Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 15 kr. 127-133
  • Onyankopɔn Nniso No Akoa A Wobɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Nniso No Akoa A Wobɛyɛ
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NIMDEƐ HO HIA
  • ABRABƆ A ƐTEƐ HO HIA
  • NOKWAREDI MA ONYANKOPƆN NNISO
  • Onyankopɔn Asomdwoe Nniso No
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sɛnea Wɔbɛma Yɛanya Nea Yehia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 15 kr. 127-133

Ti 15

Onyankopɔn Nniso No Akoa A Wobɛyɛ

1, 2. Dɛn na ɛho hia na obi abɛyɛ Onyankopɔn nniso no akoa?

SO WOPƐ sɛ wotra ase daa wɔ asase so wɔ Onyankopɔn nniso ase? Onipa biara a n’adwene mu da hɔ bebua sɛ, Yiw! Ɛde nhyira a ɛso nni bɛba. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na wo nsa aka no, worentumi mma wo nsa so ara kwa nka sɛ: ‘Mepɛ sɛ meyɛ Onyankopɔn nniso no akoa.’ Pii ho hia.

2 Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wopɛe sɛ wobɛyɛ ɔman foforo bi muni. Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ saa no, ɛho behia sɛ wunya nneɛma a saa man no sodifo hwehwɛ no. Nanso ansa na wubetumi ayɛ eyi no, ɛho behia sɛ wuhu nneɛma a wɔhwehwɛ no. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛho hia sɛ wuhu nea Onyankopɔn hwehwɛ afi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ne nniso no nkoa nkyɛn no. Na afei ɛho hia sɛ wunya saa nneɛma no.

NIMDEƐ HO HIA

3. Dɛn ne ade biako a wɔhwehwɛ na obi abɛyɛ Onyankopɔn nniso no akoa?

3 Ade a ɛho hia kɛse na obi abɛyɛ Onyankopɔn nniso no akoa ne ne “kasa” ho nimdeɛ a obenya. Ampa sɛ eyi yɛ nea ntease wom. Nnipa nniso horow nso hwehwɛ sɛ nnipa afoforo a wɔba bɛyɛ wɔn man mufo no ka ɔman no kasa. Ɛnde, “ɔkasa” bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn nniso ase no sua?

4. “Kasa kronn” bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo sua?

4 Hyɛ nea Yehowa ka wɔ n’Asɛm Bible mu no nsow: “Ɛno na mɛma amanaman no asakra aka kasa kronn, na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.” (Sefania 3:9, New World Translation) Saa “kasa kronn” yi ne Onyankopɔn nokware a ɛwɔ Bible mu no. Titiriw no, ɛne nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni nniso no ho no. Enti sɛ wobɛba abɛyɛ Onyankopɔn nniso no akoa a, ɛsɛ sɛ wusua saa “kasa” yi denam Yehowa ne n’Ahenni nhyehyɛe no ho nimdeɛ a wubenya so.​—Kolosefo 1:9, 10; Mmebusɛm 2:1-5.

5. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ Onyankopɔn nniso ho? (b) Nimdeɛ bɛn na ɛho hia na yɛanya daa nkwa?

5 Ɛnnɛ, nnipa nniso horow bi hwehwɛ sɛ wɔn a wɔba bɛyɛ wɔn man mufo no hu biribi a ɛfa wɔn nniso no abakɔsɛm ho, ne nokwasɛm ahorow a ɛfa ne dwumadi ho. Saa nso na ɛsɛ sɛ wuhu nneɛma a ɛte saa wɔ Onyankopɔn nniso ho, sɛ wobɛba abɛyɛ n’akoa a. Saa nimdeɛ yi betumi de daa nkwa aba. Ɔrebɔ n’agya mpae no, Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”​—Yohane 17:3.

6. (a) Dɛn ne nsemmisa bi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nniso no nkoa tumi bua? (b) Wubetumi abua anaa?

6 Sɛ woasua ti ahorow a edi eyi anim wɔ nhoma yi mu no a, ebedu saa bere yi de ɛsɛ sɛ woanya nimdeɛ a ɛho hia kɛse yi pii. So woayɛ saa? So wubetumi akyerɛ sɛ woayɛ denam nsemmisa te sɛ nea edidi so yi a wubebua so: Bere bɛn na Onyankopɔn dii kan kaa n’atirimpɔw a ɛfa Ahenni nniso ho no ho asɛm? Henanom ne Onyankopɔn asomfo a wɔhwɛɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ n’asase so nkoa no binom? Sodifo anaa ahene baahe na Onyankopɔn nniso no benya? Ɛhe na ahene yi befi adi tumi? Henanom ne wɔn a wodi kan a wɔpaw wɔn ma wɔayɛ ahene wɔ Onyankopɔn nniso no mu? Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ɔbɛyɛ ɔhene pa? Nanso, Onyankopɔn nniso no akoa a obi bɛyɛ no hwehwɛ pii sen ɛho nimdeɛ ara kwa a obenya.

ABRABƆ A ƐTEƐ HO HIA

7. Ɛdefa nnipa nniso horow ho no, ɔkwan bɛn so na nea wɔhwehwɛ ansa na obi abɛyɛ ɔman ba no sonsonoe?

7 Nnɛyi nniso horow hwehwɛ sɛ nnipa afoforo a wɔbɛba abɛyɛ wɔn man mufo no kura abrabɔ pɔtee bi mu. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛka sɛ ɔbarima betumi anya ɔyere biako pɛ na ɔbea nso anya okunu biako pɛ. Nanso nniso afoforo wɔ mmara horow a ɛyɛ soronko. Wɔma kwan ma wɔn manfo nya aware mu ahokafo a ɛboro biako. Abrabɔ bɛn na wɔhwehwɛ wɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn nniso no nkoa no fam? Dɛn na Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ wɔ aware fam?

8. (a) Dɛn ne Onyankopɔn gyinapɛn ma aware? (b) Dɛn ne awaresɛe, na dɛn na Onyankopɔn ka wɔ ho?

8 Mfiase no Yehowa de aware gyinapɛn no sii hɔ bere a ɔde ɔyere biako pɛ maa Adam no. Onyankopɔn kae sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne nã, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:21-24) Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ eyi ne nhwɛso a ɛteɛ ma Kristofo. (Mateo 19:4-6) Esiane sɛ aware mu ahokafo abɛyɛ “ɔhonam koro” nti, wogu aware no ho fĩ sɛ wɔne obi foforo da a. Wɔfrɛ saa adeyɛ yi awaresɛe, na Onyankopɔn se ɔbɛtwe awaresɛefo aso.​—Hebrifo 13:4; Malaki 3:5.

9. (a) Onyankopɔn bu nnipa a wɔne wɔn ho wɔn ho da bere a wɔnwaree dɛn? (b) Dɛn ne aguamammɔ?

9 Ɔkwan foforo so no, mmarima ne mmea pii wɔ hɔ a wɔbom tra na wɔne wɔn ho da, nso wɔnware. Nanso, Onyankopɔn anhyehyɛ sɛ saa nkitahodi a ɛkɔ akyiri wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam yi bɛyɛ nea wɔsɔ hwɛ. Enti sɛ́ wɔbɛbɔ mu atra a wɔnware no yɛ bɔne a etia Onyankopɔn a ɔyɛɛ aware nhyehyɛe no. Wɔfrɛ no aguamammɔ. Aguamammɔ yɛ obi a ɔnyɛ wo kunu anaa wo yere a wo ne no da. Na Bible se: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, . . . sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.” (1 Tesalonikafo 4:3-5) Enti, sɛ́ onipa a ɔnwaree ne obi bɛda no nteɛ.

10. Nna ho nneyɛe afoforo bɛn na etia Onyankopɔn mmara?

10 Ɛnnɛ mmarima ne mmea pii ne wɔn ho wɔn ho da​—mmarima ne mmarima ne mmea ne mmea. Wɔfrɛ nnipa a wɔte sɛɛ Borɔfo mu sɛ homosexuals. Ɛtɔ da bi a wɔfrɛ mmea a wɔne mmea da no Borɔfo mu Lesbians. Nanso Onyankopɔn Asɛm se nea wɔyɛ no nteɛ, ɛyɛ “adapaade.” (Romafo 1:26, 27) Afei nso, etia Onyankopɔn mmara sɛ onipa ne aboa bɛda. (Leviticus 18:23) Ɛho hia sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔtra Onyankopɔn nniso ase no twe ne ho fi nneyɛe bɔne a ɛtete sɛɛ yi ho.

11. (a) Onyankopɔn bu asanom dɛn? (b) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nniso no nkoa no twe wɔn ho fi nneyɛe bɛn a edi nipadua no awu ho?

11 Nsã kakra a wɔnom nyɛ nea etia Onyankopɔn mmara. Nokwarem no, Bible da no adi sɛ nsã kakra betumi ayɛ nea eye ma obi akwahosan. (Dwom 104:15; 1 Timoteo 5:23) Nanso etia Onyankopɔn mmara sɛ obi bɛbow nsã, anaasɛ ɔde ne ho bɛhyɛ apontow ahorow a ɛmfata a nkurɔfo bu bra bɔne wɔ ase no mu. (Efesofo 5:18; 1 Petro 4:3, 4) Nea ɛka nsa a ano yɛ den a wɔnom ma ɛbow wɔn anaasɛ “ɛba wɔn ani so” ho no, nnipa pii de nnuru ahorow di atirimpɔw koro yi ara ho dwuma. Afei nso, sɛ́ ade a wɔde gye wɔn ani no, ebia wɔbɛnom wii anaasɛ tawa, bere a afoforo we betel aba anaasɛ coca nhaban. Nanso saa nneɛma yi gu wɔn nipadua ho fi na epira wɔn akwahosan. Enti sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn nniso no akoa a, ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi saa nneɛma a edi awu yi ho.​—2 Korintofo 7:1.

12. (a) Dɛn ne nneyɛe bi a ɛmfata a etia Onyankopɔn mmara? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔyɛ saa nneɛma yi anya Onyankopɔn dom?

12 Ɛda adi pefee sɛ nnipa nniso horow mpɛ nsɛmmɔnedifo sɛ nnipa afoforo a wɔreba abɛyɛ wɔn man mufo. Na Yehowa wɔ gyinapɛn a ɛkorɔn sen saa mpo. Ɔhwehwɛ sɛ “yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Sɛ nkurɔfo nni Onyankopɔn mmara so a, ɔremma kwan mma wɔnntra n’ahenni no ase. Ɛnnɛ, nkurɔfo taa yɛ wɔn ho te sɛ nokwaredifo, nso wobu mmara ahorow pii so. Nanso, Onyankopɔn hu ade nyinaa. Obiara ntumi nnaadaa no. (Hebrifo 4:13; Mmebusɛm 15:3; Galatifo 6:7, 8) Enti Yehowa bɛhwɛ sɛ nnipa a wobu ne mmara so, te sɛ mmara a etia atorodi ne awi, no remmɛyɛ ne nniso no nkoa. (Efesofo 4:25, 28; Adiyisɛm 21:8) Nanso Onyankopɔn wɔ boasetɔ na ɔde bɔne firi. Enti sɛ ɔdebɔneyɛfo gyae ne nnebɔne na ɔdan kɔyɛ nnepa a, Onyankopɔn begye no atom.​—Yesaia 55:7.

13. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nya wɔ mmara horow a nnipa nniso horow hyehyɛ ho?

13 Na nnipa nniso horow mmara a wobedi so nso ɛ? Bere dodow a nnipa nniso horow wɔ hɔ no, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ne nkoa brɛ wɔn ho ase hyɛ saa “atumfoɔ” yi ase. Ɛsɛ sɛ wotua tow ma wɔn, ɛwom mpo sɛ ebia na tow ahorow no kɔ soro, na ebia obi ani rennye ɔkwan a wɔfa so de tow sika no di dwuma no ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ wodi aban no mmara so. (Romafo 13:1, 7; Tito 3:1) Nea ɛyɛ soronko wɔ saa asɛm yi mu no bɛyɛ bere a mmara bi so di bɛma ɔnii no ayɛ Onyankopɔn mmara ho asoɔden no. Sɛ ɛba saa a, sɛnea Petro ne asomafo afoforo no kae no, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yekura Onyankopɔn adwene wɔ ɛbo a nkwa som no ho?

14 Onyankopɔn bu nkwa sɛ ɛsom bo kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ne nniso no nkoa no te eyi ase. Ɛda adi sɛ awudi tia Onyankopɔn mmara. Na nitan taa kowie awudi mu, enti sɛ mpo obi kɔ so tan ne yɔnko nipa a, ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn nniso no akoa. (1 Yohane 3:15) Enti ɛho hia sɛ yɛde nea wɔaka no Bible mu wɔ Yesaia 2:4 a ɛfa akode a ɛnsɛ sɛ yɛde kunkum yɛn yɔnko nnipa ho no di dwuma. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ abofra a ɔwɔ ne nã yam a wɔnwoo no no mpo nkwa som bo ma Yehowa. (Exodus 21:22, 23; Dwom 127:3) Nanso wotu yafunu ɔpepem pii gu afe biara. Nkwa a wɔsɛe no saa no tia Onyankopɔn mmara, efisɛ onipa a ɔwɔ ne nã yam no yɛ ɔteasefo na ɛnsɛ sɛ wɔsɛe no.

15. Onyankopɔn Hene no ahyɛde horow bɛn na ɛsɛ sɛ Ahenni no nkoa nyinaa di so?

15 Nanso, wɔn a wɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn nniso no nkoa no, pii wɔ hɔ a ɛho hia sen nea ɛnteɛ a wɔrenyɛ ara kwa. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛyɛ ayamye ne nneɛma pa ama afoforo. Ɛsɛ sɛ wɔde mmara pa a Ɔhene, Yesu Kristo, de mae no bɔ wɔn bra: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Kristo yɛɛ nhwɛso denam ɔdɔ a oyii adi kyerɛɛ afoforo no so. Ɔde ne nkwa too hɔ maa adesamma mpo, na ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no.” (Yohane 13:34; 1 Yohane 3:16) Saa ɔdɔ ne ayamhyehye ma afoforo a pɛsɛmenkominya nni mu yi na ɛbɛma asetra ayɛ anigye ankasa wɔ Onyankopɔn ahenni no nniso ase.​—Yakobo 2:8.

16, 17. (a) Ntease pa bɛn na ɛwɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae horow wɔ yɛn asetra mu na yɛanya nea Onyankopɔn hwehwɛ? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yebetumi ayɛ nsakrae horow biara a ɛho hia?

16 Bible no da no adi sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu na wɔatumi anya nneɛma a wɔhwehwɛ na wɔabɛyɛ Onyankopɔn nniso no nkoa no. (Efesofo 4:20-24) So worebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa nsakrae yi? Nokwarem no mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobɛyɛ saa no fata! Dɛn ntia? Ɛrenkyerɛ sɛ wubenya asetra pa mfe kakra wɔ nnipa nniso bi ase ara kwa. Dabi, na mmom wubenya daa nkwa wɔ akwahosan a ɛyɛ pɛ mu wɔ paradise asase so, wɔ ahenni a Onyankopɔn di so ase!

17 Mprempren mpo, ɛdenam Onyankopɔn ahyɛde horow no so a wubedi so no, wubenya asetra a anigye kɛse wom. Nanso ebia ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae horow. Wiɛ, nnipa bebree a na anka wɔtan afoforo na wɔyɛ adifudepɛfo asakra. Afei nso, nguaman, awaresɛefo, mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da, asabofo, awudifo, awifo, wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma ne wɔn a wɔnom tawa asakra wɔn kwan. Wɔayɛ saa denam mmɔden ankasa a wɔbɔ ne Onyankopɔn mmoa so. (1 Korintofo 6:9-11; Kolosefo 3:5-9) Enti sɛ wowɔ nsakrae bi a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi adu nea Onyankopɔn hwehwɛ ho a, mpa abaw. Wubetumi ayɛ!

NOKWAREDI MA ONYANKOPƆN NNISO

18. Ɔkwan titiriw bɛn so na Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛda yɛn nokwaredi ma n’ahenni no adi?

18 Sɛ́ Yehowa Nyankopɔn bɛhwehwɛ sɛ ne nkoa de nokwaredi gyina n’Ahenni nniso no akyi no yɛ nea ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa. Nnipa nniso horow hwehwɛ ade a ɛte saa ara fi wɔn manfo nkyɛn. Nanso ɔkwan titiriw bɛn so na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔde mmoa a edi mu ma? So ɛdenam akode a ne nkoa bɛfa na wɔako ama n’ahenni no so anaa? Dabi. Mmom no, te sɛ Yesu Kristo ne n’akyidifo a wodi kan no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ahenni no ho asɛnkafo anaa adawurubɔfo. (Mateo 4:17; 10:5-7; 24:14) Ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ obiara hu nea n’ahenni no yɛ ne sɛnea ebedi adesamma nsɛm a emu yɛ den ho dwuma. So woaka nneɛma a woasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no ho asɛm akyerɛ w’abusuafo, wo nnamfo ne afoforo? Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ saa?​—Romafo 10:10; 1 Petro 3:15.

19. (a) Dɛn nti na yebetumi ahwɛ ɔsɔretia kwan bere a yɛka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wubua?

19 Ná Kristo ne n’akyidifo a wodi kan no hia akokoduru na wɔatumi aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo, efisɛ mpɛn pii no wohyiaa ɔsɔretia. (Asomafo no Nnwuma 5:41, 42) Ɛte saa ara nnɛ. Wiase a Ɔbonsam di so yi mpɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛmpa no. Enti nsemmisa no ne sɛ: Ɛhe na wugyina? So wubegyina Onyankopɔn ahenni no akyi nokwaredi mu? Ne pɛ ne sɛ wɔde Ahenni no ho adansedi kɛse bɛma ansa na awiei no aba. So wubenya eyi yɛ mu kyɛfa?

[Kratafa 128 mfoni]

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn ahenni no nkoa no nya ɛho nimdeɛ

[Kratafa 131 mfoni]

Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no nkoa kwati nneyɛe a Onyankopɔn kasa tia

[Kratafa 133 mfoni]

Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no nkoa ka ho asɛm kyerɛ afoforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena