Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Momma Yɛnyɛ Nnipa a Wɔwɔ Gyidi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | December 15
    • 8. Dɛn nti na na Habakuk nhwɛso no so betumi aba afeha a edi kan no mu Kristofo no ne Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mfaso?

      8 Ná Habakuk nnim bere tenten a ebegye ansa na wɔasɛe Yerusalem. Saa ara nso na na afeha a edi kan no mu Kristofo no nnim bere a na Yudafo nneɛma nhyehyɛe no bɛba awiei. Na saa ara na yɛn nso yennim “da no ne dɔn ko” a Yehowa atemmu bɛba nhyehyɛe bɔne yi so. (Mateo 24:36) Ɛnde, momma yɛnhyɛ mmuae a ɛbɔ ho abien a Yehowa de maa Habakuk no nsow. Nea edi kan no, ɔmaa odiyifo no awerɛhyem sɛ sɛ bere no so pɛ a, awiei no bɛba. Ɛwom sɛ wɔ nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea akyɛ de, nanso Onyankopɔn kae sɛ “ɛrenka akyiri.” (Habakuk 2:3) Nea ɛto so abien no, Yehowa kaee Habakuk sɛ: “Ɔtreneeni de, ne gyidi mu na obenya nkwa.” (Habakuk 2:4) Nokwasɛm a ɛyɛ dɛ bɛn ara ni! Ɛnyɛ bere a awiei no bɛba na ehia kɛse, na mmom sɛ ebia yɛde gyidi bɛkɔ so abɔ yɛn bra no.

      9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo asoɔmmerɛfo gyidi maa wonyaa wɔn ti didii mu (a) wɔ 607 A.Y.B.? (b) wɔ 66 Y.B. akyi? (d) Dɛn nti na ehia sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den?

      9 Bere a wɔfow Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. no, Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk, Ebed-Melek, ne Rekabfo anokwafo no huu nokwasɛm a na ɛwɔ Yehowa bɔ a ɔhyɛɛ Habakuk no mu. Wɔde ‘wɔn ani’ huu Yerusalem ɔsɛe a na ɛyɛ hu no. Dɛn ntia? Yehowa tuaa wɔn nokwaredi no so ka. (Yeremia 35:1-19; 39:15-18; 43:4-7; 45:1-5) Saa ara na ɛbɛyɛ sɛ afeha a edi kan no mu Hebrifo Kristofo no tiee Paulo afotu no, efisɛ bere a Roma asraafo tow hyɛɛ Yerusalem so wɔ 66 Y.B., na wɔsan wɔn akyi a obiara ante ase no, saa Kristofo no ammu wɔn ani angu Yesu kɔkɔbɔ a ɔde maa wɔn sɛ wonguan no so. (Luka 21:20, 21) Wɔn gyidi nti na wonyaa wɔn ti didii mu. Saa ara nso na sɛ awiei no ba na sɛ wohu yɛn sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a, yebenya yɛn ti adidi mu. Hwɛ sɛnea ɛho hia ankasa sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den nnɛ!

  • Momma Yɛnyɛ Nnipa a Wɔwɔ Gyidi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | December 15
    • a Yehowa Adansefo afe asɛm ma 2000 ne sɛ: “Yɛnyɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho, . . . na yɛyɛ wɔn a wɔwɔ gyidi.”—Hebrifo 10:39, NW.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena