Hwehwɛ Wɔn A Wɔpɛ Daa Nkwa
“Wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa bɛyɛɛ gyidifo.”—ASOMFO NO NNWUMA 13:48, New World Translation.
1. Onipa koma so tumi bɛn na Yehowa wɔ?
YEHOWA NYANKOPƆN betumi ahu nea ɛwɔ koma no mu. Wɔmaa eyi daa adi pefee bere a odiyifo Samuel kɔsraa Yisai ba bi sɛ Israel hene no. Samuel huu Eliab no, “ose: Ampa, nea [Yehowa] asra no no na ɔwɔ n’anim yi. Na [Yehowa] ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” Enti, wɔkyerɛɛ Samuel ma ɔkɔsraa Dawid a ɔdaa ne ho adi sɛ ‘Yehowa koma so barima’ no.—1 Samuel 13:13, 14; 16:4-13.
2. Dɛn na agye ntini wɔ onipa sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu, na enti dɛn na yɛkenkan fa ho wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?
2 Obi da su titiriw bi adi. Ɔwɔ su titiriw bi a agye ntini wɔ ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu. (Mateo 12:34, 35; 15:18-20) Enti, yɛkenkan onipa a “ɔko wɔ ne komam” ho asɛm. (Dwom 55:21) Wɔka kyerɛ yɛn sɛ “ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.” Na yɛkenkan sɛ: “Ayɔnkofo bi wɔ a wɔsɛe wɔn ho wɔn ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua ankasa.” (Mmebusɛm 18:24, NW, 29:22) Nea ɛyɛ anigye no, pii da wɔn ho adi te sɛ Amanaman Mufo bi a na wɔwɔ tete Antiokia wɔ Pisidia no. Bere a wɔtee Yehowa nsiesiei ma nkwagye no, “wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Yehowa anuonyam, na wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa bɛyɛɛ gyidifo.”—Asomafo no Nnwuma 13:44-48, NW.
Gyidifo “Koma mu Tew”
3, 4. (a) Henanom ne wɔn a wɔn koma mu tew no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn koma mu tew no hu Onyankopɔn?
3 Saa gyidifo a na wɔwɔ Antiokia no bɛyɛɛ Kristofo a wɔabɔ wɔn asu, na na wɔn mu anokwafo betumi de Yesu nsɛm a ɛne sɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Onyankopɔn” aka wɔn ankasa ho asɛm. (Mateo 5:8) Nanso henanom na “wɔn koma mu tew” no? Na ɔkwan bɛn so na ‘wohu Onyankopɔn’?
4 Wɔn a wɔn komam tew no mu tew. Wɔwɔ anisɔ, ɔdɔ, akɔnnɔ ne botae horow a ɛho tew. (1 Timoteo 1:5) ‘Wohu Onyankopɔn’ mprempren, kyerɛ sɛ wohu sɛ ɔyɛ ade ma mudi mufo. (Fa toto Exodus 33:20; Hiob 19:26; 42:5 ho.) Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘hu’ no kyerɛ sɛ “wɔde adwene no behu, sɛ wubehu, sɛ wunim biribi.” Esiane sɛ Yesu daa Onyankopɔn nipasu adi papaapa nti, “wɔn a wɔn koma mu tew” a wɔkyerɛ Yesu ne n’afɔrebɔ a ɛpata bɔne no mu gyidi no hu saa nipasu no, wɔde wɔn bɔne firi wɔn, na wotumi de ɔsom a Onyankopɔn ani sɔ ma no. (Yohane 14:7-9; Efesofo 1:7) Wɔn a wɔasra wɔn fam no, Onyankopɔn a wohu no no du ne pɔmpɔn so, bere a wonya owusɔre kɔ soro, faako a wohu Onyankopɔn ne Kristo no. (2 Korintofo 1:21, 22; 1 Yohane 3:2) Nanso wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa betumi ahu Onyankopɔn denam nokware nimdeɛ ne nokware som so. (Dwom 24:3, 4; 1 Yohane 3:6; 3 Yohane 11) Wɔpɛ sɛ wonya daa nkwa wɔ soro anaasɛ paradise asase so.—Luka 23:43; 1 Korintofo 15:50-57; 1 Petro 1:3-5.
5. Ɔkwan bɛn so na obi betumi abɛyɛ gyidini ne Yesu Kristo nokware akyidini?
5 Wɔn a wɔmpɛ daa nkwa no remmɛyɛ gyidifo. Wɔrentumi nna gyidi adi. (2 Tesalonikafo 3:2) Afei nso, obiara rentumi mmɛyɛ Yesu Kristo nokware akyidini gye sɛ ɔyɛ obi a wotumi kyerɛkyerɛ no, na Yehowa a ohu sɛnea koma no te no twe no. (Yohane 6:41-47) Nokwarem no, Yehowa Adansefo nni kan mmu obi atɛn, bere a wɔka asɛm wɔ afie afie no. Wontumi nhu nea ɛwɔ nkurɔfo koma mu, na mmom wogyaw nea ebefi mu aba no ma Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no.
6. (a) Dɛn na wɔaka wɔ ankorankoro a wɔne a wɔn kasa wɔ afie afie som adwuma no mu no ho? (b) Nsiesiei ahorow bɛn na wɔayɛ na aboa Yehowa Adansefo ma wɔahu wɔn a wɔpɛ daa nkwa no?
6 Nhomanimfo bi kae ɔkwan a ɛfata so sɛ: “[Paulo] kyerɛkyerɛ baguam wɔ afie afie. Ɛnyɛ asɛnka agua so nkutoo na ɔkaa Kristo ho asɛm, na mmom nkitaho a ɔne nnipa ankorankoro dii no mu. Mpɛn pii no, nnipa no ankasa a wɔne wɔn kasa no tu mpɔn sen ɔkwan foforo biara a wɔfa so du akra nkyɛn no.” (August Van Ryn) Nhoma ahorow te sɛ Theocratic Ministry School Guidebook, Reasoning From the Scriptures, ne Yɛn Ahenni Som boa Yehowa Adansefo ma wɔma ɔkasa ahorow na wɔayɛ nea ɛsen biara wɔ nkitaho a wɔne ankorankoro di wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. Nea ɛboa nso ne Ɔsom Nhyiam mu ɔyɛkyerɛ ahorow ne Teokrase Ɔsom Sukuu afotu. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ sukuu no mu no nya ɔkasa su te sɛ nnianim nsɛm a eye, Kyerɛwnsɛm a wɔde di dwuma ɔkwampa so, nsɛm a edidi so sɛnea ɛsɛ, nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to, mfatoho a wɔde di dwuma, ne ɔkasa awiei a etu mpɔn mu ntetee a ɛsom bo. Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible de akwankyerɛ a ebetumi ama Onyankopɔn nkurɔfo atu mpɔn kɛse bere a wɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ daa nkwa no bi ka eyi ho.
Nnianim Nsɛm a Ɛkanyan Adwene
7. Yesu nsɛm a ɔde fii Bepɔw so Asɛnka no ase no kyerɛkyerɛ dɛn wɔ nnianim nsɛm ho?
7 Wɔn a wɔresiesie wɔn ho ama afie afie adansedi no betumi asua nnianim nsɛm a ɛkanyan anigye ho biribi afi Yesu nhwɛso no mu. Ɔrefi ne Bepɔw so Asɛnka no ase no, ɔde nsɛmfua “anigye” dii dwuma mpɛn akron. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn de. . . . Anigye ne wɔn a wɔdwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:3-12, NW) Na ɔkasa no yɛ tẽẽ na emu da hɔ. Na akyinnye biara nni ho sɛ saa nnianim asɛm no kanyan anigye, na onyaa n’atiefo ma wotiei, efisɛ hena na ɔmpɛ sɛ onnya anigye?
8. Wɔ afie afie ɔsom adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛda nkɔmmɔbɔ asɛmti adi dɛn?
8 Ɛsɛ sɛ yɛda Nkɔmmbɔ Asɛmti a yɛde di dwuma wɔ afie afie adwuma no mu no adi wɔ ɔkwampa a ɛyɛ anigye so. Nanso, ɛnsɛ sɛ obiara de nnianim asɛm a eyi hu, te sɛ “Mewɔ nkrasɛm bi a efi ahunmu ma wo” di dwuma. Asɛmpa no fi soro de, nanso nnianim asɛm a ɛte saa no bɛma ofiewura no abisa ne ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ obu nea Ɔdansefo no ka no aniberesɛm anaasɛ ɔpam no ntɛm ara.
Onyankopɔn Asɛm a Yebekura Mu Yiye
9. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛda kyerɛw nsɛm adi, yɛkenkan, na yɛde di dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu? (b) Nhwɛso bɛn na wɔaka de kyerɛ sɛnea Yesu de nsemmisa dii dwuma?
9 Ɛsɛ sɛ yɛda kyerɛw nsɛm adi ɔkwampa so, na yesi nsɛm a ɛfata no so dua wɔ n’akenkan mu, na yɛde di dwuma ɔkwan a emu da hɔ na ɛteɛ so. Nsemmisa a ɛma ofiewura no susuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho nso betumi aboa. Bio nso, ɔkwan a Yesu faa so no tumi de ɔkyerɛkyerɛ ma. Bere bi, ɔbarima bi a onim Mose Mmara no bisaa no sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Yesu rebua no, obisaa no sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn?” Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu nim sɛ eyi yɛ asemmisa a ɔbarima no betumi abua. Ɔmaa mmuae a ɛteɛ bere a ɔkaa eyi no: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Eyi maa Yesu kamfoo no, na ɛma wɔtoaa nkɔmmɔbɔ no so.—Luka 10:25-37.
10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem wɔ nkɔmmɔbɔ asɛmti ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati bere a yebisabisa afiewuranom nsɛm no?
10 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ afie afie adwuma no si nkɔmmɔbɔ asɛmti no so dua, na wɔma nea enti a wɔkenkan Bible mu kyerɛw nsɛm a ɛka asɛmti no ho asɛm mu da hɔ. Esiane sɛ Ɔdansefo no rebɔ mmɔden adu ofiewura no koma mu nti, ɛsɛ sɛ ɔkwati nsemmisa a ɛbɛma n’ani awu. Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm redi dwuma a, ‘momma yɛn kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu.’—Kolosefo 4:6.
11. Bere a yɛde Kyerɛwnsɛm no redi dwuma de asakra adwene a ɛnteɛ no, nhwɛso bɛn na yɛwɔ wɔ Yesu a Satan sɔɔ no hwɛe no mu?
11 Ne titiriw no wɔ sankɔhwɛ mu no, ebehia sɛ yɛkyerɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka anaa nea ɛkyerɛ ankasa de sakra adwenhorow a ɛnteɛ. Yesu yɛɛ biribi a ɛte saa de powee nea Satan a ɔkaa eyi kae no, sɛ: “Sɛ wone Onyankopɔn ba no a, tow wo ho [fi asɔredan no atifi] kyene fam [te sɛ nea wopɛ sɛ wudi wo ho awu]; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo.” Dwom 91:11, 12 a Satan faa mu asɛm kae no nkyerɛ sɛ ɛteɛ sɛ wɔde nkwa, akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ bɛto asiane mu. Esiane sɛ na Yesu nim sɛ ɛnteɛ sɛ ɔde ne nkwa bedi agoru de asɔ Onyankopɔn ahwɛ nti, ɔka kyerɛɛ Satan sɛ: “Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ [Yehowa], wo Nyankopɔn, nhwɛ!” (Mateo 4:5-7) Nokwarem no, Satan nyɛ obi a ɔhwehwɛ nokware no. Nanso, sɛ nnipa a wɔwɔ ntease da adwene a ɛnteɛ a ebesiw wɔn honhom fam nkɔso kwan adi a, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo de anifere da nea Kyerɛwnsɛm no ka ne nea ɛkyerɛ ankasa adi. Eyinom nyinaa yɛ ‘nokware asɛm no mu a yebekura yiye’ no fã—asuade atitiriw a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu biako.—2 Timoteo 2:15.
Nsɛm a Etumi ma Wogye Di wɔ N’afã
12, 13. Dɛn nti na ɛteɛ sɛ yɛde nsɛm a ɛma wotumi gye di di dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu?
12 Nsɛm a etumi ma wogye di wɔ afã a ɛfata wɔ Kristofo som adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, Paulo hyɛ ne yɔnko dwumayeni Timoteo sɛ ɔnkɔ so wɔ nneɛma a wasua na “wɔma ogye dii” no mu. (2 Timoteo 3:14, NW) Korinto no, na Paulo “ma ɔkasa wɔ hyiadan mu homeda biara, na ɔmaa Yudafo ne Helafo gye dii.” (Asomafo no Nnwuma 18:1-4, NW) Wɔ Efeso no, otumi ‘maa ɔkasa ahorow na ɔde Onyankopɔn ahenni ho nsɛm a ɛbɛma wɔatumi agye adi dii dwuma.’ (Asomafo no Nnwuma 19:8) Na bere a ɔyɛ ɔdeduani wɔ fie wɔ Roma no, ɔsomafo no frɛɛ nkurɔfo baa ne nkyɛn na “ɔde nsɛm a ebetumi ama wɔagye adi” dii wɔn adanse, na ebinom bɛyɛɛ Kristofo.—Asomafo no Nnwuma 28:23, 24, NW.
13 Sɛnea Ɔdansefo no bɛbɔ mmɔden de nsɛm a ɛma wotumi gye di adi dwuma no mfa ho, wɔn a wɔpɛ daa nkwa nkutoo na wɔbɛyɛ gyidifo. Nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to a emu da hɔ betumi ama wɔagye adi. Nanso dɛn bio na ebetumi aboa ma wɔagye adi?
Ka Nsɛm Wɔanowɔano ne Nea Ɛma Wonya Gyidi
14. (a) Dɛn na nsɛm a wɔahyehyɛ no wɔanwɔano a edidi so sɛnea ɛsɛ sɛ no kyerɛ? (b) Nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?
14 Ɔkasa su horow a wɔasi so dua wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu biako ne nsɛm a wɔka no wɔanowɔano a edidi so sɛnea ɛsɛ. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛhyehyɛ asɛm no mu nsɛntitiriw no nnidiso nnidiso sɛnea ɛsɛ. Nea ɛho hia nso ne nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to, a ɛhwehwɛ sɛ yɛto nhyɛase pa na yɛde adanse a edi mu ama. Nea ɛne eyi sɛ nso ne atiefo a yɛbɛboa wɔn ma wɔadwen denam nsɛm a yɛne wɔn adwene behyia wɔ ho, akyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye, na yɛde adi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no so. Bio nso, Kyerɛwnsɛm no de akwankyerɛ ahorow ma.
15. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kanyan anigye na onyaa biribi a ɔne wɔn adwene hyiae wɔ ho bere a ɔkasae wɔ Mars Bepɔw so no? (b) Paulo kasa no mu no, nsɛm a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso sɛnea ɛsɛ ho adanse bɛn na yɛwɔ?
15 Ɔkasa su horow yi da adi wɔ ɔsomafo Paulo kasa a agye din a ɔmae wɔ Mars Bepɔw so wɔ tete Atene no mu. (Asomafo no Nnwuma 17:22-31) Ne nnianim asɛm no kanyan anigye na onyaa biribi a ɔne wɔn adwene hyia wɔ ho, efisɛ ɔkae sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa.” Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi te sɛ nkamfo bi ma wɔn. Bere a Paulo kaa afɔremuka bi a wɔahyira so ama “Onyame bi a wonnim no” ho asɛm akyi no, ɔde nsɛm a wahyehyɛ no nnidiso nnidiso sɛnea ɛsɛ ne nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to toaa so. Ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn yi a wonnim no no na ɔyɛɛ “wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.” Esiane sɛ ɔnte sɛ Atena anaa Helafo anyame afoforo no nti, “ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu.” Afei ɔsomafo no kyerɛe sɛ Onyankopɔn yi maa yɛn nkwa na ɔmma yɛmmrɛ ansa na yɛahu no. Afei Paulo kae sɛ yɛn Bɔfo no a wabu n’ani agu abosonsom mmere a wonnim so no, ‘rehyɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene.’ Eyi twee adwene sii asɛm a ɛne sɛ ‘Onyankopɔn nam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu atɛn trenee mu, na ɔno na wama wasɔre afi awufo mu’ no so. Esiane sɛ na Paulo ‘reka Yesu ne sɔre ho asɛmpa’ nti, na saa Atenefo no nim sɛ ɔtemmufo yi bɛyɛ Yesu Kristo.—Asomafo No nnwuma 17:18.
16. Ɔkwan bɛn so na Paulo kasa a ɔmae wɔ Mars Bepɔw so ne Teokrase Ɔsom Sukuu no mu ntetee betumi aka obi som adwuma?
16 Ampa, na Paulo nni adanse wɔ afie afie wɔ Mars Bepɔw so. Nanso Yehowa Adansefo betumi asua nneɛma pii a ɛbɛma wɔn asɛnka adwuma anya nkɔanim afi ne kasa no ne ntetee a wɔde ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no mu. Yiw, eyi nyinaa boa ma wɔyɛ asomfo a wotu mpɔn kɛse, te sɛ nea Paulo nsɛm a ɔhyehyɛɛ nnidiso nnidiso sɛnea ɛsɛ, ne nkyerɛkyerɛmu a etwa akyinnyegye to no maa saa Atenefo no mu binom bɛyɛɛ gyidifo no.—Asomafo no Nnwuma 17:32-34.
Fa Mfatoho a Etumi Kyerɛkyerɛ Di Dwuma
17. Mfatoho ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu?
17 Teokrase Ɔsom Sukuu no boa Onyankopɔn asomfo ma wɔde mfatoho pa di dwuma wɔ afie afie adansedi ne wɔn som adwuma no afã afoforo mu nso. Ɛsɛ sɛ yɛde mfatoho a asete nyɛ den di dwuma de si nsɛntitiriw so dua. Ɛsɛ sɛ Ɔdansefo no de nneɛma a wonim yɛ saa na ɔhwɛ yiye sɛ ɔbɛma dwuma a ɔde di no mu ada hɔ pefee. Yesu mfatoho ahorow nyinaa duu ahwehwɛde yi nyinaa ho.
18. Ɔkwan bɛn so na Mateo 13:45, 46 ho betumi aba mfaso wɔ ɔsom adwuma no mu?
18 Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu nsɛm yi ho: “Ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔntɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:45, 46) Nhene pa yɛ aboɔden abo a wohu wɔ adɔde awɔnwene ne mmoa afoforo a wɔte saa no mu. Nanso nhene bi nkutoo na ɛyɛ ‘papa.’ Na oguadini no wɔ nhumu a ehia na ɔde behu ahene biako yi bo a ɛso nni no, na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛtɔn nea ɔwɔ nyinaa de akɔtɔ. Ebia wɔ sankɔhwɛ anaa ofie Bible adesua mu no, yebetumi de mfatoho yi adi dwuma de akyerɛ sɛ onipa a ɔwɔ Onyankopɔn Ahenni ho anisɔ ampa no bɛyɛ n’ade te sɛ saa oguadini no. Onipa a ɔte saa no bɛma Ahenni no ayɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu, a onim sɛ biribiara a ɔde bɛbɔ afɔre na ama wanya no fata.
Fa Biribi a Etumi Kanyan Wie
19. Wɔ afie afie som adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ asɛm no awiei ma ofiewura no hu dɛn?
19 Wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo sua sɛ ɛsɛ sɛ ɔkasa anaasɛ nkɔmmɔbɔ awiei fa asɛmti no ho tẽẽ, na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ atiefo nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Wɔ afie afie som adwuma no mu no, ehia sɛ wɔkyerɛ ofiewura no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ pefee, te sɛ ebia ɛsɛ sɛ ogye Bible ho nhoma anaa ɔpene so ma wɔsan bɛsra no.
20. Awiei a ɛkanyan atiefo ho nhwɛso pa bɛn na yɛwɔ wɔ Mateo 7:24-27?
20 Yesu Bepɔw so Asɛnka no awiei de nhwɛso pa bi ma. Yesu nam mfatoho a asete nyɛ den so kyerɛe sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobetie ne nsɛm. Ɔde baa awiei sɛ: “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ase ɔbotan so. Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anhwea so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛhwee ase, na n’asehwe no so.” (Mateo 7:24-27) Hwɛ sɛnea eyi kyerɛ yiye sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkanyan afiewuranom!
21. Dɛn na nsɛm a yɛasusuw ho no akyerɛkyerɛ mu, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yehu?
21 Nsɛm a yɛasusuw ho yi kyerɛkyerɛ sɛnea Teokrase Ɔsom Sukuu no betumi aboa nnipa pii ma wɔafata sɛ Ahenni adawurubɔfo. Nokwarem no, fata a yɛbɛfata yiye no fi Onyankopɔn titiriw. (2 Korintofo 3:4-6) Na sɛnea ɔsomfo bi fata no mfa ho, obiara ntumi mma nkurɔfo mmɛyɛ gyidifo gye sɛ Onyankopɔn nam Kristo so twe wɔn. (Yohane 14:6) Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de honhom mu nsiesiei a Yehowa ayɛ nyinaa di dwuma, bere a wɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ daa nkwa no.
Mmuae Bɛn na Wode Ma?
◻ Henanom na “wɔn koma mu tew,” na ɔkwan bɛn so na ‘wobehu Onyankopɔn’?
◻ Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛda Ahenni nkrasɛm no adi wɔ afie afie adwuma no mu no?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura Onyankopɔn Asɛm mu yiye wɔ yɛn som adwuma mu?
◻ Dɛn na ɛbɛboa ma yɛaka nsɛm a yɛahyehyɛ no wɔanowɔano a edidi so sɛnea ɛsɛ akyerɛ wɔ asɛnka adwuma mu?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ mfatoho ahorow a yɛde di dwuma wɔ ɔsom adwuma mu no ho?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nsɛm awiei wɔ adansedi adwuma mu no tumi yɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Yesu kae sɛ “wɔn a wɔn koma mu tew’ no ‘behu Onyankopɔn.’ Na eyi kyerɛ dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Ɛsɛ sɛ yɛda Kyerɛwsɛm adi ɔkwampa so, yesi nsɛm a ɛfata so dua wɔ akenkan mu, na yɛde di dwuma ɔkwan a emu da hɔ so