Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”
    “Bra Bedi M’akyi”
    • TI 3

      “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”

      Yesu te afurum ba so, ɛnna nkurɔfo kurakura berɛw gyinagyina kwankyɛn, na wɔrebɔ gye ne so. Ebinom nso de wɔn ntaade nguguso ne berɛw sesɛw kwan no mu.

      “Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn”

      1-3. Sɛn na Yesu wuraa Yerusalem? Nea Yesu yɛe no, ɛyɛɛ ebinom a na wɔka nnipadɔm a wɔrehwɛ Yesu kwan no ho no nwanwa. Adɛn ntia?

      NÁ YERUSALEM ayɛ bagyabagya. Ná onipa titiriw bi reba kurow no mu! Nkurɔfo pue fii kurow no mu kogyinagyinaa kwan ho. Ná wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbegye ɔbarima yi fɛw so, efisɛ na ebinom rekeka sɛ ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni, na ɔno na ɔfata sɛ odi Israel so. Ná wɔn mu pii kurakura berɛw de rebekyia no, na ebinom nso de wɔn ntaade nguguso asesɛw kwan mu, na na afoforo nso atwitwa nnua mmaa de agugu kwan no mu. (Mateo 21:7, 8; Yohane 12:12, 13) Ɛbɛyɛ sɛ na nnipa pii ntumi nhu sɛnea obewura kurow no mu.

      2 Ebia na ebinom rehwɛ kwan sɛ obewura kurow no mu te sɛ ɔbirɛmpɔn bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔnim nnipa atitiriw bi a wɔwuraa kurow no mu saa. Sɛ nhwɛso no, bere a Dawid ba Absalom sii ne ho hene no, ɔmaa mmarima 50 tuu mmirika dii ne teaseɛnam anim. (2 Samuel 15:1, 10) Roma sodifo Julius Caesar mpo de, ɔma wɔyɛɛ biribi a ɛsen saa koraa. Bere bi a odii nkonim na ɔresan akɔ Roma ahemman no nhyiambea kɛse no, na asono 40 soso nkanea didi ne benkum ne ne nifa so! Nanso saa da yi de, na Yerusalemfo retwɛn onipa titiriw bi a ɔsen saa koraa. Ebia na ɛnyɛ nnipadɔm no nyinaa na wɔnim sɛ ɔbarima a ɔreba no ne Mesia no, nanso sɛ wonim oo, sɛ wɔnnim oo, ɔno na na ɔyɛ Mesia no, onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn. Enti bere a onipa a ɔbɛyɛ Ɔhene daakye yi wuraa kurow no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ nnipa pii nwanwa.

      3 Bere a Yesu wuraa kurow no mu no, na ɔnte teaseɛnam mu. Ná ammirikatufo biara nni n’anim, na na apɔnkɔ mpo nni n’anim na kampɛsɛ asono abedi ne nkyɛnmu. Mmom, wannya aboa biara so antena sɛ afurum. Afurum nso de, nneɛma na na wɔtaa de wɔn soa.a Ná ɔnhyehyɛɛ ne ho kɔsɔɔ, saa ara nso na na wɔmfaa nneɛma aboɔden nhyehyɛɛ aboa no. Nneɛma a wɔde too aboa no so ma ɔtenaa so no nso a, na ɛnyɛ aboa nhoma a ne bo yɛ den. Mmom, ntama bi na na Yesu akyidifo a wɔbɛn no paa no de asɛw aboa no so. Adɛn nti na Yesu faa ɔkwan a ɛba fam sei so wuraa Yerusalem bere a mmarima bi a wɔba fam koraa sen no mpo yɛɛ wɔn ade kuntann maa nnipa bɔ gyee wɔn so?

      4. Sɛnea Mesia Ahenni no so Hene no bewura Yerusalem no, dɛn na Bible ka faa ho?

      4 Ná Yesu rema nkɔmhyɛ yi aba mu: “Ma w’ani nnye paa. O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose. Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni, na ɔde nkwagye reba, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔte afurum so.” (Sakaria 9:9) Nkɔmhyɛ yi ma yehu sɛ, na da bi bɛba a Mesia a Onyankopɔn asra no no beyi ne ho adi akyerɛ Yerusalemfo sɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no. Afei nso, sɛnea obewura kurow no mu de ayi ne ho adi, ne aboa a ɔbɛtena ne so no, na ɛbɛma yɛahu suban kamakama bi wɔ ne ho. Saa suban no ne ahobrɛase.

  • “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”
    “Bra Bedi M’akyi”
    • a Bere a nhwehwɛmu nhoma bi reka nea esii yi ho asɛm no, ɛkyerɛɛ mu sɛ, mfurum “yɛ mmoa a wɔba fam.” Ɛka kaa ho sɛ: “Wɔn ho nyɛ hare, wɔn aso yɛ den, ahiafo na wɔtaa de wɔn yɛ adwuma, na wɔn ho nso nyɛ fɛ.”

  • “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”
    “Bra Bedi M’akyi”
Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena