Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
    Nyan!—1983 | November 8
    • “Wɔahyɛ adapɛn [mfepɛn] ason, wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, . . . Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no no so yɛ adapɛn [mfepɛn] ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ. Na adapɛn [mfepɛn] aduosia abien no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene. . . . Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn [mfepɛn] biako; na dapɛn [mfepɛn] no fã mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛde ma agyae.”

  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
    Nyan!—1983 | November 8
    • Bio nso, nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe Mesia no anaasɛ obewu wɔ adapɛn 62 bere (a edii adapɛn 7 bere no akyi no mu) , enti wɔ bere a etwa to a ne tenten yɛ adapɛn biako no mu. Saa awiei bere a ɛyɛ mfirihyia ason no befi ase afi 29 Y.B. de akosi 36 Y.B. Nanso saa dapɛn a etwa to yi mu bere bɛn na Mesia no bewu? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ “na dapɛn (afepɛn) no fã mu” no, Mesia “ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae.” Sɛnea nkɔmhyɛ no nso kae sɛ Mesia no wu de bɔne ho mpata ankasa bɛba no, bere a Mesia no wui pɛ na mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ asɔrefi hɔ no bɛyɛɛ nea mfaso nni so. Enti ɛda adi pefee sɛ, nkɔmhyɛ no dii kan kae sɛ Mesia no bewu wɔ “dapɛn (afepɛn) no fã mu,” anaasɛ wɔ afe 33 Y.B. mu.

      So Mesia no puei ankasa wɔ 29 Y.B. na owui wɔ 33 Y.B. mu? Sɛnea yɛahu dedaw no, na Yudafo a wɔwɔ saa afeha a edi kan no mu no de ahopere rehwɛ Mesia no kwan saa bere no mu. (Luka 3:15) Nanso wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Mesia ahorow a wopuei wɔ afeha a edi kan no mu no nyinaa mu obiako pɛ na opuee wiase wɔ afe 29 Y.B. na owui wɔ afe 33 Y.B., na saa onii no ne Yesu a ofi Nasaret no!​—Fa to Luka 3:1, 2 ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena