Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | May
    • 10. Sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:25b, 26 no baa mu?

      10 Afei, Daniel kaa nea ɛbɛto Germany Ahemman no ne n’asraafodɔm. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ atifi fam hene no ‘rentumi nnyina.’ Adɛn ntia? “Efisɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔw bɔne. Wɔn a wɔne no to nsa didi na wɔbɛsɛe no.” (Dan. 11:25b, 26a) Daniel bere so no, na ahemfie mpanyimfo a ‘wogyina ɔhene anim’ no ka wɔn a wodi “ɔhene nnuan” no ho. (Dan. 1:5) Henanom na saa nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho? Germany aban mpanyimfo, ɔhempɔn no asahene, ne n’asraafo mpanyimfo no na saa nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho. Esiane nea saa nkurɔfo yi yɛe nti, tumi a ɔhene no wɔ no fii ne nsa na aban foforo bedii Germany man no so.e Ɛnyɛ nea ɛbɛto ahemman no nko na nkɔmhyɛ no kae, na mmom ɛsan kaa nea ebefi ɔko a Germany ne anafo fam hene no bɛko no mu aba ho asɛm. Nkɔmhyɛ no kaa atifi fam hene no ho asɛm sɛ: “N’asraafodɔm nso, wobeyiri afa wɔn so, na nnipa pii bɛtotɔ.” (Dan. 11:26b) Sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, wiase ko a edi kan no mu no, ‘woyiri faa’ anaa wɔpraa German asraafo no, na nnipa pii ‘totɔe.’ Besi saa bere no, na nnipa nwui wɔ ɔko mu saa da.

  • “Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | May
    • e Wɔyɛɛ nneɛma bi ma tumi a aban no wɔ no fii ne nsa ntɛm. Ebi ne sɛ, nneɛma a na wɔyɛ de boa ɔhene no wogyaee, wɔde ɔko no ho nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ no dawuru too gua, na wɔhyɛɛ ɔhene no ma ɔsɔree akongua no so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena