Daniel Nkɔmhyɛ Nna No Ne Yɛn Gyidi
“[Anigye] ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem abasa aduasa anum no so.”—DANIEL 12:12.
1. Dɛn nti na nnipa pii nni nokware anigye, na wɔde nokware anigye bata dɛn ho?
OBIARA pɛ sɛ n’ani gye. Nanso, nnipa kakraa bi na wɔn ani gye nnɛ. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa bi ne sɛ nnipa dodow no ara hwehwɛ anigye fi nneɛma a ɛmfa anigye mma mu. Wɔhwehwɛ anigye fi nneɛma te sɛ nhomasua, ahonyade, adwuma, anaa tumi a wɔhwehwɛ mu. Nanso, Yesu kyerɛɛ wɔ ne Bepɔw so Ɔkasa no mfiase sɛ honhom mu nneɛma a ebehia yɛn, mmɔborohunufo a yɛbɛyɛ, yɛn koma a emu bɛtew, ne su horow a ɛtete saa a yebenya na ɛde anigye ba. (Mateo 5:3-10) Anigye a Yesu kaa ho asɛm no yɛ nokware na ɛtra hɔ daa.
2. Sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, na dɛn na ede anigye bɛba wɔ awiei bere no mu, na eyi ho nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?
2 Wɔ awiei bere yi mu nkaefo a wɔasra wɔn fam no, biribi ka ho na ama wɔn ani agye. Yɛkenkan wɔ Daniel nhoma no mu sɛ: “Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no. [Anigye] ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.” (Daniel 12:9, 12) Bere tenten bɛn na nna 1,335 no dii? Dɛn nti na wɔn a wɔtraa ase saa bere no ani gyei? So eyi fa gyidi ho nnɛ? Sɛ yesusuw bere a Daniel kyerɛw saa nsɛm yi, bere a woyii Israel fii Babilon nkoasom mu akyi bere tiaa bi wɔ Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛabua nsemmisa yi.—Daniel 10:1.
Ahenni a Wɔsan De Si hɔ De Anigye Ba
3. Dɛn na ɔhene Kores yɛe a ɛde anigye brɛɛ Yudafo anokwafo wɔ 537 A.Y.B. mu, nanso hokwan bɛn na Kores amfa amma Yudafo no?
3 Babilon nkoasom mu a woyii Yudafo no fii no ma wodii ahurusi ankasa. Bere a na Yudafo no adi bɛyɛ mfe 70 wɔ nkoasom mu no, Kores Ɔkɛse maa wɔn kwan sɛ wɔnsan nkɔ Yerusalem nkosi Yehowa asɔrefi no bio. (Esra 1:1, 2) Wɔn a wɔsan kɔe no de wɔn ani too nneɛma akɛse so, na woduu wɔn mam mu afe 537 A.Y.B. mu. Nanso, Kores amma wɔn kwan sɛ wɔnsan mfa ahenni bi a Dawid aseni na odi so nsi hɔ.
4, 5. (a) Bere bɛn na wotuu Dawid ahenni no gui? Dɛn ntia? (b) Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma de kyereɛ sɛ wɔbɛsan de Dawid ahenni no asi hɔ.
4 Ná ɛno yɛ ade titiriw. Bɛyɛ mfeha anum a na atwam mu no, na Yehowa ahyɛ Dawid bɔ sɛ: “Wo fi ne w’ahenni betim akosi daa w’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.” (2 Samuel 7:16) Awerɛhosɛm ne sɛ, Dawid asefo a wɔyɛ adehye no mu dodow no ara bɛyɛɛ atuatewfo, na mogya ho fɔ a na ɔman no di no bɛyɛɛ kɛse araa maa Yehowa maa kwan ma wotuu Dawid ahenni no gui wɔ 607 A.Y.B. mu. Sɛ bere tiaa a Yudafo a wɔtew atua tia wɔn sodifo no de dii Yerusalem so no pa ho a, aman afoforo na edii so fi saa bere no kosi ne sɛe a ɛto so abien wɔ 70 Y.B. mu no. Enti, wɔ 537 A.Y.B. mu no, “amanaman no bere,” a na Dawid ba biara renni hene wom no, fii ase.—Luka 21:24.
5 Nanso, Yehowa werɛ amfi bɔ a ɔhyɛɛ Dawid no. Ɔnam anisoadehu ahorow ne adae so maa ne diyifo Daniel daa nsɛm a na ebesisi daakye wɔ mfeha a na Babilon yɛ wiase ahemman no mu kosi bere a na ɔhene bi a ɔyɛ Dawid aseni bɛsan adi Yehowa nkurɔfo ahenni bi so no adi kɔɔ akyiri. Saa nkɔmhyɛ horow yi a wɔakyerɛw wɔ Daniel atiri 2, 7, 8, ne 10-12 no maa Yudafo anokwafo awerɛhyem sɛ, awiei koraa no, Dawid ahenni no “besi pintinn akosi daa” ampa. Ɛda adi sɛ saa nokwasɛm a wɔdaa no adi no maa Yudafo a wɔsan kɔɔ wɔn man mu wɔ 537 A.Y.B. mu no ani gyei!
6. Yɛyɛ dɛn tumi hu sɛ na Daniel nkɔmhyɛ horow no bi bɛbam wɔ yɛn bere yi mu?
6 Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu no mu dodow no ara kyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ Daniel nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa nyaa mmamu ansa na wɔrewo Yesu Kristo. Nanso ɛda adi pefee sɛ ɛnte saa. Wɔ Daniel 12:4 no, ɔbɔfo bi ka kyerɛ Daniel sɛ: “Toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.” Sɛ na ɛsɛ sɛ wobue Daniel nhoma no ano—woyi n’asekyerɛ nyinaa adi—wɔ awiei bere no mu nkutoo a, ɛnde ɛda adi sɛ anyɛ yiye korae no, ɛsɛ sɛ ne nkɔmhyɛ horow no bi bam wɔ saa bere no mu.—Hwɛ Daniel 2:28; 8:17; 10:14.
7. (a) Bere bɛn na amanaman bere a wɔahyɛ no baa n’awiei, na asemmisa a egye ntɛmpa bɛn na na ɛsɛ sɛ wobua saa bere no? (b) Henanom na na wɔnyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?
7 Amanaman bere a wɔahyɛ no baa awiei 1914, na wiase yi awiei bere no fii ase. Ɛnyɛ asase so Yesusalem na wɔsan de Dawid Ahenni no sii, na mmom “ɔsoro amununkum mu” a aniwa nhu no. (Daniel 7:13, 14) Saa bere no, esiane sɛ na atoro Kristosom “wura bɔne” no renyin nti, na wonhu nokware Kristosom tebea yiye—anyɛ yiye koraa no, wɔ nnipa ani so. Nanso na ɛsɛ sɛ wobua asemmisa a ɛho hia bi: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (Mateo 13:24- 30; 24:45) Henanom na na wobegyina Dawid Ahenni a wɔasan de asi hɔ no ananmu wɔ asase so? Ná ɛnyɛ Daniel honam fam anuanom Yudafo no. Ná wɔapow wɔn efisɛ na wonni gyidi na wɔannye Mesia no antom. (Romafo 9:31-33) Wɔanhu akoa nokwafo no wɔ Kristoman mu ahyehyɛde ahorow no mu wɔ ɔkwan biara so! Wɔn nneyɛe bɔne no kyerɛe sɛ na Yesu nnim wɔn. (Mateo 7:21-23) Ɛnde, na ɔyɛ hena?
8. Henanom na wɔakyerɛ sɛ wɔyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” wɔ awiei bere yi mu? Yɛyɛ dɛn hu?
8 Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ Yesu nuanom a wɔasra wɔn kuw ketewaa bi a na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo wɔ 1914 mu, a wobenyaa din Yehowa Adansefo fi 1931 no. (Yesaia 43:10) Wɔn nkutoo na wɔabɔ Dawid aseni Ahenni a wɔasan de asi hɔ no ho dawuru. (Mateo 24:14) Wɔn nkutoo na wɔatew wɔn ho afi wiase no ho na wɔama Yehowa din so. (Yohane 17:6, 14) Na wɔn nkutoo so na Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ nna a edi akyiri yi mu ho no abam. Nea ɛka nkɔmhyɛ ahorow yi ho ne nkɔmhyɛ mmere horow a woabobɔ din wɔ Daniel ti 12, a nna 1,335 a na ɛde anigye bɛba no ka ho no.
Nna 1,260 No
9, 10. Nsɛm bɛn na esisii wɔ “ɛbere bi ne mmere ne bere fã” a ɛwɔ Daniel 7:25 no mu, na kyerɛw nsɛm afoforo bɛn mu na wɔka bere tenten saa ara ho asɛm?
9 Wɔ Daniel 12:7 no, yɛkenkan nkɔmhyɛ bere a edi kan no ho asɛm sɛ: “Enkodu bere, mmere ne fã, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.”a Wɔka bere koro yi ara ho asɛm wɔ Adiyisɛm 11:3-6, a ɛka sɛ Onyankopɔn adansefo befurafura atweaatam de aka asɛm mfe abiesa ne fã na afei woakunkum wɔn. Yɛkenkan bio wɔ Daniel 7:25 sɛ: “Ɔbekeka nsɛm atia Nea Ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw Ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne sa, ɛbere bi ne mmere ne bere fã.”
10 Wɔ nkɔmhyɛ a edi akyiri yi mu no, nea “ɔbɛkeka nsɛm” no ne wiase tumi a ɛto so anum fi Babilon so no. Ɛyɛ “abɛn ketewa,” a ne nniso bere mu na wɔde “tumi ne anuonyam ne ahenni” ma onipa Ba no. (Daniel 7:8, 14) Saa sɛnkyerɛnne kwan so abɛn yi a mfiase no na ɛyɛ Britania ahemman no bɛyɛɛ Anglo-Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien a mprempren United States di mu akoten no, wɔ wiase ko a edi kan no mu. Ná saa tumi yi de mmere anaa mfe abiɛsa ne fã bɛhaw akronkronfo no na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra mmere ne mmara. Awiei koraa no, na wɔde akronkronfo no bɛhyɛ ne nsa.—Hwɛ Adiyisɛm 13:5, 7 nso.
11, 12. Nsɛm bɛn na esisii wɔ nkɔmhyɛ nna 1,260 no mfiase?
11 Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ horow a ɛkyerɛ ade biako yi nyinaa baam? Mfe pii ansa na Wiase Ko I reba no, Yesu nuanom a wɔasra wɔn no bɔɔ kɔkɔ wɔ baguam sɛ amanaman no bere a wɔahyɛ no bɛba awiei 1914. Bere a ɔko fii ase no, ɛdaa adi sɛ nkurɔfo antie kɔkɔbo no. Satan de ‘n’aboa’ no, wiase amammui ahyehyɛde a na Britania Ahemman no di mu akoten saa bere no, dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ‘ɔbɛsakra mmere ne mmara,’ de atu bere a Onyankopɔn Ahenni no bedi tumi no ahyɛ da. (Adiyisɛm 13:1, 2) Odii nkogu. Wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii soro, a onipa ntumi nnu ho koraa.—Adiyisɛm 12:1-3.
12 Ná ɔko no yɛ sɔhwɛ bere ma Bible Asuafo no. Efi January 1914 no, na woyi Photo-Drama of Creation, Bible sini bi a ɛtwee adwene sii Daniel nkɔmhyɛ horow so no. Wɔ saa afe no ahohuru bere mu no, ɔko fii ase wɔ Asase atifi. Bere a wɔahyɛ no baa awiei wɔ October mu. Eduu afe no awiei no, na nkaefo a wɔasra wɔn no rehwɛ ɔtaa kwan, na ɛda adi wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ná 1915 afe asɛm no yɛ asɛm a Yesu bisaa n’asuafo no sɛ “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa?” a egyina Mateo 20:22 so no mu.
13. Ɔkwan bɛn so na Bible Asuafo no furafuraa atweaatam kaa asɛm wɔ nna 1,260 no mu, na dɛn na esii wɔ saa bere no awiei?
13 Enti, efi December 1914 no, adansefo kuw ketewa yi ‘furafuraa atweaatam kaa asɛm,’ na wɔde ahobrɛase gyinaa mu bere a wɔbɔɔ Yehowa atemmu dawuru no. Nea ɛyɛɛ pii ahodwiriw ne wu a Watch Tower Bible and Tract Society no titrani a odi kan, C. T. Russell wui wɔ 1916 mu no. Bere a ɔko no trɛwee no, wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den. Wɔde ebinom guu afiase. Atumfoɔ atirimɔdenfo yɛɛ ankorankoro bi te sɛ Frank Platt a na ɔwɔ England ne Robert Clegg a na ɔwɔ Canada ayayade. Awiei koraa wɔ June 21, 1918 no, wɔnam ntwatoso so buu J. F. Rutherford a na ɔyɛ otitrani foforo no, ne Watch Tower Bible and Tract Society no mpanyimfo afoforo fɔ sɛ wɔmfa wɔn ngu afiase bere tenten. Enti, nkɔmhyɛ bere no baa awiei no, “abɛn ketewa” no guu baguam asɛnka adwuma a na woahyehyɛ no.—Daniel 7:8.
14. Ɔkwan bɛn so na nneɛma sakra maa nkaefo a wɔasra wɔn no wɔ 1919 ne ɛno akyi?
14 Adiyisɛm nhoma no hyɛ nea edii hɔ bae no ho nkɔm. Wɔ bere tiaa bi a nkaefo a wɔasra wɔn no gyaee adwumayɛ—a wɔkaa ho asɛm siei sɛ nnansa ne fã a wowuwu dedaa abɔnten—akyi no, wonyaa nkwa na wofii wɔn adwuma no ase bio. (Adiyisɛm 11:11-13) Wɔ March 26, 1919 no, woyii Watch Tower Bible and Tract Society no titrani ne mpanyimfo no fii afiase, na akyiri yi, wobuu wɔn bem koraa wɔ atoro sobo a wɔbɔɔ wɔn no ho. Wogyaa nkaefo a wɔasra wɔn no ara pɛ na wofii ase yɛɛ nhyehyɛe bio maa dwumadi pii. Enti, wofii afiase a na ɛte sɛ bun a ɛmma wontumi nyɛ hwee no mu bae te sɛ honhom fam mmoadabi a wisiw kumuu a ɛkyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba atoro som so daakye ka wɔn ho de maa ɔhaw a edi kan wɔ Adiyisɛm nhoma no mu nyaa mmamu. (Adiyisɛm 9:1-11) Ɛno akyi mfe kakraa bi mu no, wɔmaa wɔn honhom mu aduan, na wosiesiee wɔn maa nea na ɛda wɔn anim no. Wɔ 1921 mu no, wotintim nhoma foforo, The Harp of God, a na ɛbɛboa afoforofo ne mmofra ma wɔasua Bible mu mfitiasesɛm a ɛyɛ nokware. (Adiyisɛm 12:6, 14) Saa nneɛma yi nyinaa sisii wɔ bere titiriw foforo bi a yɛrebesusuw ho no mu.
Nna 1,290 No
15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu bere a nna 1,290 no fii ase? Saa bere no baa awiei bere bɛn?
15 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfõyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.” (Daniel 12:11) Wɔ Mose Mmara no ase no, na wɔhyew “daa afɔre” no wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ afɔremuka no so. Kristofo mmɔ ɔhyew afɔre, nanso wɔbɔ honhom fam daa afɔre. Paulo kaa eyi ho asɛm sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15; fa toto Hosea 14:2 ho.) Woyii saa daa afɔre no fii hɔ wɔ June, 1918 mu. Ɛnde, na dɛn ne “akyide” no—ade a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ no? Ná ɛno ne Amanaman Apam, a atumfoɔ a wodii nkonim wɔ Wiase Ko I no mu de sii hɔ no.b Nã ɛyɛ akyide efisɛ Kristoman akannifo no de sii Onyankopɔn Ahenni no ananmu, na ɛde Apam no gyinaa hɔ sɛ ɛno nkutoo na ɛde asomdwoe bɛbrɛ nnipa. Wɔyɛɛ Apam no ho nhyehyɛe wɔ January 1919 mu. Sɛ yɛkan nna 1,290 (mfe abiɛsa, asram ason) fi saa bere no a, esi September 1922.
16. Wɔ nna 1,290 no awiei no, ɔkwan bɛn so na ɛdaa adi sɛ na nkaefo a wɔasra wɔn no asiesie wɔn ho ama dwumadi bi?
16 Dɛn na esii saa bere no? Afei de na Bible Asuafo no ho asan wɔn, na wɔade wɔn ho afi Babilon Kɛse ho, na na wɔasiesie wɔn ho ama dwumadi. (Adiyisɛm 18:4) Wɔ nhyiam bi a wɔyɛɛ no September 1922 wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. ase no, wofii ase de akokoduru bɔɔ Onyankopɔn atemmu a ɛreba Kristoman so no dawuru. (Adiyisɛm 8:7-12) Mmoadabi no hweti no fii ase ankasa wowɔw nkurɔfo! Afei nso, Adiyisɛm mu ɔhaw a ɛto so abien no fii ase. Kristofo aponkɔ dɔm—a mfiase no na nkaefo a wɔasra wɔn na wɔwom, na akyiri yi, nnipakuw kɛse no bɛkaa ho ma wɔdɔɔso no—bɔɔ twi faa asase so. (Adiyisɛm 7:9; 9:13-19) Yiw, nna 1,290 awiei no de anigye brɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo.c Nanso na anigye pii wɔ hɔ ma wɔn.
Nna 1,335 No
17. Nna 1,335 no fii ase bere bɛn, na bere bɛn na ɛbaa awiei?
17 Daniel 12:12 se: “[Anigye] ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.” Adanse a na ɛwɔ hɔ saa bere no kyerɛ sɛ saa nna 1,335, anaa mfe abiɛsa, asram awotwe ne fã yi, fii ase fi bere a yɛadi kan aka ho asɛm no awiei. Sɛ yebu fi September 1922 a, esi 1926 (Asase atifi) asusow bere mu. Dɛn na esii wɔ saa nna 1,335 no mu?
18. Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛe sɛ na wohia nkɔso pii wɔ 1922 mu?
18 Adanse a na ɛwɔ hɔ saa bere no kyerɛ sɛ, ɛmfa ho sɛ nsɛm atitiriw na esisii wɔ 1922 mu no, ebinom maa wɔn kɔn dɔɔ kan asetra no. Ná Studies in the Scriptures, a C. T. Russell kyerɛwee no da so ara yɛ mfitiase adesua. Afei nso, Millions Now Living Will Never Die nhomawa a na wɔakyekyɛ bebree no kyerɛkyerɛe sɛ, Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛfa asase a wɔbɛsan ayɛ no Paradise, ne tete anokwafo a wobenyan wɔn aba nkwa mu ho no befi ase anya ne mmamu wɔ 1925 mu. Ná ɛte sɛ nea wɔn a wɔasra wɔn no reyɛ agyina mu akosi awiei. Nanso, wɔn a wɔne Bible Asuafo no bɔe no bi koma anka wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no nkyerɛ afoforo.
19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na nneɛma pii sakra maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ nna 1,335 no mu? (b) Nneɛma bɛn na ɛhyɛɛ nna 1,335 no awiei agyirae, na dɛn na ɛkyerɛe wɔ Yehowa nkurɔfo ho?
19 Bere a nna 1,335 no kɔɔ n’anim no, eyi nyinaa sakrae. Wɔyɛɛ nhyehyɛe de suaa Ɔwɛn-Aban no wɔ akuw mu daa na atumi ahyɛ anuanom no den. Wosii asɛnka adwuma no so dua. Efi May 1923 no, wɔtoo nsa frɛɛ obiara sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu Beneda a edi kan wɔ ɔsram biara mu, na wɔde bere sii hɔ de adwuma yi ho nkuranhyɛ maa wɔn wɔ asafo adesua a na wɔyɛ no dapɛn no mfinimfini no mu. Wɔ nhyiam bi a wɔyɛɛ no August 1923 wɔ Los Angeles, California, U.S.A., ase no, wɔdaa no adi sɛ nguanten ne mpapo ho bɛ a Yesu bui no bɛbam ansa na Mfirihyia Apem Nniso no afi ase. (Mateo 25:31-40) Wɔyɛɛ radio so dwumadi bi a wɔfrɛ no WBBR ho nhyehyɛe wɔ 1924 mu de bɔɔ asɛmpa no dawuru kyerɛɛ ɔmamfo. Asɛm “Ɔman no Awo” a epuei wɔ March 1, 1925 The Watch Tower mu no de Adiyisɛm ti 12 ho ntease foforo mae. Awiei koraa no, Kristofo anokwafo tumi tee 1914-19 mu sakasakayɛ no ase yiye.
20 Afe 1925 baa n’awiei, nanso na awiei no nnui! Efi 1870 mfe no mu no, na Bible Asuafo de da bi a wɔresom akodu asi wɔn ani so—nea edi kan ne 1914, ne afei 1925. Afei de wobehui sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so som kosi bere tenten a Yehowa pɛ. Ná January 1, 1926 The Watch Tower no kura asɛm a ɛde nsakrae bae no a ɛne “Henanom na Wobedi Yehowa Ni?” na esii hia a Onyankopɔn din ho hia so dua sen bere biara. Na Awiei koraa no, nhyiam bi a wɔyɛe wɔ London, England, May 1926 ase no, wɔdaa tirimbɔ bi a n’asɛmti ne “Adanse a Wɔde Ma Wiase Atumfoɔ,” adi. Eyi maa nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ne ɔsɛe a ɛreba Satan wiase no so daa adi pefee. Wɔ saa nhyiam no ara ase no, woyii nhoma a ne nkrasɛm ano yɛ den Deliverance adi, na ɛbɛyɛɛ nhoma a ɛbae nnidiso nnidiso a wɔde sii Studies in the Scriptures ananmu no mu nea edi kan. Afei de ná Onyankopɔn nkurɔfo rehwɛ wɔn anim, ɛnyɛ wɔn akyi. Ná nna 1,335 no aba awiei.
21. Boasetɔ a Onyankopɔn nkurɔfo nyae wɔ nna 1,335 no mu no de dɛn na ɛbrɛɛ wɔn saa bere no, na dɛn na saa bere no ho nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ ma yɛn?
21 Ná ebinom mpɛ sɛ wogye nsakrae ahorow yi tom, nanso wɔn a wogyinaa mu no ani gyei ankasa. Afei nso, bere a yesusuw saa nkɔmhyɛ mmere yi mmamu ho no, yɛn nso yɛn ani gye efisɛ ɛma yenya ahotoso kɛse sɛ Kristofo a wɔasra wɔn kuw ketewa a wɔtraa ase wɔ saa mmere no mu ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ampa. Efi saa bere no reba no, Yehowa ahyehyɛde no mu atrɛw kɛse, nanso akoa nokwafo ne ɔbadwemma no na ɔda so di anim, kyerɛ no kwan. Ɛnde, anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse no bɛkɔ so anya anigye pii daakye! Yebehu eyi bere a yesusuw Daniel nkɔmhyɛ foforo ho no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobu nkɔmhyɛ mmere yi a, hwɛ Our lncoming World Government—God’s Kingdom, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wɔtintimii no ti 8.
c Hwɛ January 1, 1991 Ɔwɛn-Aban, kratafa 12, ne 1975 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 132.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Yɛyɛ dɛn tumi hu sɛ na Daniel Nkɔmhyɛ horow no bi bɛbam wɔ yɛn bere yi mu?
◻ Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ne “akoa nokwafo ne Ɔbadwemma” no?
◻ Nna 1,260 no fii ase bere bɛn, na bere bɛn na ɛbaa awiei?
◻ Ahotɔ ne nsiesiei bɛn na nna 1,290 no de brɛɛ nkaefo a wɔasra wɔn no?
◻ Dɛn nti na wɔn a wogyinaa mu koduu nna 1,335 no awiei no ani gyei?
[Adaka wɔ kratafa 11]
DANIEL NKƆMHYƐ MMERE NO
Nna 1,260:
December 1914 kosi June 1918
Nna 1,290:
January 1919 kosi September 1922
Nna 1,335:
September 1922 kosi May 1926
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Efi 1919 no, ada adi sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne nkaefo a wɔasra wɔn no
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Amanaman Apam no Adwumayɛbea ti a na ɛwɔ Geneva, Switzerland no
[Mfonini Fibea]
UN photo