“Momfa Ntotoso Du Du No Nyinaa Mmra Adekora Dan Mu”
‘Momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo anaa?’—MALAKI 3:10.
1. (a) Wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no, ɔfrɛ bɛn na Yehowa de maa ne nkurɔfo? (b) Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, dɛn na efii asɔrefi hɔ a Yehowa ba bebuu atɛn no mu bae?
WƆ AFEHA a ɛto so anum A.Y.B. mu no, Israelfo no anni Yehowa nokware. Wɔantua ntotoso du du na wɔde mmoa a wɔmfata baa asɔrefi hɔ de bɛbɔɔ afɔre. Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ wɔde ntotoso du du no nyinaa ba adekora dan mu a, obehwie nhyira agu wɔn so kosi sɛ hwee renhia wɔn bio. (Malaki 3:8-10) Bɛyɛ mfe 500 akyi no, Yehowa, a Yesu gyinaa n’anan mu sɛ N’apam bɔfo no, baa Yerusalem asɔrefi hɔ bebuu atɛn. (Malaki 3:1) Wohuu sɛ Israel tɔ sin sɛ ɔman, nanso ankorankoro a wɔsan baa Yehowa nkyɛn no nyaa nhyira pii. (Malaki 3:7 ) Wɔsraa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Yehowa honhom mu mma, abɔde foforo, “Onyankopɔn Israel.”—Galatifo 6:16; Romafo 3:25, 26.
2. Bere bɛn na na Malaki 3:1-10 benya ne mmamu a etia abien, na dɛn na wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnyɛ wɔ eyi ho?
2 Eyi akyi bɛyɛ mfe 1,900 wɔ 1914 mu no, wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no mu Hene, na na nsɛm a ɛwɔ Malaki 3:1-10 a wofi soro de mae no rebenya ne mmamu a etia abien. Ɛdefa anigyesɛm yi ho no, wɔto nsa frɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wɔmfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso yebenya nhyira kosi sɛ hwee renhia yɛn bio.
3. Ná hena ne ɔbɔfo a ɔresiesie ɔkwan mu ama Yehowa (a) wɔ afeha a edi kan no mu? (b) ansa na wiase ko a edi kan no reba?
3 Yehowa kaa asɔrefi hɔ a ɔbɛba no ho asɛm sɛ: “Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim.” (Malaki 3:1) Sɛ́ eyi mmamu wɔ afeha a edi kan no mu no, Osuboni Yohane baa Israel bɛkaa bɔne ho ahonu ho asɛm. (Marko 1:2, 3) So wɔyɛɛ adwuma de siesiee kwan maa Yehowa ba a ɔbɛba n’asɔrefi ne mprenu so no anaa? Yiw. Mfe dudu a edii wiase ko a edi kan no anim mu no, Bible Asuafo no daa wɔn ho adi wɔ wiase na wɔkyerɛkyerɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ kronn, paa atoro a ebu Onyankopɔn animtiaa te sɛ Baasakoro ne hellgya nkyerɛkyerɛ no ho ntama. Wɔde Amanaman Mmere no awiei a ɛreba wɔ 1914 mu no ho kɔkɔbɔ nso mae. Pii tiee nokware hann kurafo yi.—Dwom 43:3; Mateo 5:14, 16.
4. Asemmisa bɛn na na ɛsɛ sɛ wobua wɔ Awurade da no mu?
4 Afe 1914 mu na nea Bible frɛ no “Awurade da no” fii ase. (Adiyisɛm 1:10) Na nsɛm akɛse rebesisi wɔ saa da no mu, a nea ɛka ho ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a wobehu no ne “nea [Owura no] wɔ nyinaa” a ɔbɛma wadi so no. (Mateo 24:45-47) Wɔ 1914 mu no, nsɔre mpempem pii kae sɛ wɔyɛ Kristofo. Ná kuw bɛn na Owura, Yesu Kristo no, begye wɔn atom sɛ wɔne n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma no? Ná wɔbɛma saa asemmisa no ho mmuae bere a Yehowa aba n’asɔrefi hɔ no.
Honhom mu Asɔrefi hɔ Ba
5, 6. (a) Asɔrefi bɛn mu na Yehowa ba bebuu atɛn no? (b) Atemmu bɛn na Kristoman nya fii Yehowa hɔ?
5 Nanso, asɔrefi bɛn mu na ɔbae? Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ asɔrefi ankasa bi a ɛwɔ Yerusalem. Wɔsɛee saa asɔrefi no mu nea etwa to no wɔ 70 Y.B. mu. Nanso, Yehowa wɔ asɔrefi kɛse bi a nea na ɛwɔ Yerusalem no yɛɛ ho mfonini. Paulo kaa saa asɔrefi kɛse yi ho asɛm na ɔkyerɛɛ sɛnea ɛyɛ kɛse ampa, na ɛwɔ kronkronbea wɔ ɔsoro ne adiwo wɔ asase so ha no. (Hebrifo 9:11, 12, 24; 10:19, 20) Ɛyɛ saa honhom mu asɔrefi kɛse yi mu na Yehowa ba bɛyɛɛ atemmu adwuma no.—Fa toto Adiyisɛm 11:1; 15:8 ho.
6 Bere bɛn na eyi sii? Sɛnea adanse pii a ɛwɔ hɔ no kyerɛ no, esii 1918 mu.a Dɛn na efii mu bae? Yehowa huu Kristoman sɛ ahyehyɛde bi a adi mogya bebree ho sõ, nyamesom nhyehyɛe bi a aporɔw na ɛne wiase yi abɔ aguaman, ɛne adefo ayɛ biako hyɛ ahiafo so, na ɛkyerɛkyerɛ abosonsom nkyerɛkyerɛ sen sɛ ɛde ne ho bɛhyɛ ɔsom kronn mu. (Yakobo 1:27; 4:4) Yehowa nam Malaki so bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafoayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, akunafo ne ayisaa amim.” (Malaki 3:5) Ná Kristoman ayɛ eyi nyinaa ne nea ɛsen saa. Ebeduu 1919 mu no, wohui pefee sɛ Yehowa abu no atɛn sɛ wɔbɛsɛe no aka Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahyehyɛde no mu nkaefo no ho. Efi saa bere no, wɔpaee ɔfrɛ yi kyerɛɛ nnipa komapafo nyinaa sɛ: “Me man, mumfi no mu.”—Adiyisɛm 18:1, 4.
7. Henanom na Yesu gyee wɔn toom sɛ n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma no?
7 Ɛnde, na henanom ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no? Wɔ afeha a edi kan no mu no, wofii ase sɛ kuw ketewaa a wogyee Osuboni Yohane ne Yesu a ɔne apam bɔfo no adanse adwuma no so no. Wɔ yɛn afeha yi mu no, ɛyɛ nnipa mpempem kakraa bi a wogyee ahosiesie adwuma a Bible Asuafo no yɛe wɔ mfe a edii 1914 anim bae mu no so no. Eyinom gyinaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den ano wɔ wiase ko a edi kan no mu, nanso wɔkyerɛe sɛ wɔn koma wɔ Yehowa afã.
Ntewho Adwuma Bi
8, 9. Wɔ 1918 mu no, na nneɛma bɛn mu na akoa nokwafo ne ɔbadwemma no hia ntewho, na eyi ho bɔhyɛ bɛn na na Yehowa de ama?
8 Nanso, na ehia sɛ wɔtew kuw yi mpo ho. Ebinom a na wɔde wɔn ho abɔ wɔn ho daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ gyidi no atamfo na na ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi wɔn mu. (Filipifo 3:18) Ná afoforo mpɛ sɛ wodi asɛyɛde a Yehowa som de ba no ho dwuma na wɔtwee wɔn ho. (Hebrifo 2:1) Ɛno akyi no, na Babilon nneyɛe ahorow bi da so ara wɔ hɔ a ehia sɛ woyi fi hɔ. Ná ɛsɛ sɛ wɔtew akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ho sɛ ahyehyɛde nso. Ná ɛsɛ sɛ wosua wiase no fã a wɔrenyɛ ho gyinabea pa na wɔde di dwuma. Na bere a wiase no kɔɔ so porɔwee no, na ehia sɛ wɔkɔ so yere wɔn ho na wɔamma abrabɔ ne honhom fam fi amma asafo ahorow no mu.—Fa toto Yuda 3, 4 ho.
9 Yiw, na ehia sɛ wɔtew wɔn ho, nanso na Yehowa fi ɔdɔ mu ahyɛ Yesu a ɔte ahengua so no ho bɔ sɛ: “Ɔbɛtra ase anan dwete ayiyi mu, na obeyiyi Lewi mma mu, na wapaw wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛde brɛ [Yehowa] trenee mu.” (Malaki 3:3) Efi 1918 no, Yehowa nam saa apam bɔfo yi so adi ne bɔhyɛ no so na watew ne nkurɔfo ho.
10. Afɔre bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo bɔe, na ɔfrɛ bɛn na Yehowa de maa wɔn?
10 Kristo nuanom a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse a akyiri yi wɔbɛkaa wɔn ho wɔ Yehowa som mu no nyinaa nyaa sɛnea Yehowa nan dwetɛ na ɔtew ho no mu mfaso. (Adiyisɛm 7:9, 14, 15) Sɛ́ ahyehyɛde no, wɔbae, na wɔda so ara ba, de ayɛyɛde bɛma wɔ trenee mu. Na wɔn ayɛyɛde no ‘sɔ Yehowa ani sɛ tete nna ne kan mfe no.’ (Malaki 3:4) Eyinom na Yehowa too nsa frɛɛ wɔn nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan atra me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?”—Malaki 3:10.
Afɔrebɔ ne Ntotoso Du Du
11. Dɛn nti na wɔnhwehwɛ sɛ wɔbɔ afɔre horow a Mose Mmara kyerɛe no bio?
11 Wɔ Malaki bere so no, Onyankopɔn nkurɔfo bɔɔ afɔre ahorow yiyii ntotoso du du ankasa te sɛ awi, nnuaba, ne nyɛmmoa. Yesu bere so mpo no, Israelfo anokwafo bɔɔ afɔre ankasa wɔ asɔrefi hɔ. Nanso, Yesu wu no sakraa ɛnonom nyinaa. Woyii Mmara no fii hɔ, a na ahyɛde a ese wɔmmɔ afɔre na wonyi ntotoso du du wɔ honam fam no ka ho. (Efesofo 2:15) Afɔre a na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no nkɔmhyɛ kwan so nsusuwso no baa mu wɔ Yesu so. (Efesofo 5:2; Hebrifo 10:1, 2, 10) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi abɔ afɔre ayi ntotoso du du?
12. Honhom fam afɔre ahorow bɛn na Kristofo bɔ?
12 Wɔn fam no, afɔre ahorow a wɔbɛbɔ no yɛ honhom fam de wɔ ɔkwan a ɛda nsow so. (Fa toto Filipifo 2:17; 2 Timoteo 4:6 ho.) Sɛ́ nhwɛso no, Paulo kaa asɛnka adwuma no ho asɛm sɛ afɔrebɔ bere a ɔkae sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” Ɔtwee adwene sii honhom fam afɔrebɔ foforo bi so bere a ɔhyɛe sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 13:15, 16) Sɛ awofo hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ akwampae adwuma no mu a, wobetumi aka sɛ wɔde wɔn rebɔ afɔre ama Yehowa, te sɛ nea Yefta de ne babea no bɔɔ “afɔre mũ” maa Onyankopɔn a ɔma odii nkonim no ara pɛ.—Atemmufo 11:30, 31, 39.
13. Dɛn nti na wɔnhwehwɛ sɛ Kristofo de sika a wonya no abupɛn du ankasa ma?
13 Na ntotoso du du nso ɛ? So ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wobeyi sika ankasa a wonya no abupɛn du na wɔde ama Yehowa ahyehyɛde no, sɛnea wobetumi de atoto nea wɔyɛ wɔ Kristoman nsɔre bi mu no ho? Dabi, wɔnhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa. Kyerɛwsɛm biara nni hɔ a ɛde mmara a ɛte sɛɛ ma Kristofo. Bere a na Paulo regyigye ntoboa ama wɔn a na ahia wɔn wɔ Yudea no, wanka sɛ wɔmfa nkyem pɔtee bi mma. Mmom no, ɔkae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Bere a ɔreka wɔn a wɔreyɛ ɔsom nnwuma atitiriw bi ho asɛm no, Paulo kyerɛe sɛ bere a na wɔde ntoboa a wofi wɔn pɛ mu de ma na ɛhwɛ ebinom ɔkwan a ɛfata so no, na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ adwuma de ahwɛ n’ankasa ho. (Asomafo no Nnwuma 18:3, 4; 1 Korintofo 9:13-15) Wɔanyi ntotoso du du biara amma atirimpɔw yi.
14. (a) Dɛn nti na ntotoso du du a yɛde ma no nnyina hɔ mma nea yɛwɔ nyinaa a yɛde ma Yehowa? (b) Ntotoso du du no gyina hɔ ma dɛn?
14 Ɛda adi pefee sɛ wɔ Kristofo fam no, ntotoso du du no yɛ sɛnkyerɛnne anaa egyina hɔ ma biribi. Esiane sɛ ɛyɛ abupɛn du, na akontaahyɛde a ɛne du no taa yɛ asase so nneɛma a edi mũ ho sɛnkyerɛnne wɔ Bible no mu nti, so ntotoso du du no gyina hɔ ma nea yɛwɔ nyinaa a yɛde bɛma Yehowa anaa? Dabi. Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa na yɛnam nsu mu asubɔ so yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne a, saa bere no na yɛde nea yɛwɔ nyinaa ma no. Efi yɛn ahosohyira bere so rekɔ no, yenni biribiara a ɛnyɛ Yehowa de dedaw. Nanso, Yehowa ma ankorankoro hokwan sɛ wɔmfa wɔn nneɛma nni dwuma sɛnea wɔpɛ. Enti ntotoso du du no gyina hɔ ma nneɛma a ɛyɛ yɛn de no fã a yɛde ma Yehowa, anaa yɛde di dwuma wɔ Yehowa som mu, sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne gye a yegye tom sɛ yɛyɛ ne de no ho sɛnkyerɛnne. Ɛho nhia sɛ nnɛyi ntotoso du du no yɛ abupɛn du ara kɛkɛ. Wɔ ebinom fam no, ebesua asen saa. Afoforo fam no, ɛbɛdɔɔso asen saa. Ankorankoro biara de nea ne koma ka no sɛ ɔmfa mma ne nea ne nsɛm tebea ma no kwan sɛ onyi no na ɛma.
15, 16. Dɛn na ɛka yɛn honhom fam ntotoso du du no ho?
15 Dɛn na ɛka saa honhom fam ntotoso du du yi ho? Biako ne sɛ, yɛde yɛn bere ne ahoɔden ma Yehowa. Bere a yɛde kɔ adesua, nhyiam nketewa ne akɛse, asɛnka, eyinom nyinaa yɛ biribi a yɛde ma Yehowa—yɛn ntotoso du du no fã bi. Bere ne ahoɔden a yɛde kɔsra ayarefo na yɛde boa afoforo—eyinom nyinaa nso yɛ yɛn ntotoso du du no fã bi. Ahenni Asa horow a yɛboa ma wosi ne ɛso hwɛ ne mu asiesie a yenya mu kyɛfã no nso yɛ ne fã bi.
16 Sika ntoboa a yeyi no nso ka yɛn ntotoso du du no ho. Sɛnea Yehowa ahyehyɛde no mu atrɛw anwonwa kwan so wɔ nnansa yi mfe mu no ama asɛyɛde ahorow a wɔde sika di ho dwuma adɔɔso. Wohia Ahenni Asa ne baa dwumadibea ne Nhyiam Asa afoforo, ne nea wɔde bɛhwɛ nea wɔasi dedaw no so. Sika a wɔde bɛhwɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama wɔ ɔsom nnwuma atitiriw bi mu—a mpɛn pii no wɔn ankasa de nneɛma akɛse bɔ afɔre na ama wɔayɛ saa no—nso yɛ ka a ɛsõ yiye. Wɔ 1991 mu no, sika a wɔde hwɛɛ asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, ne akwampaefo atitiriw no nkutoo ano sii dɔla ɔpepem 40 ne akyi, na ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yii na ɛma wonyaa ne nyinaa.
17. Dɛn pɔtee na ɛsɛ sɛ yɛde ma sɛ yɛn honhom fam ntotoso du du?
17 Dɛn pɔtee na ɛsɛ sɛ yɛde ma sɛ yɛn honhom fam ntotoso du du? Yehowa nkyerɛ dodow bi. Nanso, atenka a yenya sɛ yɛahyira yɛn ho so, nokware dɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne anuanom no, ne sɛnea hu a yehu sɛ ɛsɛ sɛ wogye nnipa bi nkwa no ma yɛte ntɛmpɛ nka no, hyɛ yɛn nkuran ma yɛde yɛn honhom fam ntotoso du du nyinaa ba. Yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa sɛnea yebetumi nyinaa. Sɛ yɛanyi yɛn yam amfa yɛn ho anaa yɛn nneɛma amma a, eyi bɛyɛ sɛ nea yɛrefow Onyankopɔn ara pɛ.—Fa toto Luka 21:1-4 ho.
Nhyira a Wonya ma Ɛboro So
18, 19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo anya nhyira esiane ntotoso du du no nyinaa a wɔde bae nti?
18 Efi 1919 no, Yehowa nkurɔfo ayi wɔn yam de wɔn bere, ahoɔden, ne sika adi asɛnka adwuma no mu ahiade ahorow ho dwuma. Wɔde ntotoso du du no nyinaa aba adekora dan mu ampa. Nea afi mu aba ne sɛ Yehowa adi ne bɔhyɛ so ahwie nhyira agu wɔn so ma aboro so. Wɔahu eyi ankasa wɔ sɛnea wɔadɔɔso pii no mu. Efi wɔn a wɔasra wɔn mpem kakraa bi a na wɔresom Yehowa bere a ɔbaa n’asɔrefi wɔ 1918 mu no, wɔn dodow akɔ anim araa akosi sɛ nnɛ, wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, nguan foforo no, dodow adu ɔpepem anan ne akyi koraa wɔ nsase horow 211 so. (Yesaia 60:22) Wɔde nokware no ho ntease a ɛkɔ so yɛ kɛse nso ahyira eyinom. Nkɔmhyɛ asɛm no agyina pintinn kɛse ama wɔn. Ahotoso a wɔwɔ wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow no mmamu mu no atim hɔ pintinn. (2 Petro 1:19) Nokwarem no, wɔyɛ nnipa a ‘Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn.’—Yesaia 54:13.
19 Yehowa nam Malaki so hyɛɛ nhyira foforo ho nkɔm sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa] na wobu ne din no.” (Malaki 3:16) Ahyehyɛde ahorow a wose wɔyɛ Kristofo nyinaa mu no, Yehowa Adansefo nkutoo na wobu ne din na wɔma ɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. (Dwom 34:3) Hwɛ sɛnea wɔn ani gye sɛ wɔma wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa kae wɔn nokwaredi no!
20, 21. (a) Abusuabɔ a nhyira wom bɛn na nokware Kristofo wɔ? (b) Kristosom mu nsonsonoe bɛn na emu kɔ so da hɔ pefee?
20 Nkaefo a wɔasra wɔn no yɛ Yehowa nkurɔfo titiriw bi, na nnipakuw kɛse a wɔba yuu de wɔn ho bɛbɔ wɔn ho no ne wɔn nya ɔsom kronn mu nhyira horow no bi. (Sakaria 8:23) Yehowa nam Malaki so hyɛ bɔ sɛ: “Wɔbɛyɛ me de, asafo [Yehowa] na ose, ɛda a mɛyɛ no so, ayɛ m’ankasa m’ade, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.” (Malaki 3:17) Nhyira bɛn ara na ɛyɛ sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu dwen wɔn ho sɛɛ yi!
21 Nokwarem no, nokware Kristofo ne atoro Kristofo ntam nsonsonoe no kɔ so da adi kɛse. Bere a Yehowa nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wobekura ne gyinapɛn ahorow mu no, Kristoman kɔ so mem wɔ wiase no fĩ a ɛte sɛ dontori no mu. Nokwarem no, Yehowa nsɛm yi abam sɛ: “Mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Malaki 3:18.
22. Sɛ yɛkɔ so de ntotoso du du no nyinaa ba a, nhyira horow bɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nsa bɛka?
22 Ɛrenkyɛ na atoro Kristofo akontaabu da no adu. “Hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ ɔfononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo [Yehowa] na ose.” (Malaki 4:1) Yehowa nkurɔfo nim sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban saa bere no, sɛnea ɔbɔɔ ne honhom mu man no ho ban wɔ 70 Y.B. mu no. (Malaki 4:2) Hwɛ sɛnea wɔn ani gye sɛ wɔwɔ saa awerɛhyem no! Enti, ansa na saa bere no bedu no, ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛkyerɛ anisɔ ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa denam ntotoso du du no nyinaa a yɛde bɛba adekora dan mu no so. Afei, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ahyira yɛn ma aboro so.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ September 1, 1987, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 24-30.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Bere bɛn na Yehowa ne n’apam bɔfo no baa asɔrefi hɔ wɔ nnɛ bere yi mu?
◻ Henanom ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no, no ntewho bɛn na na wohia wɔ 1918 akyi?
◻ Honhom Fam afɔre ahorow bɛn na nokware Kristofo bɔ ma Yehowa?
◻ Ntotoso du du bɛn na wɔto nsa frɛ Kristofo sɛ wɔmfa mmra adekora dan mu no?
◻ Honhom fom ntotoso du du a Onyankopɔn nkurɔfo de ba no ma wonya nhyira horow bɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Nea ɛka yɛn honhom fam ntotoso du du ho ne yɛn ahoɔden ne nneɛma a yɛde bɛma ma wɔde asi Ahenni Asa horow
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Esiane sɛnea Yehowa ahyira ne nkurɔfo nti, ɛho ahia sɛ wosisi adan pii, a Ahenni ne Nhyiam Asa ahorow nso ka ho