Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 11/8 kr. 5-7
  • So Mesia No Behu Amane Na Wawu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mesia No Behu Amane Na Wawu?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daniel Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia no Ho
  • “Asodi Afɔre” ma Afoforo
  • Wɔakyerɛkyerɛ Ɛbɛ no Ase
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Wɔbɛpene So?
  • “Yɛahu Mesia No”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Yɛahu Mesia No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wɔtwɛnee Mesia No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 11/8 kr. 5-7

So Mesia No Behu Amane Na Wawu?

SƐNEA yɛahu dedaw no, Yudafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no rehwɛ odikanfo bi a obetutu Roma nniso no agu na wahyehyɛ Yuda ahenni wɔ Israel na ɔde asomdwoe bere ne nhyira horow a efi Nyankopɔn hɔ aba. Esiane sɛ Yesu a ofi Nasaret no anyɛ eyi nti, Yuda man no rempene no so sɛ Mesia no.

Nanso Yudafo pii a Yesu nkyerɛkyerɛ no twetwee wɔn no kɔɔ so gyee no dii sɛ ɔne Mesia no, wɔ ne wu akyi mpo. Dɛn nti na wotumi yɛɛ saa? Sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛe sɛ Mesia no de nhyira akɛse, a ɛnam ahenni a wɔbɛhyehyɛ asi Israel so bɛba a, ɛnde dɛn nti na saa Yudafo yi kɔɔ so gyee obi a wamfa eyi amma, na mmom, ohuu amane na wokum no no mpo dii?

Sɛnea wɔn nkyerɛwee no kyerɛ no, Yesu wu akyi pɛ na n’asuafo Yudafo no de asɛm no baa awiei sɛ, wɔabu ani agu Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛho hia so, nsɛm a ɛkyerɛ sɛ Mesia no bɛyɛ mfitiase adwuma bi ansa na wadi hene wɔ Israel so. Dɛn ne saa adwuma no? Na Ɛhefa na Hebri Kyerɛwnsɛm no ka mfitiase adwuma a Mesia no bɛyɛ yi ho asɛm?

Daniel Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia no Ho

Bere a Hebri Kyerɛwnsɛm no taa de Hebri asɛmfua ma Mesia, anaasɛ nea wɔasra no no di dwuma fa tete Israel ahene ne asɔfo ho no, wohu edin nkyerɛkyerɛmu wɔ Hebri kyerɛwnsɛm no mu a wɔde ka asɛm bere biara fa wɔn a wɔasra wɔn a wɔba fam yi ho. Nanso, kyerɛwnsɛm biako wɔ hɔ a Hebri asɛmfua ma Mesia no pue wɔ mu a wɔamfa edin nkyerɛkyerɛmu bi anni dwuma wɔ ho, a ɛkyerɛ wɔ ha sɛ ɛfa Mesia no ho. Hyɛ nea kyerɛwnsɛm yi ka no agyirae.:

“Wɔahyɛ adapɛn [mfepɛn] aduɔson wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato, na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpaw ta amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, . . . Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no [“Mesia,” Patai], so yɛ adapɛn [mfepɛn] ason, na adapɛn [mfepɛn] aduosia abien, wɔbɛsan akyekye mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia mu na ɛbɛyɛ. Na adapɛn [mfepɛn] aduosia abien no akyi no, wobetwa nea wɔasra no [“Mesia no,” Patai] akyene.”​—Daniel 9:24-26, Zunz nkyerɛase

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, bere a Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ha sɛ wɔde daa trenee bɛba no, eyi mfi Mesia no nniso nti. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛfa twa a wobetwa Mesia no afi hɔ wɔ owu mu no ho!

Nea ɛka ho bio no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ saa nneɛma a esisi yi fa bɔne a wɔbɛma aba awiei ho. Eyi yɛ nwonwa yiye, efisɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn nyinaa wɔ su bi a wɔde woo yɛn a ɛne mfomso anaasɛ bɔne a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔaka wɔ Genesis 8:21 sɛ Onyankopɔn kae sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.”

Wɔka kyerɛ yɛn nso sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔteɛ wɔ asase so, a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.” (Ɔsɛnkafo 7:20, Leeser) Nanso, wɔ su a ɛwɔ yɛn nyinaa ho a yentumi nni so nkonim koraa yi akyi no, pue a Mesia no puei ne ne wu de ‘bɔne ba awiei’ ankasa! Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na wɔka asɛm fa “daa trenee” a wɔde bɛba ho no!

Bio nso, Daniel 9 ka sɛ Mesia no pue ne ne wu de ‘amumɔyɛ a wɔpata bɛba.’ Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, “mpata” gyina hɔ ma bɔne so a wɔkata denam mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre so. (Exodus 29:36) Nanso nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Daniel 9 ‘ka mpata ho asɛm, ɛnyɛ nea ɛfa aboa biara wu ho, na mmom, nea ɛfa Mesia no wu ho!

“Asodi Afɔre” ma Afoforo

Ɛyɛ nea yebetumi ahyɛ no nsow sɛ bere a Daniel 9:24-26 ka mpata a wɔde biribi si ananmu de ma ho asɛm no, asɛm foforo wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛka saa mpata no ho asɛm denam amanehunu ne owu a wɔfaa so de mae no ho asɛm pefee. Saa nkɔmhyɛ yi hyɛ da ka obi a ohu amane na owu ho asɛm ma enti ɔnam eyi so de afoforo bɔne ho mpata mae. Wɔ nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ da ka ne kra a ɔde mae sɛ afoforo bɔne ho afɔrebɔde no ho asɛm! Hyɛ nea Yesaia 52:13-53:12 (Le) ka kyerɛ yɛn fa saa Onyankopɔn akoa yi ho no nsow:

“Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, na wobuu no animtiaa sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, na yɛammu no hwee. Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayade nso, wasoa . . . Na ɔno de, yɛn mmarato nti na wopiraa no, yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; yɛn asomdwoe ho asotwe daa no so, na ne mmaa atape na wɔde asa yɛn yare. . . . Na Awurade maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so. . . . Hena na odwen ho sɛ wɔahwim no afi ateasefo asase so kɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no? . . . Sɛ onya de ne kra too hɔ sɛ sɛ asodi ho afɔre [“mpata ankasa a wɔde ma,” JP] a, obehu asefo, ne nna bɛware, na nea ɛsɔ Awurade ani afa ne nsa so ayɛ yiye. Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa trenee ni benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa. Ne saa nti na mɛkyɛ ade mu mama no nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, . . . nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.”

Hyɛ no nsow sɛ Yesaia kaa trenee a wɔde bɛba denam obi a “yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no” sɛ “asodi afɔre,” a ɔno nso yɛ nea “wasoa nnipa bebree bɔne” ho asɛm. Esiane sɛ Daniel 9:24-26 kyerɛ sɛ Mesia no de mpata a ɛte saa bɛma nti, na ɛkyerɛ sɛ Yesaia 52:13-53:12 ka Mesia no adwuma no nso ho asɛm.

Wɔakyerɛkyerɛ Ɛbɛ no Ase

Nanso sɛ Mesia no behu amane na wawu de apata ama afoforo bɔne de a, ɛnde ɔbɛyɛ dɛn adi so sɛ ɔhene, sɛnea Yesaia nso ahyɛ ho nkɔm no? Yesaia ankasa kaa nea ɛte sɛ ɛbɛ yi ho asɛm pefee bere a ɔka faa Mesia no ho sɛ: “Sɛ onya de ne kra to hɔ sɛ asodi afɔre a, . . . ne nna bɛware,” na “ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu.” Ɛbɛyɛ dɛn na ade a ɛte sɛ ɛbɛ yi abam ankasa? So obi “nna bɛware” bere a “ɔde ne kra too hɔ maa owu” nti no akyi no? Sɛnea Onyankopɔn akoa foforo bi bisae bere bi no, “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” (Hiob 14:14) Hebri Kyerɛwnsɛm no de nne a egyigye ma mmuae sɛ Yiw! Ɛnyɛ sɛ yɛwɔ bere a Onyankopɔn adiyifo de awufo baa nkwa mu no nko ho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ; na mmom wɔka bere a “wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no mu bebree benyan” no nso ho asɛm kyerɛ yɛn.​—Daniel 12:2; fa 1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21 to ho.

Enti sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn Asɛm no abam no, ɛsɛ sɛ wɔde Mesia no nso ba nkwa mu anaasɛ wonyan no. Ɛno nkutoo so na ɔbɛfa adi so sɛ ɔhene na ɔde nhyira foforo abrɛ adesamma. Ɛnde na wobetumi de Dawid nsɛm no ato no ho wɔ ɔkwan a ɛfata so: “Na worennyaw ne kra asaman.”​—Dwom 16:10.

Awiei no, Yesu asuafo a wɔyɛ Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no tee saa Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow yi ase. Enti Yesu amanehunu ne ne wu no nyɛ nea wobu no bio sɛ etwa Mesia a ɔyɛ no mu. Wɔ nokwarem no, wobu nsɛm a esisii no sɛ nea ɛboa na edi adanse bio sɛ Yesu ne Mesia no!

Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Wɔbɛpene So?

Nanso, na ɛyɛ den ma Yuda man no mu nnipa a wɔdɔɔso saa bere no sɛ wɔbɛpene Mesia a ohu amane na owu ho adwene yi so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi fi gyidi horow a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Sɛ nhwɛso no, na Yudafo pii gye di sɛ wobetumi adi bɔne su a ɛwɔ wɔn mu no so nkonim denam mmɔden a wɔbɛbɔ de adi Mose Mmara, Tora, no so no so. Saa nnipa yi anidaso ne sɛ ‘wɔde bɔne bɛba awiei’ wɔn ankasa, enti na wohu sɛ ɛho nhia sɛ Mesia no bewu na wapata ama wɔn bɔne.

Na nkyerɛkyerɛ foforo a agye din nso ne sɛ, Onyankopɔn bebu Yudafo no atreneefo esiane sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti. Ɛha nso, sɛ trenee ba Yudafo no so mpofirim saa a, ɛnde na ɛho nhia sɛ Mesia no de ‘bebree bɛba trenee mu.’ Yiw, sɛnea Klausner kae no, “Adwene a ɛfa Mesia a wobekum no no ho wɔ Yesu bere so no yɛ nea Yudafo no ntumi nte ase . . . ”

Ebia bɛyɛ Yesu wu akyi mfirihyia 100 na Yudafo no powee sɛ wobegye Mesia a wɔakum no no adi. Ɛno na biribi bae ma ɛsakraa ɛno. Dɛn na ɛbae yi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena