Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban—2013 | July 15
    • 13. Tebea bɛn na Adiyisɛm 18:7 ma yehu sɛ aguaman no anaa Babilon Kɛse ne ne Kristoman no wom nnɛ?

      13 Nea ɛto so abiɛsa, wosu twɛre wɔn sẽ. Sɛ abɔfo no kyekyere nwura no wie a, dɛn na ebesi? Yesu kyerɛɛ tebea a atoro Kristofo anaa nwura bɔne no bɛkɔ mu. Ɔkae sɛ: “Ɛhɔ na wobesu atwɛre wɔn sẽ.” (Mat. 13:42) Eyi rekɔ so nnɛ anaa? Dabi. Ɛnnɛ aguaman no fã a ɛne Kristoman no ka sɛ: “Meredi ade sɛ ɔhemmaa, merenni kuna, na merenhu awerɛhow da.” (Adi. 18:7) Enti Kristoman redi ne bere, na onsusuw sɛ biribiara betumi no. Otu ne ho mpo sɛ ɔte wiase atumfoɔ so ‘redi ade.’ Ɛnnɛ atoro Kristofo anaa nwura bɔne no rehoahoa wɔn ho; wonsui. Nanso nneɛma rebɛsesa.

      Kristoman ne wiase atumfoɔ di hwebom, nanso ɛrenkyɛ nneɛma bɛsesa (Hwɛ nkyekyɛm 13)

      14. (a) Bere bɛn na atoro Kristofo ‘bɛtwɛre wɔn sẽ,’ na adɛn ntia? (b) Adɛn nti na ntease foforo a yɛanya wɔ Mateo 13:42 ho no ne Dwom 112:10 hyia? (Hwɛ awiei asɛm no.)

      14 Sɛ wɔsɛe atoro som nhyehyɛe ahorow nyinaa wie wɔ ahohiahia kɛse no mu a, asɔremma no bɛkɔ akɔpɛ baabi abɔ wɔn ho aguaa nanso wɔrennya bi. (Luka 23:30; Adi. 6:15-17) Ɛba saa a, anibere ne ahoyeraw bɛma wɔasu “atwɛre wɔn sẽ.” Saa bere no bɛyɛ esum bere, na sɛnea Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ahohiahia kɛse no ho ma yehu no, ‘wɔbɛbɔ abubuw.’e​—Mat. 24:30; Adi. 1:7.

      15. Dɛn na ɛbɛto nwura bɔne no, na bere bɛn na eyi besi?

      15 Nea ɛto so anan, wɔtow wɔn gu fononoo mu. Dɛn na ɛbɛto nwura bɔne a wɔakyekyere no afiafi no? Abɔfo no ‘bɛtow wɔn agu ogya fononoo mu.’ (Mat. 13:42) Eyi kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa; wɔn ho biribiara renka. Enti wɔbɛsɛe atoro som mufo wɔ Harmagedon, ahohiahia kɛse no fã a etwa to no mu.—Mal. 4:1.

  • “Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban—2013 | July 15
    • e Nkyekyɛm 14: Eyi yɛ ntease foforo a yɛanya wɔ Mateo 13:42 ho. Kan no yɛn nhoma ahorow kae sɛ atoro Kristofo ‘su twɛree wɔn sẽ’ akyɛ, efisɛ “ahenni mma no” apa wɔn ho ntama ama obiara ahu sɛ wɔne “ɔbɔnefo no mma.” (Mat. 13:38) Nanso nea ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ ɔsɛe na ɛbɛma wɔatwɛre wɔn sẽ.—Dw. 112:10.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena