Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/15 kr. 12-17
  • Wɔn a Wɔabrɛ a Wɔto Nsa Frɛ Wɔn Ɔdɔ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wɔabrɛ a Wɔto Nsa Frɛ Wɔn Ɔdɔ Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a ‘Wɔayɛ Adwuma Abrɛ na Wɔasoa Wɔn Nnosoa’
  • Nea Ɛde Amanehunu Ba Ankasa
  • Nsa a Yesu To Frɛ Nnɛ
  • Ahotɔ ne Ɔhome
  • Mateo 11:28-30—“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ahome”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • ‘Ɔhome A Mubenya Ama Mo Kra’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • “Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ho Adwo Mo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Ahotɔ A Wobenya Afi Nhyɛso Mu—Ano Aduru Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/15 kr. 12-17

Wɔn a Wɔabrɛ a Wɔto Nsa Frɛ Wɔn Ɔdɔ Mu

“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”—MATEO 11:28.

1. Dɛn na Yesu hui wɔ Galilea wɔ n’asɛnka ɔsatu a ɛto so abiɛsa no mu?

ƐREBƐN afe 32 Y.B. mfiase no, na Yesu reyɛ n’asɛnka ɔsatu a ɛto so abiɛsa no wɔ Galilea mantam mu. Otutuu akwan kɔfaa nkurow ne nkuraa ase, “kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.” Bere a ɔyɛɛ eyi no, ohuu nkurɔfo akuwakuw no, na “ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.”—Mateo 9:35, 36.

2. Ɔkwan bɛn so na Yesu boaa nkurɔfo no?

2 Nanso, Yesu yɛɛ nea ɛsen ne yam a ɛhyehyee no maa nkurɔfo akuwakuw no ara kwa. Bere a ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ Yehowa Nyankopɔn, “otwa wura no,” mpae akyi no, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔboa nkurɔfo no. (Mateo 9:38; 10:1) Afei ɔno ankasa maa nkurɔfo no ɔkwan a wɔbɛfa so anya nokware ahotɔ ne awerɛkyekye ho awerɛhyem. Ɔtoo nsa frɛɛ wɔn saa kwan a akomatɔyam wom yi so sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.”—Mateo 11:28, 29.

3. Dɛn nti na nsa a Yesu to frɛe no da so yɛ anigye nnɛ?

3 Ɛnnɛ yɛte mmere bi a nnipa bebree te nka sɛ wɔso nnesoa a emu yɛ duru mu. (Romafo 8:22; 2 Timoteo 3:1) Ebinom fam no, wɔn asetrade kɛkɛ gye wɔn bere ne wɔn ahoɔden kɛse araa ma wonnya bere pii mma wɔn mmusua, nnamfo, anaa biribi foforo biara. Nyarewa a emu yɛ den, ahohia, adwenemhaw, ne honam fam ne nkate fam nsɛnnennen foforo ayɛ nnipa bebree adesoa. Bere a ebinom te nhyɛso nka no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya ahotɔ denam wɔn ho a wɔde hyɛ anigyede, adidi, nsanom, ne nnubɔne mpo nom mu fee no so. Nanso, eyi de wɔn kɔ tebea bɔne mu bere ne bere mu, na ɛde ɔhaw ne nhyɛso pii ba wɔn so. (Romafo 8:6) Ɛda adi pefee sɛ, nsa a Yesu fi ɔdɔ mu to frɛe no yɛ anigye nnɛ te sɛ nea na ɛte saa bere no ara.

4. Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho na ama yɛanya nsa a Yesu fi ɔdɔ mu to frɛe no mu mfaso?

4 Nanso, ɔhaw bɛn na na wɔde ato nkurɔfo a wɔwɔ Yesu bere so no so a na ɛte sɛ nea “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ,” a ɛkaa Yesu maa ne yam hyehyee no maa wɔn no? Nnesoa bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔsoa no, na ɔkwan bɛn so na na Yesu nsa a ɔto frɛe no bɛboa wɔn? Nsemmisa yi ho mmuae betumi aboa yɛn kɛse ma yɛanya nsa a Yesu fi ɔdɔ mu to frɛɛ wɔn a wɔabrɛ no mu mfaso.

Wɔn a ‘Wɔayɛ Adwuma Abrɛ na Wɔasoa Wɔn Nnosoa’

5. Dɛn nti na ɛfata sɛ ɔsomafo Mateo na ɔbɔɔ Yesu som adwuma mu asɛm yi ho amanneɛ?

5 Ɛyɛ nwonwa sɛ Mateo nkutoo na ɔbɔɔ Yesu som adwuma mu asɛm yi ho amanneɛ. Esiane sɛ na Mateo, a na wɔsan frɛ no Lewi, agyigye tow pɛn nti, na onim adesoa pɔtee bi a na ɛsõ nkurɔfo no. (Mateo 9:9; Marko 2:14) Daily Life in the Time of Jesus nhoma no ka sɛ: “Ná ɛtow ahorow a [ɛsɛ sɛ Yudafo no] tua a ɛyɛ sika ne nneɛma no mu yɛ duru dodo, na nea ɛmaa mu yɛɛ duru kɛse koraa ne sɛ na wotua tow ahorow abien bere koro mu, ɔman tow ne nyamesom tow; na na emu biara nyɛ tow a esua.”

6. (a) Towtua nhyehyɛe bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so? (b) Dɛn nti na na towgyefo no wɔ dimmɔne saa? (d) Dɛn na Paulo hui sɛ ɛho hia sɛ ɔkae ne mfɛfo Kristofo?

6 Nea ɛma eyi nyinaa yɛɛ adesoa titiriw ne ɛtow ho nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Ná Roma aban mpanyimfo de amantam no mu tow gyigye no hyehyɛ wɔn a wotwa bo akɛse ma wɔn no nsa. Wɔn nso faa ɛhɔnom nnipa bi ma wɔhwɛɛ tow no gyigye adwuma no ankasa so. Obiara a na ɔwɔ tow gyigye adwuma no mu tee nka sɛ ɛfata koraa sɛ ɔde bi to so de ka n’ankasa akatua, anaa ne kyɛfa ho. Sɛ nhwɛso no, Luka kae sɛ na “ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ towgyefo panyin na ɔyɛ ɔdefo.” (Luka 19:2) Ɛda adi sɛ “towgyefo panyin” Sakeo ne wɔn a wɔhyɛ n’ase no nyaa wɔn ho maa nkurɔfo no huu amane. Apoobɔ ne ɔporɔw a nhyehyɛe a ɛte saa de bae no maa nkurɔfo no de towgyefo kaa nnebɔneyɛfo ne nguaman ho, na wɔ akwan pii so no, ebia na ɛfata saa. (Mateo 9:10; 21:31, 32; Marko 2:15; Luka 7:34) Esiane sɛ na nkurɔfo no sõ adesoa a ɛkame ayɛ sɛ na wontumi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo huu hia a ɛho hia sɛ ɔkae ne mfɛfo Kristofo sɛ mma wonnnya Romafo kɔndua ho abufuw, na mmom ‘wontua obiara nea ɛsɛ no! Wonyi tow mma nea ɔtow sɛ no, amanne mma nea amanne sɛ no.’—Romafo 13:7a; fa toto Luka 23:2 ho.

7. Ɔkwan bɛn so na Romafo mmara a na asotwe a emu yɛ den bata ho no de adesoa no bi kaa nkurɔfo no de ho?

7 Paulo kaee Kristofo nso sɛ ‘wonsuro nea osuro sɛ no, wonni nea nidi sɛ no ni.’ (Romafo 13:7b) Ná wonim Romafo no yiye sɛ nkurɔfo a wɔn tirim yɛ den, na na wɔwɔ mmara horow a asotwe a emu yɛ den bata ho. Ná wɔtaa ka nkurɔfo mpire, hwe wɔn, de wɔn gu afiase atirimɔden so, kunkum wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so ahyɛ wɔn so. (Luka 23:32, 33; Asomafo no Nnwuma 22:24, 25) Wɔmaa Yudafo mpanyimfo mpo tumi sɛ wotumi de asotwe a ɛtete saa ma, sɛ wohu sɛ ɛfata a. (Mateo 10:17; Asomafo no Nnwuma 5:40) Nokwarem no, na nhyehyɛe a ɛte saa no yɛ nhyɛ kɛse, na ɛbrɛɛ obiara a ɔhyɛ ase no ase.

8. Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo no de adesoa bi soaa nkurɔfo no?

8 Nanso, nea na enye koraa sen Romafo tow no ne adesoa a nyamesom akannifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no de too nnipa mpapahwekwa so no. Nokwarem no, ɛte sɛ nea na eyi ne asɛm a ɛhaw Yesu titiriw bere a ɔkaa nkurɔfo no ho asɛm sɛ ‘wɔayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa’ no. Yesu kae sɛ sɛ anka nyamesom akannifo no bɛma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no anya anidaso ne awerɛkyekye no, na “wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” (Mateo 23:4; Luka 11:46) Obi tumi hu sɛnea wɔaka nyamesom akannifo—titiriw akyerɛwfo ne Farisifo—no ho asɛm pɛpɛɛpɛ no pefee wɔ Nsɛmpa no mu sɛ wɔyɛ ahantanfo, wonni tema, na na wɔyɛ nyaatwom. Wobuu mpapahwekwa no sɛ nkurɔfo a wonnim hwee na wɔn ho ntew, na wobuu ananafo a wɔwɔ wɔn mu no animtiaa. Wɔka wɔn nneyɛe ho asɛm bi sɛ: “Wɔde onipa a ɔsoa ɔpɔnkɔ nneɛma ma ɛboro so kɔ asennibea nnansa yi. Dɛn na wɔde bɛyɛ onipa a ɔde mmara 613 soaa ‘asase no so nnipa’ a wonnyaa nyamesom mu ntetee biara; na afei, bere a ɔnyɛɛ biribiara mfa mmoaa wɔn no, obuu wɔn fɔ sɛ nnipa a wonnim Onyankopɔn no?” Nokwarem no, na ɛnyɛ Mose Mmara no ne adesoa no ankasa, na mmom atetesɛm pii a wɔde hyɛɛ nkurɔfo no so no.

Nea Ɛde Amanehunu Ba Ankasa

9. Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ nkurɔfo a wɔtraa ase Yesu bere so no tebea ne wɔn a wɔtraa ase Ɔhene Salomo nna no mu de mu?

9 Ɛtɔ mmere bi a, na honam fam adesoa a ɛwɔ nkurɔfo no so sõ yiye ma enti na ahia nnipa bebree. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no tua tow a ɛfata a Mose Mmara no hyɛe no. Afei wɔ Salomo nniso no mu no, na nkurɔfo no reyɛ ɔman nnwuma a egye sika pii te sɛ asɔrefie ne adan foforo si. (1 Ahene 7:1-8; 9:17-19) Nanso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na nkurɔfo no ‘didi na wɔnom, na wɔn ani gye. Na Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.’ (1 Ahene 4:20, 25) Dɛn na ɛde nsonsonoe no bae?

10. Dɛn na ɛde tebea a ɛde besi afeha a edi kan no na Israelfo wom no bae?

10 Bere tenten a ɔman no kɔɔ so kuraa nokware som mu pintinn no, wonyaa Yehowa anim dom, na wonyaa ahobammɔ dii yiye ɛmfa ho ɛka kɛse a wɔbɔe wɔ ɔman no ho no. Nanso, Yehowa bɔɔ kɔkɔ sɛ sɛ ‘wɔsan fi n’akyi, wɔanni ne mmara nsɛm’ so a, wobehu amane kɛse. Nokwarem no, “[na] Israel bɛdan bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.” (1 Ahene 9:6, 7) Saa ara na ɛbae. Ananafo bedii Israel so, na ahemman a bere bi na anka ɛwɔ anuonyam no bɛyɛɛ atubra man kɛkɛ. Wɔn honhom fam asɛyɛde a wɔpowee ho akatua bɛn ara ni!

11. Dɛn nti na Yesu tee nka sɛ na nkurɔfo no ‘abrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo’?

11 Eyinom nyinaa boa yɛn ma yɛte nea enti a Yesu tee nka sɛ na nkurɔfo a ohuu wɔn no ‘abrɛ, na wɔsam hɔ’ no ase. Ná eyinom yɛ Israelfo, Yehowa nkurɔfo, a na wɔn mu dodow no ara rebɔ mmɔden atra ase sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ, na wɔakɔ so asom wɔ ɔkwan a ɛsɔ ani so. Nanso, ɛnyɛ amammuifo ne aguadifo atumfoɔ nko na wosisii wɔn hyɛɛ wɔn so, na mmom nyamesom akannifo awaefo a na wɔwɔ wɔn mu no nso. Ná wɔte “sɛ nguan a wonni hwɛfo” efisɛ na wonni obi a ɔbɛhwɛ wɔn anaasɛ obedi wɔn asɛm ama wɔn. Na wohia mmoa na wɔde agyina tebea horow a emu yɛ den no ano. Hwɛ sɛnea Yesu nsa a ɔto frɛe wɔ ɔdɔ ne ayamye mu no bae wɔ ne bere mu!

Nsa a Yesu To Frɛ Nnɛ

12. Nhyɛso ahorow bɛn na Onyankopɔn asomfo ne nnipa komapafo foforo wom nnɛ?

12 Nneɛma te saa ara wɔ akwan pii so nnɛ. Nnipa komapafo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi nokware wɔ wɔn asetram hu sɛ ɛyɛ den sɛ wobegyina nneɛma nhyehyɛe a aporɔw no nhyɛso ne ahwehwɛde ahorow no ano. Ɛka wɔn a wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa no mpo. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ ɛreyɛ den kɛse ma Yehowa asomfo binom sɛ wobetumi adi wɔn asɛyɛde nyinaa ho dwuma, ɛwom sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa de. Wɔte nka sɛ wɔsõ nnesoa, na wɔabrɛ. Ebinom mpo te nka sɛ sɛ wobetumi agyae biribiara agu hɔ na wɔakɔpɛ baabi atra adwen wɔn ho a, anka wɔn ho bɛtɔ wɔn. Woate nka saa pɛn? Wunim obi a ɔbɛn wo a ɔwɔ saa tebea no mu? Yiw, Yesu frɛ a ɛma akomatɔyam no kyerɛ biribi kɛse ma yɛn nnɛ.

13. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yesu betumi aboa yɛn ama yɛanya awerɛkyekye ne ɔhome?

13 Ansa na Yesu refi ɔdɔ mu ato nsa afrɛ no, ɔkae sɛ: “M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.” (Mateo 11:27) Esiane abusuabɔ pa a ɛwɔ Yesu ne n’Agya ntam no nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ sɛ yegye nsa a Yesu to frɛ no so bɛyɛ n’asuafo a, yebetumi ne Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no anya abusuabɔ pa sɛ ankorankoro. (2 Korintofo 1:3; fa toto Yohane 14:6 ho.) Afei nso, esiane sɛ ‘wɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa’ nti, Yesu Kristo nkutoo na ɔwɔ ahoɔden ne tumi a obetumi ama yɛn nnesoa mu ayɛ hare. Emu nea ɛwɔ he? Nea amammuifo, aguadifo, ne nyamesom nhyehyɛe a aporɔw, ne afei adesoa a bɔne ne sintɔ a wɔde woo yɛn de aba yɛn so no. Adwene a ɛhyɛ nkuran, na ɛma awerɛhyem bɛn ara na wonya no mfiase pɛɛ saa yi!

14. Ɔbrɛ bɛn mu na na Yesu betumi ama wɔanya ɔhome?

14 Yesu toaa so kae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” (Mateo 11:28) Ɛda adi sɛ na Yesu renkasa ntia adwumaden, efisɛ otuu n’asuafo no fo mpɛn pii sɛ wɔnyere wɔn ho wɔ adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no mu. (Luka 13:24) Nanso sɛ ‘wɔyɛ adwuma brɛ’ (‘wɔyɛ adwumaden,’ Kingdom Interlinear) no kyerɛ adwuma a wɔyɛ no bere tenten a ɔbrɛ wom, a mpɛn pii no ɛnsow aba ahe biara. Na sɛ́ ‘wɔasoa nnosoa’ no kura adwene a ɛne sɛ wɔasoa obi nneɛma a ɛboro nea otumi soa. Yebetumi de nsonsonoe a ɛwom no atoto nsonsonoe a ɛwɔ ɔbarima bi a ɔretutu fam ahwehwɛ akorade a ahintaw ne nea ɔretutu amoa wɔ adwumayɛban mu ho. Wɔn baanu nyinaa reyɛ adwumaden. Obiako de anigye na ɛyɛ adwuma no, nanso ɔfoforo no de, ɛte sɛ nea ɔreyɛ adwuma bi a ɛyɛ mfonoe a enni awiei. Nsonsonoe a ɛwom no gyina sɛ́ adwuma no wɔ atirimpɔw anaasɛ enni bi no so.

15. (a) Sɛ yɛte nka sɛ yɛsõ adesoa a emu yɛ duru a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? (b) Dɛn na yebetumi aka wɔ nea ɛde yɛn nnesoa no ba ho?

15 Wote nka sɛ ‘woayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa wo nnosoa,’ a nneɛma gye wo bere ne ahoɔden pii dodo? Nnesoa a ɛsõ wo no te sɛ nea emu yɛ duru dodo? Sɛ ɛte saa a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘Merebrɛ apɛ dɛn? Adesoa bɛn na ɛsõ me?’ Bible nhoma kyerɛwfo bi kaa eyi ho asɛm bɛboro mfe 80 a atwam ni sɛ: “Sɛ yesusuw asetram nnesoa ho a, ɛwɔ afã abien; yebetumi afrɛ eyinom nea yɛn ankasa kɔfa soa ne nea yentumi nkwati: nea yɛn ankasa nneyɛe de ba, ne nea emfi yɛn.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu yiye a, ɛbɛyɛ yɛn mu bebree nwonwa sɛ yebehu sɛ yɛn nnesoa no mu bebree yɛ nea yɛn ankasa kɔfa soa.”

16. Nnesoa bɛn na yebetumi de aba yɛn ho so wɔ ɔkwan a nyansa nnim so?

16 Dɛn ne nnesoa bi a yɛn ankasa betumi de aba yɛn ho so no? Yɛte wiase a ɛpɛ honam fam nneɛma, ɛdɔ anigyede, na ɔbrasɛe abu so mu nnɛ. (2 Timoteo 3:1-5) Kristofo a wɔahyira wɔn ho so mpo wɔ nhyɛso ase bere nyinaa sɛ wobedi wiase no ahosiesie ne asetra kwan akyi. Ɔsomafo Yohane kyerɛw “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” ho asɛm. (1 Yohane 2:16) Eyinom yɛ nkɛntɛnso a emu yɛ den a ɛnyɛ den sɛ ebetumi anya yɛn so tumi. Yenim sɛ ebinom nya ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɛka kɛse mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wiase anigye kɛse anaasɛ wɔbɛkɔ so akura asetra kwan bi mu. Afei wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bere pii yɛ adwuma, anaasɛ wɔyɛ nnwuma pii na wɔanya sika atuatua wɔn aka.

17. Tebea bɛn na ebetumi ama adesoa no soa ayɛ den kɛse, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi eyi ho dwuma?

17 Bere a ebia obi besusuw sɛ mfomso nni ho sɛ obenya biribi a afoforo wɔ bi anaasɛ ɔbɛyɛ nneɛma bi a afoforo reyɛ no, ɛho hia sɛ ɔhwehwɛ mu hwɛ sɛ ebia ɔde adesoa bi reka ne de ho sɛnea ɛho nhia anaa. (1 Korintofo 10:23) Esiane sɛ nneɛma kakraa bi na onipa betumi asoa nti, ɛsɛ sɛ oyi biribi gu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi afa adesoa foforo. Mpɛn pii no, nneɛma a ɛho hia ma yɛn honhom fam yiyedi—kokoam Bible adesua, asafo nhyiam ne asɛnka adwuma—na nkurɔfo di kan de to nkyɛn. Nea ɛde ba ne honhom fam ahoɔden a wɔhwere, a ɛno ma ɛyɛ den kɛse sɛ yɛbɛsoa adesoa no. Yesu Kristo bɔɔ asiane a ɛte saa ho kɔkɔ bere a ɔkae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” (Luka 21:34, 35; Hebrifo 12:1) Sɛ obi asoa nnesoa abrɛ a, ɛyɛ den sɛ obehu afiri na wakwati.

Ahotɔ ne Ɔhome

18. Dɛn na Yesu kae sɛ wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no benya?

18 Enti, ɛyɛ ɔdɔ mu na Yesu fi de ano aduru yi mae: “Mommra me nkyɛn, . . . na mɛma moahome.” (Mateo 11:28) Nsɛmfua ‘ahome’ a ɛwɔ ha ne “ɔhome” a ɛwɔ nkyekyem 29 no fi Hela nsɛmfua a ɛne asɛmfua a Septuagint nkyerɛase no de gyina hɔ ma Hebri asɛmfua ma “homeda” anaa “homedadi” hyia no mu. (Exodus 16:23) Enti, Yesu anhyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔba ne nkyɛn no renyɛ adwuma bio, na mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya ɔhome sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfata ama adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia no.

19. Ɔkwan bɛn so na obi ‘ba Yesu nkyɛn’?

19 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na obi nam ‘ba Yesu nkyɛn’? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na [ɔnkɔ so nni, NW] m’akyi.” (Mateo 16:24) Enti, sɛ́ obi bɛba Yesu nkyɛn no kyerɛ sɛ ɔde Onyankopɔn ne Kristo apɛde besi ne de ananmu, na wagye asɛyɛde a emu yɛ duru atom, na wakɔ so ayɛ saa bere nyinaa. Eyi nyinaa yɛ den dodo? Nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔre no yɛ kɛse dodo? Ma yensusuw nea Yesu kae bere a ofi ɔdɔ mu too nsa frɛɛ wɔn a wɔabrɛ no akyi no ho.

Wobɛkae?

◻ Akwan bɛn so na na wɔasoa nkurɔfo a wɔtraa ase Yesu nna no mu nnesoa?

◻ Dɛn ankasa na ɛmaa nkurɔfo no huu amane?

◻ Sɛ yɛte nka sɛ yɛsõ nnesoa a emu yɛ duru dodo a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu?

◻ Nnesoa bɛn na yebetumi de aba yɛn ho so wɔ ɔkwan a nyansa nnim so?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ɔhome a Yesu hyɛɛ ho bɔ no?

[Kratafa 15 mfonini]

Dɛn ne nnesoa bi a yɛn ankasa betumi de aba yɛn ho so?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 15]

Bahamas Ministry of Tourism na wɔmaa hokwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena