Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 7/1 kr. 13-18
  • Trenee A Wobu Obi Sɛ Onyankopɔn Adamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Trenee A Wobu Obi Sɛ Onyankopɔn Adamfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Ne Ba Adam
  • Trenee A Wobui Ansa Na Kristo Reba ​—Ɔkwan Bɛn So?
  • Sɛnea Wobuu Abraham Trenee
  • Yehowa Nkae Nhoma No
  • Wobu Wɔn Trenee Sɛ Nnamfo Ma Nkwagye
  • Pɛyɛ Mu Wɔde Wɔn Ba
  • “Anuonyam Adehyedi” Sɛ “Onyankopɔn Mma“
  • Bu A Wobu Wɔn Trenee “Ma Nkwa“
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nya Yehowa Trenee Mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Atreneefo Wusɔre Ɛba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Gyidi Ne Nnwuma Betumi Ama Yɛayɛ Atreneefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 7/1 kr. 13-18

Trenee A Wobu Obi Sɛ Onyankopɔn Adamfo

”Abraham gyee Onyankopɔn dii, no wobuu ɛno trenee maa no, no wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo.”​—YAKOBO 2:23.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na wɔrepata ‘ɔsoro nneɛma’ ne ‘asase so nneɛma’ abom wɔ Onyankopɔn mu?

“ƐSƆƆ Onyankopɔn ani sɛ [Kristo] mayɛ nyinaa bɛtra no mu, na ɔnam no so apata ɔno ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam n’asɛndua ho mogya so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa, asase so de oo, ɔsoro de oo, ne no ntam.” (Kolosefo 1:19, 20) Ɔsoro atirimpɔw a ɛfa nkabom ho yi rebɛn n’awiei.

2 Ɔsoro nneɛma’ no nyɛ honhom abɔde, efisɛ ɛnyɛ abɔfo na wɔde Kristo mogya no agye wɔn. Mmom no, ɛyɛ nnipa a wɔde Oguammaa no mogya tɔɔ wɔn sɛ wɔne Kristo mmɛyɛ ‘ahene ne asɔfo’ wɔ “ɔsoro foforo” no mu no. Wɔnam Kristo mogya no so abu eyinom trenee akosi ase dedaw. Afei nso, bɛyɛ mfirihyia 50 bi ni no, Yehowa rema asomdwoe aba ɔne ‘asase so nneɛma’ a ɛyɛ nnipa a wɔbɛba abɛyɛ trenee “asase foforo” no fã no ntam. (Adiyisɛm 5:9, 10; 2 Petro 3:13) “Nneɛma nyinaa,” asase so de ne ɔsoro de, a ‘wɔboaboa ano’ yi yɛ ‘sɛnea [Yehowa] anisɔ a ɔbɔɔ ne tirim no te.’​—Efesofo 1:9, 10.

Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Ne Ba Adam

3, 4. Ná Adam gyinabea wɔ Onyankopɔn anim ne dɛn, nanso wɔ dɛn mu na na ɛho hia ara sɛ wobu no trenee?

3 Wɔbɔɔ Adam sɛ Onyankopɔn ba desani a ɔyɛ pɛ na ɔteɛ. (Luka 3:38) Ne trenee no nyɛ nea wɔde dom no anaa nea wɔde kyɛɛ no. Onya fii awo mu. Wɔ asɛm a ɛfa obi ho a enni asɛm wɔ Yehowa anim no ho de, na ɛho nhia sɛ “wobu” Adam trenee wɔ ɛno mu. Bere dodow a ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ Onyankopɔn nniso a ɛteɛ no ase no, na ɔwɔ gyinabea pa wɔ ne Bɔfo no anim.

4 Nanso na ɔnnaa no adi sɛ ɔyɛ mudi mu kurafo na na wonnya mmuu no sɛ ɔfata daa nkwa wɔ asase so hokwan no. Wɔ ɛno mu no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ ne nokwaredi ma Yehowa ne sɛnea ɔpɛ trenee wɔ bere tenten bi mu. Sɛ okuraa ne mudi mu wɔ sɔhwɛ mu a, anka obenya daa nkwa wɔ asase so hokwan no. Anka ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn aka, anaasɛ wakyerɛw ato hɔ sɛ Adam fata nkwa a eni awiei. Sɛ́ eyi ho sɛnkyerɛnne no, akyinnye biara nni ho sɛ anka Yehowa de no bɛkɔ “nkwa dua” no ho na wama wadi n’aba no bi.​—Genesis 2:9, 16, 17; 3:22.

5. (a) Dɛn na Adam ma ɛbɔɔ n’ankasa ne n’asefo? (b) Ogye wɔ bɔne ne owu mu ho anidaso bɛn na Yehowa de maa adesamma abɔde no?

5 Nanso bere a wɔsɔɔ Adam hwɛe no wantumi na ɛno maa pɛyɛ, trenee, ne ɔba a n’ankasa ne n’asefo bɛyɛ no bɔɔ ɔne n’asefo nyinaa. (Romafo 5:12) Enti wɔwoo Adam asefo nyinaa a na wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho a fi awo mu no wɔyɛ nnipa a wɔnteɛ. (Efesofo 2:3; Romafo 3:10) Enti, wɔde adesamma abɔde no “ahyɛ adehunu ase” nanso wɔ “anidaso mu,” ogye wɔ bɔne ne owu mu ho anidaso a wɔde mae wɔ Eden atuatew no akyi pɛɛ.​—-Romafo 3:20, 21; Genesis 3:15.

Trenee A Wobui Ansa Na Kristo Reba ​—Ɔkwan Bɛn So?

6, 7. (a) Wobuu nnipa binom trenee koduu he ansa na Kristo afɔrebɔ wu no reba? (b) nhwɛso ahorow a ɛfa Yehowa tete asomfo a wonyaa trenee gyinabea ho no bi ne nea ɛwɔ he?

6 Ogye fi bɔne ne owu mu ho anidaso a adesamma wɔ no gyina “aseni” a wɔahyɛ ne ho bɔ, Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, no ba no so. (Yohane 3:16) Ansa na Kristo rewu afɔrebɔ wu no, na ɔkwan biara nni hɔ a nnipa bɛfa so anya “bembu ne nkwa,” anaasɛ “bu a wobebu wɔn trenee ama nkwa.” (Romafo 5:18, Revised Standard Version; New World Translation) Nanso ansa na Kristo retua agyede no na wɔde agye onipa mpo no, na mmarima ne mmea binom wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ no mu gyidi na wɔde nnwuma kaa saa gyidi no ho. Esiane eyi nti, Yehowa fi ayamye mu de wɔn bɔne firii wɔn na ogyee wɔn toom sɛ n’asomfo. Ofi ɔdɔ mu buu wɔn sɛ wɔn ho nni asɛm wɔ nsɛso kwan so, sɛ wode wɔn toto adesamma dodow no ara a wɔatwe wɔn ho afi Onynkopɔn ho no ho a. (Dwom 32:1, 2; Efesofo 2:12) Ɔmaa wɔn trenee gyinabea, obuu wɔn trenee koduu baabi a ɛfata saa bere no.

7 Enti gyidi nti na Habel “nyaa‘ adanse sɛ ɔteɛ.” (Hebrifo 11:4) Noa ‘bɛyɛɛ gyidi ho trenee difo.’(Hebrifo 11:7) Wɔ ne sintɔ ahorow nyinaa akyi no, wɔkaa Hiob ho asɛm sɛ ‘odi mu na ɔteɛ.” (Hiob 1:1, 22; 7:21) Pinehas daa nnamyɛ wɔ ɔsom kronn ho adi, “na wobuu eyi trenee maa no.” (Dwom 106:30, 31; Numeri 25:1-13) ‘Ɛdenam gyidi’ ne ayamye nnwuma a ɔyɛ maa Onyankopɔn nkurɔfo so no, aguaman Rahab a ɔnyɛ Israelni no nyaa trenee gyinabea, anaasɛ wobuu no trenee. -Hebrifo 11:31; Yakobo 2:25.

Sɛnea Wobuu Abraham Trenee

8, 9. (a) Hena trenee ne ade titiriw a Paulo kaa ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na “ahotefo” a wobu wɔn trenee no kɔ akyiri sen Abraham de no?

8 Abraham asɛm no yɛ nea ɛfata sɛ yesusuw ho titiriw. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo baanu a na wɔn nyinaa rekyerɛw akɔma afeha a edi kan Kristofo a na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ honhom mu Israel a emufo yɛ 144,000 no mufo no kaa bu a wobuu Abraham trenee no ho asɛm.​—Romafo 2:28, 29; 9:6; Yakobo 1:1; Adiyisɛm 7:4.

9 Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔkae sɛ wobu wɔn a “wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo” (1:7) , Yudafo ne Amanaman Mufo nyinaa (1:16, 17) trenee “denam gyidi a mmara nnwuma nka ho so.” (3:28, NW) Sɛ́ nea ɔde reboa n’asɛm yi no, ɔde nkyerɛkyerɛmu tenteenten ma (4:1-22) na ɔfa asɛm a ɛwɔ Genesis 15:6 no ka sɛ: “[Abraham] gyee [Yehowa] dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no.” Afei wɔ nkyekyem a etwa to wɔ ti 4 mu no mu no, Paulo ka sɛ “yɛn mfomso nti woyii [Yesu] mae, na yɛn [a ɛkyerɛ, “ahotefo no” (Romafo 1: ‘7)] bembu nti wonyan no.” “Yɛn” no rentumi nyɛ nea Abraham ka ho, efisɛ owui bere tenten ansa na Kristo wu ne ne wusɔre no reba. Enti, bere a wɔ atiri a edidi so no mu no Paulo ka wɔn a ‘wobedi ahene’ ne bu a wobu wɔn trenee “ma nkwa” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛba abɛyɛ “Onyankopɔn mma” ne “Kristo yɔnkodifo” ho asɛm no, ɛda adi sɛ na ɔreka biribi a ɛyɛ soronko koraa wɔ bu a Onyankopɔn buu Abraham trenee no ho asɛm.​—Romafo 5:17, 18; 8:14, 17, 28-33.

10. Ɔkwan bɛn so na Yakobo ma yehu faako a trenee a wobuu Abraham no kodu.

10 Yakobo nso de Abraham yɛɛ nhwɛso de kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnwuma pa ka gyidi ho. Bere a Yakobo aka sɛ wobuu Abraham trenee na wafa asɛm a ɛwɔ Genesis 15:6 aka akyi no, ɔka biribi ka ho a ɛboa yɛn ma yehu faako a Abraham bembu no kodu. Ɔkyerɛw sɛ: “Kyerɛw a ese: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no, na wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo, no baa mu.” (Yakobo 2:20-23) Yiw, esiane Abraham gyidi nti, wobuu no terenee sɛ Yehowa adamfo, na ɛnyɛ sɛ ɔba a ɔwɔ ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ hokwan anaasɛ ɔne Kristo bedi hene. Nea ɛyɛ anigye no, Robert Girdlestone kyerɛwee wɔ ne Synonyms of the Old Testament no mu wɔ Abraham trenee no ho sɛ: “Saa trenee yi nyɛ nea akosi ase, kyerɛ sɛ, ɛnyɛ nea ɛbɛkamfo Abraham akyerɛ Onyankopɔn sɛ obi a ɔfata sɛ onya ɔba-yɛ apɛgyade no.”

Yehowa Nkae Nhoma No

11. Henanom na wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yehowa nkae nhoma no mu, na dɛn ntia?

11 Nsɛso kwan so trenee a wɔde dom mmarima ne mmea gyidifo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no yɛ trenee ne pɛyɛ ankasa a ɛbata daa nkwa a wobetumi anya wɔ Onyankopɔn asase foforo no so no ho sɛnkyerɛnne. Esiane nkwa ho anidaso a wɔwɔ no nti, wobetumi abu wɔn sɛ wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkae nhoma no mu. (Fa toto Malaki 3:16; Exodus 32:32, 33 ho.) Emu na wɔn a Yehowa bu wɔn “atreneefo” a wɔnam trenee nnwuma so ada wɔn gyidi adi na wɔafata sɛ wonya daa nkwa wɔ asase so no din wɔ.-Dwom 69:28; Habakuk 2:4.’

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ “atreneefo” a wonyan wɔn no yɛ na ama wɔn din akɔ so atra Yehowa nkae nhoma no mu?

12 Nanso na wonnya nkyerɛw saa din ahorow yi wɔ Yehowa “nkwa nhoma” no mu ɛ. (Adiyisɛm 20:15) Sɛ saa tete mmarima ne mmea gyidifo yi san ba asase so wɔ ‘wɔn a wɔteɛ owusɔre’ no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔde gyidi begye Yehowa nkwa nsiesiei denam Kristo ogye afɔre no so no atom. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Enti wɔbɛyɛ Yesu “nguan foforo” no fã a “nnipakuw kɛse” a saa bere no na wɔatwa “ahohiahia kɛse” no ka ho. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14) Wɔ saa yɛ mu no, wɔbɛkɔ so ara ama wɔn din atra Yehowa nkae nhoma no mu.

Wobu Wɔn Trenee Sɛ Nnamfo Ma Nkwagye

13. Henanom na Oguanhwɛfo Pa no de wɔn reba mu mprempren, na ɔkwan bɛn so na wɔfa ma wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yehowa nkae nhoma no mu?

13 Mprempren Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, de “nguan foforo” a wɔnka “kuw ketewa” a wɔyɛ “ahotefo” 144,000 wɔde ɔsoro Ahenni no ama wɔn no ho reba mu. (Luka 12:32; Daniel 7:18) “Nguan foforo” yi tie Oguanhwɛfo Pa, no nne. (Yohane 10:16) Wɔwɔ Yehowa ne ne Ba, no mu gyidi. Wɔnam Kristo ogye afɔre no so hyira wɔn nkwa so ma Yehowa. Wɔbɔ wɔn asu wɔ “Agya ne ɔba ne honhom kronkron din mu” na wohu hia a ɛho hia sɛ wɔsow “honhom aba no.” (Mateo 28:19, 20; Galatifo 5:22, 23) Wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yehowa nkae nhoma no mu.

14. Dɛn na ɛma “nguan foforo” no nya gyinabea a ɛho tew wɔ Yehowa anim, nanso dɛn na ɛho hia sɛ wɔsrɛ Onyankopɔn?

14 Saa “nguan foforo” a wɔboaboa wɔn ano awiei bere yi mu yi na wɔbɛba abɛyɛ “nnipakuw kɛse” a ɔsomafo Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu bere a, wahu honhom mu Israel a emufo yɛ 144,000 akyi no. (.Adiyisɛm 7:4, 9) Ɔkaa “nnipakuw kɛse” no ho asɛm sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” (Nkyekyem 14) Esiane Oguammaa no mogya a ohwie gui mu gyidi a wɔwɔ nti, wɔde trenee dom wɔn kosi baabi. Eyi na wɔde wɔn sɛnkyerɛnne kwan so ntade fitaa no yɛɛ ho mfonini no. Wɔwɔ gyinabea a ɛho tew wɔ Yehowa anim, na “eyi nti” na ɔma wɔn kwan ma ‘wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu no.’ (Nkyekyem 15) Nanso ɛsɛ sɛ da biara wɔka wɔn bɔne kyerɛ Yehowa na wɔsrɛ fafiri denam Yesu Kristo so.​—1 Yohane 1:9-2:2.

15. (a) Ɔkwan ben so na bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no kyerɛ sɛ “nguan foforo” no wɔ trenee gyinabea wɔ Onyankopɔn anim? (b) Wobu wɔn trenee wɔ mprempren bere a yɛwɔ mu yi mu kodu he?

15 Sɛ́ ɛyɛ nea “nguan foforo” no yɛ Onyankopɔn nnamfo a mprempren mpo wɔwɔ nsɛso kwan so trenee gyinabea wɔ n’anim no da adi nso wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘ne ba no ho sɛnkyerɛnne’ ho a nguanten ne mpapo ho bɛ no ka ho no mu. Esiane sɛ “nguanten” no yɛ Kristo “nuanom” 144,000 no nkaefo a wɔda so ara wɔ asase so no papa nti, Yesu Agya no hyira wɔn na wɔfrɛ wɔn “atreneefo.” Te sɛ Abraham no, wobu wɔn trenee sɛ Onyankopɔn nnamfo. Wɔn trenee gyinabea no bɛkyerɛ ogye ama wɔn nso bere a “mpapo” no fi kɔ “daa ntwa-fi-hɔ” mu no. (Mateo 24:3​—25:46, NW) ‘Wobefi ahohiahia kɛse’ a ɛbɛhyɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei agyirae ‘no mu afi.’​—Adiyisɛm 7:14.

Pɛyɛ Mu Wɔde Wɔn Ba

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wommu nnipakuw kɛse no trenee nnna nkwa ansa na “ahohiahia kɛse” no aba?

16 “Nnipakuw kɛse” a wotwa “ahohiahia kɛse” no nyɛ wɔn a wɔabu wɔn trenee ama nkwa dedaw. Yetumi hu eyi wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ti ɛ ɛka wɔn ho asɛm no kɔ so ka eyi no mu: “Oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho. (Adiyisɛm 7:17) Enti ɛwom sɛ Onyankopɔn dii kan buu wɔn trenee, ne sɛ, ne nnamfo bere a wɔde wɔn toto adesamma nyinaa ho no de, nanso wohia mmoa anaa nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi abu wɔn trenee ama nkwa ‘

17. (a) Dɛn na ‘amanaman no ayaresa’ no kyerɛ? (b) Henanom na ɛho behia sɛ wɔkyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu?

17 Wɔ Mfirihyia Apem no mu no, Oguammaa Yesu Kristo a wɔde no asi ahengua so a ne mfɛfo ahene ne asɔfo 144,000 no ka ho bedi nhyehyɛe bi ho dwuma a ɛyɛ ‘amanaman no ayaresa’ wɔ honhom mu ne honam mu. (Adiyisɛm 22:1, 2) Wɔn a wɔbom yɛ “amanaman” yi bɛyɛ wɔn a wotwa ahohiahia kɛse no, wɔn mma a wɔbɛwo wɔn wɔ Harmagedon akyi, ne wɔn a wɔsan ba wɔ ‘wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ owusɔre mu’ no. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Awiei koraa no wɔkyerɛw wɔn a wonya Kristo mogya no mu gyidi na wɔyɛ “nnwuma” a ɛfata no nyinaa din wɔ “nkwa nhoma” no mu.​—Adiyisɛm 20:11-15.

18. Tebea bɛn na ɛbɛyɛ nea na wɔama asase sotefo adu mu wɔ mfirihyia Apem no awiei?

18 Enkodu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no na wɔama asase sotefo a wɔakyerɛ sɛ wogye Kristo agyede no tom na wɔbɛtra ase sɛnea Yehowa gyinapɛn ahorow te no adu pɛyɛ ho. Wɔbɛyɛ te sɛ nea na Adam te ansa na ɔreyɛ bɔne no. Te sɛ ɔno no, wɔbɛsɔ wɔn ahwɛ wɔ wɔn osetieyɛ ho.

“Anuonyam Adehyedi” Sɛ “Onyankopɔn Mma“

19. (a) Sɛ Mfirihyia Apem no du ara pɛ a, dɛn na ɛbɛba? (b) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wonhu sɛ wɔakyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu no so?

19 Sɛ Mfirihyia Apem no du ara pɛ a, Kristo bɛsan de adesamma abusua a wɔyɛ pɛ ama n’Agya. (1 Korintofo 15:28) “Wɔbɛsan Satan” ma wabɛsɔ adesamma ahwɛ nea etwa to. (Adiyisɛm 20:7, 8) Obiara a ɔrentumi nnyina wɔ sɔhwɛ no mu no din bɛyɛ nea “wɔanhu sɛ wɔde ahyɛ nkwa nhoma no mu.” Wɔ Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔtow wɔn “kyene ogya tare no mu,” a “ɛne owuprenu no.”​—Adiyisɛm 20:15; 21:8.

20. (a) Henanom na Yehowa bebu wɔn trenee ama nkwa, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na na Yehowa mmɔborohunu nhyehyɛe a ɛfa bembu ho no awie n’adwumayɛ?

20 Wɔbɛkyerɛw wɔn a wodi nokware ma Yehowa no din a wontumi mpopa wɔ “nkwa nhoma” no mu sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ wɔ mudi mu kura mu a daa nkwa wɔ asase so hokwan no fata wɔn. Afei Yehowa ankasa bebu wɔn trenee wɔ ɔkwan a edi mũ kosi ase so. (Romafo 8:33) Saa bere no de na wɔabu wɔn bem ama daa nkwa. (Adiyisɛm 20:5) Onyankopɔn de wɔn bɛyɛ n’asase so mma, na wɔbɛkɔ “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:20, 21) Saa bere no de na wɔama asom- dwoe ne biakoyɛ aba amansan nyinaa mu. ‘Asase so nneɛma’ ne ‘ɔsoro nneɛma’ a wɔpata bom wɔ Onyankopɔn mu no bɛyɛ nea na adi mũ. (Kolosefo 1:20) Saa bere no de na Yehowa mmɔborohunu nhyehyɛe a ɛfa bembu ho no awie n’adwumayɛ. Sɛ wobisa sɛ “So wo ne Onyankopɔn ntam teɛ?” a, abɔde biara a ɔwɔ soro anaa asase so betumi abua sɛ yiw na ɔde aka ho sɛ: “Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa.”​—Adiyisɛm 5:13.

Ɛdefa “Nguan Foforo” No Gyinabea Wɔ Onyankopɔn Anim Ho No​—

◻ Dɛn nti na wɔammu Adam trenee?

◻ Wobuu Abraham ne mmarima ne mmea afoforo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no trenee koduu he?

◻ Henanom na wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yehowa nkae nhoma no mu?

◻ “Nguan foforo” no nya trenee gyinabea kodu he wɔ mprempren bere a yɛwom yi mu, na bere bɛn na wɔde wɔn bɛba pɛyɛ mu?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

Ɛdenam “oguammaa no mogya” mu gyidi so no, wɔma “nguan foforo” no nya gyinabea pa wɔ Yehowa anim na wɔnam ɛno so bu wɔn trenee ma wɔbɛyɛ ne nnamfo, ne afei nso nkwa a wobenya wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Ebebu Mfirihyia Apem no awiei no na woadu pɛyɛ ho. Wobebu wɔn trenee ama nkwa wɔ sɔhwɛ a etwa to no awiei.

[Kratafa 18 mfoni]

“Hena na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn no ano? Onyankopɔn ne nea obu bem; hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn. Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn.”​—Romafo 8:33-36.

[Kratafa 16 mfonini]

Wɔkyerɛw atreneefo din wɔ Yehowa nkae nhoma no mu

Habel

Hiob

Rahab

Nnɛyi “nnipakuw kɛse”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena