Som A Yɛbɛsom Sɛ Yehowa Mfɛfo Adwumayɛfo A Wɔwɔ Ahotoso
“Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”—MIKA 6:8
1. Kyerɛwsɛm bɛn na wobetumi agyina so afrɛ Yehowa nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa sɛ ‘n’adwumayɛboafo’?
KRISTONI ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: Monhwɛ ɔdɔ ko a agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso.” (1 Yohane 3:1) Na ɔsomafo Paulo kaa ɔne ne yɔnko Apolo ho asɛm sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo.” (1 Korintofo 3:9) Yesu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn na wɔkaa nsɛm abien yi nyinaa na ɛfa wɔn ho nso. Nanso wɔ nnyinasosɛm mu no, ɛfa Onyankopɔn nkoa anokwafo nyinaa ho. Enti wobetumi de wɔn ankasa nsɛm aka sɛ: ‘Monhwɛ ɔdɔ nko a agya no ayi adi akyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo.’
2. Dɛn nti na Yehowa nkoa betumi ayɛ ne mfɛfo adwumayɛfo?
2 Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw na wɔnyɛ pɛ no bɛyɛ Ɔbɔadeɛ kɛse a ne tumi ne nyansa nni ano, na n’atemmu yɛ pɛ na ɔyɛ ɔdɔ ho nhwɛso no mfɛfo adwumayɛfo? Eyi tumi yɛ yiye efisɛ wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan no wɔ Ɔbɔadeɛ no ne ne yɔnko dwumayeni a ɔne Asɛm no anaasɛ Logos no suban ne wɔn sɛso so. (Genesis 1:26, 27; Yohane 1:1) Enti wɔmaa yɛn awofo a wodi kan no nyansa, atɛntrenee, tumi ne ɔdɔ no bi. Ɛno nti na Yehowa nam ne diyifo so tumi ka kyerɛ ne nkoa a wɔwɔ asase so no sɛ: “Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa] hwehwɛ wo hɔ; ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”—Mika 6:8.
3. Dɛn na Mika 6:8 kyerɛ, na dɛn na wɔhwehwɛ afi obi nkyɛn ansa na watumi ayɛ Yehowa yɔnko dwumayeni?
3 Sɛ yɛkenkan asɛm a ɛkyerɛ sɛ ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ wo hɔ sɛ . . . ’? a, ɛte sɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ nea edi ɛno akyi no ka ‘onipa’ asɛyɛde a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho asɛm tiaa. Faako a eyi te saa ankasa kodu no yɛ nea ɛbɛda adi bere a yɛn adesua no kɔ so no. Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na obetumi ne Yehowa anantew. Wɔde saa hokwan yi ato hɔ ama wɔn a ‘wɔnam nhyehyɛe a wɔayɛ so ne no ahyia no’ nkutoo, sɛ yɛbɛka no saa a. (Amos 3:3) Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam wɔn ho so a wɔahyira koraa ama Yehowa na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne sɛnea wɔakyerɛ wɔ asɛm a edi kan no mu no so. Enti, dɛn na Mika 6:8 kyerɛ ma saa nnipa yi?
‘Adetrenee a Yɛbɛyɛ’
4. Ne titiriw no, dɛn na ‘adetrenee a obi bɛyɛ’ no kyerɛ?
4 Mfiase no, wɔhwehwɛ sɛ ‘yɛbɛyɛ adetrenee.’ Sɛ Yehowa Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo no, ɛsɛ sɛ yenya ahonim pa. Ne titiriw no, ‘adetrenee a yɛbɛyɛ’ no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ, nea Onyankopɔn hwehwɛ afi yɛn hɔ. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn asɛyɛde ahorow ho dwuma na nea ɛyɛ ade titiriw wom ne ahofama a edi mu a yɛde bɛma Yehowa. (Nahum 1:2) Ɔyɛ oninkufo. Yɛrentumi nsom awuranom baanu.—1 Korintofo 10:22; Mateo 6:24.
5. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo kyerɛe sɛ ɔdɔ trenee na okyi bɔne?
5 Afei nso, sɛ ‘yɛbɛyɛ adetrenee’ a, ɛsɛ sɛ ‘yɛdɔ trenee na yɛtan abɔnefosɛm’ te sɛnea Yesu Kristo yɛe no. Esiane sɛ na ɔdɔ trenee nti, ɔmaa ne ho ‘tewee a na onni bɔne a wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho.’ (Dwom 45:7; Hebrifo 7:26) Na esiane sɛ na Yesu tan nsɛmmɔnedi nti, ɔde abufuw a ɛteɛ na ɛkasa tiaa ne bere so nyamesom akannifo nyaatwomfo ne adifudepɛfo no.—Mateo 23:13-36; Yohane 8:44.
6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya biribi a ɛsen yɛn adwene a yɛde gye biribi tom ara kwa na ama yɛakwati nea wɔabara esiane sɛ ɛyɛ bɔne nti?
6 Sɛnea yebetumi ahu wɔ Yesu nhwɛso no mu no, dɔ a yɛbɛdɔ trenee no nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛtan—yiw, yekyi—bɔne denneennen. Esiane sɛ yɛn nsusuwii yɛ bɔne fi yɛn mmofraase na yɛn koma yɛ ɔdaadaafo nti, yehia biribi a ɛsen yɛn adwene a yɛde begye atom ara kwa sɛ wɔabara bɔne. (Genesis 8:21; Yeremia 17:9) Gye sɛ yɛsɔre tia bɔne su ne sɔhwɛ ahorow denneennen, anyɛ saa a ɛbɛdaadaa yɛn. Ɛsɛ sɛ yekyi bɔne denneennen te sɛ nea Pinehas yɛe bere a ɔde peaw hwirow ɔbarima ne ɔbea bi a na wɔayɛ biako resom Baal-Peor mu no.—Numeri 25:5-8.
7. Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa mfa abɔnefo biara nni dwuma sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo?
7 Yehowa mpɛ sɛ ɔde nnipa biara a wɔyɛ nsɛmmɔnedifo bedi dwuma sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo na ɔremfa wɔn nyɛ saa nso. Wɔada eyi adi pefee wɔ Dwom 50:16-18, faako a yɛkenkan sɛ: “Na ɔbɔnefo de, Onyankopɔn se no sɛ: adɛn nti na woka m’ahyɛde na wode w’ano bɔ m’apam din, na wo koro yi ara wukyi animka na wotow me nsɛm gu w’akyi? Sɛ wuhu owifo a, wopɛ n’asɛm, na wo ne awaresɛefo bɔ.”
8. Asɛm a esii bɛn na esi ahohorabɔ a yebetumi ama aba denam bɔne a yɛbɛyɛ no so dua?
8 Ebia yɛbɛma yɛn ani abere wɔ Yehowa som mu na yɛaka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye na yɛanya ahosodi a, esiane honam mu mmerɛwyɛ nti yebetumi ayɛ bɔne na yɛde ahohorabɔ aba Yehowa din so. Mfe kakraa bi a atwam ni no ɔpanyin bi ne onuawa bi a ɔwɔ kunu a ɔnyɛ gyidini sɛee aware. Anwummere a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔatu ɔpanyin no, onuawa no kunu a ne bo afuw no baa Ahenni Asa no so a okura otuo na ɔtow nnipa baanu a na wɔayɛ bɔne no. Ankum wɔn mu biara nanso ade kyee no, na asɛm no wɔ atesɛm krataa a nkurɔfo kan sen biara wɔ United States no anim! Ampa, bɔne de ahohorabɔ ba.—Mmmebusɛm 6:32.
9. Sɛnea Mmebusɛm 4:23 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban, na dɛn ntia?
9 Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, wotu yɛn fo sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛteɛ yɛn ho so wɔ nea yɛma yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no susuw ho no ho. Television, nsɛmma nhoma ahorow ne nneɛma ahorow a wɔnam so bɔ nsɛm ho amanneɛ pii ka nneɛma a ɛho ntew a ɔbrasɛe nso ka ho ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ yeyiyi nea yɛhwɛ, yetie, na yɛkenkan no mu. Yɛn ankasa adwene a yebetumi akyerɛ no kwan ho hia kɛse! Sɛ nhwɛso no, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebenya anigye afi ɔbarima ne ɔbea nna a yebesusuw ho wɔ yɛn adwene mu, nneɛma a ɛnyɛ nea yebesusuw ho sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ wɔ asetra ankasa mu no mu. (Mateo 5:28) Nanso nsusuwii a ɛte saa no taa ma obi yɛ nneɛma bɔne. Sɛ anka yɛde yɛn adwene besi nsɛm a ɛte saa so mmom no, momma yɛnna honhom kronkron no aba a ɛne ahosodi no adi na yennwen nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ Filipifo 4:8 no ho.—Galatifo 5:22, 23.
“Adɔepɛ”
10, 11. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛda Engiresi nsɛmfua faithfulness ne loyalty a wɔkyerɛ ase nokwaredi wɔ Twi kasa mu no mu‘? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ba no daa nokwaredi adi?
10 Ahwehwɛde a ɛto so abien a wɔaka ho asɛm wɔ Mika 6:8 ne sɛ ‘yɛbɛpɛ adɔe.’ Eyi kenkan wɔ The New English Bible no mu sɛ “nokware dɔ.” New World Translation Reference Bible no mu asehɔ asɛm bi kyerɛ sɛ wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua cheʹsedh a wɔakyerɛ ase sɛ “ayamye” no ase nso sɛ “adɔepɛ” anaasɛ “nokware dɔ.” Sɛnea nsɛm asekyerɛfo kyerɛ no, “nokwaredi kyerɛ sɔre a obi sɔre tia sɔhwɛ biara a ɛbɛma watwe ne ho afi afoforo ho anaasɛ wayi wɔn ama no pintinn.” “Nokwaredi kyerɛ adwene a obi wɔ sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔsɔre gyina ko ma obi anaasɛ biribi, sɛ tebea no mu yɛ den dɛn ara mpo a.” Nea ɛyɛ anigye no, yehu nsonsonoe kakra wɔ dwuma a wɔde Engiresi kasa mu nsɛmfua abien a ɛne faithful ne loyal a ɛkyerɛ nokwaredi wɔ Twi kasa mu no di no mu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔmfa asɛmfua loyalty nka nneɛma a nkwa nnim ho asɛm. Nanso wɔde asɛmfua faithful yɛ saa mpɛn pii. Enti wɔka ɔsram ho asɛm sɛ ‘ɔsoro dansefo nokwafo (faithful) .’ (Dwom 89:37) Afei nso wɔka nsɛm a Onyankopɔn aka ho asɛm sɛ ɛyɛ nokware (faithful) , kyerɛ sɛ ɛyɛ nea wotumi de ho to so.a (Adiyisɛm 21:5; 22:6) Nanso wɔde loyalty ka Yehowa Nyankopɔn ne ne nkoa a ogye wɔn tom no nkutoo ho asɛm. Enti yɛkenkan fa Yehowa ho sɛ: “Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokware (loyalty) mu.”—2 Samuel 22:26.
11 Onyankopɔn Ba no dii Yehowa nokware wɔ soro. Wɔ asase so no, ohyiaa sɔhwɛ ahorow sɛ onipa Yesu Kristo na ɔnam osetie a ɔyɛe no so daa no adi sɛ ɔyɛ onipa a ɔyɛ ɔnokwafo. Hebrifo 5:7-9 da eyi adi, faako a yɛkenkan sɛ: “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no. Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae.”
Nokwaredi ho Sɔhwɛ Ahorow
12. Dɛn na ebetumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ wɔ mmere horow bi mu, na ebinom ayɛ wɔn ade dɛn wɔ sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛɛ no ho?
12 Yehowa Nyankopɔn a yebedi no nokware hwehwɛ sɛ yedi ne nkoa a wɔwɔ asase so a wɔne yɛn mfɛfo Kristofo no nso nokware. Ɔsomafo Yohane ma eyi da adi pefee bere a ɔkae yɛn eyi no: “Nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?” (1 Yohane 4:20) Afoforo sintɔ ahorow betumi asɔ yɛn ahwɛ wɔ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔfom ebinom a, wɔda mmerɛw a wɔyɛ wɔ nokware a wodi ma Yehowa ahyehyɛde no adi denam Kristofo nhyiam horow a wɔnkɔ no so. Nokware a ɛsɛ sɛ yedi ma yɛn nuanom no ho sɔhwɛ foforo sɔre bere a wɔn a Yehowa de wɔn di dwuma sɛ akannifo no di mfomso wɔ atemmu mu no. Ebinom de mfomso a ɛte saa no ayi wɔn ho ano sɛ ama wɔn adwenem ayɛ wɔn naa na wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ho. Nanso so wɔn nneyɛe no teɛ? Dabida!
13. Dɛn nti na Yehowa ahyehyɛde no ho a wɔtwe wɔn ho fi no nteɛ, na nneɛma ahorow bɛn na wɔn a wɔte saa no hyia?
13 Dɛn nti na ɛnyɛ nea nnipa a wɔte saa no di bem wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no a wɔtwe wɔn ho fi ho no mu? Efisɛ n’Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo [Yehowa] mmara, na biribi ntoatoa wɔn.” (Dwom 119:165) Afei nso, wɔde ahyɛde ama yɛn sɛ ‘yɛmfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.’ (1 Petro 4:8; Mmebusɛm 10:12) Bio nso, fa no sɛ ɛsɛ sɛ obi twe ne ho fi Yehowa nkurɔfo ho. Ɛhe na obetumi akɔ? So ɛnyɛ asɛm koro no ara a Yesu asomafo no hyiae bere a obisae sɛ ebia wɔn nso wɔpɛ sɛ wogyaw no hɔ kɔ no na ohyia? Ɔsomafo Petro buae wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yohane 6:68) Baabiara nni hɔ a ɔbɛkɔ gye “Babilon Kɛse,” wiase nyinaa atoro som ahemman no mu anaasɛ Satan amammui “aboa” no nkyɛn. (Adiyisɛm 13:1; 18:1-5) Mpɛn pii wɔn a wonni nokware a wɔafi Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu no ne wɔn a wɔwɔ “Babilon Kɛse” a egu Onyankopɔn ho fĩ no mu no yɛ biako.
“Ahobrɛase a Wode Ne Wo Nyankopɔn Nantew”
14, 15. (a) Ntease ahorow bɛn na Engiresi asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “ahobrɛase” no kura? (b) “Ahobrɛase” nkyerɛase bɛn na ɛho hia yɛn wɔ ha, na dɛn ntia? (d) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘bu nea wotumi yɛ ne sɛnea wɔsom bo no ma ɛtra so dodo’?
14 Engiresi asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “ahobrɛase” no kura ntease pii. Ebetumi akyerɛ nea ɛba fam, “nea esua wɔ kɛse, dodow, anaa ɔtrɛw mu.” Anaasɛ ebetumi akyerɛ ahotew, “atadehyɛ ne suban ho mmara a obi di so.” (1 Timoteo 2:9) Afei nso nea “ahobrɛase” kyerɛ biako wɔ hɔ a ɛho hia yɛn titiriw, ɛne hu a obi hu ne sintɔ ahorow anaasɛ “onsusuw nea otumi yɛ anaasɛ bo a ɔsom no ho ma ɛntra so.” Yɛrentumi nyɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo no mu biako sɛ na anka yesusuw yɛn ho ma ɛtra so dodo na yɛtwe adwene ba yɛn ho so sen sɛ anka yɛbɛtwe asi Yehowa Nyankopɔn so titiriw a.
15 ‘Bu a obi remmu nea otumi yɛ anaa sɛnea ɔsom bo no ma ɛntra so dodo no’ ne ntease a ɛsɛ sɛ yɛde bata Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “ahobrɛase” wɔ Mika 6:8 no ho. Eyi da adi wɔ sɛnea wɔde asɛmfua yi dii dwuma wɔ baabi foforo a epue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no mu. Wɔ Mmebusɛm 11:2 no, wɔmmfa mmɔ aguamammɔ abira na mmom ahantan a ɛma obi susuw ne ho dodo ma ɛtra so no. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Ahantan ba a, aniwu ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Ahobrɛase a obi yɛ no ne suro a osuro Yehowa a wɔde ɛno nso bata nyansa ho no na ɛnam. (Dwom 111:10) Obi a ɔwɔ ahobrɛase suro Yehowa efisɛ ohu nsonsonoe kɛse a ɛda ɔne Onyankopɔn, Yehowa trenee ne ne tumi ne n’ankasa sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow ntam no. Enti obi a ɔwɔ ahobrɛase de osuro ne ahopopo yɛ ne nkwagye ho adwuma.—Filipifo 2:12.
16. Kyerɛw nsɛm ahorow a ɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahobrɛasefo no bi ne nea ɛwɔ he?
16 Esiane nneɛma ahorow pii nti na ɛsɛ sɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo yɛ ahobrɛasefo. Ɛmfa ho sɛ nyansa, ahoɔden ne ahonyade bɛn na ebia yɛwɔ no, yenni biribiara a ɛsɛ sɛ yegyina so de hoahoa yɛn ho. (Yeremia 9:23) Dɛn ntia? Esiane nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 4:7 no nti: “Na hena na obu sɛ ɛsono wo? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ onya na wunyae?” Yenni biribiara a ɛsɛ sɛ yegyina so hoahoa yɛn ho wɔ aba a yɛn som adwuma no sow no ho, esiane nea yɛkenkan wɔ l Korintofo 3:6, 7 no nti. Paulo ka wɔ hɔ sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.” Ɛsɛ sɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Luka 17:10 no boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ ahobrɛasefo, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ moayɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
17. Dɛn nti na ɔhobrɛasefo a obi bɛyɛ no yɛ ade a nyansa wom ampa?
17 Ɔhobrɛasefo a obi bɛyɛ no yɛ ade a nyansa wom ampa. Ahobrɛase ma yenya akomatɔyam wɔ baabiara a yenya hokwan som no. Sɛ yɛyɛ ahobrɛasefo a, yɛremfi anibere mu mmɔ mmɔden sɛ yebegye din na mmom yɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam sɛ yebebu yɛn bra sɛ “akumaa.” (Luka 9:48) Afei nso yebenya odwontofo no su no bi, nea ɔkae eyi no: “Na wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tra mmom sen sɛ mɛtra abɔnefo ntamadan mu.” (Dwom 84:10) Bio nso, sɛ yɛyɛ ahobrɛasefo a, yebenya ɔdɔ a ɛbɛka yɛn ma yɛadi kan akyerɛ nidi ama afoforo.—Romafo 12:10.
Ahobrɛase Ye Ma Mmofra
18. (a) Dɛn nti na ahobrɛase ye ma mmofra titiriw? (b) Kyerɛwtohɔ a ɛfa nnɛyi mmofra ho bɛn na edi hia a ahobrɛase ho hia no ho adanse?
18 Ɛfata titiriw sɛ Kristofo mmofra yɛ ahobrɛasefo. Hwɛ nhwɛso fɛfɛ ara a Elihu yɛ maa wɔn! Ɛwom sɛ na ɔwɔ mmuae a ɛteɛ no de, nanso na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde obu bɛtwɛn akosi sɛ mpanyimfo no bɛkasa ansa. (Hiob 32:6, 7) Mpɛn pii no, mmofra taa te nka sɛ wɔwɔ ahotoso na wonhu wɔn sintɔ ahorow kɛse. Esiane sɛ wɔwɔ apɔwmuden na wɔanya nimdeɛ bi nti, ebia wobebu wɔn mpanyimfo animtiaa. Nanso nimdeɛ nkyerɛ sɛ obi wɔ nyansa, a ɛno ne nimdeɛ a wɔde di dwuma. Eyi ho nhwɛso ne kyerɛwtohɔ a ɛyɛ awerɛhow a nnɛyi mmofra renya wɔ United States no. Wɔ hɔ no, nnipa a wɔkyere wɔn wɔ nsɛmmɔnedi a emu yɛ den ho no mu ɔha biara mu 63 yɛ mmofra a wonnii mfe a ɛboro 24 na wɔn a wɔkyere wɔn no mu ɔha biara mu 30 nnii mfe 18. Wɔbɔɔ amanneɛ nso sɛ “asabow anaasɛ afiri a nnubɔne a wɔnom mma wɔnka no yiye na ekunkum Amerikafo a wɔadi mfe 15-24 no titiriw.” Wɔ saa asase no so no, “wɔn a wonnii mfe aduonu no aware pii regu,” bere a wɔbɔ amanneɛ sɛ “ɛte sɛ nea aware pii bɛtra hɔ akyɛ sɛ anka okunu ne ɔyere no de mfe kakra anya nimdeɛ bere a wokohyiraa wɔn aware no so no a.”
19. Kyerɛwnsɛm no mu afotu bɛn na eye sɛ mmofra tie?
19 Ɛnde hwɛ nyansa ara a ɛwɔ afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu! Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, ɛde ahyɛde ma mmofra sɛ wonni wɔn agya ne wɔn na ni na wɔnyɛ osetie mma wɔn wɔ biribiara mu. (Efesofo 6:1-3; Kolosefo 3:20) Ɛsɛ sɛ mmofra tie afotu a nyansa wom yi titiriw: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.
20. Akatua ahorow bɛn na nnipa a wɔahyira wɔn so na wɔabɔ asu nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ wotie asɛm a ɛwɔ Mika 6:8 no a?
20 Akatua ahorow bɛn na yɛn nyinaa betumi ahwɛ kwan bere a yɛnam ahosohyira ne nsu mu asubɔ so ada ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu adi no, ‘yɛyɛ adetrenee, yɛyɛ ahobrɛasefo na yɛne yɛn Nyankopɔn nantew’ no? Nea ɛho hia kɛse no, yebenya Yehowa anim dom esiane sɛ yedu n’ahwehwɛde ahorow ho nti, ma enti yɛbɛma ne koma atɔ ne yam denam ne din kɛse a ɛho yɛ hu a wɔtew ho no mu kyɛfa a yenya no so. (Mmebusɛm 27:11) Bio nso, yebehu sɛnea nokware a ɛwɔ nnyinasosɛm a ɛne sɛ “onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ” no mu yɛ no wɔ yɛn ankasa asetra mu.—1 Timoteo 4:8.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ United States atɔe fam no, asuwa bi wɔ hɔ a wɔ mfe pii mu no, sɛ wɔkyekyem a, huhurow tu ti mu pɛnkoro wɔ simma 65 biara mu. Ɛnam saayɛ so anya ne din a ɛne Tete Ɔnokwafo.
Wo Mmuae Ne Dɛn?
◻ Nea ɛne Mika 6:8 hyia no, dɛn na ɛho hia na obi ayɛ ‘adetrenee’?
◻ Nokware a yedi ma Yehowa no ka abusuabɔ a ɛwɔ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo ntam no dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛde ahobrɛase ne Nyankopɔn nantew?
◻ Dɛn nti na ahobrɛase ye ma Kristofo mmofra titiriw?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
So wobɔ wo koma ho ban denam nea wohwɛ, wutie, na wokenkan a woyiyi mu no so?
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Na Petro nim sɛ baabiara nni hɔ a ɔbɛkɔ efisɛ Yesu na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” So woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so adi Yehowa ahyehyɛde no nokware?