Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
    Nyan!—1983 | November 8
    • “Wɔahyɛ adapɛn [mfepɛn] ason, wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, . . . Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no no so yɛ adapɛn [mfepɛn] ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ. Na adapɛn [mfepɛn] aduosia abien no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene. . . . Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn [mfepɛn] biako; na dapɛn [mfepɛn] no fã mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛde ma agyae.”

  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
    Nyan!—1983 | November 8
    • Bere bɛn na mfirihyia 490 bere yi fi ase? Sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, efi ase bere a “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’anamu no so.” So wɔde ahyɛde a ɛte saa mae?

      Ɛwom sɛ Daniel wɔ nkwa mu na ohuu ahyɛde a Ɔhene a ofi Persia no de mae wɔ afe 538/7 A.Y.B. mu sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem asɔrefi no de, nanso bɛyɛ sɛ mfirihyia ɔha akyi ansa na wɔde ahyɛde mae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem ankasa. Nehemia 2:1-8 ka sɛnea Ɔhene Artasasta Longimanus de saa ahyɛde yi mae wɔ ne nniso bere mu afe a ɛto so 20 no mu. Na eyi yɛ bere bɛn? Abakɔsɛm a wotumi de wɔn ho to so sen biara ka kyerɛ yɛn sɛ Artasasta fii ne nniso no ase afe 474 A.Y.B. mu, na eyi ma ne nniso afe a ɛto so 20 no ne n’ahyɛde no ba wɔ afe 455 A.Y.B.amu. Enti saa mfirihyia 490 bere no fii ase wɔ afe 455 A.Y.B.

      Saa mfirihyia 490 no mu bere bɛn pɔtee na Mesia no bepue? Hyɛ no nsow sɛ wɔakyekyɛ saa adapɛn no mu ayɛ no mmere horow abiɛsa. Na eno ne, adapɛn 7, adapɛn 62, dapɛn biako. Nea ɛka ho bio no, nkɔmhyɛ no ka sɛ Mesia no bepue bere a adapɛn 7 ne adapɛn 62 no nyinaa atwam akyi, anaasɛ wɔ “adapɛn a ɛyɛ mfe” 69 akyi, anaasɛ mfirihyia 483 akyi. Enti na yebetumi ate ase sɛ wɔhyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ obepue wɔ bere a afe 455 A.Y.B. atwam no akyi mfirihyia 483, anaasɛ wɔ afe 29 Y.B. mu.

  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
    Nyan!—1983 | November 8
    • So Mesia no puei ankasa wɔ 29 Y.B. na owui wɔ 33 Y.B. mu? Sɛnea yɛahu dedaw no, na Yudafo a wɔwɔ saa afeha a edi kan no mu no de ahopere rehwɛ Mesia no kwan saa bere no mu. (Luka 3:15) Nanso wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Mesia ahorow a wopuei wɔ afeha a edi kan no mu no nyinaa mu obiako pɛ na opuee wiase wɔ afe 29 Y.B. na owui wɔ afe 33 Y.B., na saa onii no ne Yesu a ofi Nasaret no!​—Fa to Luka 3:1, 2 ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena