Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/15 kr. 29
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Odii Mesia no Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Hena Ne Yohane Suboni?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wɔbɔɔ Yesu Asu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/15 kr. 29

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛsɛ sɛ yegyina Mateo 11:11 so de ba awiei sɛ na Yesu nim dedaw sɛ Yohane Suboni bedi kan awu agyaw Yesu?

Yiw, na ɛda adi sɛ Yesu nim sɛ Yohane rentra ase mmɛyɛ Kristoni a wɔasra no, efisɛ Yesu kae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane Suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.”​—Mateo 11:11.

Bere a ɔbɔfo Gabriel bɛkae sɛ wɔrebɛwo Yohane no, ɔka siei sɛ Yohane de ‘Elia honhom ne ahoɔden besiesie ɔman ama Yehowa.’ Na Yohane bɛyɛ odikanfo, asiesie nnipa ama Yehowa Mesia no. Nanso na asɛm biara nni saa amanneɛbɔ a efi soro no mu a ɛkyerɛ sɛ Yohane ankasa bɛyɛ Mesia a ɔreba no suani, na saa ara nso na nkɔmhyɛsɛm a Yohane agya, Sakaria, kae no ankyerɛ biribi a ɛte saa.​—Luka 1:17, 67-79.

Enti, Yesu asubɔ akyi no, Yohane kɔɔ so kaa asɛm na ɔbɔɔ su, na ɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma a ɛne sɛ onsiesie nkurɔfo no. Na Yohane nam anwonwa kwan so ahu sɛ Yesu de honhom kronkron bɛbɔ asu, nanso wanka sɛ n’ankasa benya honhom kronkron na wabɛyɛ Kristoni a wɔasra no. (Mateo 3:11) Yohane huu nso sɛ ne so bɛkɔ so ahuan, na Yesu bɛkɔ so adɔre.​—Yohane 3:22-30.

Bere a Yesu kaa nea yɛkenkan wɔ Mateo 11:11 no, na wɔde Yohane ato afiase dedaw. Yesu ma wodii kan hui sɛ saa odiyifo a wɔde no ato afiase yi sua sen aketewa koraa a ɔbɛsom sɛ ɔhene ne ɔsɔfo wɔ soro daakye no. Nanso, ɛte sɛ nea na Yesu nim nso sɛ ɛrenkyɛ na Yohane awu, obewu afi asase so ansa na ɔkwan “foforo” a ɛkɔ ɔsoro asetra mu no abue. (Hebrifo 10:19, 20) Ɛno kyerɛe sɛ na Yohane rentra ase nkosi Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a wobefi ase de honhom asra Yesu asuafo no. Enti, yebetumi afa asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 11:11 no sɛ ɛkyerɛ sɛ na onim sɛ Yohane renkɔ soro.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena