-
Wunnim Nea Ɛbɛyɛ Yiye!Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
-
-
Asau No
15, 16. (a) Ka mfatoho a ɛfa asau ho no ho asɛm tiawa. (b) Asau no gyina hɔ ma dɛn, na Ahenni no nkɔso ho ade bɛn na mfatoho yi ka ho asɛm?
15 Su pa a nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu Kristo asuafo no da no adi no ho hia koraa sen wɔn dodow a ɛbɛkɔ anim no. Yesu kaa Ahenni no nkɔso foforo yi ho asɛm bere a ɔmaa mfatoho a ɛfa asau ho no. Ɔkae sɛ: “Bio nso ɔsoro ahenni te sɛ asau a wɔagyaa agu po mu ma ayi mpataa ahorow pii.”—Mat. 13:47.
16 Asau no gyina hɔ ma Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no, na eyi mpataa ahorow nyinaa bi. Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Bere a [asau no yɛɛ] mã no wɔtwe guu mpoano traa ase boaboaa papa no ano guu ade mu, nanso nea enye no de wɔtow gui. Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase nhyehyɛe no awiei: abɔfo no bɛkɔ akoyiyi abɔnefo afi atreneefo mu na wɔbɛtow wɔn agu ogya fononoo mu. Ɛhɔ na wobesu atwɛre wɔn sẽ.”—Mat. 13:48-50.
17. Nyiyim a wɔkaa ho asɛm wɔ asau ho mfatoho no mu no fa bere bɛn ho?
17 So saa nyiyim yi fa atemmu a etwa to a wɔde bɛba nguan ne mmirekyi so a Yesu kaa ho asɛm sɛ ɛbɛkɔ so wɔ bere a waba n’anuonyam mu no ho? (Mat. 25:31-33) Dabi. Saa atemmu a etwa to no bɛkɔ so wɔ bere a Yesu bɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu no. Nanso, nyiyim a wɔkaa ho asɛm wɔ asau ho mfatoho no mu no bɛkɔ so wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu.b Ɛno ne bere a yɛte mu yi—nna a ɛbɛkɔ akowie ahohiahia kɛse no mu no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔreyɛ nyiyim adwuma no nnɛ?
18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na nyiyim adwuma bi rekɔ so nnɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa komapafo yɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm a ɛwɔ kratafa 21 no nso.)
18 Sɛnkyerɛnne kwan so mpataa ɔpepem pii ankasa afi adesamma po no mu aba Yehowa asafo no mu wɔ ɛnnɛ mmere yi mu. Ebinom ba Nkaedi ase, afoforo ba yɛn asafo nhyiam ahorow, na ebinom nso ma yɛne wɔn sua Bible no. Nanso, so saa nnipa yi nyinaa ba bɛyɛ nokware Kristofo? Ebia ‘wɔbɛtwe wɔn agu mpoano,’ nanso Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, “papa” no nkutoo na wɔbɛboaboa ano agu ade a egyina hɔ ma Kristofo asafo no mu. Wɔbɛtow nea enye no agu, na awiei koraa no, wɔde begu sɛnkyerɛnne kwan so ogya fononoo a ɛkyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba daakye no mu.
19 Nnipa pii a bere bi na wɔne Yehowa nkurɔfo sua Bible no a wɔagyae no te sɛ mpataa a enye no. Wɔn mu bi wɔ hɔ a wɔn awofo yɛ Kristofo, nanso wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛba abɛyɛ Yesu akyidifo da. Wɔmpɛ sɛ wobesi gyinae asom Yehowa, anaasɛ na wɔsom no bere bi na wɔagyae.c (Hes. 33:32, 33) Nanso, ɛho hia sɛ nnipa komapafo nyinaa ma wɔboaboa wɔn ano gu asafo ahorow no a ɛte sɛ ade a wɔde mpataa gu mu no mu ansa na atemmu a etwa to no aba, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so tra baabi a ahobammɔ wɔ no.
-
-
Wunnim Nea Ɛbɛyɛ Yiye!Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
-
-
20, 21. (a) Dɛn na yɛasua afi Yesu mfatoho a ɛfa onyin ho a yɛasusuw ho yi mu? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?
20 Enti, dɛn na yɛasua afi nhwehwɛmu kakra a yɛayɛ wɔ mfatoho ahorow a Yesu mae a ɛfa onyin ho no mu? Nea edi kan no, te sɛ nea sinapi aba no nyinii no, saa ara na nnipa pii retie Ahenni no ho asɛm no wɔ asase so ha. Biribiara nni hɔ a ebetumi ama yɛagyae Yehowa adwuma no a yɛretrɛw mu no! (Yes. 54:17) Afei nso, wɔabɔ wɔn a wɔahwehwɛ ahobammɔ wɔ ‘dua no nwini ase’ no ho ban afi Satan ne ne wiase bɔne no ho. Nea ɛto so abien, Onyankopɔn na ɔma obi nyin bɛyɛ osuani. Sɛnea yɛmfa yɛn aniwa nhu ɔkwan a mmɔkaw fa so kaw esiam nyinaa no, saa ara na ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi hu anaasɛ yɛte ɔkwan a nneɛma fa so nyin no ase, nanso onyin no kɔ so ara! Nea ɛto so abiɛsa, ɛnyɛ wɔn a wɔatie asɛmpa no nyinaa na wɔada wɔn ho adi sɛ woye. Sɛnea Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no, wɔn mu binom ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mpataa a enye.
-
-
Wunnim Nea Ɛbɛyɛ Yiye!Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
-
-
b Ɛwom sɛ Mateo 13:39-43 fa Ahenni no ho asɛnka adwuma no ho ade foforo ho de, nanso ebenya ne mmamu wɔ bere a asau ho mfatoho no renya ne mmamu no ara wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” yi mu. Sɛnkyerɛnne kwan so mpataa a woyiyi mu no rekɔ so sɛnea aba a wogu ne otwa adwuma no rekɔ so wɔ yɛn bere yi mu no.—October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban kratafa 25-26; Som Nokware Nyankopɔn Koro No kratafa 178-181, nkyekyɛm 8-11.
-