Ɔfã 17: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
MOAYƐ AMA “ME NUANOM NKETEWAA YI MU BIAKO YI”
38. Ɔkwan bɛn so na ɔhene no asɛm no kyerɛkyerɛɛ “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguanten no ho a edwiri wɔn bere a ɔhene no to nsa frɛ wɔn no mu?
38 Wɔ nkɔmhyɛ bɛ no mu, bere a Ɔhene no too nsa frɛɛ “nguanten” no sɛ ‘wɔmmra mmɛfa ahenni a wɔasiesie’ ama wɔn fi wiase asefi mu no, wɔn ho dwirii wɔn. Yesu ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnna nnipa trenee no bebua no sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wɔdaa adagyaw na yefuraa wo ntama? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.”—Mateo 25:37-40.
39. So ayamye nneɛma a wɔyɛ maa Ɔhene no nti na wɔfrɛɛ wɔn “nnipa trenee” no, anaasɛ dɛn?
39 Ɛfata sɛ Yesu ka saa nnipa a wɔte sɛ nguanten yi ho asɛm sɛ “nnipa trenee.” Atreneefo a wɔyɛ wɔ n’anim no nyɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔyɛɛ ayamye nneɛma a ɔbɔɔ din no nyinaa maa no nkutoo nti. Te sɛ Kristo yɔnko adedifo 144,000 no, wommu wɔn a wɔte sɛ nguanten yi bem anaasɛ atreneefo esiane wɔn ankasa nnwuma nti. Ade titiriw a na ehia ne ade a ɛdaa adi denam mmɔden a na wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi ama Kristo sɛnea tebea no maa kwan, a ɛne gyidi a wonya wɔ no mu sɛ Onyankopɔn Mesia anaa Kristo no. Wohui sɛ wɔ wɔn ankasa mu no wonni trenee ade biara a edi mu a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nea ɛne eyi hyia no wɔde Onyankopɔn Guammaa, Yesu Kristo afɔrebɔ mogya a ɛyɛ mpata no di dwuma (Yohane 1:29, 36) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya trenee gyinabea wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no, wɔhohoroo wɔn sɛnkyerɛnne kwan so ntade no. Wɔtwe yɛn adwene si eyi so wɔ Yohane anisoadehu a ɛfa “nnipakuw kɛse” no ho no mu.
40. Ɔkwan bɛn so na saa “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no tew wɔn ho wɔ gyinabea bɔne a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no mu, na ɛhe ne ɔkwan bɛn so na wɔde ɔsom kronn ma?
40 Sɛnea ɛbɛyɛ na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguanten yi yɛ Oguammaa Yesu Kristo asuafo a wɔsɔre wɔ Yehowa Nyankopɔn honhom mu asɔrefi no ada adi no, ɔsomafo Yohane bɔ nkɔmmɔbɔ a ɛsɔree wɔ “nnipakuw kɛse” no ho anisoadehu no ho yi ho amanneɛ: “Na mpanyimfo no mu biako bua see me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom, na wofi he? Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔa-hohoro wɔn ntade ama ahoa Oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.” (Adiyisɛm 7:13-15) Enti ɛho hia sɛ wɔhohoro wɔn gyinabea bɔne a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no wɔ Kristo mogya a ohwie gui no mu denam gyidi a wonya so, na ɛno akyi no wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn wɔ ne honhom mu asɔrefi hɔ denam nea wobetumi a wɔyɛ ma Oguammaa Yesu Kristo no so. Ɛnde, ná Yesu betumi aka wɔn ho asɛm ma afata sɛ “nnipa trenee.”
41. (a) Dɛn na saa “nguanten” atreneefo yi kyerɛ fa parousia no ho, bere a woti mu bisa sɛ, “Bere bɛn na yehuu wo” no? (b) Wɔ eyi mu no, dɛn nti na ná ɛsɛ sɛ parousia no yɛ bere a emu twe?
41 Ɛdenam tĩ a wotĩ mu ka sɛ, “Da bɛn na yehuu wo?” bere a wɔbisa nneɛma a ɔhene Yesu Kristo kae sɛ ná wɔayɛ ama no no ho asɛm so no, atreneefo a wɔte sɛ nguanten no ma ɛda adi sɛ wɔanhu no wɔ ɔhonam mu. Ɛte saa, esiane sɛ ne parousia anaasɛ ba a waba n’ahenni mu no yɛ nea nnipa mfa wɔn aniwa nhu nti, mprempren ɔyɛ obi a “nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no.” Ná ɛsɛ sɛ ne parousia no yɛ bere a waba a aniwa ntumi nhu a ɛware ma wɔn, na wɔde ayɛ nneɛma a ɔkae no nyinaa ama no, wɔ ɔkwan foforo so. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɔno na wɔyɛɛ ɔdɔ nnwuma yi nyinaa maa no? Yesu kyerɛkyerɛ mu:
42. Ɔhene no ka kyerɛ “nguanten” no sɛ wɔanyɛ saa nneɛma yi amma ɔno ankasa tẽe wɔ ɔkwan bɛn so?
42 “Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, Sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.”—Mateo 25:40.
43. Wɔ ne parousia no mu no Ɔhene Yesu Kristo wɔ henanom nkaefo wɔ asase so, na ɔkwan bɛn so na ɔkaa wɔn ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ da ne ne wusɔre da no?
43 Wɔ ne parousia anaasɛ ba a waba sɛ ɔhene a wɔde no asi ahengua so a aniwa ntumi nhu no mu no, Yesu Kristo wɔ ne honhom mu nuanom nkaefo bi wɔ ɔhonam mu wɔ asase so a wohu wɔn. Ɛda no ara, ansa na ɔde ne bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no rema no, Yesu kaa saa ne “nuanom” yi ho asɛm, bere a ɔkae sɛ: “Wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no.” (Mateo 23:8-10) Obuu bɛ no akyi nnafua anum no, Awurade Yesu a na wasɔre no yii ne ho adi kyerɛɛ mmea pii ne wusɔre da no na osee wɔn sɛ: “Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛho na wobehu me.”—Mateo 28:9, 10.
44. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kaa saa anuanom yi ho asɛm kyerɛɛ ɔbea foforo wɔ owusɔre da no? (b) Dɛn na Hebrifo 2:10-12 ka wɔ Yesu suban wɔ saa anuanom yi no no ho?
44 Oyii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene nso ɛda a ɔsɔree no na ɔkaa ne honhom mu nuanom no ho asɛm, see no sɛ: “Kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: merebɛkɔ ɔsoro, m’agya ne mo agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.” (Yohane 20:17) Awiei koraa no saa honhom mu anuanom yi dodow bɛyɛ 144,000 a wɔn na wɔne Yesu Kristo, wɔn honhom mu Onua panyin no bɛkyɛ ɔsoro anuonyam no. Nokware a ɛyɛ sɛ saa Kristo honhom mu anuanom yi wɔ hɔ no yɛ nea ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no kaa ho asɛm wɔ Hebrifo 2:10-12, sɛ: “Ɛfataa nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye Safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ a ewie du mu. Na nea ɔtew ho ne wɔn a wɔtew wɔn ho nyinaa fi [Agya] biako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom, sɛ: Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom asafo mu na mɛto ayeyi dwom mama wo.” Saa “anuanom” yi yɛ Hebrini Abraham “aseni” no mufo; na sɛnea ɛbɛyɛ fa ɔbɛboa wɔn ma wɔakɔ ɔsoro anuonyam mu no, Onyankopɔn Ba a ɔwɔ soro no bɛyɛɛ onipa te sɛ wɔn. Saa ara na wɔakyerɛw sɛ:
45. Dɛn nti na wɔyɛɛ Yesu sɛ ne honhom mu nuanom no?
45 “Ampa ara, ɛnyɛ abɔfo na oso wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefo na oso wɔn mu gye wɔn. Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.”—Hebrifo 2:16, 17.
46. Ɔhene Yesu Kristo ani sɔ wɔn a wɔyɛ henanom aboafo titiriw, na dɛn ntia?
46 Sɛnea bere a na Ɔhene Yesu Kristo wɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ne honhom mu anuanom no, saa ara na n’ani sɔ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ne honhom mu anuanom a wɔbɛyɛ ne soro yɔnko adedifo no. Obu nea saa aboafo ayamyefo yi yɛ ma ne “nuanom” no sɛ wɔayɛ ama ɔno ankasa. Ɔde wɔn a wɔde mmoa a ɛte sɛɛ ma no toto nguanten ho. Ɛnyɛ papa anaa adɔe a wɔyɛ ma nnipa nyinaa a ɛmfa ho sɛnea nnipa no te nti na ɔkamfo wɔn. Mpɛn pii no nnipa a wɔyɛ papa anaa adɔe a ɛte saa no suro sɛ wɔbɛyɛ papa titiriw ama Kristo honhom mu anuanom no bere a wɔrehu amane wɔ wiase no. Mmɔden biara a obi bɔ sɛ ɔbɛboa Kristo “nuanom” no de ɔkasatia ne abufuw fi wɔn a wɔsɔre tia Kristo “nuanom” no hɔ ba, wɔn a wɔma Kristo “nuanom” no hu amane pii, na wɔde wɔn gu afiase mpo no.
47. Sɛnea Yesu kae no, dɛn nti na mmoa a wɔde ma wɔ “nguanten” atreneefo no fam no yɛ ade titiriw?
47 Mmom no, wɔn a Yesu a obuu bɛ no ka wɔn ho asɛm sɛ “nguanten” na ɔfrɛ wɔn ‘treneefo’ no yiyi mu a wonsuro. Wofi nyansa mu hyɛ da yɛ Kristo “nuanom” no papa efisɛ wogye eyinom tom sɛ wɔte saa. Wogye di sɛ saa “anuanom” yi resuasua Yesu Kristo na wɔreyɛ adwuma a ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ no. Eyi nti na nneɛma a wɔyɛ de boa Kristo nuanom no yɛ ade titirirw wɔ n’ani so no, efisɛ adeyɛ a ɛte saa yɛ nea efi Kristofo nkate mu ankasa. Saa adwene a ɛte saa wɔ nneɛma ho no na Yesu maa emu daa hɔ maa n’asomafo no, bere a ɔkae sɛ: “Nea ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afã. Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.” (Marko 9:40, 41) “Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.”—Mateo 10:42.
ƆHENE NO “NUANOM” AFÃ A WOGYINA
48. (a) Ansa na 1935 Y. B. reba ne eno akyi no, so Kristo honhom mu anuanom a wɔwɔ asase so no ahyia sɛɛ nneɛma ahorow a ɔkaa ho asɛm no? (b) “Nguanten” a wɔde mmoa mae no de nimdeɛ ne anisɔ ben na ɛyɛɛ saa?
48 Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow da no adi sɛ wɔ wɔn adwuma a ɛyɛ Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa a wɔka ne nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu a wɔyɛ wɔn asuafo no mu de besi afe 1935 Y.B. mu ne ɛno akyi no, ɔkɔm ne osukɔm ankasa ade Kristo honhom mu “nuanom” no, ahia wɔn ntama, wɔayɛ ahɔho a wonni baabi da, wɔayare, na mpo wɔde wɔn akogu afiase a ɛmfata. Ɛnyɛ wɔn ankasa honhom mu “nuanom” nko na abɛboa wɔn, na mmom afoforo nso a wɔmfaa Onyankopɔn honhom nwoo wɔn sɛnea wɔayɛ Kristo “nuanom” no. Wɔn a wodi akyiri yi anyɛ wɔn ade te sɛ nea wonnim nea saa Kristofo a ahia wɔn a wɔrehu amane yi yɛ sɛnea nkurɔfo mpɛ saafo a wɔtaa wɔn yi asɛm no. Mmom no, wogye toom sɛ na eyinom yɛ Onyankopɔn Mesia ahenni no “ahemmɔfo,” na wɔpɛe sɛ wɔde adanse a emu yɛ den ma sɛ ná wogyina Onyankopɔn ahenni no afã.
49, 50. (a) Saa “nguanten” a wɔnyɛ honhom mu Israelfo no gye Ahenni ho dawurubɔ no so dɛn, na hena na wɔde wɔn ho bɔ no? (b) Saa ara na wɔbɔ eyinom asu wɔ hena din mu, na wɔnam saa yɛ so de wɔn ho fam hena ho?
49 Enti wɔn a wɔte sɛ nguanten yi daa wɔn gyidi adi wɔ Yesu Kristo mu sɛ Ɔhene a ɔredi tumi. Wɔn ani gyee Onyankopɔn ahenni a mprempren wɔde asi hɔ no ho asɛmpa a wɔreka no ho, na wɔpɛe sɛ wɔde wɔn ho nyinaa bɛma de aboa. Wogyee Ahenni no ho “ahemmɔfo” no asuafoyɛ adwuma no so, na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu sɛ Kristo asuafo nso a wodi ne nkyerɛkyerɛ ahorow so. (2 Korintofo 5:20; Mateo 24:14; 28:19, 20) ‘Saa kwan a nnipa a wɔte sɛ nguanten a wɔnyɛ honhom mu Israelfo yi afa so no nti, besi nnɛ mpo no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Sakaria 2:11 no renya mmamu saa bere yi: “Amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ [Yehowa] ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtra wo mu.”
50 Saa nnipa a wɔte sɛ nguanten a wofi “amanaman bebree,” aman ne nsupɔw ahorow 206 so, sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, bɔ asu, ɛnyɛ ɔba no ne honhom kronkron no din mu nko, na mmom wɔ Agya no, Oba no Agya, a ɔne Yehowa no din mu nso. Wonnye Ɔba no nko nni na wommu ani ngu Agya no so. Ɛnyɛ ‘Awurade Yesu nko na wogye no di’ na wɔanya nkwa, na mmom wogye tom ankasa sɛ “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.” (Asomafo no Nnwuma 16:31; Asomafo no nnwuma 2:21; Romafo 10:13) Enti wɔbɔ Yehowa din na wɔbɔ wɔn asu wɔ Ne din mu. Wɔde ‘wɔn ho bɛbɔ’ Yehowa, wohyira wɔn ho so ma No na wɔabɛyɛ Ne nkurɔfo. Wogyaw atoro anyame ahorow a kan no ná wɔahyira wɔn ho so ama wɔn no. (Hosea 9:10) Wɔde wɔn ho fam Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Agya no koraa denam Yesu Kristo so.
51, 52. (a) Esiane sɛ wɔabɔ wɔn asu nti henanom ho na wɔde saa”nguanten” yi toto wɔ Sakaria 8:20-23? (b) Hena ne “Yudani” a woso n’atade mmuano mu no?
51 Wɔ wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa denam Kristo so no mu no, wɔyɛ wɔn a wɔte sɛ nguanten yi ho mfonini bio wɔ Sakaria nkɔmhyɛ no mu, sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa] se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba, na kurow biako mufo akɔ kurow biako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkotɔ nsrɛ [Yehowa] anim, na yɛnhwehwɛ asafo [Yehowa] akyi kwan! Me nso mɛkɔ. Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo [Yehowa] akyi kwan Yerusalem, na wɔakotɔ asrɛ [Yehowa] anim. Sɛ asafo [Yehowa] se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”—Sakaria 8:20-23.
52 Wɔ ɛbɛ yi mu no, onipa a saa mmarima a “wofi amanaman kasa nyinaa mu” no só n’atade mmuano mu no yɛ honhom mu Yudani, honhom mu Israelfo 144,000 a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:4-8 no mu biako, a ɛno akyi pɛɛ na ɔsomafo Yohane nyaa “nnipakuw kɛse” a wontumi nkan wɔn a emufo fi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” ho anisoadehu no.
53. (a) Efi afe bɛn titiriw na saa “mmarima du” a wɔka aman ahorow pii so kasa no aso honhom mu Yudafo no atade mmuano mu? (b) Ansa na saa afe no reba no saa honhom mu Yudafo no faa edin soronko bɛn?
53 Wɔ Ɔhene Yesu Kristo ba a waba anaasɛ parousia no mu fi afe 1914 Y.B. mu no, saa honhom mu Yudafo no nkaefo kakraa bi na wɔwɔ ɔhonam mu wɔ asase so. Efi afe 1935 reba titiriw, bere a wɔn a wɔkabom yɛ “nnipakuw kɛse” a woyi Onyankopɔn ne ne Guammaa no ayɛ no ada adi akyi no, na “mmarima du” a wɔka aman pii so kasa no fii ase brɛɛ wɔn ho ase te sɛ nea wɔaso obi atade mmuano mu, na wɔde wɔn ho ama sɛ wɔne honhom mu Yudani no bɛkɔ faako a wɔsɔre asafo Yehowa no. Ansa na afe 1935 reba no, na saa honhom mu Yudafo yi de Bible mu din “Yehowa Adansefo” no ato wɔn ho so mfe anan, enti na Kristofo ko a wɔyɛ no da adi pefee.
54. Ɔkwan bɛn so na wɔkaa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa “nguanten” yi de wɔn ho bɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔsom no no siei wɔ Yesaia 2:2-4?
54 Nokware a ɛyɛ sɛ wɔ saa nna a edi akyiri yi mu no na ɛsɛ sɛ nnipa pii a wɔnyɛ honhom mu Yudafo anaasɛ Israelfo nkaefo no fã de wɔn ho bɛbɔ Yehowa sɛ́ Onyankopɔn wɔ ahosohyira mu na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɔre no wɔ ne honhom mu asɔrefi no yɛ nea wɔkaa ho asɛm too hɔ nso wɔ odiyifo Yesaia asɛm dɛdɛ yi mu: “Nna a edi akyiri no mu no. [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na [Yehowa] asɛm afi Yerusalem. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2-4.
55. (a) Esiane nea ada adi wɔ nkɔmhyɛ ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm no mu nti, dɛn na ɛma obi bɛyɛ ‘oguanten’ a ɔwɔ “trenee” gyinabea wɔ Onyankopɔn ne Kristo anim? (b) Na wɔma Yehowa som so kodu he?
55 Sɛ yesusuw saa Bible nkɔmhyɛ ahorow yi nyinaa a enya mmamu wɔ nnɛ bere yi mu, Kristo ba a waba anaasɛ parousia bere no, ne Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no ho a, dɛn na yetumi hu? Eyi: sɛ ɛnyɛ nim a obi nnim na ɔyɛ Kristo honhom mu nuanom no biako papa ara kwa no na ɛma ɔyɛ ‘oguanten’ a ɔwɔ “trenee” gyinabea wɔ Onyankopɔn ne ne Mesia Hene no anim. Saa “nguanten” kuw no mufo nim nea wɔreyɛ, ɛwom mpo sɛ wɔmfa wɔn aniwa ankasa nhu onipa Ba, ɔhene a ɔredi tumi no de. Wogye ne honhom mu “nuanom” no, mpo “[ne] nuanom nketewa yi mu biako” tom sɛnea ɛfata, na esiane ɛno titiriw nti wɔbɔ mmɔden boa wɔn, ɛnyɛ ɔhonam fam nko, na mmom honhom mu nso denam bɔ a wɔde wɔn ho bɔ wɔn wɔ “ahenni no ho asɛmpa” no ka mu ne wɔ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a nea efi mu ba ne asuafo a wɔyɛ ma Kristo no mu. Wonim sɛ Kristo “nuanom” no rema Yehowa som so sen biribiara, na wɔne eyinom kɔ Yehowa honhom mu asɔrefi kɔsom, na wodu nneɛma a ɛkorɔn a wɔhwehwɛ wɔ eyi fam no ho.
56. (a) Dɛn ne “nguanten” yi gyinabea wɔ ko a wɔne Kristo “nuanom” no bɛko wɔ mpaapaemu ahorow ho mu? (b) Henanom nnamfo na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ, na wɔma wɔn “ntade” ani yɛ dɛn?
56 Esiane sɛ wɔn a wɔte sɛ nguanten no pɛ sɛ wɔboa Kristo honhom mu “nuanom” no na wɔyɛ wɔn papa nti, wɔne wɔn nko wɔ biribiara ho, wɔ ɔman, abusua, honam ani hwɛbea, amanne ne kasa ho. Wogyina Kristo “nuanom’” no afã na woyi wɔn ho koraa fi basabasayɛ, adesɛe, ntawntawdi ahorow a ɛde mogyahwiegu ba ne akameakame a ɛwɔ saa wiase a akode ayɛ no ma yi mu no ho. Wɔbɛyɛ Kristo “nuanom” a “womfi wiase” no nnamfo mmom sen sɛ wɔbɛfa ‘wiase no adamfo.’ (Yohane 17:14, 16; Yakobo 4:4) Enti wɔpaw sɛ wɔne Kristo nuanom no behu amane wɔ wiase bɔne yi mu, na ama wɔakura wɔn Kristofo mudi mu ama Onyankopɔn na wɔada wɔn ho adi nso sɛ wɔyɛ Kristo asuafo ankasa. Wɔma wɔn “ntade” a wɔahoro wɔ Kristo mogya mu no ani tew.
57. (a) Sakaria 8:23 kyerɛ sɛ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔresom no nkyekyem te dɛn? (b) Wɔ 1935 Y. B. mu no, na anyamesomfo a wɔwɔ wiase no dodow ho akontaabu yɛ ahe na wɔde toto Yehowa adansefo a na wɔn dodow yɛ ahe ho?
57 Nokware a ɛyɛ sɛ wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Sakaria 8:23 sɛ “mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu” besuso honhom mu Yudani anaasɛ Israelni atade mmuano mu no kyerɛ sɛ saa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase a wofi amanaman nyinaa so no bɛdɔɔso asen honhom mu Yudafo anaasɛ Israelfo nkaefo no. Wɔkyekyem a ɛbɛyɛ sɛ nnipa du na woso obiako de mu. Eyi aba saa ampa fi afe 1935 Y.B. mu. Wɔ saa afe titiriw no mu no, wobuu akontaa sɛ, anyamesom kuw ahorow, Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo a na wɔwɔ wiase nyinaa no dodow yɛ 1,849,185,359. (The World Almanac and Bookof Facts ma 1936, a New York World-Telegram yɛe, kratafa 419) Wɔ saa afe koro no ara mu no na Yehowa Adansefo a wobu wɔn asɛnka adwuma ho akontaa wɔ wiase nyinaa no dodow nnu 60,000. Nnipa a wɔwɔ wiase no dodow akodu ahe fi saa bere no?
58. Efi 1935 mu no, anyamesomfo a wɔwɔ wiase no dodow akɔ anim akodu ahe, na wiase nnipa dodow nyinaa nso ɛ?
58 Sɛnea The 1973 World Almanac and Book of Facts, kratafa 343 kyerɛe no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ná nnipa a wɔyɛ anyamesomfo wɔ wiase no dodow yɛ 2,661,120,100. Na eyi kyerɛ sɛ efi 1935 besi 1973 no ná nnipa a wɔyɛ anyamesomfo wɔ wiase no dodow mmu mmɔɔ ho. Afei, ɛfa nnipa dodow a wɔwɔ wiase nyinaa ho wɔ afe 1935 mu no, akontaa a wobui wɔ 1927 mu no ara na wɔbɔɔ ho amanneɛ a na wɔnsakraa no, a na ɛyɛ 1,960,000,000. Sɛnea ná The 1973 World Almanac and Book of Facts kratafa 206 kyerɛ no, na nnipa a wɔwɔ wiase no dodow yɛ 3,631,797,000. Enti, efi 1935 besi 1973 mu no na nnipa a wɔwɔ wiase no dodow mmu mmɔɔ ho ankasa ɛ.
59. Wɔ 1971/1972 ɔsom afe no mu no, na Yehowa adansefo dodow no akɔ anim akodu ahe?
59 Na ɛfa Yehowa Adansefo dodow ho nso ɛ? Wɔn ɔsom afe fi ase September 1 afe biara. Enti, wɔ 1971/1972 ɔsom afe no mu no wobuu akontaa sɛ, Sɛ wɔkyekyem a na dodow a wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo a wɔkɔ asɛnka daa no yɛ 1,596,442, ɛwom sɛ saa ɔsom afe no mu no wonyaa Ahenni adawurubɔfo a ɛsen biara a ɛne 1,658,990 de. Hwɛ nkɔanim ara a eyi yɛ wɔ Yehowa Adansefo no dodow mu sɛ wɔde toto sɛnea na wɔn dodow te wɔ 1935 mu no ho a!
60. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛɛ wɔn mu dodow a na wɔyɛ honhom mu Yudafo? (b) Efi eyi nyinaa mu no, dɛn na yɛhyɛ no nsow wɔ kɔ a nkurɔfo kɔ Yehowa honhom mu asɔrefi kɔsom no ho? (d) Enti bere titiriw bɛn mu na yɛte yi?
60 Nanso na Yehowa adansefo Kristofo yi mu baahe na wɔyɛ honhom mu Yudafo? Ná ɛyɛ 10,350 pɛ. Eyinom daa wɔn ho adi sɛ honhom mu Israelfo denam sɛnkyerɛnne kwan so abodoo no bi a wodii ne sɛnkyerɛnne kwan so bobesa no bi a wɔnomee wɔ afe afe Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase, wɔ March 29, 1972 mu, a nnipa 3,662,407 na wɔbaa afahyɛ no ase wɔ wiase nyinaa no so. Wɔ nsase ne po so nsupɔw 208 a ná Yehowa adansefo Kristofo reka asɛm wɔ so no so no, na wɔwɔ asafo ahorow 28,407. Dɛn na yehu fi eyi nyinaa mu? Eyi: sɛ wɔ Kristo parousia (ba a waba) a aniwa ntumi nhu no mu no wɔaboaboa nnipakuw kɛse” a wɔyɛ nnipa a wɔte sɛ nguanten a wofi aman, mmusua, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa mu ano agyina Ɔhene no nsa nifa na wɔakɔka honhom mu Israelfo nkaefo kakraa no ho, na wɔkɔ Yehowa honhom mu asɔrefi kɔsom No sɛ Onyankopɔn. Eyi yɛ “sɛnkyerɛnne” no fã titiriw a edi adanse sɛ Awurade Yesu “ba a waba” anaasɛ parousia a wonhu no rekɔ so, ne sɛ yɛte “nneɛma nhyehyɛe no awiei” mu.—Mateo 24:3.