Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/1 kr. 14-19
  • Henanom Na Wobeguan Afi “Ahohia Bere” No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Na Wobeguan Afi “Ahohia Bere” No Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea “Ade a Wɔpɛ” no Ba Mu
  • ‘Monhwehwɛ, Monhwehwɛ, Monhwehwɛ’
  • Mikael Sɔre Gyina!
  • Hwehwɛ Yehowa Ansa Na N’abufuw Da No Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ka Asɛm No Wɔ Baguam Na Wonnye Wo Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yehowa Atemmu Da No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/1 kr. 14-19

Henanom Na Wobeguan Afi “Ahohia Bere” No Mu?

“Na obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.”​—YOEL 2:32.

1. Sɛnea Daniel ne Malaki kyerɛ no, dɛn na wɔbɛyɛ ama wɔn a wobenya nkwa bere a “ahohia bere” no aba no nyinaa?

ODIYIFO Daniel kaa yɛn bere yi ho asɛm sɛ: “Na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.” (Daniel 12:1) Eyi yɛ awerɛkyekyesɛm ampa! Yehowa bɛkae ne nkurɔfo a wɔwɔ ne mpeneso no, sɛnea Malaki 3:16 nso ka no ara pɛ: ‘Ɛna wɔn a wosuro Yehowa no kasakasae wɔn mu, na Yehowa yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Yehowa na wodwen ne din ho no.’

2. Dɛn na efi Yehowa din ho a wodwen no mu ba?

2 Yehowa din ho dwen ma obi nya ɔno, ne Kristo no, ne n’Ahenni atirimpɔw akɛse no nyinaa ho nokware nimdeɛ. Enti, ne nkurɔfo sua sɛ wɔde obu bɛma no, wɔne no benya ahosohyira abusuabɔ a emu yɛ den, na wofi ‘wɔn koma nyinaa ne wɔn adwene nyinaa ne wɔn ahoɔden nyinaa’ mu adɔ no. (Marko 12:33; Adiyisɛm 4:11) Yehowa nam Yesu Kristo afɔrebɔ no so ayɛ ɔdom nsiesiei a ɛbɛma asase so ahobrɛasefo anya daa nkwa. Enti, eyinom betumi de ahotoso aka ɔsoro asafo a woyii Onyankopɔn ayɛ bere a wɔwoo Yesu no nsɛm no ara bi sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”​—Luka 2:14.

3. Ansa na asomdwoe betumi aba asase yi so no, dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ?

3 Saa asomdwoe no abɛn koraa sen sɛnea nnipa pii susuw. Nanso ɛsɛ sɛ Yehowa atemmu di kan ba wiase a aporɔw no so ansa. Ne diyifo Sefania ka sɛ: “[Yehowa] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” Ɛda bɛn nen? Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “[Yehowa] da no nne yɛ nwene sɛ! Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ. Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfõyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da, torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so. Na mehiahia nnipa ho na wɔanantew sɛ afuraefo, efisɛ [Yehowa] na wɔayɛ no bɔne.”​—Sefania 1:14-17; hwɛ Habakuk 2:3; 3:1-6, 16-19 nso.

4. Henanom na nnɛ wɔregye ɔfrɛ a ese wonhu Onyankopɔn na wɔnsom no no so?

4 Anigyesɛm ne sɛ nnɛ, nnipa ɔpepem pii regye ɔfrɛ a ɛne sɛ wonhu Onyankopɔn na wɔnsom no no so. Wɔhyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔde wɔn kɔ apam foforo no mu no ho nkɔm sɛ: “Wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, [Yehowa] asɛm ni.” (Yeremia 31:34) Eyinom adi anim ma wɔayɛ nnɛyi adansedi adwuma no. Na afei bere a nkaefo a wɔasra wɔn no mu dodow no ara asase so asetra ba awiei no, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no aba ‘rebɛsom Onyankopɔn awia ne anadwo’ wɔ ne nhyehyɛe a ɛte sɛ asɔrefi no mu. (Adiyisɛm 7:9, 15; Yohane 10:16) So woyɛ wɔn a wɔanya hokwan a ɛso nni yi mu biako?

Sɛnea “Ade a Wɔpɛ” no Ba Mu

5, 6. Ansa na wɔbɛwosow amanaman nyinaa asɛe wɔn no, nkwagye adwuma bɛn na ɛkɔ so?

5 Afei momma yɛnnan nkɔ Hagai 2:7, faako a Yehowa hyɛ ne honhom fam asɔrefi no ho nkɔm no. Ose: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ ‘amanaman no a wɔwosow wɔn no’ kyerɛ Yehowa atemmu a ɔde bɛba amanaman no so no. (Nahum 1:5, 6; Adiyisɛm 6:12-17) Enti, Yehowa adeyɛ a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Hagai 2:7 no bɛkɔ akowie amanaman no a ɔbɛwosow wɔn ma atɔre wɔn ase​—wasɛe wɔn mu. Na “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ no” nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wɔtwɛn na saa ɔwosow a etwa to a ɛde ɔsɛe ba no de wɔn aba mu? Dabida.

6 Yoel 2:32 se “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa; na Bepɔw Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafi mu afi ne nnipa a [Yehowa] refrɛ wɔn, wɔn a wɔafi mu aka anya nkwa bɛtra, sɛnea [Yehowa] aka no.” Yehowa twetwe wɔn ba, na wofi Yesu afɔrebɔ no mu gyidi mu bɔ ne din ansa na awiei koraa no, ahohiahia kɛse no mu ɔwosow no aba. (Fa toto Yohane 6:44; Asomafo no Nnwuma 2:38, 39 ho.) Anigyesɛm ne sɛ, nnipakuw kɛse a wɔsom bo, a mprempren wɔyɛ ɔpepem anan ne akyi no, ‘ba’ Yehowa asɔrefi de hwɛ ‘amanaman no nyinaa a ɔbɛwosow wɔn’ wɔ Harmagedon no kwan.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 14.

7. Dɛn na ‘Yehowa din a wɔbɛbɔ’ no kyerɛ?

7 Ɔkwan bɛn so na wɔn a wofi mu ka yi bɔ Yehowa din? Yakobo 4:8 ma yehu ho biribi bere a ɛka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta!” Te sɛ nkaefo a wɔasra wɔn a wodii kan no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani da so sɛ wɔbɛyɛ nnipakuw kɛse a wobetwa Harmagedon no mufo no si gyinae ntɛm ara. Sɛ w’ani da so sɛ wubefi mu aka a, ɛsɛ sɛ wunya Yehowa Asɛm a ɛtew ade ho no mu nimdeɛ a emu dɔ na wode ne trenee gyinapɛn ahorow no di dwuma wɔ w’asetram. Ɛsɛ sɛ wusi gyinae ntɛm ara hyira wo nkwa so ma Yehowa, na wode nsu mu asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. Nea ɛka Yehowa din a wufi gyidi mu bɛbɔ ho nso ne adanse a wubedi ama no. Enti, Paulo kyerɛw wɔ Romafo ti 10, nkyekyem 9 ne 10 sɛ: “Sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode wo koma gye di sɛ Onyankopɔn anyan no afi awufo mu a, wobegye wo nkwa. Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” Afei, ɔsomafo no fa Yoel nkɔmhyɛ no mu nsɛm de ka asɛm wɔ nkyekyem 13 mu, si so dua sɛ “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no benya nkwa.”

‘Monhwehwɛ, Monhwehwɛ, Monhwehwɛ’

8. (a) Sɛnea odiyifo Sefania kyerɛ no, dɛn ne Yehowa ahwehwɛde ma nkwagye? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na asɛmfua “ebia” a ɛwɔ Sefania 2:3 no de ma yɛn?

8 Sɛ yɛdan kɔ Bible mu nhoma a ɛne Sefania, ti 2, nkyekyem 2 ne 3 no a, yɛkenkan Yehowa ahwehwɛde ma nkwagye no ho asɛm sɛ: “Mommma [Yehowa] abufuw mu gya no mmma mo so ansa, mommma [Yehowa] abufuw da no mmma mo so ansa. Monhwehwɛ [Yehowa], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.” Hyɛ asɛmfua “ebia” no nsow. Ɛnyɛ nea sɛ wogye obi a, na wɔagye no ara nen. Yɛn so a wɔbɛkora saa da no begyina saa nneɛma abiɛsa no a yɛbɛkɔ so ayɛ no so. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa, hwehwɛ trenee, na yɛhwehwɛ ahobrɛase.

9. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔhwehwɛ ahobrɛase no nya akatua?

9 Nokwarem no, ahobrɛase hwehwɛ so akatua yɛ anigye ampa! Yɛkenkan wɔ Dwom 37, nkyekyem 9 kosi 11 sɛ: “Wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi. Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Na trenee a wɔhwehwɛ nso ɛ? Nkyekyem 29 ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Ɛdefa Yehowa a wɔhwehwɛ n’akyi kwan ho no, nkyekyem 39 ne 40 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Treneefo nkwagye fi [Yehowa], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu. Na [Yehowa] boa wɔn, na ogye wɔn: oyi wɔn fi abɔnefo nsam, na ogye wɔn nkwa, efisɛ wɔde wɔn ho to no so.”

10. Henanom na wɔahu wɔn yiye sɛ wɔpow sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa ne ahobrɛase?

10 Kristoman nsɔre no anhwehwɛ Yehowa. Wɔn asɔfo no pow ne din a ɛsom bo no mpo, na wɔde ahomaso ayi afi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu. Wɔpɛ mmom sɛ wɔbɛsom Awurade anaa Onyankopɔn bi a onni din na wɔde nidi ama abosonsom Baasakoro bi. Bio nso, Kristoman nnhwehwɛ trenee. Emufo pii paw asetra kwan a ɛma biribiara ho kwan anaasɛ wɔkamfo kyerɛ afoforo. Sɛ anka wɔbɛhwehwɛ ahobrɛase te sɛ nea Yesu yɛe no, wɔde wɔn ahonya ne mpɛn pii no, abrabɔ bɔne asetra no hoahoa wɔn ho, sɛ nhwɛso no, wɔ TV so. Asɔfo didi wɔn nguan ho de yɛ akɛse. Sɛnea Yakobo 5:5 ka no no, wɔde ‘ahonya asetra atra asase so, na wɔabɔ ahohwi bra.’ Bere a Yehowa da no bɛn no, wobehu sɛ nsɛm a efi honhom mu yi fa wɔn ho ampa: “Adedodow nye mma hwee abufuw da.”​—Mmebusɛm 11:4.

11. Hena ne onipa a onni mmara no, na ɔkwan bɛn so na wadi mogya ho fɔ kɛse?

11 Ɔsomafo Paulo ka wɔ ne nhoma a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Kristofo binom ani gyei, na wosusuwii sɛ na Yehowa da na adu wɔ saa bere no mu. Nanso Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwae kɛse no ba ansa, na ɛsɛ sɛ woyi “onipa a onni mmara” no adi. (2 Tesalonikafo 2:1-3) Mprempren, wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, yetumi hu sɛnea saa ɔwae no akɔ akyiri akodu ne sɛnea Kristoman asɔfo no ayɛ wɔn a wonni mmara so wɔ Onyankopɔn ani so no. Wɔ nna a edi akyiri yi mu efi 1914 no, asɔfo no adi mogya ho fɔ kɛse denam ‘nsɔw a wɔde bobɔ nkrante’ a wɔagyina akyi no so. (Yoel 3:10) Wɔakɔ so akyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ nso te sɛ onipa ɔkra bi a enwu da a wɔde wo obi, ahodwiragya, hellgya mu ayayadeyɛ, mmofra asubɔ, Baasakoro no, ne nneɛma a ɛtete saa. Sɛ Yehowa de atemmu ba a, ɛhe na wobegyina? Mmebusɛm 19:5 ka sɛ: “Nea ohuw atosɛm no rennya aguanye.”

12. (a) Dɛn ne adesamma “ɔsoro” ne “asase” a ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe no no? (b) Dɛn na yesua fi wiase bɔne yi sɛe a ɛreba no mu?

12 Yɛkenkan wɔ 2 Petro 3:10 sɛ: “Na [Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewi mu mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.” Wobeyi nniso a aporɔw a akɛntɛn adesamma so te sɛ ɔsoro no, ne nneɛma nyinaa a ɛka bom yɛ nnɛyi adesamma abusua porɔwee no, afi Onyankopɔn asase no so. Wɔn a wɔyɛ akode a ebetumi asɛe asase no ne wɔn a wɔtɔn nyinaa, adwowtwafo, nyamesomfo nyaatwomfo ne wɔn asɔfo, wɔn a wɔma ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne nsɛmmɔnedi kɔ so​—eyinom nyinaa befi hɔ. Yehowa abufuw bɛnan wɔn nyinaa afi hɔ. Nanso Petro de kɔkɔbɔ yi ka ho ma Kristofo wɔ nkyekyem 11 ne 12 sɛ: “Enti, esiane sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe nti, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa ahofama mu, sɛ motwɛn na moma Onyankopɔn da no ba tra mo adwene mu.”​—New World Translation.

Mikael Sɔre Gyina!

13, 14. Hena ne Yehowa tumidi ho Sanfo kɛse no, na ɔkwan bɛn so na wadi dwuma fi 1914?

13 Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi aguan afi mu wɔ Yehowa “ahohia bere no mu”? Nea Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔatumi aguan afi mu no ne ɔbɔfo panyin Mikael, a ne din asekyerɛ ne “Hena na Ɔte sɛ Onyankopɔn?” no. Ɛnde, ɛfata sɛ Ɔno na ɔsan Yehowa tumidi ho, na ɔpagya Yehowa sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ ne Amansan nyinaa Hene a ɔfata.

14 Nsɛm a ɛyɛ anigye bɛn ara na Adiyisɛm ti 12, nkyekyem 7 kosi 17 ka sɛ ebesisi wɔ “Awurade da” a efii ase 1914 no mu sɛɛ yi! (Adiyisɛm 1:10) Ɔbɔfo panyin Mikael tow otuatewfo Satan fi soro kyene asase so. Akyiri yi, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Adiyisɛm ti 19, nkyekyem 11 kosi 16 no, obi a wɔfrɛ no “Ɔnokwafo” ‘tiatia Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyĩ-amoa no so.’ Wɔfrɛ ɔsoro ɔkofo tumfoɔ yi sɛ “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.” Nea etwa to no, Adiyisɛm ti 20, nkyekyem 1 ne 2 ka ɔbɔfo kɛse bi a ɔtow Satan kyene ebun no mu na ɔde no to afiase wɔ hɔ mfirihyia apem ho asɛm. Ɛda adi sɛ kyerɛw nsɛm yi nyinaa twe adwene si Yehowa tumidi ho Sanfo biako pɛ, Awurade Yesu Kristo, a Yehowa de no sii n’anuonyam ɔsoro ahengua so wɔ 1914 mu no so.

15. Ɔkwan titiriw bɛn so na Mikael “bɛsɔre agyina”?

15 Sɛnea Daniel 12:1 kyerɛ no, Mikael ‘agyina hɔ’ ama Yehowa nkurɔfo fi bere a wɔde no sii ahengua so sɛ Ɔhene wɔ 1914 mu no. Nanso ɛrenkyɛ Mikael “bɛsɔre agyina” wɔ ntease titiriw bi mu​—sɛ Yehowa Odwumayɛmafo a obeyi amumɔyɛ nyinaa afi asase so ne sɛ Ogyefo ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so nyinaa. Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:21, 22 no da sɛnea saa “ahohia bere” no bɛyɛ kɛse akodu no adi: “Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.”

16. Ɔhonam bɛn na wobegye wɔn nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu?

16 Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ wobegye ɔhonam bi saa bere no! Dabi, ɛnyɛ sɛ Yudafo atuatewfo a wɔkaa Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu, a wɔde wɔn mu bi kɔɔ Roma sɛ nkoa no. Mmom no, wɔn a wobenya kwan aguan wɔ “awiei bere no” mu no bɛyɛ sɛ Kristofo asafo a na wɔaguan afi Yerusalem dedaw ansa na nkahyem a etwa to no refi ase no. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo, nnipakuw kɛse ɔpepem pii no ne wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a ebia ɔda so ara wɔ asase so no. (Daniel 12:4) Nnipakuw kɛse no “fi ahohia kɛse no mu.” Dɛn ntia? Efisɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” Wɔkyerɛ agyede tumi a ɛwɔ Yesu mogya a wohwie gui mu no mu gyidi na wɔda saa gyidi no adi denam nokwaredi a wɔde som Onyankopɔn no so. Mprempren mpo, Yehowa, “Nea ɔte ahengua no so no,” trɛw n’ahobammɔ ntamadan mu de kata wɔn so, na Oguammaa no, Yesu Kristo, yɛn wɔn na ɔkyerɛ wɔn kwan kɔ nkwa asuti ho.​—Adiyisɛm 7:14, 15.

17. Dɛn na wɔhyɛ nnipakuw kɛse no titiriw nkuran sɛ wɔnyɛ na ama wɔakora wɔn so wɔ ahohia da a ɛreba no mu?

17 Ɛnsɛ sɛ nnipakuw kɛse ɔpepem pii no ma nokware no ho dɔ a wɔwɔ no ano dwudwo wɔ Yehowa, trenee, ne ahobrɛase a wɔhwehwɛ no mu! Sɛ woyɛ nnipa a wɔte sɛ nguan yi mu biako a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛnea wɔaka wɔ Kolosefo ti 3, nkyekyem 5 kosi 14 no, ɛsɛ sɛ ‘wuyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe no gu koraa. Bere a wohwehwɛ ɔsoro mmoa no, bɔ mmɔden ‘hyɛ nipasu foforo a egyina nokware nimdeɛ so no.’ Fa ahobrɛase da nnamyɛ adi na kɔ so kura mu fa yi Yehowa ayɛ na ma afoforo nhu n’atirimpɔw akɛse no. Saa kwan no so no, ebia wɔbɛkora wo so wɔ “ahohia bere,” ‘Yehowa abufuw mu gya’ da no mu.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na boasetɔ ho ahia ma nkwagye?

18 Saa da no abɛn! Ɛrebɛn yɛn ntɛmntɛm. Mprempren nnipakuw kɛse no mufo anoboaboa no akɔ so bɛyɛ mfe 57. Eyinom mu binom awuwu na wɔretwɛn wɔn wusɔre. Nanso Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ kuw no, nnipakuw kɛse no befi ahohiahia kɛse no mu sɛ nnipa a wɔde wɔn befi asase foforo” abusua no ase. (Adiyisɛm 21:1) Wobɛtra hɔ bi? Ɛno betumi ayɛ yiye, efisɛ Yesu ka wɔ Mateo 24:13 sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.

19 Nhyɛso ahorow a ɛba Yehowa nkurɔfo so wɔ nhyehyɛe dedaw yi mu no mu betumi akɔ so ayɛ den. Na sɛ ahohiahia kɛse no ba a, ebia wubehyia ɔhaw ahorow. Nanso bata Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho pintinn. Ma w’ani nna hɔ! “Monhwɛ me kwan, [Yehowa] asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew.”​—Sefania 3:8.

20. Bere a “ahohia bere” a ɛde awiei no bɛba no kɔ so bɛn no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

20 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ahobammɔ ne nkuranhyɛ no, Yehowa fi ayamye mu de “kasa kronn” bi ama ne nkurɔfo, a nea ɛka ho ne n’Ahenni a ɛreba no ho anuonyam nkrasɛm no, “sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔde mmati koro asom no.” (Sefania 3:9, NW) Bere a “ahohia bere” a ɛde awiei no bɛba no kɔ so bɛn no, ɛmmra sɛ yɛde nnamyɛ bɛsom, na yɛaboa ahobrɛasefo afoforo ma ‘wɔabɔ Yehowa din’ anya nkwagye.

So wokae?

◻ Yehowa adeyɛ bɛn na ebedi asomdwoe a ɛbɛba asase so no anim aba?

◻ Sɛnea Yoel kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na wɔagye no nkwa?

◻ Sɛnea Sefania kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ahobrɛasefo betumi anya ahobammɔ afi Yehowa abufuw a ɛredɛw no ho?

◻ Hena ne “onipa a onni mmara no,” na ɔkwan bɛn so na wadi mogya ho fɔ kɛse?

◻ Boasetɔ ho hia dɛn wɔ nkwagye ho asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena