Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 1/1 kr. 11-25
  • Nya Gyidi Wɔ Ahenni No Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Gyidi Wɔ Ahenni No Mu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daniel Kɔkɔbɔ Nsɛm No
  • Abakɔsɛm Si Daniel Kɔkɔbɔ No So Dua
  • “Abɛn Ketewa” No Pue
  • Ɛhe Na Yɛwɔ Wɔ Bere No Mu?
  • Ohoni Kɛse Bi Sɔre ne N’asehwe
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ma Yɛn Bere Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Hena na Obedi Wiase So?
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Yehowa Kyerɛ Nea “Etwa Sɛ Ɛba Ntɛm”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 1/1 kr. 11-25

Nya Gyidi Wɔ Ahenni No Mu!

“Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. Na mo ankasa munim pɛ sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.”​—-1 Tesalonikafo 5:1, 2.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa akɔ so de Yesu Kristo a wɔanyan ɛno no adi dwuma?

SƐ́ “ASƐM,” anaa Logos no, yɛn soro Agya no de Yesu Kristo dii dwuma pii. (Yoh. 1:1-3; Kol. 1:16) Nanso dwuma a Yehowa Nyankopɔn de Yesu di no kɔɔ so wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi mpo. Ɔsomafo Paulo nsɛm a ntease wom no si eyi so dua yiye.

2 Ɔsomafo no kaa no pefee sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔnam Yesu Kristo mogya a ohwie gui no so bɛpata ɔne nneɛma a ɛwɔ soro ne asase so nyinaa ntam. (Kol. 1:19, 20) Eyi ne Paulo asɛm a ɔkae a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ayɛ nhyehyɛe sɛ ‘ɔbɛpata nneɛma nyinaa abom Kristo mu, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so’ no hyia. (Efe. 1:10; Fil. 2:9-11) Nanso nea ɛka nneɛma akɛse a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ eyi ho no ho ne Onyankopɔn Mesia ahenni no a wɔde besi hɔ ne ‘Yehowa da’ a ɛde tumi kɛse bɛba no. (1 Tes. 5:1, 2) Kyerɛwnsɛm no da dwuma a, Kristo adi fi bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no adi pefee. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde yɛn adwene kɔ ne gyinabea a ɛho hia wɔ Yehowa nhyehyɛe mu no so.

3. Dɛn nti na na Yesu nim nkɔmhyɛ asɛm a wɔka faa Ahenni nniso no ho no?

3 Esiane ne dwumadi sɛ Logos, anaa “Asɛm,” ansa na ɔreba asase so nti, na Yesu nim nkɔmhyɛ asɛm a wɔka faa Ahenni nniso no ho no yiye. Enti, sɛ onipa no, Yesu ka kyerɛɛ ɔkenkanfo no sɛ ɔmfa nhumu nni dwuma bere a ɔresusuw Daniel asɛm a ɛfa “awiei bere” no ho no. (Dan. 12:4; Mat. 24:15-22) Ɛnde, momma yɛnnan nko Daniel nhoma no so na yensusuw nneɛma a akyinnye biara nni ho sɛ Yesu hui sɛ́ Logos anaa “Asɛm,” no binom ho. Efisɛ ɛda adi sɛ Ɔno na yɛn soro Agya no de no dii dwuma ma ɔmaa tete adiyifo no kyerɛwee sɛnea wɔyɛe no.

4. Ɛdefa Ahenni nniso ho no, dɛn na wɔka kyerɛ yɛn wɔ Daniel 2:44; 7:13, 14 ne 12:1?

4 Bere a yɛde ntease ani hwɛ Daniel nhoma no mu no, yehu nsɛm abiɛsa a ɛyɛ anigye titiriw. Yehu nea edi kan no wɔ Daniel 2:44. “Ahene no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.” Yehu asɛm bi a ɛfa eyi ara ho wɔ Daniel 7 :13, 14, nea ɛka sɛ:

“Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam soro suwisie mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim; na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam nkɔ da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”

Awiei koraa no Daniel 12:1 se:

“Na ɛbere no mu na Mikael, ɔsafohene kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no, bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohiabere a efi sɛ ɔman bae no besii bere no so ɛmmae da.”

Ɛha, wɔ ne nkɔmhyɛ no afã horow abiɛsa yi mu no, Daniel ka Ahenni nniso a, wɔde besi hɔ ho asɛm, na ɛnyɛ onipa foforo biara so na wɔnam yɛ eyi, na mmom ɛdenam “onipa ba” no, anaa Mikael, so. Ɛda adi pefee sɛ asɛm no fa Kristo Yesu a ɔwɔ Ahenni tumi mu ho.​—Adi. 12:7-10.

5. So ɛne Kyerɛwsɛm hyia sɛ yebesusuw bere ho wɔ tumi a Ahenni nniso no befi ase adi no ho anaa?

5 Wubehu sɛ wɔ nsɛm a Paulo ne Daniel kyerɛwee yi mu no, wɔka bere a wɔde ɔsoro nniso no besi hɔ na afi ase adi tumi no ho asɛm. Sɛ yɛn adwene wɔ saa bere yi so a, ɛnde na 1 Tesalonikafo 5:1 fa yɛn ho ampa bere a ɛka sɛ:

“Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo.”

Sɛ yɛte nea Onyankopɔn Asɛm ka no ase yiye, titiriw bere a yɛhyɛn “awiei bere” no mu kɔ akyiri no a, ɛremma yɛn so mpofirim. Yɛbɛyɛ nnipa a wɔwɔ nhumu ankasa wɔ nneɛma a ɛfa ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ bere no ho ho. (Mat. 24:3) Ɛnde, momma yensusuw nsɛm abiɛsa a Daniel kae a ɛfa Ahenni nniso a wɔde besi hɔ no ho no ho.

Daniel Kɔkɔbɔ Nsɛm No

6. Wɔ Daniel 2:40 no, dɛn na wɔka wɔ “ahenni a ɛto so anan” no ho?

6 Yɛn mu bebree nim ohoni a wohui wɔ adaeso mu a wɔka ho asɛm wɔ Daniel ti abien no, na yenim sɛ, ɛdenam Yehowa honhom kronkron no so no, odiyifo no kaa nea ohoni yi kyerɛ no kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar. Na ɛyɛ wiase ahenni nnidiso a ɛbɛba, ɛde fi Babilon so, no ho mfonini. Yɛn ani gye “ahenni a ɛto so anan” no ho titiriw, nea Daniel kae wɔ ho sɛ:

“Na ahenni a ɛto so anan no bɛyɛ den sɛ dade; sɛ dade bubu na ɛyam ade nyinaa no, sɛ dade a ɛbobɔ ade ara na ebubu na abobɔ ɛno nyinaa.”​—Dan. 2:40.

7. Dɛn ne “ahenni a ɛto so anan” no?

7 Ahenni bɛn na eyi a ɛte sɛ dade no yɛ? Bible abakɔsɛm mu no, “ahenni a ɛto so anan,” anaasɛ wiase tumi a ɛto so anan, fi Babilon so, ne Roma Ahemman no, a Medo-Persia ne Hela hyɛ ntam ho. Bere rekɔ so no wɔkyekyɛɛ Roma Ahemman no mu, yɛɛ no apueifam ahemman ne atɔefam ahemman, sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi ahwɛ ahemman no afã horow so yiye. Atɔefam ahemman yi mu na Britania Ahemman no fi bae. Ɛdenam atua a Amerika aman horow no tewee so no, wɔde United States of America sii hɔ. Esiane nneɛma horow bi a ɛho hia nti aman abien yi hui sɛ ɛfata sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho wɔ sraadi ne nneɛma afoforo mu na wɔatumi ayɛ Anglo-Amerika Wiase Tumi no.

8, 9. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Daniel 2:40 ne Daniel 7:7 ntam?

8 Nanso, ɛdefa saa “ahenni a ɛto so anan”​—sɛnea na ɛte fi mfiase a ɛne Roma Ahemman​—no ho no, Daniel ka kyerɛ yɛn wɔ ne nkɔmhyɛ ahorow no biako nso mu sɛ:

“Eyi akyi no mede hwɛ ara, anadwo adehu ma, na hwɛ, aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; na ɔwɔ dade sẽ akɛse, na odidi keka mu de n’anan pɛtɛ nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.”​—Dan. 7:7.

9 Bere a yɛhwehwɛ Daniel ti ason mu no, yebehu sɛ odiyifo no reka ahenni anaa wiase tumi horow anan koro no ara a wɔkaa ho asɛm wɔ ti abien no ho asɛm. Na mmom sɛ anka ɔbɛka tumi horow yi ho asɛm sɛ ohoni afã horow, ɛde fi ti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no so no, ɔka wɔn ho asɛm sɛ mmoa. Wɔ ti a ɛto so ason no mu no, ɔde gyata (Babilon) fi ase na ɔde aboa ɔto so anan a ne ho yɛ den mmoroso na ne sẽ te sɛ dade wie. Enti, ɛnyɛ mpofirim ara kwa na Daniel 7:7 ne Daniel 2:40 hyia pɛpɛɛpɛ saa. Nsɛm abien yi mu no, bubu a ebubu ade na ɛyam ne ahoɔden a ɛyɛ hu te sɛ dade de no yɛ nea ɛda adi wɔ Roma ahemman yi ho. Nanso asemmisa no da so wɔ hɔ sɛ: Ɔkwan bɛn so na “ahenni a ɛto so anan” no begyina hɔ ma wiase tumi horow abien?

10. “Abɛn ketewa” no fi he?

10 Momma yɛnkenkan nkɔ anim, wɔ Daniel 7:8:

“Merehwɛ mmɛn no no, na hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho, ne ano a ɛkeka adekɛse.”

Hwɛ anigye ara a ɛyɛ! Ahenni a ɛto so anan yi, Roma Wiase Tumi no, fi ase fifi abɛn wɔ ne ti a ɛte sɛ aboa de no so. Na mmɛn a ɛwɔ hɔ dedaw no abiɛsa tutu na nea afifi yi anya kwan. Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ? Momma yɛnhwɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow no.

Abakɔsɛm Si Daniel Kɔkɔbɔ No So Dua

11. Dɛn nti na ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛnea Roma Ahemman no maa nneɛma a Daniel kaa ho asɛm no nyaa mmamu pɛpɛɛpɛ?

11 ‘Ɛho nhia sɛ wɔkyerɛw biribi foforo brɛ yɛn’ ampa, efisɛ wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no mu dedaw. Afei nso, sɛ yɛn adwenem da hɔ honhom mu ampa a, nsɛm a ebesisi wɔ wiase no remma yɛn so mpofirim sɛnea ebia owifo bɛba obi a ɔnhwɛ kwan so mpofirim no. Nanso ɛsɛ sɛ yehu Kyerɛwnsɛm no yiye, na eye sɛ yɛhyɛ sɛnea Roma Ahemman no maa nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel nkɔmhyɛ anisoadehu no mu no baa mu pɛpɛɛpɛ no nsow.

12. Roma nniso no kaa Engiresi Aburokyiri koduu he?

12 Efi ne mfiase no, na Roma wɔ akodi tumi, na ɛtrɛw ne nkɛntɛnso ne ne tumi no mu. Britania a saa bere no na ɛhyɛ mmusua horow ahenni ase no, bɛyɛɛ Roma Ahemman no fã, na Engiresi Aburokyiri man no nyinaa mu no nniso a ɛte saa ho adanse pii wɔ hɔ. Nea ɛka eyinom ho ne Ɔhempɔn Hadrian fasu a ɛwɔ England atifi fam no.

13, 14. (a) Mfiase no na Roma tumi no yɛ tumi bɛn? (b) Nanso dɛn na ɛbae wɔ mfeha ɛ ɛto so abiɛsa ne anan no mu?

13 Bere a Roma nyaa ahode pii na ɛporɔwee kɛse esiane ɔman no sodifo no abrabɔ bɔne no nti no, ɛkɔɔ fam sɛ ɔman a ɛwɔ akodi tumi. Ebeduu Nero ne ahempɔn a wodii n’akyi bae no bere so no, na ɛfam a Roma rekɔ sɛ ɔman a ɛwɔ akodi tumi no ada adi pefee. Nanso wɔn a na wɔpɛ sɛ ahemman yi kɔ so tra hɔ no yɛɛ nhyehyɛe bi a na ɛbɛma akɔ so adi tumi wɔ wiase nsɛm mu mfehaha pii, ɛwom sɛ na enni akodi tumi bio de. Wɔyɛɛ eyi dɛn?

14 Ɛde reba Yɛn Bere yi afeha a ɛto so abiɛsa ne anan no mu no, ɛda adi sɛ Roma bɛyɛɛ nyamesom ne amammui tumi kaa akodi tumi a ɔwɔ no ho. Anifere kwan so no, wɔyɛɛ nhye- hyɛe bi ma paapanom tumi a ɛwɔ Roma no tumi dii asase a nnipa te so a na wonim no saa bere no fã kɛse no ara so. Wɔfrɛɛ saa nhyehyɛe no feudal nhyehyɛe (a asase no so atumfoɔ ahorow a wɔhyɛ ɔhempɔn no ase no dii wɔn nkurɔfo so) , na ɛdenam Roma Ahemman Kronkron a na Roma ne n’ahenkurow no mmoa so no, anyɛ yiye koraa no edii wiase yi nsɛm so bɛyɛ mfe 1,000.

15. Ɔkwan bɛn pa paapanom nhyehyɛe no faa so dii tumi mfehaha pii?

15 Wɔ feulal nhyehyɛe no ase no, nnipa bebree traa ase sɛ akuafo a wonnim hwee wɔ ohia mu. Na wɔhwehwɛ sɛ wofi wɔn asetrade ketewaa no mu bɛboa abirɛmpɔn a wɔtete afie akɛse ne aban ahorow mu wɔ Europa nyinaa, a Engiresi Aburokyiri ka ho no. Na na wɔhwehwɛ nso sɛ saa abirɛmpɔn yi tua tow ma ɔhene a wɔhyɛ n’ase no. Ná ahene no mu ebiara hyɛ ɔhempɔn no ase, sɛ́ ɔwɔ England anaa Europa baabi foforo biara, na na wɔhwehwɛ sɛ wotua tow ma paapanom nniso no wɔ Roma. Enti, paapanom nniso no nyaa nkɔso wɔ ahonyade ne tumi mu wɔ bere tenten a wɔtaa frɛ no Borɔfo mu Dark Ages no mu.

16. (a) Ɔkwan bɛn so pa Daniel ka Roma Ahemman Kronkron no ho asɛm yiye? (b) Dɛn na wohu sɛ epue wɔ “aboa a ɔto so anan,” a ɔne Roma atifi?

16 Esiane abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow yi nti, hwɛ sɛnea nkɔmhyɛ kwan so nkyerɛkyerɛmu a Daniel de mae wɔ ahenni a “ohoni kɛse” no anan a ɛyɛ dade no yɛɛ ho mfonini no fata! (Dan. 2:31) Na hwɛ fata a aboa a ne ho yɛ hu a ɔwɔ dade sẽ a odidi keka mu a wɔyɛ ne ho mfonini wɔ Daniel ti ason no fata! Nea edi kan no, otwiw faa Europa, brɛɛ biribiara a ɛwɔ ne kwan mu no ase denam akodi tumi so. Afei ekuraa ne tumi no mu hyɛɛ no den denam amammui, nyamesom ne aguadi nhyehyɛe ne nnaadaa so. Na “abɛn ketewa” foforo a wohui,sɛ epuei wɔ aboa a ne ho yɛ hu a “ɔto so anan” a ɛyɛɛ Roma ho mfonini yi atifi no nso ɛ? Bere bɛn na eyi ba?

“Abɛn Ketewa” No Pue

17. Ɔkwan bɛn so na “abɛn ketewa” no fii ase nyinii?

17 Ɛde besi afe 1533 Y.B. no na Britania ahenni no hyɛ paapanom nhyehyɛe no ase. Nanso, afe a edi so no mu no, Ɔhene Henry a Ɔto so Awotwe bɛyɛɛ Katolek Asɔre a ɛwo England no ti. Ɔtew ne ho fii Roma ho na wɔn nso wɔtew wɔn ho fii ne ho. Afei na wɔreboaboa ahonyade a Engiresi Aburokyiri wɔ, a kan no na anka Roma Katolek Asɔre no de ɔfã kɛse no ara kɔ no ano wɔ England hene a odi Engiresi Katolek Asɔre no so no ase. (England Katolek Asɔre ‘no kuraa Roma Katolek Asɔre nhyehyɛe koro no ara mu, na akwan horow pii so no, ayɛ saa ara de abedu nnɛ.) Na Roma Ahemman’ Kronkron no tumidi no ano refi ase abrɛ ase, nanso na “abɛn ketewa” bi repue afi mu.

18. Bere a Ɔhemmaa Elisabet a Odi Kan bae no na Britania wɔ tebea bɛn mu, na dɛn na eyi kyerɛ maa Franse, Netherlands ne Spain?

18 Mfe dodow bi twaam na Ɔhemmaa Elisabet a Odi Kan bedii Britania so. Ebeduu saa bere yi no na ahonyade a wɔaboaboa ano wɔ Engiresi Aburokyiri no redi dwuma. Na woanya ɛpo so akohyɛn a ɛyɛ hu. Bere tiaa mu no, wɔ nnipa a woagye din te sɛ Drake, Raleigh ne Hawkins akwankyerɛ ase no, Britania akohyɛn no ne Spain, Netherlands ne Franse akohyɛn (a na wɔn nyinaa da so wɔ Roma nniso ase no) pem so, dii wɔn nyinaa so nkonim, a na Spanish Akohyɛn pii a wɔagye din no ka ho. Enti na Britania di asorɔkye no so, na wɔde hoahoa wɔn ho.

19. Sɛ yɛde Daniel ti abien ne ti ason toto ho a, ɛdefa dɛn ho na yehu mmamu kɛse nnɛ?

19 Dɛn na Daniel 7:8 ka? Yiw, ná “mmɛn” abiɛsa betutu wɔ “abɛn ketewa” yi anim, na ɛbɛkeka ‘nsɛm akɛse.’ Enti ɛha, bere a Britania Wiase Tumi no puei, na akyiri yi Amerika bɛkaa ne ho no, yɛanya nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi mmamu a edi mũ. Anglo-Amerika Wiase Tumi no fi Roma Ahemman no mu. Ɛyɛ Roma “ba.” Enti, wɔyɛ ho mfonini nkɔmhyɛ kwan so sɛ epuei wɔ Roma, “aboa a ɔto so anan” a ne sẽ yɛ dade no atifi. Sɛ yɛde Daniel ti abien ne ti ason toto ho a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu sɛnea ‘anan a ɛyɛ dade’ no gyina hɔ ma wiase tumi horow abien a edidi so, na ɛnyɛ biako pɛ.​—Dan. 2:32, 33.

Ɛhe Na Yɛwɔ Wɔ Bere No Mu?

20. Ɔwɛn bɛn na yebetumi afa so ahu “anan a ɛyɛ dade” no nkɔso de besi yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu?

20 Sɛnea Daniel 2:41-43 kyerɛ no, yehu sɛ wiase ahenni horow betwam. Ɛnde, so ‘anan abien a ɛyɛ dade’ no mu biara yɛ wiase tumi soronko ho mfonini? Dabi, ɛnyɛ saa, sɛnea na ‘abasa abien a ɛyɛ dwetɛ’ a ɛwɔ ohoni no soro no nnyina ho mma wiase tumi horow abien wɔ Medo-Persia tumidi bere no mu no. Anan abien ne dade a ɛwɔ anansoaa no mu no nyinaa fi Roma Ahemman no mu. titiriw afi afeha a ɛto so anan no mu, bere a Konstantine gyaw n’atɔefam ahenkurow a ɛwɔ Roma no na ɔde apueifam ahenkurow sii hɔ wɔ Konstantinople no. Aman horow fii saa ahemman a emu apaapae yi mu fii, na awiei koraa no Anglo-Amerika Wiase Tumi yi dii wɔn so. Yɛn afeha yi mu wiase akodi abien no mu no, saa “anan” no daa adi sɛ ɛte sɛ “dade” ampa, bere a Anglo-Amerika Wiase Tumi no asraafo twi faa asraafo a wɔne wɔn redi asi no so na wɔde nuklea akode dii dwuma ɔko mu nea edi kan no.

21. Mmerɛwyɛ bɛn na ɛda adi afei wɔ ohoni no fã etwa to no mu?

21 Ɛha na yɛba ohoni kɛse no fã a edi awiei. Ɛda so ara gyina hɔ ma Anglo-Amerika Wiase Tumi no. Nanso afei de ɛwɔ mmerɛwyɛ. N’anan ne n’anansoaa a na ahoɔden wom te sɛ dade no mu agow kakra. Efisɛ ‘emu bi yɛ dade, na emu bi yɛ ɛfa.’ Daniel kyerɛ eyi ase sɛ:

“Sɛ wuhuu dɔte sɛ afrafra dade no, nnipa no bedi afra, wɔn asefo mu, nu wɔremfomfam wɔn ho, sɛnea dade nnya ɛfa mu afraye no.”​—Dan. 2:33, 43.

22. (a) Dɛn nti na kwasafo ne komunist sodifo no mma asɛm no mu wɔ ha? (b) Ɛnde, henanom ne adesamma “asefo” no? (d) Dɛn na aba wɔ “dade” ne ɛfa” (anaasɛ dɔte) no fam?

22 So eyi kyerɛ sɛ nnɛyi kwasafo ne komunist sodifo no bɛba abɛyɛ wiase tumi anaa? Dabi, efisɛ Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ saa kwasafo amammui nhyehyɛe horow no renni wiase so tumi da. Ohoni a ne ho yɛ hu no fã a etwa to, bere a edu n’awiei wɔ mmere no mu no. fã kɛse no ara da so yɛ dade. Ɛda so ara yɛ wiase tumi a efi Roma Ahemman Kronkron no mu bae no. Na mmom saa tumi a ɛte sɛ dade yi ano brɛ ase wɔ bere no awiei esiane biribi a ɛyɛ mmerɛw, te sɛ dɔte, a ɛbɛfra mu nti​—nhyehyɛe a ɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nneɛma ho gyinaesi ahorow mu, sɛ ebia ɛdenam adwumayɛfo akuw, ɔsɔretia dwumadi ahorow ne nneɛma a ɛtete saa so. Saa adesamma “asefo” yi, obi a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔpapahwekwa, bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ n’adwene wɔ sɛnea wodi nneɛma ho dwuma no mu. Na ɛnyɛ atɔefam Europa aman a bere bi a atwam no na wɔyɛ Roma Ahemman Kronkron no fã no mu nko na yehu eyi, na mmom titiriw wɔ aman a wɔhyɛ Anglo-Amerika Wiase Tumi no ase no mu. Ɛha na adwuma a wɔnteɛ wɔn ho nyɛ, adwinnade a wɔde gu fam, ne adwuma mu basabasayɛ ama aban tumi a na ɛte sɛ “dade” no mu agow kɛse. Bere a adwumayɛfo ne adwumawuranom kõ no, ‘amamfo’ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea wɔbɛyɛ adwuma na wɔatra ase. So eyi de abusuabɔ pa aba odwumayɛni ne aban ntam anaa? Onyankopɔn Asɛm ka no tiaa sɛ: “Wɔremfomfam wɔn ho.”

23. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ afei yɛadu ohoni no “anansoaa” so? (b) Afei dan na yebetumi ahwɛ kwan? (d) Wɔ “awiei bere yi mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

23 Ɛnde, ɛhe na yɛwɔ wɔ bere no mu? Nkyekyem 43 awiei no na “ohoni’”biara nni hɔ bio. Yɛabedu “anansoaa” no ankasa so! Yɛte bere a nea ɛkɔ so wɔ nnipa nniso mu no adu n’awiei a ɛyɛ awerɛhow mu. Mmere no awiei ato yɛn! Daniel aka nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan no akyerɛ yɛn. Yiw, ɛrenkyɛ na Kristo ahenni a ebedi nnipa nyinaa so, “ɔbo” a wɔatew afi Yehowa amansan tumidi “bepɔw” no ho no, abɛbɔ ohoni huhuuhu no nan ase, ma nnipa nniso a ɛhyɛ afoforo so no ahwe ase abubu pasapasa. Ɛno bɛyɛ “ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besii bere no so ɛmmae da.” Nanso bere a eye sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu bedi akyi aba ntɛm, Kristo mfirihyia 1,000 ahenni no. So nokware Kristoni bi betumi atra hɔ anibiannasoyɛ mu de n’ani ahwɛ nea ɛrekɔ so wɔ “awiei bere” yi mu no ara kwa a hwee nka no mma onnyina Ahenni nniso no afã? Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ onii a yegyina n’afã, Yehowa anaa Satan!​—Dan. 2:44, 45; 7:14; 12:1, 4.

24. Nnipa bɛn na yɛbɛkɔ so ayɛ, na dɛn ntia?

24 Sɛnea 1 Tesalonikafo 5:1 ka no, ɛho nhia sɛ wɔkyerɛw biribi brɛ yɛn wɔ nna ne mmere no ho! Ne nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ ‘yɛpɛɛpɛɛ mu.’ Enti momma yɛnyɛ nea Hebrifo 10:35-39 hyɛ ho nyansa no: “Enti monntow mo nnam a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene. Na boasetɔ hia mo, na sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na aka kakraa sɛɛ na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ. Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.’ Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.” Momma yennya gyidi a ɛtra hɔ daa na ɛkanyan wɔ Ahenni no mu!

“Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo de, na obedi hene daa daa!​—Adi. 11:15.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfoni wɔ kratafa 25]

MFONINI AHOROW A ƐWƆ DANIEL AHENNI NKƆMHYƐ AHOROW NO MU

Ohoni kɛse no

(Daniel 2:31-45)

Mmoa akɛse anan no

(Daniel 7:2-22)

BABILONIA

efi 625 A.Y.B.

MEDO-PERSIA

efi 539 A.Y.B.

HELA

efi 331 A.Y.B.

ROMA

efi 30 A.Y.B.

BRITANIA NE AMERIKA

efi 1763 Y.B.

AMAMFO AKUW AHOROW A WƆYƐ KATEE

Abɛn ketewa no pue

(Daniel 7:8)

Ɔhempɔn Konstantine (312-337 Y.B.) de apueifam ahenkurow si hɔ, ka Roma a emu na Anglo-Amerika Tumi no fi no ho

Henry VIII tew ne ho fi Roma ho (1584 Y.B.)

Efi Elisabet I (1558-1603 Y.B.) so no, Britania fi ase ‘tutu mmɛn abiɛsa’ a ɛyɛ Spain, Netherlands ne afei Franse ‘gu’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena