Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Mma Wo Nsam Nnhodwo”
    Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
    • 11, 12. (a) Sefania nkɔmhyɛ no fã foforo bɛn na anya mmamu wɔ nkaefo no so? (b) Ɔkwan bɛn so na nkaefo a wɔasra wɔn no agye ɔfrɛ a ese, “Mma wo nsam nnhodwo” no so?

      11 Nkaefo anokwafo no di ahurusi sɛ wɔ 1919 no, wogyee wɔn fii honhom fam nnommum mu wɔ Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no mu. Sefania nkɔmhyɛ yi anya mmamu wɔ wɔn so: “To ahurusi dwom, Sion babea, bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na fa koma nyinaa di ahurusi, Yerusalem babea. Awurade ayi w’atemmude no kɔ, watow w’atamfo agu; Awurade, Israel hene wɔ wo mu, worenhu amane bio. Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo. Awurade wo Nyankopɔn wɔ wo mu, ɔdonkunini, ogyefo [sɛ Otumfoɔ no, obegye wo, NW].”—Sefania 3:14-17.

      12 Bere a nkaefo a wɔasra wɔn no wɔ ahotoso ne adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ka wɔn ho no, wɔde akokoduru akɔ wɔn anim wɔ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no mu. Wɔaka Ahenni no ho asɛmpa no, na wɔada Yehowa atemmu a ɛbɛba Kristoman, Babilon Kɛse no nkae, ne Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nyinaa so no adi. Wɔ mfe du du a aba wɔ 1919 akyi no, wɔatie ɔsoro ahyɛde yi ɛmfa ho sɛnea tebea no te biara: “Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo.” Wɔmmaa wɔn nsam nhodwoe wɔ nkratawa, nsɛmma nhoma, nhoma akɛse, ne nhomawa ɔpepepem pii a ɛbɔ Yehowa Ahenni no dawuru a wɔkyekyɛ no mu. Wɔayɛ nhwɛso a ɛhyɛ gyidi den ama nguan foforo no a, efi 1935 no, wɔasen yuu aba wɔn afã no.

      ‘Mma Wo Nsam Nnhodwo’

      13, 14. (a) Dɛn nti na Yudafo bi san wɔn akyi wɔ Yehowa som mu, na ɛyɛɛ dɛn na eyi bɛdaa adi? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ, na adwuma bɛn mu na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nsa hodwo?

      13 Bere a ‘yɛhwɛ’ Yehowa da kɛse no “kwan” no, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mmoa a etu mpɔn afi Sefania nkɔmhyɛ no mu? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ sɛ Sefania bere so Yudafo a wɔtwe sanee wɔ Yehowa akyidi mu esiane sɛ na wɔn adwene mu yɛ wɔn naa wɔ bɛn a na Yehowa da no abɛn ho nti no. Saa Yudafo no anhyɛ da anna wɔn adwenem naayɛ no adi wɔ baguam, nanso wɔn nneyɛe kyerɛe sɛ na wonnye nni sɛ Yehowa da kɛse no abɛn ankasa. Wɔde wɔn adwene sii ahonyade anoboaboa so mmom sen sɛ wɔbɛhwɛ Yehowa kwan.—Sefania 1:12, 13; 3:8.

      14 Ɛnyɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma adwenem naayɛ gye ntini wɔ yɛn koma mu. Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim koraa sɛ yebetu Yehowa da no ba ahyɛ da wɔ yɛn adwene anaa yɛn koma mu. (2 Petro 3:1-4, 10) Ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛtwe asan afi Yehowa akyi anaa ‘yɛbɛma yɛn nsam ahodwo’ wɔ ne som mu. Nea ɛka eyi ho ne sɛ ‘yɛntwentwɛn yɛn nsa ase’ wɔ “asɛmpa no” a yɛka mu.—Mmebusɛm 10:4; Marko 13:10.

  • “Mma Wo Nsam Nnhodwo”
    Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
    • 16. Adwene bɛn na Kristoman asɔre ahorow no mufo pii kura, nanso nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de ma yɛn?

      16 Anibiannaso yɛ su a ɛrekɔ so nnɛ wɔ asase so mmeae pii, titiriw aman a edi yiye no mu. Kristoman mufo mpo nnye nni sɛ Yehowa Nyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu wɔ yɛn bere yi mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn a, wɔbɔ yɛn gu denam serew a wɔserew de kyerɛ sɛ wonnye nni anaa mmuae pen a wɔde ma sɛ “M’ani nnye ho!” no so. Wɔ saa tebea horow yi mu no, animia a yɛde bɛyɛ adansedi adwuma no betumi ayɛ asɛnnennen ankasa. Ɛsɔ yɛn boasetɔ hwɛ. Nanso Yehowa nam Sefania nkɔmhyɛ no so hyɛ ne nkurɔfo den, ka sɛ: “Mma wo nsam nnhodwo. Awurade wo Nyankopɔn wɔ wo mu, ɔdonkunini, ogyefo [sɛ Otumfoɔ no, obegye wo, NW]; wo ho yɛ no ahosan, anigye mu, ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu, wo ho yɛ no ahosɛpɛw, ahurusi dwom mu.”—Sefania 3:16, 17.

      17. Nhwɛso fɛfɛ bɛn na ɛsɛ sɛ nguan foforo no mufo a wɔyɛ foforo no di akyi, na ɔkwan bɛn so?

      17 Ɛyɛ Yehowa nkurɔfo nnɛyi abakɔsɛm mu nokwasɛm sɛ nkaefo no ne afei nguan foforo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no ayɛ anoboaboa adwuma kɛse bi wɔ nna a edi akyiri yi mu. Saa Kristofo anokwafo yi nyinaa ada boasetɔ adi wɔ mfe du du a atwam no mu. Wɔmmaa anibiannaso a Kristoman mufo dodow no ara da no adi no mmuu wɔn abam. Enti ɛmmra sɛ nguan foforo no mufo a wɔaba foforo no remma honhom fam nneɛma ho anibiannaso a abu so kɛse wɔ nsase pii so nnɛ no mmu wɔn abam. Ɛmmra sɛ wɔremma wɔn ‘nsam nhodwo,’ anaa ɛngow. Ɛmmra sɛ wɔde hokwan biara bɛma Ɔwɛn-Aban, Nyan!, ne nhoma foforo a mfaso wɔ so a wɔahyɛ da ayɛ sɛ ɛmmoa nnipa a wɔte sɛ nguan mma wonsua Yehowa da no ne nhyira horow a ɛbɛba wɔ ɛno akyi no ho ade.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena