Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 12/1 kr. 20-22
  • Bere Bɛn Na Wɔwoo Yesu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn Na Wɔwoo Yesu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AFE PƆTEE NO
  • NA DA NO NSO Ɛ?
  • WƆANWO NO AWƆW BERE MU
  • AFAHYƐ A WƆHWEHWƐ SƐ YEDI
  • So Wɔwoo Yesu Awɔw Bere Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Wɔwoo Yesu December Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Ɔhene Mesia no Hu
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 12/1 kr. 20-22

Bere Bɛn Na Wɔwoo Yesu?

SƐNEA Nyansahufo ɔkyerɛwfo Isaac Asimov kae no: “Owia afahyɛ a na wonim no yiye tete mmere mu ne Romafo de no.” Ná ɛyɛ Saturnalia afahyɛ a ne tenten yɛ dapɛn biako (December 17 kosi 24) , na na wodi de hyɛ wɔn afifide nyame Saturn no anuonyam. Dr. Asimov kae bio sɛ:

“Wɔn a na wɔsom Mitra no dii Mitra awoda wo awɔwbere mu, na wodii no December 25 sɛnea ɛbɛyɛ na Romafo Saturnalia afahyɛ a agye din kɛse no betumi akɔ so abedu Mitrafo ‘owia da’ no sɛ da a etwa to. . . . Afe A.D. 300 akyi bere bi no, Kristosom faa Saturnalia afahyɛ no, na edii Mitrafo so nkonim. Wɔde December 25 sii ho sɛ Yesu awoda, na wɔmaa afahyɛ kɛse no bɛyɛɛ Kristofo de. Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ December 25 ne Yesu awoda.”

Saa asɛm yi yɛ anigye yiye. Nanso ɛma onipa adwenem yɛ no nãa wo afe afe Buronya afahyɛ a wodi no ho, na ɛde nsemmisa pii ba. So yebetumi ahu afe a wɔwoo Yesu Kristo wɔ mu no? So yebetumi ahu bere a ɛda adi sɛ wɔwoo no no? Yiw, bere bɛn na wɔwoo Yesu?

AFE PƆTEE NO

Ɔkwan biako a yɛnam so betumi ahu afe a wɔwoo Yesu no ne sɛ yebesusuw ɔsoro nkɔmhyɛ a efi honhom mu a ɛfa “adapɛn aduɔson,” anaasɛ “adapɛn a ɛyɛ mfepɛn aduɔson” a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ David 9:24-27 no ho. Ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Hebrini diyifo Daniel sɛ: “Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, na adapɛn aduosia abien [a ɛyɛ mfe anaasɛ mfe 483].”​—Dan. 9:25; Num. 14:34; Hes. 4:6.

Bere bɛn na saa mfe 483 yi fii ase? Wɔ afe 455 A.Y.B. ofupɛ bere mu, wɔ Ɔhene Artasasta ahenni afe a ɛto so 20 no mu, bere a Persia hene hyɛe sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no. (Neh. 2:1-8) Enti, saa “adapɛn” 69 (mfe 483) no baa awiei 29 Y.B. Afei Mesia no puei, efisɛ saa afe no mu no Osuboni Yohane bɔɔ Yesu asu ma ɔbɛyɛɛ nea Wɔasra No anaasɛ Kristo denam Onyankopɔn honhom kronkron a wɔde sraa no no so. (Mat. 3:13-17) Na, Luka 3:1-3 kyerɛ sɛ Yohane fii n’asubɔ adwuma no ase wɔ “Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum so,” afe a efii ase August 17, 28 Y.B. besii August 16, 29 Y.B. no.

Wɔbɔɔ Yesu asu no na wadi mfe ahe? Kyerɛwnsɛm no ma mmuae sɛ: “Yesu fii n’adwuma ase [n’asubɔ akyi pɛɛ] no, na wadi mfihyia aduasa.” (Luka 3:21-23) Sɛ yefi afe 29 Y.B., bere a wɔbɔɔ Yesu asu no so, san akyi mfe 30 [na yɛkae sɛ sɛnea tetefo no akontaabu te no, na afe biako pɛ na ɛda Y.B. 1 ne A.Y.B. 1 ntam a] yehu sɛ wɔwoo no afe 2 A.Y.B. mu.

Nea ɛma ɛda adi sɛ saa bere yi yɛ nokware ne ‘adapɛn aduɔson a ɛyɛ mfepɛn’ nkɔmhyɛ no. Ɛda no adi sɛ na wobekum Mesia no ma ‘afɔrebɔ ne ayɛyɛde agyae,’ te sɛnea ɛho nhia bio, wɔ “dapɛn” a ɛto so aduɔson no mfinimfini. (Dan. 9:27; Rom. 6:14; Heb. 7:26-28) Eyi kyerɛ sɛ Kristo som adwuma no tenten yɛɛ mfirihyia abiɛsa ne fã. Efii ase bere a wɔbɔɔ no asu 29 Y.B. na ɛbaa awiei wɔ ne wu mu, twam da no, wɔ afe 33 Y.B. mu. (Luke 22:7-20) Sɛ yɛkan mfe 33 1/2 (bere tenten a Yesu de traa asase so) no nso san akyi a, ɛboa ma yehu afe a wɔwoo no no, sɛ ɛyɛ 2 A.Y.B.

NA DA NO NSO Ɛ?

Sɛnea yɛahu no, Yesu wuu twam da, a na ɛbɛyɛ April 1, 33 Y.B. (Mat. 26:17-30) Esiane sɛ na Yesu adi bɛyɛ mfe 30 bere a ofii n’adwuma no ase na ne som adwuma no tenten yɛɛ mfe abiɛsa ne fã nti, na wadi mfe 33 1/2 twam bere no, anaasɛ April 1, 33 Y.B. Anka Yesu bedi mfe 34 wɔ asram asia akyi, anaasɛ bɛyɛ October 1. Bio nso sɛ yebu akontaa no san akyi a, yebehu sɛ wɔanwo Yesu December 25, na mmom bɛyɛ October 1, wɔ 2 A.Y.B. mu.

WƆANWO NO AWƆW BERE MU

Awɔw bere ne tebea horow a wɔwoo Yesu wɔ mu mfirihyia 30 a atwam wɔ Betlehem no nhyia Palestina osutɔ bere a awɔw wom no fi ase October awiei na ɛkɔ so asram dodow bi. December mu no na sukyerɛmma taa tɔ anadwo wɔ Betlehem, sɛnea ɛyɛ wɔ Yerusalem a ɛbɛn hɔ no. Na na awɔw no mu betumi ayɛ den dɛn? Ɛdefa Yuda Hene Yehoiakim ho no, yɛkenkan sɛ: “Na ɔhene te awɔw bere dan mu, ɔsram a ɛto so akron [Kislev, ɛba November-December ntam hɔ] no mu, na ade mu gya a ɛredɛw taa n’anim.” (Yer. 36:22) Na ohia ogya a ɛte saa ma ne ho ayɛ no hyew. Na nnommumfa no akyi no, nnipa a Esra ma wohyiae wɔ Yerusalem petee mu hɔ wɔ awɔw bere mu ɔsram koro no ara mu no ‘ho popoee esiane asɛm a na wɔresusuw ho ne osu a ɛtɔe no nti.’ (Esra 10:7, 9, 13) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ná ɔsram a edi hɔ, Tibet (December kosi January) ne awɔw bere a emu yɛ den sen biara wɔ afe no mu, a sukyerɛmma taa tɔ wɔ mmepɔw no so.

Kaesare Augusto hyɛe sɛ wɔnkan nnipa, na sɛnea ɛyɛe no, ɛne Yesu awo bere behyiae. Nanso, so wususw sɛ na Roma ɔhempɔn no bɛhaw Yudafo a na wɔtaa yɛ atuatewfo no bere a ɛho nhia denam mmara a ɔhyɛe sɛ obiara nkɔ ne kurom mma wɔnkan no wɔ December ɔsram a ɛyɛ osutɔ ne awɔw bere mu no mu, bere a akwantu mu bɛyɛ den titiriw no so anaa? Dabida.

Ná nguanhwɛfo “gu wuram” rehwɛ wɔn nguan anadwo a wɔwoo Yesu no. (Luka 2:8-14) Nanso na osutɔ bere no afi ase dedaw wɔ ofupɛ ɔsram a wɔfrɛ no Bul (October-November) no mu dedaw. (Deut. 11:14) Ɛde reba October awiei, bere a Bul fii ase no, na anka wobetumi aka mmoa no akogu wɔn buw mu anadwo. Enti sare no so a na nguanhwɛfo no wɔ anadwo no ne adanse a ɛda adi sɛ wɔwoo Yesu ofupɛ bere mu ɔsram Etanim (September-October) mfiase hɔ no hyia.

AFAHYƐ A WƆHWEHWƐ SƐ YEDI

Enti, ɛda adi pefee sɛ wɔanwo Yesu December 25. Mmom no, adanse no kyerɛ sɛ wɔwoo no bɛyɛ October 1, afe 2 A.Y.B. mu. Ne saa nti, n’awoda a wodi no Buronya mu December 25 no mfata mma wɔn a Kyerɛw Kronkron kyerɛ wɔn kwan no. Nanso, ɛnsɛ sɛ da pɔtee a wɔwoo Yesu a wɔnkyerɛ no haw yɛn. Asɛm no ne sɛ, awodadi ahorow a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no yɛ wiase sodifo bi de.​—Gen. 40:20; Mat. 14:6; Marko 6:21-28; Yoh. 18:36.

Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu. Ne saa nti, ɔde ne wu nkaedi, a wɔtaa frɛ no Awurade Anwummeduan no sii hɔ. Kristo yɛɛ saa anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no, bere tiaa bi ansa na ‘ɔde ne kra yɛɛ agyede maa nnipa pii’ no. (Mat. 20:28) Bere a ɔde abodoo a mmɔkaw nni mu ne bobesa gyinaa hɔ maa ne nipadua ne ne mogya a na ɔde rebɛbɔ afɔre no, Yesu maa n’akyidifo anokwafo no dii bi, na ɔhyɛe sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19, 20; 1 Kor. 11:23-26) Enti, ɛwom sɛ nokware Kristofo ani gye sɛ wobehu bere a wɔwoo Yesu de, nanso Yesu Kristo wu na ɛsɛ sɛ wɔkae no afe biara, ɛnyɛ n’awo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena