Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Kyerɛ Nea “Etwa Sɛ Ɛba Ntɛm”
    Ɔwɛn-Aban—2012 | June 15
    • 9 Efi bere tenten na Yehowa asomfo apɛɛpɛɛ mu sɛ wobehu nea ohoni no nan ase gyina hɔ ma. Daniel 2:41 ma yehu sɛ ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no nnyina hɔ mma ahenni pii, na mmom “ahenni” biako pɛ. Enti dɔte no gyina hɔ ma biribi a ɛma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no yɛ mmerɛw sen Roma Ahemman a na ɛyɛ dade ankasa no. Daniel daa no adi sɛ dɔte no gyina hɔ ma “nnipa mma,” kyerɛ sɛ ɔmanfo. (Dan. 2:43) Bere a nnipa repere hwehwɛ hokwan pii wɔ nnwuma mu ne mmeae foforo, na aman bi rehwehwɛ ahofadi no, na Britain ne Amerika Wiase Tumidi no reyɛ mmerɛw. Ɔmanfo ma ɛyɛ den sɛ saa wiase tumidi yi bedi ne bo so asɛm ayɛ n’ade te sɛ dade. Sɛ ɛba amanyɔsɛm mu a, obiara ne n’adwene. Mpɛn pii no sɛ wɔtow aba a, onipa biako ntumi nnya aba no mmoro so ahe biara. Enti ontumi nnya ahoɔden a ɔde bɛyɛ nea ɔde asi n’ani so no. Daniel kae sɛ: “Ahenni no fã bi bɛyɛ den na ɔfã bi nso ayɛ mmerɛw.”—Dan. 2:42; 2 Tim. 3:1-3.

  • Yehowa Kyerɛ Nea “Etwa Sɛ Ɛba Ntɛm”
    Ɔwɛn-Aban—2012 | June 15
    • 11 So ohoni no nansoaa no kyerɛ biribi? Susuw eyi ho hwɛ: Bere a Daniel reka mmoa bi ho asɛm wɔ anisoadehu foforo mu no, ɔkaa mmɛn dodow a etuatua wɔn ti ho. Ɛha yi no, mmɛn no dodow kyerɛ biribi. Nanso bere a Daniel reka honi no ho asɛm no, wanka nansoaa dodow a ɛwɔ. Enti nansoaa no dodow ho nhia wɔ ha sɛnea honi no basa, ne nsa, ne nsateaa, ne ne nan dodow ho nhia no. Nea Daniel kae ankasa ne sɛ ne nansoaa no yɛ dade ne dɔte. Daniel asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ “ɔbo” a egyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni no rebebubu honi no nan ase a, Britain ne Amerika Wiase Tumidi no na ɛbɛba abɛto no sɛ akɛntɛn wiase so.—Dan. 2:45.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena