Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/1 kr. 8-13
  • Ma Yehowa Da No Ntra W’adwenem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Yehowa Da No Ntra W’adwenem
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmamma a Wodi Mmara So
  • Odi N’atemmu ho Dwuma
  • Mmoadabi Dɔm Bi
  • “Ɔman bi a Wɔdɔɔso na Wɔyɛ Den”
  • ‘Honhom Kronkron Yɛɛ Wɔn Mama’
  • Yehowa Da No Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Henanom Na ‘Wobegye Wɔn Nkwa’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Sɔhwɛ A Yɛafa Mu No Ama Yehowa Mu Ahotoso A Yɛwɔ Mu Ayɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/1 kr. 8-13

Ma Yehowa Da No Ntra W’adwenem

“[Yehowa] da no abɛn, atemmu bon no mu.”​—JOEL 3:14.

1. Dɛn nti na akodi kronkron a Yehowa aka sɛ ɛbɛba no bɛyɛ soronko wɔ adesamma akodi “kronkron” no ho?

MOMPAE eyi amanaman mu, munnwira ɔsa ho!” (Yoel 3:9) So eyi kyerɛ akodi kronkron bi? Sɛ yɛkae Mmeamudua akodi ahorow, nyamesom mu akodi ahorow, ne wiase ko abien​—a Kristoman dii mu akoten​—no a, ebia ɔko “kronkron” bi ho nsusuwii nkutoo bɛma ehu aka yɛn. Nanso, Yoel nkɔmhyɛ no mu akodi kronkron no nyɛ amanaman no ntam akodi. Ɛnyɛ nitan a wɔde pere nsasesin anaa ahonyade ho, na wɔde nyamesom yɛ anoyi. Ɛyɛ trenee ɔko. Ɛyɛ Onyankopɔn ɔko a ɔnam so beyi anibere, kunsunkunsum, ɔporɔw, ne nhyɛso afi asase so. Ɛbɛsan teɛ a Yehowa tumidi wɔ n’abɔde nyinaa so teɛ no ho. Saa ɔko no bebue kwan ma Kristo Ahenni no de adesamma ahyɛn Mfirihyia Apem Ahenni a emu na wobenya asomdwoe, yiyedi, ne anigye a Onyankopɔn adiyifo hyɛɛ ho nkɔm no wɔ amansan nyinaa mu no mu.​—Dwom 37:9-11; Yesaia 65:17, 18; Adiyisɛm 20:6.

2, 3. (a) Dɛn ne “Yehowa da” a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Yoel 3:14 no? (b) Dɛn nti na nea ɛbɛba amanaman no so wɔ saa da no mu no fata wɔn?

2 Ɛnde, dɛn ne “Yehowa da” a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Yoel 3:14 no? Yehowa ankasa teɛm sɛ: “Ao, ɛda no! na [Yehowa] da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfoɔ nkyɛn.” Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ ɔsɛe? Odiyifo no kyerɛkyerɛ mu akyiri yi sɛ: “Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ [Yehowa] da no abɛn, atemmu bon no mu.” (Yoel 1:15; 3:14) Eyi ne da a Yehowa de n’atemmu ba nnipadɔm a wonsuro Nyankopɔn na wɔpow hokwan a ɔwɔ sɛ odi ɔsoro ne asase so tumi no so. Yehowa asi gyinae sɛ ɔde ɔsɛe bɛba nneɛma nhyehyɛe bɔne a afa adesamma nnommum bere tenten ni no so.​—Yeremia 17:5-7; 25:31-33.

3 Ɛsɛ sɛ asase so nhyehyɛe a aporɔw no hyia saa atemmu no. Nanso so wiase nhyehyɛe no asɛe saa? Ɛho abakɔsɛm kakraa bi a yebehu no nkutoo dɔɔso! Yesu kaa nnyinasosɛm bi ho asɛm wɔ Mateo 7:16 sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” So wiase nkuropɔn akɛse no mmɛyɛɛ beae a nnubɔne a wɔde di dwuma, nsɛmmɔnedi, ɛhu, ɔbra bɔne, ne fĩ abu so wɔ hɔ anaa? Amammui mu basaayɛ, aduankɔm, ne ohia resiw ahofadi ahorow a wɔanya no foforo wɔ nsase pii so no kwan. Aduankɔm nti, wɔkyekyɛ aduan nkakrankakra ma nnipa bɛboro ɔpepepem. Bio nso, AIDS nsanyare a nnubɔne a wɔde di dwuma ne abrabɔ bɔne ma ɛtrɛw no rehunahuna asase sofo mu dodow no ara. Efi bere a Wiase Ko I fii ase wɔ 1914 mu titiriw no, asetra fã biara resɛe wɔ wiase afanan nyinaa.​—Fa toto 2 Timoteo 3:1-5 ho.

4. Mpoa bɛn na Yehowa twa amanaman no?

4 Nanso, Yehowa reboaboa nnipa bi a wɔde anigye gye n’akwan ho ahyɛde ahorow tom na wɔnantew n’atempɔn so ano afi amanaman nyinaa mu. Nnipa a wɔwɔ asase no afanan nyinaa yi de wɔn nkrante abobɔ nsɔw, na wɔapow wiase no basabasayɛ akwan no. (Yesaia 2:2-4) Yiw, wɔde nkrante abobɔ nsɔw! Nanso so eyi ne asɛm a Yehowa ma wɔteɛm ka wɔ Yoel 3:9, 10 no mmɔ abira? Ɛhɔ na yɛkenkan sɛ: “Mompae eyi amanaman mu, munnwira ɔsa ho, munnyan nnɔmmarima, akofofo nyinaa ntwiw mmɛn, wɔmforo mmra. Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw.” Ah, ɛha na Yehowa retwa wiase atumfo mpoa sɛ wɔmfa wɔn akofo a wɔaka wɔn nyinaa abom no mmehyia no wɔ Harmagedon. Nanso wɔrentumi nni nkonim! Ɛsɛ sɛ wodi nkogu koraa!​—Adiyisɛm 16:16.

5. Sɛ wotwa “asase so bobe” no a, dɛn na ebefi mu aba?

5 Sodifo atumfoɔ aboaboa akode a ɛyɛ hu pii ano asum hɔ de bu Amansan Hene Yehowa animtiaa​—nanso ɛbɛyɛ ɔkwa! Yehowa de ahyɛde ma wɔ Yoel 3:13 sɛ: “Momfa kantankrankyi nhyɛ mu, na nea wotwa ahoa. Mommra mmetiatia so, na nsa-kyĩ-amoa no ayɛ ma, ntɔɔpoo no abu so, na wɔn bɔne adɔɔso.” Saa nsɛm no te sɛ nea ɛwɔ Adiyisɛm 14:18-20 no ara pɛ, faako a wɔde ahyɛde maa ɔbɔfo bi a okura kantankrankyi nnamnam bi sɛ ‘ontwitwa asase so bobe akasiaw, efisɛ n’aba no abere’ no. Ɔbɔfo no tow ne kantankrankyi no na ɔtow saa amanaman asɔretiafo no kyene “Onyankopɔn abufuw nsa-kyĩ-amoa kɛse no mu.” Sɛnkyerɛnne kwan so no, mogya a efi nsa-kyĩ-amoa no mu no sorokɔ kodu apɔnkɔ no nnareka ho na ɛtene bɛyɛ akwansimma 1,600​—bɛyɛ kilomita 300! Akwanhwɛ a ɛyɛ hu bɛn ara na eyi yɛ ma amanaman a wonni Yehowa ni no sɛɛ yi!

Ɔmamma a Wodi Mmara So

6. Yehowa Adansefo bu amanaman no ne wɔn sodifo no dɛn?

6 So eyi kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mmu amanaman no ne wɔn atumfo no? Dabi koraa! Ɛno ara ne sɛ wɔn ani nnye ɔporɔw a obiara tumi hu pefee no ho, na wɔde Yehowa atemmu da a ɛreba ntɛmntɛm no ho kɔkɔbɔ ma. Bere koro no ara mu no, wofi ahobrɛase mu yɛ osetie ma ɔsomafo Paulo ahyɛde a ɛwɔ Romafo 13:1 no sɛ: ‘Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.’ Wɔde nidi a ɛfata ma atumfo a wɔyɛ nnipa yi, na ɛnyɛ ɔsom. Sɛ ɔmamma a wodi mmara so no, wodi Bible gyinapɛn ahorow a ɛfa nokwaredi, nokware ka, ne ahotew ho no so na wɔkyerɛ wɔn mmusua abrabɔ pa. Wɔboa afoforo ma wosua sɛnea wɔn nso betumi ayɛ eyi. Wɔne nnipa nyinaa tra asomdwoe mu, na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔsɔretia ho ɔyɛkyerɛ anaa amammui mu ɔman anidan ahorow mu. Yehowa Adansefo hwehwɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa wɔ nnipa atumfo a wɔkorɔn no mmara a wobedi so no mu, bere a wɔtwɛn Otumfoɔ Pumpuni, Amansan Hene Yehowa, na ɔde asomdwoe a edi mũ ne trenee nniso asan aba asase yi so no.

Odi N’atemmu ho Dwuma

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛwosow amanaman no na esum aduru wɔn? (b) Henanom na Yoel yɛ wɔn ho mfonini nnɛ, na nea ɛne wiase mufo nyinaa bɔ abira no, ɔkwan bɛn so na wɔahyira eyinom?

7 Yehowa de sɛnea obedi n’atemmu ho dwuma no ho nkyerɛkyerɛmu foforo ma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so kasa a emu da hɔ pefee mu sɛ: “Owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma agyae haran. Na [Yehowa] fi Sion bobom na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso [Yehowa] yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.” (Yoel 3:15, 16) Adesamma nsɛm tebea a ɛte sɛ nea ɛreyɛ yiye no bɛdan ayɛ nea ɛyɛ hu, na wɔbɛwosow wiase nhyehyɛe a emu repaapae yi ma afi hɔ, na ayɛ sɛ nea asasewosow kɛse bi asɛe no!​—Hagai 2:20-22.

8 Hyɛ awerɛhyem a ɛyɛ anigye a wɔde ma sɛ Yehowa bɛyɛ guankɔbea ne abannennen ama ne nkurɔfo no nsow! Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ wɔn nkutoo ne nnipa​—amanaman ntam nnipa​—a wɔatie Yehowa nsɛm a edi so yi: “Na mubehu sɛ me, [Yehowa], mene mo Nyankopɔn.” (Yoel 3:17) Esiane sɛ Yoel din no asekyerɛ ne “Yehowa Ne Nyankopɔn” nti, ɔyɛ nnɛyi Yehowa Adansefo a wɔasra wɔn, a wɔde nnam ka Yehowa tumidi ho asɛm kyerɛ no ho mfonini wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Fa toto Malaki 1:11 ho.) Sɛ yɛdan kɔ Yoel nkɔmhyɛ no nnianim nsɛm no so a, yebehu sɛnea ɔka Onyankopɔn nkurɔfo dwumadi nnɛ ho asɛm sie wɔ ɔkwan a emu da hɔ pefee so.

Mmoadabi Dɔm Bi

9, 10. (a) Ɔhaw bɛn na Yoel ahyɛ ho nkɔm? (b) Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm ka ɔhaw a Yoel hyɛɛ ho nkɔm no ho asɛm, na ɔhaw yi ka Kristoman dɛn?

9 Afei tie ‘Yehowa asɛm a ɛbaa Yoel nkyɛn no’: “Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ asõ, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn? Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi hɔ no. Hwidɔm nnikae, mmoadabi adi, na mmoadabi nnikae, ntuntummɛ adi, na ntuntummɛ nnikae, mmebɛw adi.”​—Yoel 1:1-4.

10 Eyi yɛ ɔsatu a ɛso bi mmae da, nea wɔbɛkae akosi daa. Nkoekoemmoa dɔm pii, a mmoadabi di mu akoten kɛse, sɛe asase no pasaa. Dɛn na eyi kyerɛ? Adiyisɛm 9:1-12 nso ka mmoadabi bi a Yehowa soma wɔn, na wɔhyɛ ‘ɔhene, bun no mu bɔfo,’ a ɛnyɛ obiara sɛ Kristo Yesu ase no ɔhaw ho asɛm. Ne din ahorow Abadon (wɔ Hebri mu) ne Apolion (wɔ Hela mu) no kyerɛ “Ɔsɛe” ne “Ɔsɛefo.” Mmoadabi yi yɛ Kristofo nkaefo a wɔasra wɔn a, mprempren wɔ Awurade da no mu no, wɔkɔ kɔsɛe Kristoman mfuw denam atoro som ho ntama a wɔpa koraa na wɔpae mu ka Yehowa aweredi a ɛbɛba ne so ho asɛm so no, ho mfonini.

11. Ɔkwan bɛn so na nnɛyi mmoadabi no nya afoforo ka wɔn ho, na henanom titiriw na wɔtow hyɛ wɔn so?

11 Sɛnea Adiyisɛm 9:13-21 kyerɛ no, ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so ɔhaw kɛse bi di mmoadabi ɔhaw no akyi ba. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware nnɛ, bere a “nguan foforo” ɔpepem anan ne akyi bɛka Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo mpem kakraa bi a wɔaka no ho na wɔka bom yɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so a obiara ntumi wɔn no! (Yohane 10:16) Wɔde biakoyɛ ka Yehowa atemmu a ɛwowɔ a ɛbɛba Kristoman abosonsomfo ne wɔn a ‘wɔnsakra wɔn adwene mfi wɔn awudi ne wɔn ahonhonsɛmdi ne wɔn aguamammɔ ne wɔn awi mu’ so no ho asɛm kyerɛ. Asɔfo​—Katolekfo ne Protestantfo nyinaa​—a wɔaboa afeha yi mu akodi ahorow a wɔde adi awu, ne asɔfo a wɔne mmofra da ne TV so asɛnkafo a wɔn bra asɛe nyinaa, ka wɔn a wɔka saa atemmu nkrasɛm ahorow yi tia wɔn no nyinaa ho.

12. Dɛn nti na Kristoman akannifo no fata sɛ wɔn nsa ka atemmu nkrasɛm, na dɛn na ɛbɛba wɔne Babilon Kɛse mufo nyinaa so nnansa yi ara?

12 Yehowa teɛm frɛ saa “awuranom” a wɔne asɔfo a wɔn bra asɛe yi sɛ: “Mo asabofo, munnyan na munsu, na mo nsanomfo nyinaa, muntwa adwo, nsamono nti, efisɛ wɔatwa afi mo anom.” (Yoel 1:5) Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, Kristoman nyamesom no de sɛnea wiase no ma biribiara ho kwan no asi Onyankopɔn Asɛm mu abrabɔ pa nnyinasosɛm ahorow no ananmu. Ayɛ atoro som ne emufo no dɛ sɛ wɔbɛfa wiase no akwan, nanso hwɛ honhom ne honam fam nyarewa ara a wɔanya afi mu! Ɛrenkyɛ, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Adiyisɛm 17:16, 17 no, ɛbɛyɛ Onyankopɔn “tirim asɛm” sɛ ɔbɛma amammui atumfo no atow ahyɛ wiase nyinaa atoro som ahemman, Babilon Kɛse no nyinaa, so na wɔasɛe no pasaa. Saa bere no a obehu sɛ wɔde Yehowa atemmu reba no so no ansa na ‘obenyan’ afi n’asabow no mu.

“Ɔman bi a Wɔdɔɔso na Wɔyɛ Den”

13. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ Kristoman sɛ mmoadabi dɔm no ‘dɔɔso na wɔyɛ den’?

13 Yehowa diyifo no kɔ so ka mmoadabi dɔm no ho asɛm sɛ “ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den,” na saa na Babilon Kɛse no hu wɔn. (Yoel 2:2) Sɛ nhwɛso no, emu asɔfo no di yaw wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ Kristoman nsɔre no antumi ansakra nnipa wɔ Budhafo man Japan mu no ho. Nanso, nnɛ, Japanfo Yehowa Adansefo bɛboro 160,000 rekyinkyin saa ɔman no mu ne nkurɔfo reyɛ Bible adesua wɔ afie 200,000 ne akyi mu. Wɔ Italy no, mprempren wogye Yehowa Adansefo 180,000 no tom sɛ Katolekfo akyi no, wɔn na wɔdɔɔso sen biara. Roma Katolek sɔfo panyin bi a ɔwɔ Italy abubuw a ɔbɔe sɛ Yehowa Adansefo gye ‘anyɛ yiye koraa no, Katolekfo anokwafo 10,000’ fi asɔre no nsam afe biara no yɛɛ ɔkwa.a Adansefo no ani gye ho sɛ wobegye saafo yi aba wɔn nkyɛn.​—Yesaia 60:8, 22.

14, 15. Yoel ka mmoadabi dɔm no ho asɛm dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi abam nnɛ?

14 Yoel 2:7-9 kaa Adansefo a wɔasra wɔn a wɔte sɛ mmoadabi dɔm no ho asɛm sɛ: “Wotu mmirika sɛ nnɔmmarima, wɔforo ɔfasu sɛ akofofo; wɔnenam wɔn akwan so, na wɔmpankyere wɔn nantew so; nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akode ntam a, wompira; wɔyɛ kurow mu manyamanya, na wotutu ɔfasu so mmirika, wɔforo ba afi mu, wɔfa mfɛnsere mu ba sɛ owifo.”

15 Nokwarem no, eyi yɛ “mmoadabi” a wɔasra wɔn dɔm, a mprempren wɔn ahokafo, nguan foforo no, bɛboro ɔpepem anan abɛka wɔn ho no ho asɛm a wɔaka no pefee! Nyamesom nitan a ɛte sɛ “ɔfasu” biara ntumi nsiw eyinom kwan. Wɔde nnamyɛ ‘kɔ so yɛ’ baguam adansedi ne Kristofo dwumadi afoforo no ‘saa ara pɛpɛɛpɛ.’ (Fa toto Filipifo 3:16 ho.) Sɛ anka wobegyaa nsɛm mu asiesie no, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobewu mmom, sɛnea Adansefo mpempem pii a ‘wɔhwehwee akode ntam’ esiane sɛ wɔpowee sɛ wɔde ayeyi nkyia bɛma Nasi Germany Hitler a ɔyɛ Katolekni no nti no yɛe ara pɛ. Mmoadabi dɔm no adi adanse fefeefe wɔ Kristoman “kurow no” mu, na wɔadi akwanside ahorow nyinaa so nkonim, ahyɛn afie mu te sɛ owifo akɔkyekyɛ Bible nhoma ahorow ɔpepepem pii wɔ wɔn afie afie dwumadi no mu. Ɛyɛ Yehowa apɛde sɛ wodi adanse yi, na tumi biara nni soro anaa asase so a ebetumi asiw ne yɛ kwan.​—Yesaia 55:11.

‘Honhom Kronkron Yɛɛ Wɔn Mama’

16, 17. (a) Bere bɛn na nsɛm a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 no nyaa mmamu titiriw bi? (b) Yoel nkɔmhyɛ nsɛm bɛn na annya mmamu anwie wɔ afeha a edi kan no mu?

16 Yehowa ka kyerɛ n’Adansefo no sɛ: “Na mubehu sɛ me na mewɔ [honhom mu] Israel mu, na mene [Yehowa] mo Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.” (Yoel 2:27) Yehowa nkurɔfo huu ade a ɛsom bo yi bere a ofii ase maa ne nsɛm a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 baa mu no: “Na eyi akyi no, mehwie me honhom magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmabea ahyɛ nkɔm.” Eyi sii wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a wɔsraa Yesu asuafo a wɔahyiam no na “honhom kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama” no. Wɔkaa asɛm wɔ honhom kronkron no ahoɔden mu, na da koro no ara no, “akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.”​—Asomafo no Nnwuma 2:4, 16, 17, 41.

17 Petro nso faa asɛm a ɛwɔ Yoel 2:30-32 no de kaa asɛm wɔ saa anigye bere no mu: “Na mɛma anwonwade aba ɔsoro ne asase so, mogya ne ogya ne owusiw kumɔnn. Owia beduru sum, na ɔsram adan mogya, ansa na [Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no aba. Na obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.” Saa nsɛm no nyaa mmamu fã bi wɔ bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no mu.

18. Bere bɛn na Yoel 2:28, 29 mmamu a ɛyɛ kɛse no fii ase?

18 Nanso, na Yoel 2:28-32 benya mmamu foforo. Nokwarem no, nkɔmhyɛ yi anya mmamu ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so fi September 1919 mu. Saa bere no, Yehowa nkurɔfo yɛɛ nhyiam bi a wɔn werɛ remfi da wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Onyankopɔn honhom daa adi pefee, na ɛkanyan n’asomfo a wɔasra wɔn no ma wofii asase so nyinaa adansedi ɔsatu bi a akɔ so abesi yɛn nnɛ da yi mu no ase. Ntrɛwmu kɛse bɛn na afi mu aba sɛɛ yi! Nnipa bɛboro 7,000 a wɔkɔɔ Cedar Point nhyiam no ase no dodow akɔ anim akodu nnipa dodow nkabom 10,650,158 a wɔbaa Yesu wu no Nkaedi wɔ March 30, 1991 mu no mu. Eyinom mu 8,850 pɛ na wɔkae sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Hwɛ anigye kɛse a eyinom nyinaa nya bere a wohu aba a Yehowa honhom a ɛwɔ tumi no asow wɔ wiase nyinaa no!​—Yesaia 40:29, 31.

19. Esiane sɛnea Yehowa da no abɛn nti, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn mu biara su?

19 ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu a ɛreba’ abɛsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe no pasaa no da yɛn anim pɛɛ. (Yoel 2:31) Anigyesɛm ne sɛ “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.” (Asomafo no Nnwuma 2:21) Ɔkwan bɛn so? Ɔsomafo Petro ka kyerɛ yɛn sɛ “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba,” na ɔde ka ho sɛ: “Enti, esiane sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe nti, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na moma Onyankopɔn da no ba tra mo adwene mu.” Bere a yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ Yehowa da no abɛn no, yebedi ahurusi nso sɛ yebehu trenee “ɔsoro foforo ne asase foforo” a Yehowa ahyɛ ho bɔ no mmamu.​—2 Petro 3:10-13, New World Translation.

[Ase hɔ asɛm]

a La Repubblica, Rome, Italy, November 12, 1985, ne La rivista del clero italiano, May 1985.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn ne “Yehowa da no”?

◻ Ɔkwan bɛn so na wobetwa ‘asase so bobe’ no, na dɛn ntia?

◻ Ɔkwan bɛn so na mmoadabi ɔhaw bi aba Kristoman so fi 1919?

◻ Ɔkwan bɛn so na wohwiee Yehowa honhom guu ne nkurɔfo so wɔ 33 Y.B. mu, ne afei nso wɔ 1919 mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena