Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?
    Ɔwɛn-Aban—2000 | February 1
    • 9 Habakuk tie nsɛm a edi hɔ a Onyankopɔn ka a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Habakuk 1:6-11 no yiye. Yehowa asɛm ni—na atoro nyame anaa ohoni a nkwa nnim biara ntumi nsiw ne mmamu kwan: “Hwɛ, merehwanyan Kaldeafo, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare a wɔnantew fa asase so nyinaa fa trabea a ɛnyɛ wɔn de di. Wɔn ho yɛ nwonwa ne hu, wɔn mu ara na wɔn atemmu ne wɔn kɛseyɛ fi. Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔyɛ hyerebahyereba sen anadwofa mpataku, na wɔn apɔnkɔsotefo guam, na wɔn apɔnkɔsotefo fi akyirikyiri reba, wotu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ adidi ho ntɛm. Wɔn nyinaa reba nhyɛso, na wɔde wɔn ani akyerɛ apuei fam anibere so, na wɔtase nnommum sɛ nhwea. Wɔn de, wosi ahene atwetwe na abirɛmpɔn ho yɛ wɔn serew, wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa, na wɔboa dɔte ano gu hɔ na wɔafa. Ɛno na wotwam sɛ mframa, na wɔsen kɔ, na wokodi sõ; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.”

  • Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?
    Ɔwɛn-Aban—2000 | February 1
    • 12. Babilonfo no su te dɛn, na dɛn ho ‘fɔ ankasa’ na asraafo a wɔyɛ den yi bedi?

      12 Kaldea asraafo no si ahene atwetwe, na wodi abirɛmpɔn ho fɛw, a wɔn mu biara nni tumi a wɔde bɛma wɔagyae wɔn ntua a ano yɛ den no. “Wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa,” efisɛ abannennen biara hwe ase bere a Babilonfo no ‘boa dɔte ano gu hɔ’ denam dɔte siw a wɔhyehyɛ na wofi mu tow hyɛ aban no so no so. Wɔ Yehowa bere a wahyɛ mu no, atamfo a wɔyɛ den no ‘betwam sɛ mframa.’ Bere a wɔtow hyɛ Yuda ne Yerusalem so no, ‘wobedi fɔ’ sɛ wɔhaw Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛ Kaldea asraafo di nkonim ahoɔhare so wie a, wɔn sahene no bɛhoahoa ne ho sɛ: ‘Saa ahoɔden yi fi yɛn nyame.’ Nanso hwɛ sɛnea wonnim nea ɛreba ankasa!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena