yɛn nni n’akyi. Anibiannaso ne koma ntanta brɛ Nea ɔte teaseɛnam no mu no ase. Enti Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no tu yɛn fo sɛ yɛmma ɔsoro nneɛma nyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetra mu. Afotu a ɛte sɛɛ a yetie daa no ma yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ anan nantew, na ɛma yɛn som adwuma kronkron no yɛ nea ɛsen biribi a yɛyɛ no daa ara kwa. Nokwarem no, sɛ kuw no, Yehowa nkurɔfo da ahofama a ɛyɛ nwonwa adi. Yɛn fam de a ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ ankorankoro ne sɛ yɛbɛkɔ so ne ahyehyɛde no abɔ anan anantew.

Ɔde Onyankopɔn Nsɛm Hyɛɛ Ne Koma Mu

11. Nhwɛso bɛn na Hesekiel yɛe wɔ Onyankopɔn nsɛm ho?

11 Hesekiel yɛɛ nhwɛso nso denam Onyankopɔn nsɛm a ɔde hyɛɛ ne koma mu no so. Wɔde ahyɛde maa no ma odii nhoma mmobɔwee bi a Onyankopɔn de maa no no. Hesekiel se: “Na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.” Ɛwom sɛ na “kwadwom ne apinisi ne osu” ayɛ nhoma mmobɔwee no mu ma de, nanso ɛyɛɛ Hesekiel dɛ, efisɛ n’ani sɔɔ nidi a onyae sɛ obegyina Yehowa ananmu no. Na ɛyɛ osuahu a ɛyɛ anigye ma odiyifo no sɛ ɔbɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no no. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie.” (Hesekiel 2:9-3:3, 10) Saa anisoadehu ahorow no maa Hesekiel huu nea Onyankopɔn maa no kwan sɛ onnya mu kyɛfa no yiye, na ɛhyɛɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den.

12. Dɛn na Hesekiel yɛe wɔ bɛboro mfe aduonu nkɔmhyɛ adwuma no mu?

12 Wɔde anisoadehu ahorow ne nkrasɛm a ɛfa atirimpɔw ne atiefo a wogu ahorow ho maa Hesekiel. Na ɛsɛ sɛ otie no yiye na afei ɔkasa na ɔyɛ n’ade sɛnea wɔakyerɛ no no. Wɔkaa nsɛm ne nhyehyɛe afoforo kyerɛɛ no nkakrankakra wɔ nkɔmhyɛ adwuma a egyee mfe bɛyɛ 22 mu. Ɛtɔ mmere bi a, Hesekiel ka nkrasɛm a emu nsɛm yɛ soronko kyerɛ. Wɔ mmere afoforo mu nso, ɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow, te sɛ da a ɔdaa ntayaa a ɛyɛ Yerusalem ho sɛnkyerɛnne anim no. (Hesekiel 4:1-8) Nhwɛso a ɔyɛe wɔ n’ankasa nsɛm mu, te sɛ nea ɔyɛe wɔ ne yere wu ho no nso kura nkrasɛm. (Hesekiel 24:15-19) Na ɛsɛ sɛ ohu nea ɛkɔ so bere biara, na ɔka nkrasɛm no bere nyinaa, na ɔyɛ nea ɛteɛ no wɔ bere a ɛsɛ mu. Na Hesekiel ne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, enya nkɔanim na ɛkɔ so daa.

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne Yehowa ahyehyɛ abusuabɔ a emu yɛ den?

13 Saa ara nso na sɛ yɛne Yehowa bɛhyehyɛ abusuabɔ a emu yɛ den, na yɛakura mu sɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn koma mu. (1 Korintofo 3:9) Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no a yɛne no bɛbɔ anan anantew wɔ eyi mu no hwehwɛ sɛ yɛkɔ so di honhom fam aduan a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu no. (Mateo 24:45-47) “Kasa kronn” no trɛw bere nyinaa. (Sefania 3:9, NW) Sɛ yenim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere biara mu nkutoo a, yɛde osetie begye Nea ɔte teaseɛnam no mu no akwankyerɛ atom.

14, 15. Ade a yɛbɛyɛ no daa bɛn na ehia na yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde abɔ anan anantew?

14 Enti, ehia sɛ yɛbɔ mpae daa, yɛyɛ kokoam adesua daa, na yenya ɔsom adwuma kronkron a ɛne asɛmpaka no mu kyɛfa daa. (Romafo 15:16) Kae Hesekiel nhwɛso a ɛne nhoma mmobɔwee a Onyankopɔn nkrasɛm wom a odii no. Hesekiel dii nhoma mmobɔwee no nyinaa, na ɛnyɛ ne fã bi. Wamfa na wampaw asinasin a ebia ɛbɛyɛ n’ankasa dɛ no. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ankasa kokoam Bible adesua ne Kristofo nhoma horow sua ho nhyehyɛe na yɛadi honhom fam aduan a wɔde ma no daa, na ɛsɛ sɛ yedi nea wɔde si honhom fam pon so a nokware a emu dɔ ka ho no nyinaa.

15 So yefi mpaebɔ mu bɔ mmɔden sɛ yebedi aduan a ɛyɛ den no? Anan a yɛne no bɛbɔ no no hwehwɛ sɛ yenya nimdeɛ ne nkɔso a ɛsen mfitiasesɛm, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu ɛ, na ɔyɛ akokoaa. Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:13, 14) Yiw, honhom mu nkɔso a yebenya no yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a yɛne no bɛbɔ anan anantew no fã.

Wamma Anibiannaso Ammu N’aba Mu

16, 17. Hesekiel dii anibiannaso, fɛwdi, ne asɛm no a wɔantie no ho dwuma dɛn?

16 Hesekiel yɛɛ nhwɛso pa nso denam osetie a ɔyɛe ne anibiannaso anaasɛ fɛwdi a wamma ammu n’aba mu no so. Saa ara nso na sɛ yɛyɛ ade ma ɛne kasa kronn no a enya nkɔso no hyia a, yɛkɔ faako a Nea ɔte ahemfo teaseɛnam no mu kɔ no. Enti esiesie yɛn ma yetie n’ahyɛde ahorow, ɛhyɛ yɛn den ma wɔn a yɛka Yehowa atemmu nkrasɛm kyerɛ wɔn no anibiannaso ne wɔn fɛwdi mmu yɛn aba mu. Te sɛ Hesekiel no, Onyankopɔn adi kan abɔ yɛn kɔkɔ sɛ nnipa binom de nnamyɛ bɛsɔre atia yɛn, na wɔbɛyɛ atirimɔdenfo a wɔapirim wɔn koma. Afoforo nso rentie efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie Yehowa. (Hesekiel 3:7-9) Afoforo nso bɛyɛ nyaatwomfo, sɛnea Hesekiel 33:31, 32 ka no: “Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatratra ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi. Na hwɛ, woyɛ wɔn dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonni so.”

17 Dɛn na ebefi mu aba? Nkyekyem 33 de ka ho sɛ: “Na enya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wobehu sɛ odiyifo atra wɔn mu pɛn.” Saa nsɛm no da no adi sɛ tie a wɔantie no amma Hesekiel ampa abaw. Afoforo anibiannaso amma wanyɛ anibiannaso. Sɛ ebia nkurɔfo tiei anaasɛ dabi no, otiee Onyankopɔn na odii n’ahyɛde ho dwuma.

18. Nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho?

18 Mprempren Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no rebɔ dawuru a ese obiara nsuro Onyankopɔn na ɔnhyɛ no anuonyam no kɛse. Sɛ wɔkasa tia wo wɔ gyinabea a ɛda akokoduru adi a ɛne Ahenni no ho adanse a wudi ne wɔ ɔbra pa a wubu wɔ w’asetra mu no ho a, so wumia w’ani gyina mu? Sɛ wɔde nhyɛso ba wo so esiane sɛ wunnye mogya, wonsom ɔman nsɛnkyerɛnnede, wunni wiase nnapɔnna a, so wugyina pintinn?​—Mateo 5:11,12; 1 Petro 4:4, 5.

19. Akwankyerɛ fam no, dɛn na yɛbɛyɛ, sɛ yɛne Yehowa ɔsoro teaseɛnam no bɔ anan nantew a?

19 Eyi nyɛ mmerɛw, nanso wɔn a wobegyina mu akodu awiei no na wobegye wɔn. (Mateo 24:13) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛremma wiasefo nyɛ yɛn te sɛ wɔn ankasa, na ama Yehowa ɔsoro teaseɛnam no adi yɛn anim. (Hesekiel 2:8; Romafo 12:21) Sɛ yɛne abɔfo ahyehyɛde a ɛte sɛ teaseɛnam no rebɔ anan anantew a, yebedi akwankyerɛ ne afotu a yɛnam Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no so nya no so ntɛm ara. Yehowa de nea yehia na yɛagyina yɛn gyidi ho ntua ano, aso nkwa Asɛm no mu denneennen, na yɛde yɛn ani asi honhom mu nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛfa Ɔhene a Ɔte ɔsoro teaseɛnam no mu ho no so ma yɛn.

Wɔkanyan Yɛn na Yɛne No Abɔ Anan Anantew

20. Nsɛm a Hesekiel kyerɛwee a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn na yɛanka akyiri no bi ne nea ɛwɔ he?

20 Ɛsɛ sɛ Hesekiel anisoadehu ahorow no kanyan yɛn na yɛanka akyiri. Ɛnyɛ Onyankopɔn atemmu ahorow nkutoo na ɔka kyerɛe, na mmom ɔkyerɛw ɔsesɛw ho nkɔmhyɛ ahorow nso too hɔ. Hesekiel twee adwene sii Nea ɔwɔ mmara mu hokwan sɛ ɔtra Yehowa ahengua so di tumi wɔ bere a wɔahyɛ mu no so. (Hesekiel 21:27) Ɔsomfo a ɔyɛ Ɔdehye no, “Dawid,” bɛboaboa Onyankopɔn nkurɔfo ano na wahwɛ wɔn. (Hesekiel 34:23, 24) Ɛwom sɛ Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ wɔn so de, nanso Onyankopɔn begye wɔn, na ɔbɛhyɛ N’atamfo ma ‘wɔahu Yehowa,’ bere a ɔresɛe wɔn mpo no. (Hesekiel 38:8-12; 39:4, 7) Afei Onyankopɔn nkoa benya daa nkwa wɔ ɔsom kronn nhyehyɛe bi a honhom mu asɔredan wom mu. Nkwa nsu a ɛsen fi kronkronbea hɔ no bɛwowaw wɔn na asa wɔn yare, na wɔbɛkyekyɛ asase a wobenya sɛ apɛgyade no ama wɔn na wɔanya nhyira afi mu.​—Hesekiel 40:2; 47:9, 12, 21.

21. Dɛn nti na nnɛyi Yehowa Adansefo adwuma no yɛ kɛse sen Hesekiel de no?

21 Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel nyae, sɛ ɔkyerɛw saa nkɔmhyɛ ahorow no! Nanso, nnɛyi Yehowa Adansefo adwuma yɛ kɛse sen saa. Yɛte bere a saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu binom renya mmamu mu. Nokwarem no, yenya mmamu ahorow no bi mu kyɛfa ankasa. Sɛ ankorankoro no, so yɛnam ɔkwan a yɛfa so tra ase no so da gyidi adi sɛ mprempren Yesu di tumi sɛ Nea ɔwɔ mmara mu hokwan? So yɛn ankasa gye di sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛtɛw ne ho na wagye wɔn a wɔne n’ahyehyɛde bɔ anan nantew no akɔ ne wiase foforo no mu? (2 Petro 3:13) Gyidi a ɛte sɛɛ a gyidi nnwuma ka ho da no adi sɛ yɛne Yehowa soro teaseɛnam no bɔ anan nantew ampa.

Momma Yɛne no Nkɔ So Nnantew

22. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛakwati nneɛma a ɛtwetwe adwene na yɛakura honhom fam nneɛma ho adwene mu yiye.

22 Bere a ‘yɛde yɛn nsa akoso fɛtɛw ade mu’ no, ɛnsɛ sɛ yɛde akɔnnɔ twa yɛn ani kɔhwɛ biribi a wiase no de ma no. (Luka 9:62; 17:32; Tito 2:11-13) Enti momma yensiw akɔnnɔ biara a ɛbɛma yɛahyehyɛ ademude wɔ asase so no ano, na momma yɛmma yɛn aniwa nyɛ nea eye a yɛde asi Ahenni no so. (Mateo 6:19-22, 33) Yɛn asetra a yɛbɛma akwati akɛsesɛm, ne wiase nneɛma a yɛremfa yɛn ho nhyem pii wɔ baabiara a yebetumi ayɛ saa no bɛboa yɛn ma yɛne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan anantew. (Hebrifo 12:1-3) Nneɛma a etwetwe adwene remma yentumi nhu ɔsoro teaseɛnam no ne Nea ɔte mu no. Nanso yɛnam ne mmoa so betumi akɔ so anya honhom fam nneɛma ho adwene pefee te sɛ Hesekiel.

23. Dɛn na ehia sɛ Adansefo anokwafo yɛ ma afoforofo?

23 Yɛn asɛyɛde sɛ Yehowa Adansefo no fã ne sɛ yɛbɛboa afoforofo pii ma wɔne Onyankopɔn ɔsoro teaseɛnam no abɔ anan anantew. Bɛyɛ 10,000,000 na wɔbaa Yesu Kristo wu Nkae no ase wɔ 1990 mu. Ɛwom sɛ ebia saa nnipa yi mu pii ba Kristofo nhyiam no mu kakra de, nanso ɛsɛ sɛ wohu sɛnea ehia sɛ wɔne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no benya nkɔso. Sɛ Adansefo anokwafo no, yɛnam honhom a yɛda no adi ne nkuranhyɛ a yɛde ma no so betumi aboa wɔn.

24. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ awiei mmere yi mu?

24 Awiei mmere ni. Yɛde gyidi aniwa ahu sɛ ɔsoro teaseɛnam no abegyina yɛn anim. Ɔhene a Ɔte teaseɛnam no mu no de ahyɛde ama n’ahyehyɛde a aniwa hu no sɛ ɛnka asɛm nkyerɛ amanaman no, sɛnea ɛbɛyɛ na awiei no, wɔahu onii ko a Yehowa yɛ. (Hesekiel 39:7) Fa hokwan kɛse yi di dwuma fa nya Onyankopɔn tumidi ne ne din kronkron no a wɔtew ho no mu kyɛfa denam Yehowa ɔsoro teaseɛnam no a wo ne no bɛbɔ anan anantew no so.

Wubebua Dɛn

◻ Nhwɛso bɛn na Hesekiel yɛe wɔ n’ahyɛde no ho?

◻ Onyankopɔn ahyehyɛde a yɛne no bɛbɔ anan anantew no kyerɛ dɛn?

◻ Hesekiel buu Yehowa nsɛm dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua nhwɛso a Hesekiel yɛe wɔ anibiannaso a odii ho dwuma no mu?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan Yehowa nkoa ma wɔne ne soro ahyehyɛde no bɔ anan nantew?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn na ehia na yɛne Yehowa ɔsoro teaseɛnam no abɔ anan anantew?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Hesekiel ani sɔɔ hokwan ahorow a Onyankopɔn de maa no no. So woyɛ saa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena