-
Wobɛma Nea Yesu Yɛe Ato Wo Hintidua?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021 | May
-
-
(3) YUDAFO AMAMMERƐ BEBREE WƆ HƆ A YESU KASA TIAE
Nnipa bebree anni Yesu akyi, esiane Yudafo amammerɛ no bi a ɔkasa tiae nti. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 13)d
13. Dɛn na ɛmaa nnipa bebree kasa tiaa Yesu?
13 Yesu bere so no, na n’asuafo no nyɛ akɔnkyen, na ɛyɛɛ Yohane Suboni asuafo no nwonwa paa. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ bere a ɔda so te ase no, ɛho nhia sɛ wɔyɛ akɔnkyen. (Mat. 9:14-17) Nanso Farisifo no ne nnipa bi a na wɔne Yesu ani nhyia no kasa tiaa no. Adɛn a, wose Yesu kasa tia wɔn amammerɛ. Bere a Yesu saa nkurɔfo yare Homeda no, wɔn bo fuwii. (Mar. 3:1-6; Yoh. 9:16) Ná saa nkurɔfo yi de wɔn nsa si wɔn bo ka sɛ wodi Homeda no, nanso na ɛnhaw wɔn sɛ wobedi gua wɔ asɔrefie hɔ. Bere a Yesu kaa sɛ nea wɔreyɛ no nye no, wɔn bo fuwii paa. (Mat. 21:12, 13, 15) Bere bi a na Yesu reka asɛm no wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret no, ɔkɔfaa nsɛm bi a na asisi wɔ wɔn abakɔsɛm mu de yɛɛ ntotoho ma wohui sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya na wonni gyidi. Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn bo fuwii papaapa. (Luka 4:16, 25-30) Nea na nkurɔfo rehwɛ kwan sɛ Yesu bɛyɛ a wanyɛ nti, ɛtoo nnipa pii hintidua.—Mat. 11:16-19.
14. Nnipa amammerɛ a na ennyina Bible so no, adɛn nti na Yesu kasa tiae?
14 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kaa sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri; wogyina nnipa ahyɛde a wɔakyerɛ wɔn so na esuro me.” (Yes. 29:13) Yesu kasa tiaa nnipa amammerɛ a na ennyina Bible so, na na odi ka. Enti wɔn a na nnipa mmara ne nnipa amammerɛ hia wɔn sen Bible no, wɔpoo Yehowa ne Mesia a ɔsomaa no no.
-
-
Wobɛma Nea Yesu Yɛe Ato Wo Hintidua?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021 | May
-
-
(4) YESU AMMETU ABAN A NA ƐWƆ HƆ SAA BERE NO ANGU
Nnipa bebree anni Yesu akyi, esiane ne ho a wamfa anhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti. Ɛnnɛ nso, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛtete saa betumi ato ebinom hintidua? (Hwɛ nkyekyɛm 17)e
17. Yesu bere so no, dɛn na na nnipa bebree hwɛ kwan sɛ Mesia no bɛyɛ a Yesu anyɛ nti, wɔannye no anni?
17 Yesu bere so no, na ebinom pɛ sɛ wɔsesa aban no. Sɛnea na Roma aban no rehyɛ wɔn so no, na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no begye wɔn afi aban no nsam. Nanso bere a wɔyɛe sɛ wobesi Yesu hene no, wampene. (Yoh. 6:14, 15) Ná asɔfo no ne ebinom suro sɛ Yesu de aban foforo bi bɛba abɛko atia Romafo no. Ɛba saa a, na ɛbɛma tumi a Roma aban no de ama asɔfo no abɔ wɔn. Esiane sɛ na saa amanyɔsɛm yi agye Yudafo no pii adwene nti, wɔn mu pii annye Yesu anni.
18. Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho bɛn na nnipa pii buu wɔn ani guu so?
18 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka? Ɛwom sɛ nkɔmhyɛ pii kaa sɛ awiei koraa no Mesia no bɛko adi nkonim de, nanso nkɔmhyɛ foforo pii nso kaa sɛ, yɛn bɔne nti ná ɛsɛ sɛ Mesia no di kan wu. (Yes. 53:9, 12) Ɛnde, adɛn nti na na adwene a Yudafo no wɔ wɔ Mesia no ho no nyɛ papa? Yesu bere so no, nkɔmhyɛ biara a anka sɛ ebeyi ɔhaw a na Yudafo no rehyia afi hɔ no, nnipa pii buu wɔn ani guu so.—Yoh. 6:26, 27.
-