Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/15 kr. 30-31
  • Bɔ Yehowa Din na Nya Nkwa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Yehowa Din na Nya Nkwa!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkoekoemmoa Ntua a Ɛyɛ Hu
  • Nkwagye Kwan
  • Amanaman no Atemmu
  • Yehowa Da No Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Ma Yehowa Da No Ntra W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Atɛn A Wobu Wɔ Atemmu Bon Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/15 kr. 30-31

Kyerɛwnsɛm mu Asuade Ahorow: Yoel 1:1–3:21

Bɔ Yehowa Din na Nya Nkwa!

“Sɛ ƆHAW no gye nsam a, ɛbɛtrɛw akodu Afrika Apuei Fam ne Mmɛnee mu Apuei. Ebetumi ayɛ amanehunu kɛse.” Saa na Amanaman Nkabom no Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde no ɔpanyin bi kae wɔ nkoekoemmoa a wɔsɛe ade a nnansa yi ɔpepepem pii atu agu Afrika kusuu fam atɔe hɔ​—ntuntummɛ​—no ho.

Wɔ bɛyɛ afe 820 A.Y.B. mu no, Onyankopɔn diyifo Yoel kaa ɔhaw a ɛte saa ara ho asɛm. Wɔ nsɛm a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ nokware a ebiara mmae a ɛsen no mu no, ɔkyerɛɛ sɛnea nkoekoemmoa betu abegu Yuda man no so asɛe no no. Nanso, na saa ɔhaw no yɛ biribi a ehia kɛse koraa sen afifide ho ahunahuna ho mfonini. Na ɛbɔ “[Yehowa] da” no mmae ho dawuru. Yɛn awo ntoatoaso yi rehyia saa ‘ɛda a ɛyɛ hu’ no ne n’abufuw a ɛsɛe ade no nyinaa. Nkwagye anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ? Na dɛn na yebetumi asua afi Yoel nkɔmhyɛ nhoma no mu?

Nkoekoemmoa Ntua a Ɛyɛ Hu

Adwensakra ho hia ma nkwagye wɔ Yehowa da a ɛyɛ hu no mu. Ɛdenam Yoel ani so no, yebetumi ahu amanehunu no bere a asa, mmoadabi, ntuntummɛ, ne ntɛfrɛw pii we afifide a ɛwɔ asase no so nyinaa no. Wɔhyɛ Yuda asɔfo, mpanyimfo, ne asase no sofo afoforo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na ‘wonsu mfrɛ Yehowa.’ Aduankora adan ada mpan, na asan abubu bere a nnɔbae biara nni mu no. Nyɛmmoa de adwenem basaayɛ kyinkyin, na wɔhwehwɛ adidibea nanso ɔkwa. Ɔsɛe da a efi Otumfoɔ hɔ bɛn ara ni!​—1:1-2.

Ɛsɛ sɛ bɛn a Yehowa da no abɛn no ka yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu. (2 Petro 3:10-12) Yoel boa yɛn ma yehu sɛ ɛyɛ esum, mununkum, ne kusukuukuu da. Ntuntummɛ no na wɔbɔ saa ɛda no ho amanneɛ a ɛyɛ hu no. Baabiara a wɔbɛfa no, Yuda asase a ɛte sɛ Eden no bɛyɛ te sɛ sare so amamfõ. Nea ɛyɛ hu nso ne ntuntummɛ no nnyigyei no, efisɛ ɛte sɛ teaseɛnam . . . . ne ogyaframa a ɛhyew sakran turuturuw. Bere a ntuntummɛ no kɔ anim “sɛ dɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko” no, wotutu ɔfasu so mmirika, wɔbɔ hyɛn nkurow mu na wɔba afi mu. Owia, ɔsram, ne nsoromma mpo duru sum ‘Yehowa da a ɛyɛ hu’ no mu.​—2:1-11.

Nkwagye Kwan

Sɛ yebenya nkwa a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ‘Yehowa ne Nyankopɔn na obi nni hɔ bio.’ Yehowa tu fo sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa.” Wɔhyɛ mpanyin ne mmofra nyinaa sɛ wɔnyɛ nhyiam kronkron na wɔnsrɛ ɔsoro dom. Onyankopɔn behu mmɔbɔ, ɔbɛhyɛ nea nkoekoemmoa sɛee no no ananmu, na ɔde mmoroso ahyira ne man. Wɔn a wogye Yehowa gyinabea sɛ nokware Nyankopɔn koro ne nkwa Fibea no tom no ani renwu.​—2:12-27.

Yɛn nso yɛn nkwagye gyina Yehowa din a yɛbɛbɔ wɔ gyidi mu no so. Ansa na “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu” no bɛba no, Onyankopɔn ‘behwie ne honhom agu ɔhonam nyinaa so.’ Mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, bɛyɛ nkɔmhyɛ adwuma. Enti, pii besua sɛ ‘obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din no, wobegye no nkwa.’​—2:28-32.

Amanaman no Atemmu

Yehowa begye n’anokwafo nkwa bere a ɔde atemmu ba amanaman no so no. (Fa toto Hesekiel 38:18-23; Adiyisɛm 16:14-16 ho.) Ɛsɛ sɛ Tiro, Sidon, ne Filistifo tua Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛɛ wɔn ayayade na wɔtɔn wɔn kɔɔ nkoasom mu no ho ka. Yehowa bɛsan de Yuda ne Yerusalem nnommum no aba, na otwa n’atamfo mpoa sɛ: “Munnwira ɔsa ho.” Nanso wontumi nnyina Onyankopɔn a ɔde atemmu ba wɔn so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “Yehosafat bon no mu” no anim. Ɛwom sɛ ɔsoro ne asase bɛwosow de, nanso Yehowa bɛyɛ guankɔbea ama ne man. Anokwafo no benya nkwa wɔ atemmu no mu na wɔanya asetra mu anigye wɔ paradise tebea horow mu.​—3:1-21.

Asuade a ɛsɛ sɛ yɛkae: Sɛ wobegye obi nkwa wɔ Yehowa da a ɛyɛ hu no mu a, ɛsɛ sɛ odi kan sakra n’adwene. Ɛsɛ sɛ bɛn a saa da no abɛn no ka yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu. Nokwarem no, yɛn nkwagye gyina gye a yebegye atom sɛ Yehowa nkutoo ne Onyankopɔn no so. Na sɛ yɛde gyidi bɔ ne din a, obegye yɛn nkwa bere a ɔde atemmu ba amanaman no so no.

Yoel nkɔmhyɛ no ma yɛn nneɛma pii a yebesusuw ho mpo. Ɛdɛn, “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu” no bɛba ɔkwan biara so! Ɛsɛ sɛ wɔbɔ adesamma kɔkɔ. Te sɛ ntuntummɛ a wɔwɔ Yoel nkɔmhyɛ no mu no, Yehowa Adansefo sɛe Kristoman denam nsiyɛ a wɔde pa ne honhom mu boninyɛ ho ntama no so. Eyi kanyan abufuw ne ɔsɔretia wɔ n’akannifo mu, nanso akwanside ahorow a ɛte sɛ afasu a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde besisi sɛnkyerɛnne kwan so ntuntummɛ no kwan mu no ntumi nyɛ hwee. Yehowa ahwie ne honhom agu ne nkurɔfo so, na wasiesie wɔn sɛ wɔmmɔ n’atemmu dawuru. Enti, wɔ bere tiaa a aka ansa na Onyankopɔn da a ɛyɛ hu no aba no mu no, momma yennya kyɛfa mmoa afoforo ‘mma wɔmmɔ Yehowa din sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa.’

[Adaka wɔ kratafa 30]

BIBLE MU NSƐM A WƆAHWEHWƐ MU

○ 1:2​—Yoel kasa kyerɛɛ “mpanyimfo” a wɔadaadaa ɔman no. Esiane sɛ “asase no sofo” no dii saa atoro akanni no akyi no nti, na wɔn nso wobebu akontaa akyerɛ Yehowa. Ɛnnɛ, saa ara na Kristoman nyamesom akannifo adaadaa wɔn nguankuw no. Te sɛ Yoel no, Yehowa Adansefo de nkrasɛm ahorow ama saa asɔfo kuw no. Nanso, wɔka Onyankopɔn Asɛm kyerɛ nnipa no nyinaa nso efisɛ wɔn nso wobebu akontaa akyerɛ Yehowa.​—Yesaia 9:15-17; Romafo 14:12.

○ 2:1-10, 28​—Wɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ sɛ wɔantie Onyankopɔn a, ntuntummɛ ne abɔde afoforo bedi wɔn nnɔbae (Deuteronomium 28:38-45) Esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no nni nkoekoemmoa a wɔbaa Kaanan so te sɛ nea Yoel ka ho asɛm no ho kyerɛwtohɔ biara nti, ɛda adi sɛ nkɔmhyɛ no fii ase nyaa ne mmamu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu bere a Yehowa fii ase ‘hwiee ne honhom’ guu Yesu akyidifo a wɔde nkrasɛm a Onyankopɔn de ama wɔn haw atoro nyamesomfo no. (Asomafo no Nnwuma 2:1, 14-21; 5:27-29) Mprempren Yehowa Adansefo yɛ ɔhaw adwuma a ɛte saa ara.

○ 2:12, 13​—Tete no, na obi ntade a osunsuane mu no kyerɛ awerɛhowdi a wɔda no adi. (Genesis 37:29, 30; 44:13) Nanso na wobetumi ayɛ eyi wɔ atoro so, nyaatwom kwan so. Yoel maa emu daa hɔ sɛ na awerɛhowdi a wɔbɛda no adi nkutoo nnɔɔso. Ná ehia sɛ ɔmanfo no ‘sunsuane wɔn koma mu’ denam adwensakra a efi komam a wobenya so.

○ 2:31, 32​—Yehowa maa anokwafo nyaa ɔkwan a wɔbɛfa so aguan afi ɔsɛe mu wɔ Yoel bere so. Mprempren, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, Onyankopɔn nam Yesu Kristo so rema nkwagye atumi ayɛ yiye. (2 Timoteo 3:1: Romafo 5:8, 12; 6:23) Nanso, Yehowa din na ɛsɛ sɛ adesamma abɔnefo bɔ na wɔanya daa nkwagye. Eyi kyerɛ edin kronkron no a wobehu, wɔbɛkyerɛ obu ama no koraa na wɔde wɔn ho ato Onii a ɛda no so no so. Wɔn a wɔbɔ Yehowa din wɔ gyidi mu saa no, wobegye wɔn nkwa’ bere a Onyankopɔn de n’atemmu ba amanaman no so wɔ ne “da kɛse a ɛyɛ hu” no mu no.”​—Sefania 2:2, 3; 3:12; Romafo 10:11-13.

○ 3:2, 14​—Wɔfrɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae a wɔde ɔsoro atemmu ba wɔ “[Yehowa] da” no mu no “Yehosafat bon no mu.” Eyi fata efisɛ edin Yehosafat no ase ne “Yehowa Ne Ɔtemmufo.” Wɔ ɔhene Yehosafat adedi bere no mu no Onyankopɔn gyee Yuda ne Yerusalem fii Moab, Amon, ne Seirfo a wɔte mmepɔw so no nsam, na ɔmaa wɔn adwene yɛɛ basaa na wokunkum wɔn ho wɔn ho. (2 Berɛsosɛm 20:1-30) Yɛn bere yi so no, “Yehosafat bon no mu” te sɛ sɛnkyerɛnne kwan so nsa-kyi-amoa a wobekyi amanaman no wom te sɛ bobe esiane sɛ wɔyɛɛ Yehowa nkurɔfo ayayade no nti.

○ 3:6​—Na Tiro, Sidon, ne Filistifo di fɔ sɛ wɔtɔn Yuda ne Yerusalemfo sɛ nkoa maa Helafo no. Ebetumi aba sɛ Yudafo binom a aman afoforo faa wɔn nnommum no baa Tiro, Sidon, ne Filistifo a wodi nkoa gua no nsam. Nea enye ara no, ebia saa aman yi de Yudafo a wɔbɛhwehwɛɛ guankɔbea fii wɔn atamfo anim no yɛɛ nkoa. Sɛnea na asɛm no te biara no, Onyankopɔn maa saa ɔdesani nkwa ho aguadifo no buu akontaa sɛ wɔayɛ ne nkurɔfo ayayade. Eyi kyerɛ nea ɛda hɔ twɛn aman a wɔtaa Yehowa nkoa nnɛ no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena