Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Monhwɛ Me Kwan”
    Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
    • 13. Atemmusɛm bɛn na Sefania ka tiaa Moab, Amon, ne Asiria?

      13 Yehowa nam ne diyifo Sefania so daa ne bo fuw a na afuw amanaman a wɔyɛɛ ne nkurɔfo ayayade no nso adi. Ɔpaee mu kae sɛ: “Mate Moab nsopa ne Amonfo yaw a wɔde asopa me man na wɔama wɔn ho so atia wɔn hye no; enti, sɛ mete ase yi, asafo Awurade, Israel Nyankopɔn asɛm ni, ampa, Moab bɛdan sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, sasono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfõ . . . Na ɔbɛteɛ ne nsa akyerɛ benkum fam, na wasɛe Asiria, na wadan Niniwe amamfõ, na awo kesee sɛ sare so.”—Sefania 2:8, 9, 13.

      14. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ananafo aman no ‘maa wɔn ho so tiaa’ Israelfo no ne wɔn Nyankopɔn, Yehowa?

      14 Na Moabfo ne Amonfo yɛ Israelfo atamfo fi tete. (Fa toto Atemmufo 3:12-14 ho.) Nkyerɛwde bi wɔ Moab Ɔbopon a ɛwɔ Louvre Tete Nneɛma Akorae wɔ Paris no so, a ɛka asɛm bi a Moab Hene Mesa de hoahoaa ne ho ho asɛm. Ɔde hyehyee ne ho sɛ ɔnam ne nyame Kemos so gyee Israelfo nkurow pii dii so. (2 Ahene 1:1) Yeremia a ɔne Sefania traa ase wɔ bere koro mu no kae sɛ Amonfo baa Israelfo asasesin Gad mu wɔ wɔn nyame Malkam din mu. (Yeremia 49:1) Asiria Hene Salmaneser V de, na watow ahyɛ Samaria so adi so nkonim bɛyɛ afeha biako ansa na Sefania reba. (2 Ahene 17:1-6) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Ɔhene Sanaherib tow hyɛɛ Yuda so, faa n’abannennen pii, na ɔde n’ani sii Yerusalem mpo so. (Yesaia 36:1, 2) Nokwarem no, Asiria hene no kasamafo no maa ne ho so tiaa Yehowa bere a na ɔrekyerɛ sɛ Yerusalemfo mfa wɔn ho nhyɛ wɔn nsam no.—Yesaia 36:4-20.

  • “Monhwɛ Me Kwan”
    Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
    • 15. Ɔkwan bɛn na na Yehowa bɛfa so agu amanaman a wɔmaa wɔn ho so tiaa ne nkurɔfo no anyame anim ase?

      15 Dwom 83 bobɔ aman bi te sɛ Moab, Amon, ne Asiria, a wɔmaa wɔn ho so tiaa Israel, na wɔhoahoaa wɔn ho kaa eyi no din: “Mommra mma yɛntɔre wɔn ase mfi ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.” (Dwom 83:4) Odiyifo Sefania de akokoduru bɔɔ amanneɛ sɛ asafo Yehowa begu saa aman a na wɔhoahoa wɔn ho yi nyinaa ne wɔn anyame anim ase. “Wɔn ahantan nti na eyi bɛyɛ wɔn, efisɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so ahyɛ asafo Awurade man no. Awurade ho bɛyɛ wɔn hu, efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara befi ne trabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.”—Sefania 2:10, 11.

  • “Monhwɛ Me Kwan”
    Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
    • 17. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Sefania atemmusɛm no fii ase nyaa mmamu wɔ amanaman no so?

      17 Asɛm no amfa wɔn a wotiee saa kɔkɔbɔ no ase. Wɔn mu bebree traa ase huu Sefania nkɔmhyɛ no mmamu. Wɔ 632 A.Y.B. mu no, Babilonfo, Medefo, ne dɔm a wofi kusuu fam a ebia na wɔyɛ Skitefo yɛɛ apam dii Niniwe so nkonim sɛee no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant bɔ amanneɛ sɛ: “Babilon asraafo a na Nabopolassar da wɔn ano ne Mede asraafo a Cyaxares da wɔn ano ne Skitefo dɔm a wofi Caucasus kaa wɔn tiri pam ho, na wodii kusuu fam abannennen ahorow no so ntɛm a wɔammrɛ ho koraa ma ɛyɛɛ nwonwa. . . . Ade biako pɛ a ɛtoo Asiria no ma ɛyera fii abakɔsɛm mu.” Saa pɛpɛɛpɛ na na Sefania ahyɛ ho nkɔm.—Sefania 2:13-15.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena