-
Sakaria Anisoadehu—Ɛfa Wo Ho Sɛn?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | October
-
-
16. (a) Dɛn na Sakaria hui sɛ ɛbaa efa susude no so? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no. Nɔma 3.) (b) Ɛhe na mmea a wɔwɔ ntaban no de efa susude no kɔe?
16 Afei Sakaria huu mmea mmienu bi a wɔwɔ ntaban a emu yɛ den te sɛ asukɔnkɔn deɛ sɛ wɔreba. (Kenkan Sakaria 5:9-11.) Mmea yi nte sɛ ɔbea a ɔhyɛ susude no mu no koraa! Saa mmea no de wɔn ntaban a emu yɛ den no tui, na wɔmaa susude a “Amumɔyɛ” hyɛ mu no so kɔe. Ɛhe na wɔde ɔbea no rekɔ? Wɔde Amumɔyɛ kɔɔ “Sinar asase so,” anaa Babilon. Adɛn nti na wɔde susude no kɔɔ Babilon?
17, 18. (a) “Amumɔyɛ” no “tenabea” ne Sinar. Adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ wɔ amumɔyɛ ho?
17 Israelfo a wɔtenaa ase Sakaria bere so no, na wɔbɛte ase sɛ Sinar yɛ tenabea a ɛfata ma Amumɔyɛ. Sakaria ne ne mfɛfo Yudafo bere so no, na wonim sɛ amumɔyɛ ahyɛ Babilon mã. Esiane sɛ wonyinii wɔ kurow a na ɔbrasɛe ne abosonsom ahyɛ mu mã no mu nti, da biara da na ɛsɛ sɛ wɔko denneennen de twe wɔn ho fi abosonsomfo nneyɛe bɔne no ho. Wode hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu yi maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam! Ɛma wonyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so atew ne som ho.
18 Afei nso anisoadehu no kaee Yudafo no sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔma wɔn som ho kɔ so tew. Ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo sosɔ amumɔyɛ so na ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma ɛbɛtena wɔn mu. Onyankopɔn de yɛn aba n’ahyehyɛde a ɛho tew no mu, na yehu sɛ ɔdɔ yɛn na ɔbɔ yɛn ho ban. Enti yɛn nso yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛboa ma ahyehyɛde no ho kɔ so tew. Yemmisa sɛ, ɛka yɛn koma sɛ yɛnhwɛ mma yɛn “fie,” kyerɛ sɛ, Yehowa ahyehyɛde no ho ntew anaa? Ɛmfata sɛ amumɔyɛ biara tena yɛn honhom fam paradise no mu.
-