Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Tiro Awiei—So Ɛbae Sesɛkwa So Ara?
    Nyan!—1981 | February 8
    • Wɔkaa Tiro Awiei Koraa Ho Asɛm Too Hɔ

      Nanso, Yehowa aka asɛm atia Tiro. Ne sɛe a etwa to no bɛba daakye.

      Hebri adiyifo Sakaria ne Hesekiel paee mu kae sɛ: “Yehowa bɛma wɔafa [Tiro] no adi, na wabɔ ne tumi ɛpo mu, na ɛno ankasa de ogya bɛhyew no.” (Sak. 9:4) “Enti sɛ Awurade Yehowa se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Sor [Tiro], na mede amanaman bebree mɛba wo so, sɛnea ɛpo de n’asorɔkye reba no, na wɔabɛsɛe Sor [Tiro] afasu, na wɔabubu n’aban atenten no; na mɛpra ne dɔte mafi mu, na mayɛ no botan ferefere; ɛbɛyɛ asawu hatabea ɛpo mu.”​—Hes. 26:3-5.

  • Tiro Awiei—So Ɛbae Sesɛkwa So Ara?
    Nyan!—1981 | February 8
    • Afe 332 A.Y.B. mu na saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Tiro ho no baa mu. Alexander Ɔkɛseɛ no sɔree sɛ ɔredi Apuei Mfinimfini nyinaa so.

      Bere a Sidon gyaa ne ho mu maa no no, Alexander de ne dɔm no kɔɔ Tiro. Tiro mpanyimfo a Ɔhene Axemilcus ba ka ho kohyiaa wɔn kae sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ n’ase. Alexander pɛe sɛ wɔde no kɔ kurow no mu, na wakɔbɔ afɔre ama Heracles (ɛnyɛ Hercules, Helafo anansesɛm mu nyame a ne ho yɛ den a wagye din no, na mmom onyame Melkart anaa Baal) . Bere a Tirofo no tee oyi ase pɛ na wɔpoo sɛ wɔbɛma no kwan ma wayɛ saa.

      Esiane sɛ nea efii Alexander ne Persia Hene Dario akodi no mu bae no ho asɛm da so wɔ hɔ ara nti, Tirofo no susuwii sɛ ɛbɛyɛ papa ama wɔn sɛ wɔrempene so sɛ Makedonia anaasɛ Persiani bi bɛba wɔn kurow no mu. Wɔn adeyɛ no maa Alexander dii dwuma ntɛm ara.

      Bere a ɔrekasa akyerɛ ne nkurɔfo no ɔkae sɛ: “Nnamfonom ne mfɛfo asraafo, mintumi nhu ɔkwan a yɛbɛfa so akodu Misraim dwoodwoo, mpɛn dodo a Persia di ɛpo so no; na sɛ yebetĩw Dario, a Tiro kurow no wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛremfa ne ho nhyɛ mu, a ɛwɔ yɛn akyi na Misraim ne Kipro nso da so wɔ atamfo nsam no bɛyɛ asiane, titiriw wɔ tebea a ɛwɔ Hela no nti. Nanso sɛ yɛsɛe Tiro a, Foenikia nyinaa bɛyɛ yɛn de, na Foenikia ahyɛn a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den no ne ade titiriw a ɛma Persiafo di tumi wɔ po so, na ne nyinaa bɛdan yɛn de.”​—Arrian, TheCampaigns of Alexander, Penguin Classics, nkr. 131, 132.

      Alexander asraafo mpanyimfo no gye toom, na wotwaa Tiro ho ka. Sɛnea wɔbɔɔ saa ka yi ho mmɔden no ne Bible mu nkɔmhyɛ hyia. Ná Hesekiel akyerɛw sɛ: “Na mɛpra ne dɔte afi mu, na wayɛ ɔbotan ferefere.” (Hes. 26:4) AIexander sii gyinae sɛ ɔbɛhyehyɛ ɔkwan bi akɔ supɔw no so. Enti ɔde kurow dedaw no mu dɔte ne abo yɛɛ ɔkwan

      Bere a ɔkwan no yɛ rekɔ so no, Tirofo no de wɔn ahyɛn bɔɔ mmɔden biara a wobetumi de asɛe adwuma no. Alexander nso sɔre tiaa wɔn sii aban ahorow abien wɔ akyi. Nanso, Tirofo no tumi de ogya too eyi mu hyew no. Afei Alexander hyɛe ma wɔtrɛw ɔkwan no mu na wɔanya aban horow pii wɔ mu. Afei ɔboaboaa ahyɛn bebree ano fii Sidon, Rhodes, Mallus, Lykia, Makedonia ne mmeae afoforo a afei de na Tiro ahyɛn ntumi mma hɔ bio.

      Bere a ɔkwan yi yɛ maa nkɔmhyɛ baa mu no, ɛyɛ akohyɛn a wɔde dii ako no na ɛde Tiro kurow a wotwaa ho ka asram ason no baa awiei. Sɛnea Arrian kyerɛ no, 8,000 wuwui wɔ ka no mu na wɔtɔn 30,000 kɔɔ nkoayɛ mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena