Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/1 kr. 15-20
  • Ka Kasa Kronn No Na Woatra Ase Daa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Kasa Kronn No Na Woatra Ase Daa!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wosua Kasa Kronn No
  • Efi a Ɛba
  • Wɔte Kasa Kronn no wɔ Wiase Nyinaa
  • Fa Di Dwuma na Amfi wo Nsa
  • Yɛbɛkɔ so Ayɛ Biako
  • Kasa Kronn Ma Amanaman Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Momma Kasa Kronn No Nka Mo Mmom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Kasa Kronn No Ka Asomfo Nnipakuw Kɛse Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/1 kr. 15-20

Ka Kasa Kronn No Na Woatra Ase Daa!

“Monhwehwɛ [Yehowa] . . . Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase. Ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.”​—SEFANIA 2:3.

1. (a) Akwan bɛn na sukuufo fa so sua ananafo kasa? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka kasa kronn no?

SUKUUFO betumi de kasa mmara anaa kasa a wɔka adi dwuma de asua kasa foforo bi. Wɔ kasa mmara a wɔde sua kasa mu no, wɔtaa de osua nhoma di dwuma na wosua kasa mmara ahorow. Wɔ kasa a wɔka de sua kasa bi mu no, wosuasua kasa nnyigyei ne sɛnea wɔn kyerɛkyerɛfo no bobɔ nsɛmfua no din. Wobetumi afa akwan horow abien yi nyinaa so asua “kasa kronn” no. Na sɛ yɛpɛ sɛ ‘wɔkora yɛn so Yehowa abufuw da no’ a, ɛho hia sɛ yɛka kasa yi.​—Sefania 2:1-3; 3:8, 9.

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua nea wobetumi afrɛ no kasa kronn no kasa mmara?

2 Bible no ne osua nhoma titiriw a wɔde sua kasa kronn no. Bible no ne Bible nhoma ahorow a wode nsiyɛ sua no ma wuhu nea wobetumi afrɛ no kasa kronn no kasa mmara. Ofie Bible adesua a Yehowa Adansefo mu biako hwɛ so no yɛ ɔkwan pa a wɔde fi ase. Wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn dedaw no fam no, Kyerɛwnsɛm no a wɔde nsiyɛ besua daa no ho hia. Nanso so akwan a etu mpɔn atitiriw bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so asua kasa kronn no anaa? Na mfaso bɛn na efi ne ka mu ba?

Sɛnea Wosua Kasa Kronn No

3. Dɛn ne ɔkwan biako a wubetumi afa so asua kasa kronn no?

3 Ɔkwan biako a wobɛfa so asua kasa kronn no ne sɛ wode nokware ahorow a woresua no bɛtoto nea wunim dedaw no ho, te sɛnea sukuuni a osua kasa bi no kɔ so de kasa mmara ahorow toto afoforo ho no. Sɛ nhwɛso no, na ebia bere bi wunim sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, nanso na wunnim ne nnwuma ho nsɛm pii. Efi saa bere no, ebia Bible no sua ama woahu sɛ Kristo di tumi mprempren sɛ Ɔhene wɔ soro, ne sɛ wɔ ne Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, adesamma asoɔmmerɛfo bedu pɛyɛ ho. (Adiyisɛm 20:5, 6) Yiw, nsusuwii afoforo a wusua a wode toto nea wunim dedaw ho no ma wote kasa kronn no ase yiye.

4. (a) Dɛn ne ɔkwan foforo a wubetumi afa so asua kasa kronn no ‘kasa mmara,’ na Bible kyerɛwtohɔ bɛn na wɔde yɛ eyi ho mfatoho? (b) Bere a Gideon ne ne mmarima ahasa no dii nneɛma ho dwuma no, dɛn na esii? (d) Asuade bɛn na ɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛfa Gideon ho no mu?

4 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so asua kasa kronn no kasa mmara no ne sɛ wobɛyɛ nsɛm a esisii wɔ Bible mu ho mfonini wɔ w’adwenem. Sɛ nhwɛso no: Bɔ mmɔden ‘hu na te’ amanneɛbɔ a ɛwɔ Atemmufo 7:15-23 no. Hwɛ! Israel temmufo Gideon akyekyɛ n’asraafo no mu akuw abiɛsa a ebiara mufo dodow yɛ ɔha. Wɔnam sum mu sian Bepɔw Gilboa bɔkɔɔ na wotwa Midianfo no nsra a wɔadeda wom no ho hyia. So nnipa ahasa yi amia akode yiye? Ɛnyɛ nea wotumi de ko. Wɔn ho bɛyɛ asraafo ahantanfo mpo serew! Wɔn mu biara kura torobɛnto, nsu kuruwa kɛse, ne gyatɛn a ɛhyɛ kuruwa no mu kɛkɛ. Nanso tie! Bere a wɔma wɔn sɛnkyerɛnne bi no, mmarima ɔha a wɔka Gideon ho no hyɛn wɔn torobɛnto no na wɔbobɔ wɔn nsu kuruwa no. Ahanu a aka no nso yɛ saara. Bere a wɔn nyinaa mema wɔn agyatɛn a ɛredɛw so no, wote sɛ wɔteɛm sɛ: ‘Yehowa ne Gideon nkrante!’ Hwɛ sɛnea eyi ma ehu ka Midianfo no! Wɔtotɔ ntintan pue fi wɔn ntamadan mu, na bere a wofi anikum ne ehu mu hu ogya a ɛredɛw, a ɛma nnipa sunsuma da adi no, ɛkanyan ehu a efi gyidi hunu mu wɔ wɔn mu. Bere a Midianfo no fi ase guan no, Gideon mmarima no kɔ so hyɛn wɔn torobɛnto no, na Onyankopɔn ma wɔn atamfo no tow hyɛ wɔn ho wɔn ho so. Kasa kronn no mu asuade a tumi wom bɛn ara ni! Onyankopɔn betumi agye ne nkoa a nnipa asraafo ho nhia. Bio nso, ‘Yehowa din kɛse no nti ɔrempa ne man.’​—1 Samuel 12:22.

5. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam betumi atew yɛn kasa ho?

5 Sɛ wɔnam kasa a wɔka so kyerɛ sukuufo ananafo kasa bi a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbobɔ nsɛmfua din pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔte sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no bobɔ no. Hokwan ahorow a eye bɛn na yenya sɛ yɛbɛka kasa kronn no wɔ Kristofo nhyiam horow ase sɛɛ yi! Ɛhɔ na yɛte sɛnea afoforo de saa kasa no ka Kyerɛwnsɛm mu nokware ho nsɛm, na yɛn ankasa nso betumi anya hokwan aka bi. So yesuro sɛ ebia yɛrenka asɛm bi yiye? Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛno haw yɛn titiriw, efisɛ sɛ ɔpanyin a ɔrehwɛ nhyiam bi te sɛ dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no so fi ayamye mu teɛ mfomso bi a yɛyɛ a, ɛtew yɛn kasa ho. Enti, kɔ Kristofo nhyiam na nya mu kyɛfã daa.​—Hebrifo 10:24, 25.

Efi a Ɛba

6. Dɛn nti na nsonsonoe kɛse wɔ Yehowa Adansefo ne Kristoman ɔsom ahyehyɛde horow no ntam saa?

6 Wɔn a wɔka Yehowa atirimpɔw ahorow ho asɛm na wɔbɔ ne soro Ahenni ho dawuru no ka kasa kronn sɛ n’Adansefo. Wɔma wohu ne din na ‘wɔbom’ som no anaasɛ wɔyɛ adwene wɔ ne som mu. (Sefania 3:9) Ɛwom sɛ Kristoman asɔreasɔre no wɔ Bible de, nanso wɔnka kasa kronn no na womfi gyidi mu mmɔ Onyankopɔn din. (Yoel 2:32) Wonni nkrasɛm a ɛyɛ biako a egyina Kyerɛwnsɛm so no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔma ɔsom mu atetesɛm, wiase nyansapɛ, ne amammui mu nokwaredi di Onyankopɔn Asɛm kan. Wɔn atirimpɔw, anidaso ahorow, ne sɛnea wɔyɛ ade no yɛ wiase bɔne no de.

7. Yehowa Adansefo ne atoro som ahorow ntam nsonsonoe bɛn na wɔka ho asɛm wɔ 1 Yohane 4:4-6?

7 Kristoman​—nokwarem no, wiase atoro som ahemman no nyinaa​—ne Yehowa Adansefo nka kasa koro. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ ɔsomafo Yohane ka kyerɛɛ wɔn a wɔka kasa kronn no sɛ: “Mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no sõ kyɛn nea ɔwɔ wiase no mu. Wɔn de, wofi wiase; eyi nti na wofi wiase kasa, na wiase tie wɔn. Yɛn de, yefi Nyankopɔn mu. Nea onim Nyankopɔn no tie yɛn, na nea omfi Nyankopɔn mu no ntie yɛn.” (1 Yohane 4:4-6) Yehowa nkoa adi atoro kyerɛkyerɛfo so nkonim efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ne nkurɔfo mu no “sõ kyɛn [Ɔbonsam a] ɔwɔ wiase no mu,” a ɛne adesamma abusua a wɔnteɛ no. Esiane sɛ awaefo “fi wiase” no mu na wɔwɔ ne honhom bɔne no nti, “wofi wiase kasa, na wiase no tie wɔn.” Nanso ankorankoro a wɔte sɛ nguan no tie wɔn a wofi Nyankopɔn mu no, efisɛ wohu sɛ Yehowa nkurɔfo ka kasa kronn a ɛne Bible mu nokware a wɔnam n’ahyehyɛde so de ma no.

8. Hena ne onipa a onni mmara no?

8 Wɔkaa ɔwae kɛse bi ho asɛm siei, na na ‘mmarato ahintasɛm’ bi afi ase redi dwuma wɔ afeha a edi kan Y.B. mu dedaw. Bere bi akyi no, mmarima a wogyee ɔkyerɛkyerɛ dibea wɔ asafo no mu toom​—anaasɛ wɔfae​—no kyerɛkyerɛɛ atoro nkyerɛkyerɛ pii. Na wɔn kasa nyɛ kronn koraa. Enti “onipa a onni mmara” kuw bi, a wɔne Kristoman asɔfo no, a wodi atoro som atetesɛm, wiase nyansapɛ, ne nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwnsɛm so akyi no bae.​—2 Tesalonikafo 2:3, 7.

Wɔte Kasa Kronn no wɔ Wiase Nyinaa

9. Nsɛm bɛn na esisii wɔ ɔsom mu wɔ afeha 19 no mu?

9 Nnipa a wosuro Nyankopɔn no mu kakraa bi pɛ na ‘wɔko peree gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no denneennen.’ (Yuda 3) Na ɛhe na wobetumi anya gyidifo a wɔte sɛɛ? Atoro som maa nnipa pii traa honhom mu sum mu mfehaha pii, nanso na Onyankopɔn nim kakraa bi a wɔwɔ ne mpeneso no. (2 Timoteo 2:19) Afei, wɔ afeha 19 no mu aguadi, mfiridwuma, ne asetra mu nsakrae ahorow a ɛbae mu no, wɔtee ɛnne ahorow a na ɛda nsow wɔ atoro som mu kasa basabasa no mu. Akuw nketewaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ mmere no mu nsɛnkyerɛnne no na wɔakyerɛ bere a Yesu bɛsan aba, nanso na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔka kasa kronn no.

10. ‘Mmae a ɛto so abien’ kuw bɛn na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔnka kasa kronn no, na dɛn nti na ɛda adi sɛ Yehowa nsa ka wɔn ho?

10 Nanso wɔ 1879 mu no, ɛnne a ɛreka ‘mmae a ɛto so abien’ ho asɛm a Yehowa apaw sɛ wɔnka kasa kronn sɛ n’Adansefo no bɛdaa adi pefee. Saa bere no, na Bible adesua kuw ketewaa bi a Charles Taze Russell di wɔn anim no hyiam wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Na wɔahu yiye sɛ Yesu ba a ɛto so abien no na ebefi ba a waba a aniwa nhu no no ase, sɛ wiase ahohiahia bere bi da yɛn anim, ne sɛ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a ɛbɛsan de Paradise aba asase so, ma adesamma asoɔmerɛfo anya daa nkwa no bedi eyi akyi aba. Wɔ July 1879 mu no, Bible Asuafo yi fii ase tintimii nsɛmma nhoma a wonim no mprempren sɛ Ɔwɛn-Aban no. Nea wodii kan tintimii no mfuamfua 6,000 pɛ na wɔde memae. Nanso na ‘Yehowa nsa’ ka saa Adansefo no ho, efisɛ mprempren wotintim nsɛmma nhoma yi wɔ kasa horow 111 mu, na wɔkyekyem a, wotintim nea ɛba biara bɛboro 15,000,000.​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 11:19-21 ho.

11, 12. Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a wɔn a wɔka kasa kronn no ate ase no bi ne nea ɛwɔ he?

11 Ɛdenam Bible no ne Yehowa Adansefo nhoma ahorow, ne titiriw no, asɛmpa no a Kristofo a wɔyɛ nnam yi ka no so no, wɔahu kasa kronn no wɔ wiase nyinaa. Na nhyira akɛse bɛn ara na wɔn a wɔka no nya sɛɛ yi! Sɛ anka wɔbɛka sɛ ‘Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn, Kristo yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn’ wɔ Baasakorofo kasa a ntease nnim mu no, wogye nea Bible ka no tom sɛ Yehowa ne Ɔsorosoroni no, Yesu Kristo a ɔba fam no yɛ Ne Ba, na honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi a ɛyɛ nwonwa no. (Genesis 1:2; Dwom 83:18; Mateo 3:16, 17) Wɔn a wɔka kasa kronn no nim sɛ onipa mfi ade a nkwa wom a ɛba fam mu, na mmom Onyankopɔn bi a ɔwɔ ɔdɔ na ɔbɔɔ no. (Genesis 1:27; 2:7) Wonim sɛ ɔkra no nkɔ so ntra ase wɔ owu akyi​—nokwasɛm a eyi awufo suro fi hɔ. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Wɔn ntease ne sɛ hell yɛ adesamma nyinaa ɔdamoa, ɛnyɛ baabi a wɔde ogya yɛ ayayade wɔ hɔ a onyame tirimɔdenfo bi ayɛ. (Hiob 14:13) Wonim nso sɛ anidaso a efi Onyankopɔn nkyɛn ma awufo ne owusɔre no.​—Yohane 5:28, 29; 11:25; Asomafo no Nnwuma 24:15.

12 Wɔn a wɔka kasa kronn no da obu ma mogya ne nkwa adi. (Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Wonim sɛ Kristo asase so nkwa ne agyede a wotua maa adesamma asoɔmmerɛfo. (Mateo 20:28; 1 Yohane 2:1, 2) Esiane sɛ wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa Yesu Kristo so bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae nti, wɔmmɔ “ahotefo” mpae da. (Yohane 14:6, 13, 14) Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm kasa tia abosonsom nti, wɔmfa ahoni nni dwuma wɔ wɔn som mu. (Exodus 20:4-6; 1 Korintofo 10:14) Na esiane sɛ wɔpow ahonhonsɛmdi a Bible kasa tia ɛno nso nti, wɔkwati adaemonesɛm mu asiane ahorow.​—Deuteronomium 18:10-12; Galatifo 5:19-21.

13. Dɛn nti na wɔn a wɔka kasa kronn no adwenem nyɛ wɔn basaa?

13 Yehowa nkoa, a wɔka kasa kronn no adwene mu nyɛɛ wɔn basaa wɔ bere ko a yɛwom no ho ɛ. Yehowa akyerɛ wɔn sɛ wɔwɔ “awiei mmere” mu, a Yesu aba sɛ honhom onuonyamfo a aniwa nhu no. (Daniel 12:4; Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5; 1 Petro 3:18) Kristo rebetu sa, a ɔsoro asafo a wɔyɛ den di n’akyi, na ɔde Onyankopɔn atemmu a etia nneɛma nhyehyɛe yi aba. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14, 16; 18:1-8; 19:11-21) Yiw, na wɔn a wɔka kasa kronn no reka asɛmpa a ɛne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsa de nhyira akɛse bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa wɔ paradise asase so a adagyew nnim. (Yesaia 9:6, 7; Daniel 7:13, 14; Mateo 6:9, 10; 24:14; Luka 23:43) Eyinom nyinaa akyi no, pii wɔ hɔ a yɛnkaa ho asɛm! Kasa kronn no ne kasa a ɛyɛ dɛ na ɛsom bo sen biara wɔ asase so ampa!

14. Mfaso afoforo bɛn na wɔn a wɔka kasa kronn no nya?

14 Nea ɛka mfaso horow a wɔn a wɔka kasa kronn no nya ho ne “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛbɔ koma ne adwene ho ban no. (Filipifo 4:6, 7) Wodi Bible mu mmara horow so na ɛma wonya akwahosan pa, anigye, ne ahotɔ, esiane sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti. (1 Korintofo 6:9, 10) Yiw, wɔn a wɔka kasa kronn no wɔ daa nkwa wɔ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ mu no ho anidaso.​—2 Petro 3:13.

Fa Di Dwuma na Amfi wo Nsa

15. Ɔkwan bɛn so na kasa kronn no a wobɛte ase yiye no ho bɛba wo mfaso?

15 Sɛ wubetumi aka kasa kronn no wɔ wiase foforo no mu a, ɛsɛ sɛ wuhu ka yiye araa ma ɛyɛ kasa a wutumi de susuw nsɛm ho. Sɛ obi resua kasa bi a, odi kan susuw nsɛm ho wɔ n’ankasa kasa mu na afei wakyerɛ ne nsusuwii no ase akɔ kasa foforo no mu. Nanso bere a ne ho kokwaw wɔ kasa foforo no ka mu no, ofi ase de susuw nsɛm ho a asekyerɛ ho nhia. Saara na wonam nsiyɛ a wode besua ade so betumi ate kasa kronn no ase yiye araa ma wubehu sɛnea wode Bible mmara ne nnyinasosɛm ahorow bedi nsɛnnennen ho dwuma, na woakɔ so anantew “nkwa kwan” no so.​—Dwom 16:11.

16. Sɛ woanka kasa kronn no daa a, dɛn na ebetumi aba?

16 Ɛsɛ sɛ woka kasa kronn no daa, anyɛ saa a wo werɛ befi sɛnea wɔka no yiye. Ɛho nhwɛso ni: Yɛn mu binom suaa ananafo kasa bi mfe bi a atwam ni. Ebia yɛkae saa kasa no mu nsɛmfua bi nanso ebetumi aba sɛ yentumi nka kasa no yiye bio esiane sɛ yɛamfa anni dwuma daa no nti. Ade koro no ara betumi aba wɔ kasa kronn no ho. Sɛ yɛanka daa a, yɛn werɛ betumi afi sɛnea wɔka no, na nea ebefi mu aba no betumi ayɛ awerɛhow wɔ honhom fam. Enti momma yɛnka no daa wɔ nhyiam ase ne Kristofo som adwuma no mu. Dwumadi ahorow yi, a kokoam adesua nso ka ho, betumi ama yɛaka kasa kronn no yiye. Na hwɛ sɛnea ɛno ho hia!

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ kasa betumi agye nkwa anaasɛ ɛde owu aba?

17 Kasa betumi agye obi nkwa anaasɛ ɛde owu aba no so. Eyi daa adi bere a ɔko sii Israelfo abusua a ɛne Efraimfo ne Ɔtemmufo Yefta a ofi Gilead no ntam no. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu Efraimfo a wɔretwa Yordan Asubɔnten no aguan no, Gileadfo no de asɛmfua “Shibolet” a nnyigyei “shi” na efi ase no dii dwuma. Efraim mmarima no yii wɔn ho maa Gileadfo awɛmfo no wɔ Yordan atwae hɔ esiane sɛ wɔanhu nnyigyei a edi kan no bɔ yiye, na bere a anka ɛsɛ sɛ wɔka “Shibolet” no, wɔkaa sɛ “Sibolet” mmom no. Nea efii mu bae ne sɛ wokunkum Efraimfo 42,000! (Atemmufo 12:5, 6) Saara na ebia nea Kristoman asɔfo kyerɛkyerɛ no bɛyɛ sɛ kasa kronn ama wɔn a wonnim Bible mu nokware yiye no. Nanso atoro som kwan so kasa a yɛbɛka no de owu bɛba yɛn so wɔ Yehowa abufuw da no mu.

Yɛbɛkɔ so Ayɛ Biako

18, 19. Dɛn na Sefania 3:1-5 kyerɛ?

18 Sefania 3:1-5 reka Yerusalem a anni nokware no ne Kristoman a ɔyɛ ne ho nnɛyi mfonini ho asɛm no, ese: “Due, atuatew kurow a wɔahura ho, nhyɛsofo kurow. Wante asɛm, wannye nteɛso, wamfa ne ho anto [Yehowa] so, wammɛn ne Nyankopɔn. Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa. N’adiyifo yɛ ahoahoafo, nkɔnkɔnsafo ara nko, n’asɔfo hura kronkronbea ho, wodi mmara ho asɛmmɔne. [Yehowa] a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ ne mu, ɔrenyɛ abusude; daa anɔpa ɔde n’atemmu ba hann mu, onnyae da, nanso ɔkɔntɔnkyeni nnim aniwu.” Dɛn na saa nsɛm no kyerɛ?

19 Tete Yerusalem ne Kristoman a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa tew Yehowa so atua na wɔde atoro som guu wɔn ho fi. Wɔn akannifo nnebɔneyɛ de nhyɛso na ɛbae. Onyankopɔn kɔkɔbɔ a otĩĩ mu de mae nyinaa akyi no, wɔantie no ammɛn no. Wɔn mmapɔmma ayɛ sɛ agyata adifudepɛfo, a wɔde ahomaso bu wɔn ani gu trenee so. Te sɛ mpataku adifudepɛfo no, wɔn atemmufo asɛe atɛntrenee pasaa. Na wɔn asɔfo ‘ahura ade kronkron ho na wɔadi Onyankopɔn mmara ho asɛmmɔne.’ Enti Yehowa ‘rebɛboa amanaman ano na wahyia ahenni aman, na wahwie n’abohuru, n’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so.’​—Sefania 3:8.

20. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya nkwa wɔ Yehowa abufuw da no? (b) Wobɛyɛ dɛn anya daa nhyira a efi Onyankopɔn nkyɛn ho anidaso?

20 Yehowa abufuw da no reba ntɛmntɛm. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na woanya nkwa akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, yɛ ntɛm sua kasa kronn no na ka. Ɛnam saa a wobɛyɛ no nkutoo so na wubenya ahobammɔ afi honhom fam asiane mu ne wɔ wiase nyinaa ɔhaw a ɛreba ntɛmtɛm no mu. Yehowa Adansefo reka Onyankopɔn abufuw da no ne n’Ahenni nkrasɛm a ɛma abotɔyam no ho asɛm. Wɔn ani gye n’ahenni anuonyam ho asɛm a wɔka no ho dɛn ara! (Dwom 145:10-13) Wo ne wɔn nyɛ biako, na wubetumi anya anidaso sɛ wubenya daa nkwa ne nhyira afoforo afi kasa kronn no Farebae, Amansan Hene Yehowa nkyɛn.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn ne akwan a wɔfa so sua kasa kronn no bi?

◻ Dɛn nti na kasa kronn no ka ho wɔ mfaso?

◻ Sɛ woanka kasa kronn no daa a, dɛn na ebetumi aba?

◻ Ɔkwan bɛn so na obi bɛfa anya nkwa wɔ Yehowa abufuw da no na wanya daa nhyira ahorow?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Gideon ne ne mmarima no hyɛn wɔn torobɛnto no na wɔmema wɔn agyatɛn so

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Efi 1879 reba no, ɛdaa adi pefee sɛ Charles Taze Russell ne ne mfɛfo no na Onyankopɔn de wɔn redi dwuma na ama wɔahu kasa kronn no

[Mfonini wɔ kratafa 20]

So wo ne Yehowa Adansefo ayɛ biako wɔ kasa kronn no ka mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena