-
Onyankopɔn Ahenni ‘Ba’—Bere Bɛn?Ɔwɛn-Aban—1982 | December 1
-
-
3, 4. (a) Dɛn ne “adapɛn aduɔson” no, bere bɛn na efii ase, na ɛbaa awiei bere bɛn? (b) Dɛn na ɛhyɛɛ ‘dapɛn a ɛyɛ mfepɛn a etwa to no agyirae sɛ nea ɛho hia?
3 Wɔ Daniel 9:24-27 no, yɛkenkan ‘adapɛn aduɔson a ɛyɛ mfe,’ anaasɛ mfirihyia a ne nyinaa yɛ 490, a efi ase ‘fi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu’a no ho asɛm. Ɛne bere bɛn? Bible kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nehemia 2:1-7 no ka sɛ Persia ‘hene Artasasta afe a ɛto so aduonu’ no mu na ɔhene no ankasa ka kyerɛɛ ne nsahyɛfo a ɔyɛ Yudani, Nehemia, sɛ ɔnsan nkɔ n’agyanom kurom na ‘ɔnkɔkyekye bio.’ Sɛnea wiase abakɔsɛm kyerɛ no, saa “Artasasta afe a ɛto so aduonu” yi bɛyɛ 455 A.Y.B. Sɛ yɛkan mfirihyia 490 fi saa bere no a, ebesi afe 36 Y.B. Daniel nkɔmhyɛ no kyerɛ yɛn sɛ ‘dapɛn a ɛyɛ mfepɛn’ a etwa to, 29-36 Y.B., yɛ nea ɛho hia titiriw. Na dɛn ntia?
4 Efisɛ “efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi Obirɛmpɔn a wɔasra no [Mesia] so yɛ adapɛn ason, [ne] adapɛn aduosia abien [nso].” Enti na Mesia no bɛba wɔ saa dapɛn a ɛto so aduɔson a ɛyɛ mfepɛn no mfiase. Ná eyi nso bɛhyɛ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no mfiase agyirae, wɔ mfirihyia ason a edi kan atemmu bere a Mesia no bɛhyɛ Abraham apam wɔ saa Yudafo a wogyee no toom no so mu den no. Saa dapɛn a ɛyɛ mfepɛn no “fã mu,” a ɛne 33 Y.B. mu no, “wobetwa” Mesia no “akyene” wɔ owu mu, n’ankasa ne pɛ mu a ofi bɔ bɔne ho mpata afɔre kɛse a ‘ɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema [sɛnea Israel mmara no te] gyae’ sɛ ade a ɛho nni mfaso bio.—Hebrifo 10:12, 18.
5. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yudafo no nim “adapɛn aduɔson” no ho asɛm yiye? (b) Dɛn nti na Yudafo no anidaso yɛɛ ɔkwa? (d) Ɛdaa adi sɛ Daniel nkɔmhyɛ no yɛ nokware dɛn?
5 Akyinnye biara nni ho sɛ na Yudafo no nim “adapɛn aduɔson” bere no ho asɛm yiye, efisɛ Bible kyerɛwfo Luka, ka kyerɛ yɛn sɛ saa bere no mu no na ‘ɔman no rehwɛ’ Kristo ‘no kwan.’ (Luka 3:15) Nanso, na wɔn anidaso ahorow no gyina ɔhene-kofoni nuonyamfo bi a ɔbɛba, a obedi Yudafo no anim akodi Romafo a wɔhyɛ wɔn so no so nkonim so. Wɔn gyidi no anyɛ nea ɛbɛma wɔagye adi sɛ “wobetwa” Mesia no “akyene,” wobekum no, wɔ 33 Y.B. mu. Na saa ara na wɔantie nkɔmhyɛ mu kɔkɔbɔ sɛ “ɔsɛe pasaa” bɛba Yerusalem ne emufo so bio no. Nanso hwɛ nokware ara a Daniel nkɔmhyɛ no yɛe bere a Roma asraafo wɔ Ɔsahene Tito ase sɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no!
-
-
Onyankopɔn Ahenni ‘Ba’—Bere Bɛn?Ɔwɛn-Aban—1982 | December 1
-
-
[Kratafa 17 adaka]
‘ADAPƐN ADUƆSON A ƐYƐ MFE’ (Daniel 9:24-27)
EFI bere a Persia hene kaa asɛm no kyerɛɛ Nehemia wɔ 455 A.Y.B.
455 - 1 A.Y.B. = mfe 454
1 A.Y.B. - 1 Y.B. = afe 1
1 Y.B. - 36 Y.B. = mfe 35
455 A.Y.B. - 36 Y.B. = mfe 490
‘Wotwa Mesia no kyene wɔ dapɛn no fã mu,’ April 33 Y.B.
KOSI ɔdom titiriw ma Yudafo no awiei wɔ 36 Y.B. mu bere a Kornelio ne ne fifo nyaa adwensakra no
-