Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • 3, 4. (a) Asɛm bɛn na Satan ka de fii sɔhwɛ mmienu a edi kan no ase, na adwene bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Yesu nya? (b) Ɛnnɛ nso, sɛn na Satan fa ɔkwan a ɛte saa ara so yɛ n’ade?

      3 Kenkan Mateo 4:1-7. Adɛfɛdɛfɛsɛm a Satan ka de fii ne sɔhwɛ mmienu a edi kan no ase ne, “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a.” Enti na Satan repɛ akyerɛ sɛ onnye nni sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba anaa? Ɛnte saa. Ná onim paa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Abakan, efisɛ na Satan nso yɛ Onyankopɔn ba, nanso ɔbɛyɛɛ ɔbɔfo bɔne. (Kol. 1:15) Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ, asɛm a Yehowa fi soro kae bere a na wɔrebɔ Yesu asu no, na Satan nim. Yehowa kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:17) Ɛbɛyɛ sɛ na Satan pɛ sɛ Yesu nya adwene sɛ n’Agya nnwen ne ho, na ɔrentumi mfa ne ho nto n’Agya so. Sɔhwɛ a edi kan a Satan kaa sɛ Yesu nnan abo paanoo no, na ɛte sɛ nea Satan rebisa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba. Adɛn nti na wo Papa mma wo aduan nni wɔ sare pradada yi so?’ Sɔhwɛ a ɛto so mmienu a Satan kaa sɛ Yesu nnyaa ne ho mfi asɔredan no atifi nkɔhwe fam no, na ɛte sɛ nea Satan rebisa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba. Nanso wugye di paa sɛ wo Papa bɛbɔ wo ho ban esiane sɛ woyɛ ne ba nti?’

  • ‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • 5. Nsɛm a Satan kae wɔ ne sɔhwɛ mmienu a edi kan no mu no, dɛn na Yesu yɛe wɔ ho?

      5 Nsɛm a Satan kae wɔ ne sɔhwɛ mmienu a edi kan no mu no, ma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe wɔ ho. Ná Yesu nim paa sɛ n’Agya dɔ no, na na ogye n’Agya di paa. Enti ɛhɔ ara na ɔfaa asɛm fii Onyankopɔn Asɛm mu de bɔɔ Satan asɛm no gui. Kyerɛwnsɛm a Yesu de dii dwuma no, na Onyankopɔn din Yehowa wom, na na ɛfata paa. (Deut. 6:16; 8:3) Onyankopɔn din no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam ɔkwan biara so. Enti Onyankopɔn din a Yesu de dii dwuma no kyerɛ sɛ na ɔwɔ n’Agya mu ahotoso paa.a

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena