Nhoma A Ɛka Nea Ɛbɛba Daakye
So obi betumi aka nea ɛbɛba daakye wɔ nokware? Ebinom besi so dua ama mmuae sɛ Daabi! Wɔde wɔn nsa kyerɛ mfomso ahorow ne sɛnea wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ tumi a wɔde ka nea ɛbɛba daakye no sisi nkurɔfo wɔ pefee mu no.
Wɔaka nsɛm bi a ɛfa daakye ho akyerɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ adebisa mu no. Nanso bere a wɔagyina nea wɔkyerɛ sɛ ɛbɛba yi so ayɛ nhyehyɛe no, mpɛn pii no wodi huammɔ.
Wɔ nnɛ wiase yi mu mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔwɔ nyinaa akyi no, nea nyansahufo yɛ ara ne sɛ wogyina nneɛma ahorow bi so bɔ wɔn tirim ka daakye ho asɛm. Tumi a obi wɔ a ɔde bɛkɔ nea ɛbɛba daakye, ma wɔayɛ saa ma aba mu pɛpɛɛpɛ no nyɛ nea ɛyɛ onipa de.
Nanso nhoma bi wɔ hɔ a atumi aka nea ɛbɛba daakye wɔ nokwarem. Abakɔsɛm adi sɛnea ɛyɛ nokware fɔ no ho adanse. Wonhui sɛ adi mfomso da. Saa nhoma yi ne Bible no.
So eyi nkyerɛ sɛ emu nsɛm no fibea korɔn sen onipa? Nea edi eyi ho adanse no, susuw emu nkɔmhyɛ ahorow no bi ho hwɛ.
Tete Wiase No Anwonwade’—Wɔkaa Ne Sɛe Ho Asɛm Too Hɔ
Nea ɛboro mfeha 35 a atwam no, na ɔman ketewaa bi wɔ Apuei Mfinimfini, wɔ Apuei ne Atɔe aguadi kwan titiriw no mfinimfini. Edom, a ne kuropɔn ne Petra no mu na aguade a ɛsom bo ne akwantufo bebree di akɔneaba. Ná Petra wɔ sare so nanso na “bepɔw kokuroo” a wontumi mforo atwa ho ahyia. Kurow a egu mmepɔw a wɔn atifi bɛyɛ sɛ anammɔn 1,000 yi so bepɔw so abandennen “a ɛyɛ den kɛse” bi mu na wɔkyerɛ sɛ ‘onipa biako pɛ a ɔwɔ mu no betumi agyina asraafo dɔm ano.
Bere a kurow yi wɔ tebea bi a ɛte sɛ nea wontumi nni so nkonim yi mu na Bible mu nkɔmhyɛfo ahorow ka siei sɛ: “Wo a wote botan ntokuru mu, sɛ woyɛ wo buw sorosoro sɛ ɔkɔre po a, ɛhɔ ara no meyi wo afi asi fam, Yehowa asɛm ni. Na Edom bɛdan amamfo, na onipa ba biara rensoɛ hɔ hɔho.” “Na ayɛ amamfo, awo ntoatoaso nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa.”—Yer. 49:16-18; Yes. 34:5, 10.
Wɔ adebɔ mu nneɛma a eye sen biara a ɛbɔ ho ban sen biara wɔ wiase no nyinaa akyi no, wodii Petra so nkonim, na wɔpam Edomfo a aka no fii mu. Edomfo yera fii abakɔsɛm mu wɔ bere a ɛfata mu. Nanso kurow no annan amamfo ‘a onipa biara nsoɛ hɔ.’ Mmom, wɔn a wɔbɛtraa kurow no mu foforo (Nabataeafo) maa Petra nyaa tumi kɛse sen biara. Tow a wogye fii akwantufo a wɔde wɔn nneɛma pii retwam no hɔ no maa kurow no nyaa sika kɛse. Wosisii adan pa tutuu n’abotan kɔkɔɔ no mu de yɛɛ adan a ɛyɛ fɛ. Kurow no bɛyɛɛ ‘tete wiase no mu anwonwade ahorow’ no mu biako. Nanso mpofirim na aguadifo gyaee hɔ fa, obi antwam amfa asase no so bio, kurow no sɛee. Bible nkɔmhyɛ a adi mfirihyia 1,000 no baa mu nokware. Sɛnea obi a ɔkɔhwɛɛ n’amamfo no paee mu kae no: “Minyae a anka akyinnyegyefo betumi agyina kurow yi amamfo no mu wɔ abotan no mu sɛnea meyɛe no, wɔabue nhoma Kronkron no mu wɔ hɔ na wɔakenkan ɔkyerɛwfo a honhom wɔ no so no nsɛm a ɔkyerɛwee bere a amamfo yi da so yɛ nkurow akɛse a ɛwɔ wiase no mu biako no.”
“Kurow Kɛse” a Ɛbɛyɛɛ Ɔdamoa a Ɛnka
Niniwe, “mogya kurow” no maa tete Apuei Mfinimfini aman no nyinaa bɔɔ hũ nea ɛboro mfeha 15. Wɔfrɛɛ no “kurow kɛse no,” efisɛ nkurow nketewa a na atwa ho nhyia no boom maa ne kɛse koduu akwansin 200 ahinanan! Tete abakɔsɛm kyerɛwfo Diodorus kae sɛ ‘obi antumi ankyekye kurow a ne kɛse te sɛ eyi bio da.’ Nanso bere a na egyina ne tumi mu na Bible ka siei sɛ: “Na [Onyankopɔn] wadan Niniwe amamfo, na awo kesee sɛ sare so, na mmoakuw abutubutuw mu, mmoadoma nyinaa.”—Sef. 2:13, 14.
Ɛno akyi a ennuu mfirihyia 20, bɛyɛ,sɛ 632 A.Y.B. mu no, Babiloniafo ne Midiafo betwaa Niniwe ho ka. Kurow no tee nka sɛ ɛte hɔ dwoodwoo esiane n’afasu a n’atenten yɛ anammɔn 100 a aban ahorow 1,500 a ebiara toatoa so 20 sisi so nti. Nanso Bible nkɔmhyɛ kyerɛw adeyɛ bi a ɛnka a ɛde Niniwe kɔɔ ne damoa mu. Ɛka faa kurow no ho sɛ: “Wobebue ne nsubɔnten no ano aponkɛse no, na n’ahemfi ahono ankasa.”—Nah. 2:6, NW.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Diodorus kae sɛ esiane nsu akɛse a ɛtɔe nti asubɔnten a atwa kurow no ho ahyia no yirii na “eyiri faa kurow no fã na ebubuu n’afasu no pii guu hɔ.” Ankyɛ koraa na wodii so nkonim na nkonimdifo no “dan kurow no siw ne amamfo.” N’amamfo no yɛ nea wɔma edii mũ ma enti mfirihyia ɔhaha pii twaam a na wonhu beae a na kurow no wɔ. Nnɛ bere mu wɔn a wotutu fam ahu kurow yi amamfo ne ne siw kɛse no, a ɛhyehyɛ fam kosi bɛyɛ anammɔn 40, a wotumi bu ne dɔte a esum hɔ no ano sɛ ɛbɛyɛ tɔn ɔpepem 14. Saa amamfo a ɛyɛ “aboda” yi atifi baabi na nguanhwɛfo hwɛ wɔn nguan de besi nnɛ. Hwɛ nokware a Bible no aka, wɔ sɛnea na ɛte sɛnea ɛrentumi mma mu nyinaa akyi!
Bible no wɔ nkɔmhyɛ ahorow ɔhaha bebree a ɛbaa mu wɔ tete hɔ. Ɛbɔɔ Kores ɔkɛseɛ din sɛ ɔno na obedi Babilon so nkonim (Yes. 45:1) Hela a ebedi Media ne Persia ahemman no so nkonim (Dan. 8:3-7, 20, 21) ; Alexander ɔkɛseɛ no nniso a ɛrenkyɛ ne sɛnea wɔbɛkyekyɛ Hela ahemman no mu ama asraafo mpanyimfo baanan—eyinom yɛ kakraa bi a yebetumi abɔ din.—Dan. 8:22.
Dɛn nti na eyinom nyinaa ho hia ma yɛn nnɛ? Efisɛ Bible no nso hyɛ yɛn bere yi ho nkɔm. Esiane sɛ nsɛm a wɔka siei wɔ tete hɔ no baa mu nti, yebetumi anya awerɛhyem wɔ daakye de no nso mu.
Nneɛma a Ɛbɛba
Nanso dɛn koraa na Bible no ka fa yɛn daakye ho sɛ ɛbɛba?
ONYANKOPƆN NNISO BESI ADESAMMA NNISO ANANMU WƆ ASASE SO. “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da so . . . na ebebubu [Adesamma] ahenni horow nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.”—Dan. 2:44.
NNIPA BINOM BEFI ƆSƐE NO MU. “Monhwehwɛ Yehowa, asase sofo a mobrɛ mo ho ase nyinaa a moyɛ n’atemmude! monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Yehowa abufu da no mu.” Sef. 2:3.
ASASE SO NHYEHYƐE FOFORO. “Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo. Na Onyankopɔn . . . ɔbɛpopa wɔn anim nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni bio.”—Adi. 21:1-4.
WƆN A WƆWƆ ADA MU BEFI ADI ABA. Yesu paee mu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nnẽ, na wɔafi adi.”—Yoh. 5:28, 29.
So saa bɔhyɛ horow yi nyɛ anigye? Sɛ adesamma nniso gyaa mu ma Onyankopɔn nniso a, ɔko, nniso a aporɔw anaasɛ ahiafo a wɔhyɛ wɔn so rentra hɔ bio.”—Dw. 72:1-4.
So yebetumi de yɛn ho ato anidaso yi so ankasa? Ɛte sɛnea wontumi nnye nni. Nanso susuw sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow no nso te saa ara wɔ bere a wɔde mae no ho, nanso ne nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ. Enti yebetumi anya ahotoso a ɛyɛ nokware sɛ eyinom nso bɛbam nokware—na ɛrenkyɛ koraa. Esiane sɛ ɛwɔ Onyankopɔn sɛ ne Kyerɛwfo nti, Bible no yɛ nhoma a ɛka nea ɛbɛba daakye ho asɛm wɔ nokwarem ankasa.
[Kratafa 4 adaka/mfoni]
Nkɔmhyɛ No
“Wo a wote botan ntokuru mu, . . . sɛ woyɛ wo buw ɔsorosoro sɛ ɔkɔreɛ po a, ɛhɔ ara na meyi wo mafi masi fam, Yehowa asɛm ni. Na Edom bɛdan amamfo . . . obi bi rentra hɔ.”—Yer. 49:16-18.
Ne Mmamu
Tete Edom tebea te dɛn nnɛ? “Nea atwa yɛn ho ahyia ne amamfo a ɛbae fi teteete; Tete [Petra, ne kan kurowpon a wotutuu no wɔ mmepɔw abotan mu] afie ne adan ahorow a abubu agu fam adan dɔte.”—Edward Robinson, wɔ “Biblical Researches in Palestine” mu.
[Kratafa 6 adaka/mfoni]
Nkɔmhyɛ No
Bere a Niniwe di tumi kɛse no mu na Bible ka siei sɛ Onyankopɔn bɛma adan “amamfo . . . na mmoakuw abutubutuw mu.” Sef. 2:13, 14.
Ne Mmamu
Nea ahɔho a wotu kwan no hu wɔ hɔ nnɛ ne siw a ɛhyɛ beae a na tete Niniwe wɔ agyirae a adan amamfo. Sɛnea wɔka siei no, mmoakuw na wodidi wɔ hɔ.