-
“Monhwɛ Me Kwan”Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
-
-
“Monhwɛ Me Kwan”
16. (a) Henanom na na Yehowa da a ɛrebɛn no yɛ wɔn anigye, na dɛn ntia? (b) Ɔfrɛ a emu yɛ den bɛn na wɔde maa anokwafo a na wɔaka yi?
16 Bere a honhom fam nneɛma ho anibiannaso, akyinnyegye, abosonsom, ɔporɔw, ne honam fam ade dodowpɛ kɔɔ so wɔ akannifo no mu no, nnipa pii a na wɔtete Yuda ne Yerusalem, a ɛda adi sɛ na wɔyɛ Yudafo anokwafo, tiee Sefania nkɔmhyɛ a kɔkɔbɔ wom no. Aniwude a Yuda mmapɔmma, atemmufo, ne asɔfo no yɛe no hyɛɛ wɔn awerɛhow. Na Sefania mpaemuka no yɛ awerɛkyekye ma saa anokwafo yi. Sɛ anka Yehowa da a ɛreba no bɛma wɔn ho ayeraw wɔn no, ɛmaa wɔn ani gyei efisɛ na ɛbɛma akyiwade a ɛtete saa no agyae. Nkaefo anokwafo yi tiee Yehowa frɛ a emu yɛ den yi: “Enti monhwɛ me kwan, Awurade asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so.”—Sefania 3:8.
17. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Sefania atemmusɛm no fii ase nyaa mmamu wɔ amanaman no so?
17 Asɛm no amfa wɔn a wotiee saa kɔkɔbɔ no ase. Wɔn mu bebree traa ase huu Sefania nkɔmhyɛ no mmamu. Wɔ 632 A.Y.B. mu no, Babilonfo, Medefo, ne dɔm a wofi kusuu fam a ebia na wɔyɛ Skitefo yɛɛ apam dii Niniwe so nkonim sɛee no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant bɔ amanneɛ sɛ: “Babilon asraafo a na Nabopolassar da wɔn ano ne Mede asraafo a Cyaxares da wɔn ano ne Skitefo dɔm a wofi Caucasus kaa wɔn tiri pam ho, na wodii kusuu fam abannennen ahorow no so ntɛm a wɔammrɛ ho koraa ma ɛyɛɛ nwonwa. . . . Ade biako pɛ a ɛtoo Asiria no ma ɛyera fii abakɔsɛm mu.” Saa pɛpɛɛpɛ na na Sefania ahyɛ ho nkɔm.—Sefania 2:13-15.
18. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde ɔsoro atemmu baa Yerusalem so, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na Sefania nkɔmhyɛ a ɛfa Moab ne Amon ho no nyaa mmamu?
18 Yudafo bebree a wɔhwɛɛ Yehowa kwan no traa ase huu atemmu a ɔde baa Yuda ne Yerusalem so no nso. Na Sefania ahyɛ Yerusalem ho nkɔm sɛ: “Due, atuatew kurow a wɔahura ho, nhyɛsofo kurow. Wante asɛm, wannye nteɛso, wamfa ne ho anto Awurade so, wammɛn ne Nyankopɔn.” (Sefania 3:1, 2) Esiane nokware a Yerusalem anni nti, Babilonfo twaa ho hyiae mprenu, na awiei koraa no, wodii so sɛee no wɔ 607 A.Y.B. mu. (2 Beresosɛm 36:5, 6, 11-21) Moab ne Amon de, sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, wɔ Yerusalem asehwe akyi mfe anum mu no, Babilonfo no tuu wɔn so sa dii wɔn so nkonim. Ɛno akyi no, ɛyerae sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no.
19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa wɔn a wɔhwɛɛ no kwan no akatua? (b) Dɛn nti na saa nsɛm yi fa yɛn ho, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
19 Eyi ne Sefania nkɔmhyɛ no mu nsɛm a ɛkɔ akyiri foforo a enyaa mmamu no hyɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a na wɔhwɛ Yehowa kwan no gyidi den. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ ɔsɛe a ɛbaa Yuda ne Yerusalem so no bi ne Yeremia, Etiopiani Ebed-Melek, ne Yonadab a na ɔyɛ Rekabni no fiefo. (Yeremia 35:18, 19; 39:11, 12, 16-18) Yudafo anokwafo a na wɔwɔ nnommum mu no ne wɔn asefo a wɔkɔɔ so twɛn Yehowa no bɛkaa wɔn a wɔkae a na wɔwɔ anigye a wogyee wɔn fii Babilon wɔ 537 A.Y.B. mu no ho, na wɔsan kɔɔ Yuda de ɔsom kronn kosii hɔ bio.—Esra 2:1; Sefania 3:14, 15, 20.
-
-
“Mma Wo Nsam Nnhodwo”Ɔwɛn-Aban—1996 | March 1
-
-
2. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Sefania bere so tebea no ne tebea a ɛwɔ Kristoman mu nnɛ no mu?
2 Ɛnnɛ, gyinae a Yehowa asi wɔ atemmu ho ne sɛ ɔbɛboaboa amanaman no ano ama ɔsɛe a ɛbɛyɛ kɛse koraa asen Sefania bere so de no. (Sefania 3:8) Aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no paa na wodi fɔ wɔ Onyankopɔn anim. Sɛnea Yerusalem huu amane kɛse wɔ nokware a anni Yehowa ho no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoman bu akontaa kyerɛ Onyankopɔn wɔ n’ahohwi no mu. Ɔsoro atemmusɛm a wɔka tiaa Yuda ne Yerusalem wɔ Sefania bere so no fa Kristoman asɔre ahorow ne akuw no ho kɛse mpo. Wɔn nso nam wɔn nkyerɛkyerɛ a ehura Onyankopɔn ho, a emu pii fi abosonsom mu no so agu ɔsom kronn ho fĩ. Wɔde wɔn mma a wɔn ho yɛ den ɔpepem pii abobɔ afɔre wɔ akodi, a ɛyɛ nnɛyi afɔremuka no so. Afei nso wɔn a wɔwɔ Yerusalem nsusuwso mu no de nsoromma mu hwɛ, ahonhomsɛmdi, ne nna mu ɔbrasɛe a ɛyɛ atantanne a ɛkɔɔ so wɔ Baal som mu, no afrafra nea wɔfrɛ no Kristosom no mu.—Sefania 1:4, 5.
-