Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 11/1 kr. 32
  • Otwa Bere!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Otwa Bere!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 11/1 kr. 32

Otwa Bere!

Dɛn nti na wɔ abakɔsɛm mu no, “Kristosom” mufo nyɛɛ wɔn ho sɛ Kristofo koraa saa? Nnipa a wosususw ade ho kɔ akyiri bisa saa asɛm yi, nanso Yesu buae bɛyɛ mfe 2,000 ni wɔ mfatoho bi mu. Ɔkae “onipa a oguu aba pa n’afuw mu,” ho asɛm. Afei, “ne tamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu.” Bere a aba no nyinii no, adwumayɛfo no huu wura bɔne no na wɔpɛe sɛ wotutu. Nanso ɔbarima no kae sɛ: “Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere.” Wɔ otwa bere no mu no, na wobeyiyi wura bɔne no afi awi no mu.​—Mateo 13:24-30

Yesu rekyerɛkyerɛ ɛbɛ no ase no, ɔkae sɛ ɔno ankasa ne nea oguu “aba pa” no​—nokware Kristofo. Satan ne ɔtamfo a oguu “wura bɔne” no​—ɔde wɔn a wɔayɛ wɔn ho sɛ Kristofo baa asafo no mu. Yesu maa kwan maa atoro Kristofo no ne nokware Kristofo no traa hɔ​—nanso na ɛde bɛkɔ akosi otwa bere no mu ara. Saa bere no na wobeyiyim.​—Mateo 24:36-44

Enti, ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ wɔ mfehaha pii no mu no, “Kristofo” ahyehyɛde ahorow abu Onyankopɔn animtiaa denam abosonsom nkyerɛkyerɛ, ɔbrasɛe a ɛma ho kwan, ako a wɔadi de de adi aman so a wɔaboa, ne atirimɔden mu a wofi adi nsɛm so. Yehu aba bɔne a Satan gui no wɔ eyi mu. Nanso, sɛ yɛkenkan ankorankoro a wɔde wɔn too afiase anaa wowuwui sen sɛ wobegyae Bible nnyinasosɛm ahorow mu asiesie no ho nsɛm a, yehu sɛ wɔansɛe aba pa no. Yesu kae sɛ otwa no ne “wiase awiei.” Esiane sɛ yɛwɔ mprenpren wiase no nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu nti, otwa bere no ni! Enti ɛbɛyɛ sɛ wɔapaapae nokware Kristofo no atoro Kristofo mu. Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wonya nnipakuw, ɛnyɛ ankorankoro a wɔahwete ara kwa, a wɔfata nokware Kristosom ho nkyerɛkyerɛmu a Yesu de mae no​—nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn Aheni no ase na wɔka asɛmpa a ɛfa ho, na wɔkanyan abrabɔ pa a egyina Bible so a, wɔpow abosonsom nkyerɛkyerɛ de Bible mu nokware si ananmu, na woyi Onyankopɔn din kyerɛ na wɔnyɛ wiase no fã.​—Mateo 6:33; 24:14; Yohane 3:20; 8:32; 17:6, 16

Nya awerɛhyem sɛ nkurɔfo bi a wɔte saa wɔ hɔ! So wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so? Ɛnde hwehwɛ saa nkurɔfo no, na wone wɔn mmom nsom Onyankopɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena