Nea Yahowa Mmere Ne Ne Nna Kyerɛ Ma Yɛn Bere Yi
“Dua biara a ɛnsow aba pa no, watwa na wɔde gu gya mu.”—MATEO 7:19
1. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yahowa faa so ne tete sodifo binom dii no mu?
ABAKƆSƐM kyerɛwtohɔ di nokwasɛm no ho adanse sɛ Yehowa tumi sakra “mmere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so.” (Daniel 2:21) Mfehaha a atwam no mu wɔ bere a ɛfata n’atirimpɔw mu no, oyii Farao, Nebukadnesar, Belsasar, Herode Agripa I, ne afoforo fii hɔ. Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso saa nsɛm no nyinaa yɛ tete abakɔsɛm. Dɛn na ɛne yɛn wɔ yɛ? Ɛne yɛn wɔ pii yɛ, efisɛ asuade kɛse wom. Nea yesua fi nsɛm a esisii yi mu ne sɛ, sɛ Yahowa bere a wahyɛ du a, ɔma wiase no akannifo ahenni ba awiei. Na ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ saa a, ɔde tumi ma sodifo a ɔpɛ no.
2. Bere adu ama Yahowa sɛ ɔyɛ dɛn wɔ yɛn bere yi mu?
2 Yɛn bere yi mu nso, bere adu ama Yehowa bio sɛ “otu ahene so, na ɔma ahene so.” Afei de esiane sɛ Onyankopɔn de Ɔhene a ɔpɛ no asi so’ nti, ɛrenkyɛ na wayi wiase atumfoɔ no nyinaa ne nneɛma nhyehyɛe a wodi so no nso afi hɔ. Dɛn ntia? Efisɛ te sɛ Belsasar a ɔtraa ase wɔ tete Babilon no, ‘wɔakari wɔn nsenia mu, na wɔahu sɛ wonnu.’ Tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no te sɛ nea na ɛwɔ hɔ bere a Onyankopɔn somfo Daniel kaa eyi kyerɛɛ Belsasar no: “Onyankopɔn akan w’ahenni, na wabɔ no.” (Daniel 5:26, 27) Enti, wɔ yɛn bere yi mu no, Yehowa “bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no. Obedi amanaman mu asɛm.”—Dwom 110:5, 6.
’Wahu Wɔn Sɛ Wonnu’
3, 4. Ɛdefa asomdwoe ho no. ɔkwan bɛn so na wɔahu sɛ wiase atumfoɔ ‘nnu’ wɔ afeha yi mu?
3 Ɛdefa wiase nsɛm ho no, ɔkwan bɛn so na ‘wahu sɛ wiase atumfoɔ no nnu? Ɛsɛ sɛ wɔde nea aba adesamma abusua no so wɔ yɛn bere yi mu, bere a amanehunu a ɛso bi mmae da wɔ bere biara mu ahyɛ no ma no ho asodi kɛse no ara to wɔn so. Sɛ nhwɛso no, efi 1914 nkutoo no, wɔakunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem ɔha wɔ ɔko ahorow mu! Ɛnnɛ, nuklea akode ho hu ama nkwa a ɛwɔ asase so ho aba asɛm. Wɔ simma yi ara mu no, wɔde nuklea bɛmma mpempem pii ano akyerɛ mmeae ahorow a nnipa wɔ a wɔn a wɔbɛtow nso asiesie wɔn ho dedaw.
4 Ɛdefa nuklea ɔko ho no, Science nsɛmma nhoma de amanneɛbɔ bi a ɛma awosẽ gu obi yi mae: ‘Wɔ nuklea ɔko kɛse a ɛbɛba biara mu no, ɛyɛ nea ebetumi atɔre afifide ne mmoa a wɔwɔ asase so no fã kɛse no ara ase. Yɛrentumi nyi adesamma ase a ɛbɛtɔre no mfi mu.” Aban odwumayeni panyin bi a ɔwɔ Europa kae sɛ: “Ɛnyɛ nkurow akɛse a asɛe na wɔbɛkan, na mmom nsasepɔn ahorow.” Latin America ɔman bi ɔmampanyin kaa ka a wɔbɔ wɔ sraadi ho no ho asɛm sɛ: “Adesamma te po so hyɛn bi a ayɛ mmerɛw a ebetumi amem mu . . . Sɛ ɛmem a, ebetumi afa obiara akɔ.” Na Japanfo atesɛm krataa bi kae sɛ: “Ɛte sɛ nea wiase no ne asomdwoe ntam apan kɛse sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu.”
5, 6. Aman ne nkurɔfo pii sikasɛm tebea te dɛn?
5 Nanso amanaman no kɔ so ara sɛe sika pii wɔ akode ho. Sika a wɔsɛe wɔ ho mprempren no akɔ soro akodu bɛyɛ dɔla ɔpepepepem biako afe biara! Ammaneɛbɔ bi kae sɛ sika a wiase no sɛe wɔ ɔsraani biako ho no yɛ nea wɔsɛe wɔ sukuuni abofra biako ho no mmɔho 50. Susuw Amanaman Nkabom no amanneɛbɔ yi nso a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no nnipa ɔpepem 450 di kɔm wɔ wiase nyinaa a wɔn dodow no kɔ anim bere nyinaa no ho. Amanneɛbɔ foforo ka sɛ “afe biara ɔkɔm kunkum nnipa ɔpepem 30 kosi 40” wɔ aman a wonnyaa nkɔso no so. Ɛka nso sɛ, wɔn a wowuwu no mu bɛyɛ fã yɛ mmofra a wonnya nnii mfe anum.
6 Aban odwumayeni panyin bi a ɔwɔ South America ɔman kɛse biako mu ka sɛ “adwumayɛfo no mu ɔha biara mu 40 di hia buroburo.” Wɔ ɔman foforo so wɔ hɔ ara no, adwuma a wonnya nyɛ wɔ n’ahenkurow no mu aka adwumayɛfo no mu ɔha biara mu 51. Ammaneɛbɔ bi ka sɛ: “Asasepɔn a nnipa ɔpepem 260 wɔ so amem akodu n’ahokyere a emu yɛ den sen biara wɔ mfirihyia aduonum mu mu.” Afei hyɛ nsɛmti abiɛsa a efi nsase ahorow so no nsow: “Wɔka Nnipa Dodow a Wodi Hia Ho Asɛm Sɛ ‘Ayɛ Hu.’” “Wɔn a Wodi Hia no Dodow Akɔ Soro.” “Ohia, Asɛm a Ɛyɛ Yaw.” So amanneɛbɔ ahorow yi fi aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu? Dabi, efi aban mpanyimfo hɔ wɔ Canada, United States, ne Federal Republic of Germany. Yiw, aman a wɔkyerɛ sɛ wodi yiye no mpo, nsɛnnennen amene wɔn.
7. Dɛn na wɔaka wɔ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a abu so wɔ yɛn bere yi mu no ho?
7 Wɔ nsase pii so no, ɔhaw ahorow yi da adi denam nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne awudisɛm a ɛkɔ soro no so. Sɛ nhwɛso no, United States asoɛe a ɛhwɛ ɔyare ho nsɛm so no ka sɛ afe biara Amerikafo bɛboro 50,000 na wokunkum wɔn anaasɛ wɔn ankasa kunkum wɔn ho! Enti The New York Times samufo asɛm bi de baa awiei sɛ: “Nneɛma ayɛ nea wontumi nni so.” Samufo asɛm foforo kae sɛ: “Eyi yɛ amanaman ntam basabasayɛ bere.” Enti, mmɔdenbɔ, osuahu, ne mfiridwuma ho nimdeɛ mu nkɔso wɔ mfehaha pii mu nyinaa akyi no, wiase akannifo antumi ama wɔn nkurɔfo no mu pii nsa anka nneɛma atitiriw a wohia.
8. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ di dɛn ho adanse?
8 Ampa, abakɔsɛm kyerɛwtohɔ, tete de ne nnɛyi de nyinaa, di adanse sɛ onipa nkutoo rentumi nnya ano aduru. Wiase yi amammui, sikasɛm, ne nyamesom akannifo rentumi mfa asomdwoe, ahotɔ, anigye, akwahosan, ne nkwa a yehia na yɛpɛ no mma. Enti, ɛsɛ sɛ wiase yi kɔ! Na ɛsɛ sɛ ɛkɔ, efisɛ ɛno ne nea Yehowa abɔ ne tirim wɔ ho. Ɛte sɛ nea Bible ka no: “Wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no. wobetwa ato ogya mu.”.-Luka 3:9.
Ade Foforo Nti A Ɛsɛ Atemmu Ba
9. Wiase sodifo ahorow no nyinaa bu Yehowa atirimpɔw ahorow dɛn?
9 Aba bɔne a wiase yi ne n’akannifo asow no yɛ ade biako nti a bere a Yehowa akari wiase no wɔ nsenia mu akyi no, ohu sɛ ennu na ɔbɛsɛe no no. Nanso ade foforo wɔ hɔ: Wiase akannifo agyaw Yehowa—Ɔbɔadeɛ ne Amansan Hene no—wɔ wɔn nsusuwii ahorow mu. Wonni n’atirimpɔw anaa ne mmere ne ne nna ho anigye biara. Ɛno nti na Korintofo Nhoma a Edi Kan 2:8 ka nokwasɛm yi wɔ wɔn ho no: “[Ɔsoro] nyansa yi na nneɛma nhyehyɛe yi sodifo no mu biara anhu.” (NW) Enti Dwom 146:3 tu yɛn fo sɛ “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.”
10, 11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Yehowa no yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo tumi hu nneɛma a afoforo nnim?
10 Mmom no, Mmebusɛm 3:5, 6 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Nnipa a wɔyɛ eyi no renkɔ so ntra wiase sum a anidaso biara nnim no mu. Yehowa de ne honhom behyira wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abehu n’atirimpɔw ne ne bere ne ne nna ma wɔn. Sɛnea Asomafo no Nnwuma 5:32 ka no, Yehowa de ne honhom kronkron no “ma wɔn a wotie no sɛ Sodifo no,” NW.
11 Enti Onyankopɔn asomfo nim biribi a wiase sodifo ahorow no nnim. Wonim Yehowa atirimpɔw ne ne nna. Petro Nhoma a Edi Kan 1:11 se, kan no, Onyankopɔn asomfo “hwehwɛɛ bere ko ne bere horow a . . . honhom a ɛwɔ mu . . . yi kyerɛe no.” Esiane sɛ na Onyankopɔn honhom na ɛreyi eyi akyerɛ nti, na ɔsomafo Paulo betumi aka akyerɛ ne mfɛfo asomfo anokwafo sɛ: “Yenim bere no.” (Romafo 13:11) Esiane sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie Onyankopɔn sɛ wɔn sodifo nti, ne honhom kronkron no nso de bere ko a ɛyɛ wɔ ne fam no edi kyerɛ wɔn. Amos 3:7 se: “[Yehowa] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”
Ade Foforo No
12, 13. Ade titiriw foforo bɛn nti ne Yehowa hu se wiase yi ne n’akannifo nnu no?
12 Eyi de yɛn ba ade foforo bio nti a Yehowa ahu sɛ wiase yi ne n’akannifo nnu na obewie wɔn no so. Kae nea Farao, Belsasar, Herode, ne sodifo afoforo a wɔtraa ase tete no yɛɛ Yehowa nkoa no. Wɔsɔre tiaa wɔn, wɔteɛ wɔn, na wokunkum wɔn mpo. Onyankopɔn twee saa sodifo ahorow no aso wo ɛno ho.
13 Ɛte sae ara wɔ yɛn bere yi mu. Wiase sodifo ahorow asɔre atia Yehowa nkoa a wɔpɛ asomdwoe no, wɔataa wɔn, na wɔakunkum wɔn mpo. Sodifo a wɔte sɛɛ ‘keka nsɛm tia nea ɔwɔ sorosoro no, na wɔhaw ɔsorosoroni no akronkronfo.’ (Daniel 7:25; 11:36) Nanso kyerɛwtohɔ a efi honhom mu a ɛwɔ Yesaia 54:17 no ka sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye . . . ɛno ne [Yehowa] nkoa agyapade.” Enti ɔbɛbrɛ asɔretiafo nyinaa ase sɛnea ɔyɛɛ afoforo wɔ tete mmere mu no. Nanso Yehowa hyɛ nkwa a ne nkurɔfo benya ne wɔn yiyedi ho bɔ.
Awiei Bere No Abɛn
14, 15. (a) Bere bɛn mu na yɛwɔ no, na kɔkɔbɔ ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?(b) Wɔ mmɔden ahorow a wiase akanni no bɔ nyinaa akyi no, dɛn na ɛreba ntɛmntɛm?
14 Enti bere bɛn na yɛwɔ mu yi wɔ Onyankopɔn fam? Ɛyɛ wiase yi awie bere. N’awia rekɔtɔ. Anadwo rebɛn ntɛmntɛm ama no. N’awɔw bere abɛn pɛɛ. Adanse a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu nyinaa ne Yehowa bere nhyehyɛe kyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu wɔ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” mu. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-14, NW) Enti ɛho hia sɛ yetie Yesu kɔkɔbɔ no: “Mommɔ mpae na mo aguan no amma awɔw bere.” (Mateo 24:20) Sɛ wiase yi anadwo, anaasɛ awɔw bere no ba a, ɛbɛyɛ nea aka akyi dodo sɛ wobɛhwehwɛ Yehowa dom.
15 Bere a wɔde bɛsɛe wiase a agu Onyankopɔn din ho fi yi no rebɛn ntɛmntɛm. Sɛ edu a, Yehowa beyi wiase sodifo ahorow nyinaa afi wɔn dibea so. Sɛ́ anokwafo bɛn ara na ebia wɔyɛ no, wɔn nhyehyɛe ahorow a hwee mfi mu mma no bɛba awiei. Ampa, ebia sodifo ahorow no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔnam akode ho apam ahorow ne asomdwoe ne ahotɔ ho nhyehyɛe ahorow ne ‘mfe kronkron’ so mpo bɛma wɔn manfo ani agye; nanso santen a wotu kɔ ɔsɛe a etwa to wɔ Onyankopɔn Harmagedon ko no mu no kɔ so denneennen.—Adiyisɛm 16:13-16
16. Hena na Yehowa de wiase yi so di ama no?
16 Kae nso sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa ‘tu ahene so’ nko, na mmom “ɔma ahene so” nso. (Daniel 2:21) Nea obedi ɔsoro asraafo dɔm a Yehowa de wɔn bedi dwuma abu atɛn wɔ Harmagedon no anim ne Sodifo a ‘ɔde no asi so’ ama wiase nyinaa no. Onii no ne ne Ba nokwafo, Kristo Yesu, a mprempren ɔwɔ soro tumi ne anuonyam mu no. Adiyisɛm 19:16 frɛ no “ahene mu hene ne awuranom mu awurade.” Daniel 7:14 se: “Ono na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no maa aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”—-Hwɛ Daniel 2:44 nso.
17, 18. (a) Dɛn na Onyankogɔn Asɛm no ka se ɛbɛba wɔn a wonnye ɔne ne Sodifo a wapaw no ama asase yi ntom no so? (b) Hena nso na onim sɛ bere a aka no yɛ tiaa?
17 Wɔ ɔkasa a emu da hɔ mu no, Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no ka nea ɛbɛba wɔn a wonnye Yahowa ne ne Sodifo a wapaw no ama wiase nyinaa no ntom no so ho asɛm. Ese: “Mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, ne adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.”-Adiyisɛm 19:17, 18.
18 Yeremia 25:33 ka ho asɛm wɔ saa kwan yi so: “Na da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.” Yiw, awiei no abɛn ama Satan nneɛma nhyehyɛe a aporɔw no nyinaa. Na n’ankasa mpo nim no saa! Adiyisɛm 12:12 ka sɛ onim sɛ ne “bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”
Hwehwɛ Yehowa Mprenpren Ara
19. Ɛda ne bere a ɛyɛ anigye bɛn na ebefi ase bere a wɔasɛe nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi no?
19 Sɛ Satan nhyehyɛe no anadwo anaasɛ awɔw berre, no ba awiei a, dɛn bio? Ɛnde ɛbɛyɛ nea bere adu sɛ Yehowa de ɛda foforo, fefɛw bere a emu yɛ anigye foforo ba. Ɛbɛyɛ bere a ebefi Yehowa trenee nhyehyɛe foforo no ase wɔ ɔsoro Hene, Kristo Yesu, nniso ase. Wɔ nhyehyɛe foforo no mu no. basabasayɛ, nsisi, amanehunu, ɔyare, ne owu bɛyɛ nea enni hɔ bio. Wɔbɛma nnipa adu pɛyɛ ho esiane daa nkwa nti. Tebea a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!—Dwom 37:10, 11, 29; Adiyisɛm 21:4.
20, 21. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii a wofi aman nyinaa mu rehwehwɛ Yehowa mprempren?
20 Nanso ansa na nhyehyɛe yi bɛba awiei na nhyehyɛe foforo no afi ase no, ɛyɛ Yehowa bere a ɔde bɛyɛ biribi a ɛho hia ma ahobrɛasefo a wɔwɔ asase so. Ne bere adu sɛ ɔboaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wosua ne ho ade, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ n’apɛde ase a wɔbɛkotow Ɔhene a wapaw no no ano. Eyi a wɔyɛ no ma wɔba Yehowa ahobammɔ ase: “Aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.”-Mmebusɛm 18:10.
21 Ɛnnɛ nnipadɔm pii reyɛ eyi—nokwarem no, wɔyɛ ɔpepem pii. Wofi asase so aman nyinaa mu. Wɔka eyinom ho asɛm wɔ Sakaria ti 8, nkyekyem 20 ne 21 sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa] se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba, na kurow biako mufo akɔ kurow biako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkoto nsrɛ [Yehowa] anim, na yɛnhwehwɛ asafo [Yehowa] akyi kwan!” Nkyekyem 23 de ka ho sɛ: “Nna no mu [yiw, yɛn bere yi mu] na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako [Yehowa ayeyifo a wɔasra wɔn] ntade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”
22. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa wɔ Yehowa abufuw da na mu a, dɛn na ese sɛ yehu na yɛyɛ: ‘.’
22 Enti, kɔka Yehowa nkurɔfo ho na monsom no na bra n’ahobammɔbea hɔ. Fa wo ho hyɛ adwuma a ɛho hia kɛse a wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ no mu—-wɔn a wobetwa Harmagedon a wobenya hokwan a ɛso bi nni a ɛne paradise a wɔde bɛba asase so na wɔatra mu daa no ano a wɔboaboa na wɔtete wɔn no. Hu bere ne nna a yɛwom no na yɛ nea Yesaia 55:6 ka no: “Monhwehwɛ [Yehowa,] bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.” Yiw, “monhwehwɛ [Yehowa] asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa!Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.”—Sefania 2:3.
Ntimu Nsemmisa
◻ Akwan horow bɛn so na ‘wɔahu sɛ’ wiase sodifo ahorow no ‘nnu’ wɔ Onyankopɔn ani so?
◻ Dɛn nti na Yehowa asomfo nim Ne bere ne ne nna bere a wiase sodifo ahorow no nnim no?
◻ Dɛn nti na ɛse sɛ Onyankopɔn atemmu ba wiase sodifo ahorow no so?
◻ Bere ne nna ba na adu wɔ Yehowa fam?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa mprempren ara, na ɔkwan bɛn so?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]
Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem. Twɛn [Yehowa], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi’; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu. Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa mo awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn amma prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.—-Dwom 37:11, 29, 34, 37, 38.
[Kratafa 29 mfonini]
Nnipa pii a wɔwɔ gyidi nnɛ benya nkwa wɔ wiase yi awiei bere no mu