-
Yehowa Ma Asomdwoe Ne Nokware Ma Ɛboro SoƆwɛn-Aban—1996 | January 1
-
-
“Metwe Sion Ho Ninkunu”
6, 7. Akwan bɛn so na Yehowa ‘de anibere kɛse twee Sion ho ninkunu’?
6 Asɛm no pue nea edi kan wɔ Sakaria 8:2 a yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Sɛ asafo Awurade se ni: Metwe Sion ho ninkunu kɛse, na anibere kɛse na mede metwe ne ho ninkunu.” Ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ ɔbɛtwe ne nkurɔfo ho ninkunu, ayɛ nnam wɔ wɔn ho, no kyerɛe sɛ ɔbɛma n’ani ada hɔ na wama wɔasan anya wɔn asomdwoe. Israelfo a ɔde wɔn kɔɔ wɔn asase so bio ne asɔrefie no a wɔsan sii no dii saa nnamyɛ no ho adanse.
7 Ɛnde wɔn a wɔsɔre tiaa Yehowa nkurɔfo no nso ɛ? Nnamyɛ a ɔda no adi wɔ ne nkurɔfo ho no bɛma ɔde “anibere kɛse” akɔsoɛ saa atamfo yi so. Sɛ Yudafo anokwafo som wɔ asɔrefie a wɔasan asi no mu a, na wobetumi asusuw nea ato Babilon kɛse a na afei ahwe ase no ho. Na wobetumi nso asusuw nkogu korakora a atamfo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae asɔrefie a wɔresi no bio no dii ho. (Esra 4:1-6; 6:3) Na wobetumi ada Yehowa ase sɛ wadi ne bɔhyɛ so. Ne nnamyɛ ma wodii nkonim!
-
-
Yehowa Ma Asomdwoe Ne Nokware Ma Ɛboro SoƆwɛn-Aban—1996 | January 1
-
-
9. Nsakrae soronko bɛn na ɛbaa “Nyankopɔn Israel” tebeam wɔ 1919 mu?
9 Bere a na saa mpaemuka abien yi kyerɛ biribi ma tete Israel no, ɛkyerɛ pii ma yɛn nso bere a afeha a ɛto so 20 no rebɛn n’awiei no. Bɛyɛ mfe 80 ni, bere a na wiase ko a edi kan no rekɔ so no, wɔn a wɔasra wɔn kakraa bi a saa bere no na wogyina hɔ ma “Nyankopɔn Israel” no kɔɔ honhom fam nnommumfa mu, sɛnea tete Israel kɔɔ Babilon nnommumfa mu pɛpɛɛpɛ no. (Galatifo 6:16) Wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ afunu a ɛdeda mmɔnten so. Ne nyinaa akyi no, na wɔwɔ ɔpɛ a efi komam sɛ wɔbɛsom Yehowa “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Enti wɔ 1919 mu no, Yehowa gyee wɔn fii wɔn nnommumfa no mu, maa wɔn so fii wɔn honhom fam owu tebea no mu. (Adiyisɛm 11:7-13) Enti Yehowa yii Yesaia nkɔmhyɛ kwan so asemmisa a ese: “So wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko?” no ano denneennen sɛ Yiw. (Yesaia 66:8) Wɔ 1919 mu no, Yehowa nkurɔfo bɛyɛɛ honhom fam man bio wɔ wɔn ankasa “asase” so, anaa honhom fam tebeam wɔ asase so.
10. Efi 1919 no, nhyira horow bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn renya wɔ wɔn “asase” so?
10 Bere a Kristofo a wɔasra wɔn no baa saa asase no so dwoodwoo no, wɔsomee wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no mu. Wɔpaw wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” ma wogyee Yesu asase so nneɛma sohwɛ ho asɛyɛde no toom, hokwan a wɔda so kura mu bere a afeha a ɛto so 20 no bɛn n’awiei no. (Mateo 24:45-47) Wɔfaa aba pii fii asuade a ɛne sɛ Yehowa ne “asomdwoe Nyankopɔn no ara” no mu.—1 Tesalonikafo 5:23.
11. Ɔkwan bɛn so na Kristoman nyamesom akannifo ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo?
11 Ɛnde, Nyankopɔn Israel atamfo no nso ɛ? Yehowa nkurɔfo ho nnam a ɔwɔ no ma ɔde n’anibere soɛ asɔretiafo no so. Wɔ wiase ko a edi kan no mu no, Kristoman nyamesom akannifo no de nhyɛso a emu yɛ den bae bere a wɔbɔɔ mmɔden—na wodii nkogu—sɛ wobetu Kristofo kakraa bi a wɔka nokware yi ase no. Wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, ade biako pɛ na ɛkaa Kristoman asomfo boom: Wɔ ɔko no afanu nyinaa no, wɔhyɛɛ nniso ahorow sɛ wonsiw Yehowa Adansefo ano. Ɛnnɛ mpo, wɔ nsase pii so no, nyamesom akannifo tu aban aso sɛ wonsiw Yehowa Adansefo Kristofo asɛnka adwuma no ano anaa wɔmmara.
12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da n’anibere adi wɔ Kristoman so?
12 Yehowa ahu eyi. Wɔ wiase ko a edi kan no akyi no, Kristoman ne Babilon Kɛse nkae no nyaa asehwe bi. (Adiyisɛm 14:8) Nokware a Kristoman asehwe no yɛ no bɛdaa adi baguam bere a efi 1922 no, wohwiee sɛnkyerɛnne kwan so ɔhaw ahorow bi guu ne so toatoaa so ma ɛpaa ne honhom fam owu tebea no ho ntama wɔ baguam, na ɛde ne sɛe a ɛreba no ho kɔkɔbɔ mae no. (Adiyisɛm 8:7–9:21) Ade a edi adanse sɛ wogu so rehwie ɔhaw ahorow yi ne ɔkasa a ese “Atoro Som Awiei Abɛn” a wɔmaa no wiase nyinaa wɔ April 23, 1995, na ɛno akyi no, wɔkyekyɛɛ Ahenni Asɛm soronko bi ɔpepehaha pii no.
13 Ɛnnɛ, Kristoman asɛm yɛ mmɔbɔ. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi nyinaa mu no, emufo akunkum wɔn ho wɔn ho wɔ atirimɔden akodi ahorow a n’asɔfo ne n’asomfo hyira so mu. Wɔ nsase bi so no, ɛkame ayɛ sɛ wonni nkɛntɛnso biara koraa. Wɔbɛsɛe ɛne Babilon Kɛse nkae no nyinaa ɔkwan biara so.—Adiyisɛm 18:21.
-