Dɛn Na Asawu Ne Mpataa No Kyerɛ Ma Wo?
“Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm.”—MATTHEW 13:11.
1, 2. Dɛn nti na yebetumi akyerɛ Yesu mmebu ho anigye?
SO W’ANI gye ho sɛ wubehu ahintasɛm bi anaasɛ wubedi ɔhaw bi ho dwuma? Na saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woahu wo fam de wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu pefee nso ɛ? Anigyesɛm no ne sɛ wonam ɛbɛ bi a Yesu bui no so betumi anya ntease a ɛyɛ hokwan. Ɛmaa nnipa pii a wɔtee no ho dwiriw wɔn, na efi saa bere no, ama nnipa afoforo pii nso ho adwiriw wɔn, nanso wubetumi ate ase.
2 Hyɛ nea Yesu kae wɔ Mateo ti 13 faa mmɛ a obui no ho no nsow. N’asuafo bisaa no sɛ: “Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu?” (Mateo 13:10) Yiw, dɛn nti na Yesu de mmebu a nnipa pii rente ase dii dwuma? Obua wɔ nkyekyem 11 kosi 13 sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn. . . . Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nso wɔnte na wɔnte ase.”
3. Ɔkwan bɛn so na Yesu mmebu a yɛbɛte ase no de mfaso horow bɛbrɛ yɛn?
3 Afei Yesu de Yesaia 6:9, 10, a ɛka nnipa a wɔyɛ asotifo ne anifuraefo wɔ honhom fam ho asɛm dii dwuma. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ wɔn. Sɛ yɛte ne mmebu no ase na yedi ho dwuma a, yɛn ani betumi agye yiye—mprempren ne kosi daakye a enni awiei. Yesu ma awerɛhyem a ɛyɛ anigye yi sɛ: “Na mo de, [anigye] ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte.” (Mateo 13:16) Saa awerɛhyem no fa Yesu mmebu nyinaa ho, nanso ɛtwe adwene si asawu ho bɛ tiawa bi a wɔakyerɛw wɔ Mateo 13:47-50 no so.
Ɛbɛ a Ne Ntease mu Dɔ
4. Dɛn na Yesu nam abebu so kae, sɛnea wɔada no adi wɔ Mateo 13:47-50 no?
4 “Ɔsoro ahenni te sɛ asawu a wɔde guu po mu na ebumaa nam horow nyinaa bi; na ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtraa ase paw nea eye no guu akorow mu, na nea enye de, wɔtow gui. Sɛnea ɛbɛyɛ wiase awiei no mu ara ne no. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnipa bɔne afi atreneefo mu, na wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.”
5. Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ nea asawu ho bɛ no kyerɛ no ho?
5 Ebia woahu nnipa a wɔde asawu reyi nam, anyɛ yiye koraa no wɔ sini mu anaasɛ television so, enti ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ ɛbɛ no ho mfonini wɔ w’adwenem. Na emu nsɛm ne ne ntease nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ ɛbɛ yi fa “ɔsoro ahenni” no ho. Nanso, nokwarem no, wankyerɛ sɛ onipa “biara,” onipa pa ne onipa bɔne bɛkɔ Ahenni no mu. Afei nso, henanom na woyi nam no? So saa mpataayi ne mpaapaemu yi kɔɔ so wɔ Yesu bere so, anaasɛ ebia ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi, “wiase awiei no” mu nkutoo? So wuhu wo ho wɔ ɛbɛ yi mu? Wobɛyɛ dɛn atumi akwati ka a wɔde wo bɛka wɔn a wosu na wɔtwɛre wɔn se no ho?
6. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye yiye sɛ yɛbɛte asawu ho bɛ no ase? (b) Dɛn na ɛbɛma yɛate ase?
6 Nsemmisa a ɛte saa no kyerɛ sɛ ɛbɛ yi asete nyɛ mmerɛw koraa. Nanso, mma wo werɛ mfi sɛ: “[Anigye] ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte.” Ma yɛnhwɛ sɛ yebetumi ahwehwɛ nea ɛkyerɛ no mu na yɛn aso ate na yɛn aniwa ahu nea ɛkyerɛ. Nokwarem no, yɛwɔ biribi titiriw a ɛbɛma yɛate ase dedaw. Asɛm a edi eyi anim no kaa frɛ a Yesu frɛɛ Galilea apofofo sɛ wonnyae saa adwuma no na wɔmmɛyɛ honhom fam adwuma sɛ “nnipa yifo” no ho asɛm. (Marko 1:17) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Efi nnɛ mubeyi nnipa anikan.’—Luka 5:10.
7. Na dɛn na Yesu rekyerɛ bere a ɔkaa mpataa ho asɛm no?
7 Nea ɛne saa asɛm no hyia no, ɛbɛ yi mu mpataa no gyina hɔ ma nnipa. Enti bere a nkyekyem 49 ka abɔnefo a wɔpaw wɔn fi atreneefo mu ho asɛm no, na ɛnka nsu mu nam a eye anaa nea enye ho asɛm, na mmom nnipa pa anaa nnipa bɔne ho asɛm. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ nkyekyem 50 ma yenya adwene sɛ po mu mmoa su na wɔtwɛre wɔn se. Dabi. Ɛbɛ yi fa nnipa a wɔreboaboa wɔn ano, na akyiri yi wɔpaapae wɔn mu, a ɛyɛ aniberesɛm yiye, sɛnea nea efi mu ba no kyerɛ no ho.
8. (a) Dɛn na yebetumi asua wɔ nea wɔbɛyɛ mpataa a enye no mu? (b) Esiane nea wɔkae wɔ mpataa a enye no ho nti, dɛn na yebetumi aka wɔ Ahenni no ho?
8 Hyɛ no nsow sɛ wɔbɛtow mpataa a enye, kyerɛ sɛ wɔbɛtow abɔnefo agu ogya fononoo mu, faako a wobesu na wɔatwɛre wɔn se. Mmeae afoforo no Yesu de osu ne setwɛre a ɛte saa no bata wɔ a wɔwɔ Ahenni no akyi ho. (Mateo 8:12; 13:41, 42) Wɔ Mateo 5:22 ne 18:9 (New World Translation) no, ɔkaa “Gehena a ogya redɛw wɔ hɔ,” a na ɔrekyerɛ daa ɔsɛe ho asɛm. So ɛno nkyerɛ sɛnea ehia sɛ yɛte ɛbɛ yi ase na yedi ho dwuma? Yɛn nyinaa nim sɛ abɔnefo nni Onyankopɔn Ahenni no mu na wɔrenkɔ mu nso. Enti, bere a Yesu kae sɛ “ɔsoro ahenni no te sɛ asawu no,” ɛbɛyɛ sɛ na ɔkyerɛ sɛ, wɔ Onyankopɔn Ahenni no fam no, biribi te sɛ asawu a wogu de yi mpataa ahorow wɔ hɔ.
9. Ɔkwan bɛn so na abɔfo ho asɛm wɔ asawu ho bɛ no mu?
9 Sɛ wogu asawu no na woyi mpataa no wie a, wɔbɛyɛ mpaapaemu adwuma bi. Henanom na Yesu kae sɛ wɔyɛe? Mateo 13:49 kyerɛ sɛ saa apofofo a wɔyɛɛ mpaapaemu no yɛ abɔfo. Enti na Yesu reka asase so adwinnade bi a abɔfo hwɛ so a wɔde hu nnipa ho asɛm akyerɛ yɛn—ebinom yɛ nnipa pa a wɔfata sɛ wɔkɔ ɔsoro Ahenni no mu, na afoforo nso mfata sɛ wɔkɔ mu.
Mpataayi No—Bere Bɛn?
10. Adwene bɛn na ebetumi ama yɛahu sɛ mpataayi no bɛkɔ so bere tenten?
10 Nsɛm a ɛka ho no ma yehu bere a wɔyɛ eyi. Ansa na Yesu reka eyi no, obuu bɛ bi a ɛfa aba pa a wogu ho, nanso afei woguu nwura wɔ afuw a ɛyɛ wiase no ho mfonini no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Mateo 13:38 sɛ aba pa a wogui no gyina hɔ ma “ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma.” Eyinom nyinaa boom nyinii mfehaha pii, kosii twabere wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei. Afei wɔboaboaa wura no ano, na akyiri yi wɔhyewee. Sɛ yɛde eyi toto asawu no ho a, yehu sɛ wɔde bere tenten na ɛbɛtwetwe abɔde aba asawu no mu.—Mateo 13:36-43.
11. Ɔkwan bɛn so na wofii amanaman mu mpataayi adwuma bi ase wɔ afeha a edi kan no mu?
11 Sɛnea Yesu bɛ no kyerɛ no, wɔbɛboaboa mpataa no ano a wɔrenyiyim, kyerɛ sɛ asawu no yii mpataa a eye ne nea enye nyinaa. Bere a asomafo no te ase no, abɔfo a na wɔkyerɛ mpataayi adwuma no kwan no de Onyankopɔn Kristofo ahyehyɛde no yii “mpataa” a wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Wubetumi aka sɛ ansa na Pentekoste 33 Y.B reba no, nnipa a Yesu yii wɔn no ma onyaa asuafo bɛyɛ 120. (Asomafo no Nnwuma 1:15) Nanso bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no pɛ, na wofii ase de asawu yii nam, na woyii mpataa a eye mpempem pii. Efi 36 Y.B. reba no, mpataayi no mu trɛw koduu amanaman nsu mu, bere a woyii Amanaman Mufo baa Kristosom mu, na wɔbɛyɛɛ Kristo asafo a wɔasra wɔn no mufo no.—Asomafo no Nnwuma 10:1, 2, 23-48.
12. Dɛn na ɛbae wɔ asomafo no wu akyi?
12 Mfehaha a edi bere a asomafo no wui akyi mu no, Kristofo binom kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ wobehu ɔsoro nokware no na wɔaso mu. Anyɛ yiye koraa no, eyinom mu binom nyaa Onyankopɔn anim dom, na wɔde honhom kronkron sraa wɔn. Nanso, asomafo no wu no yii nkɛntɛnso bi a na esiw kwan fii hɔ, na ɛmaa ɔwae kɛse fii ase. (2 Tesalonikafo 2:7, 8) Ahyehyɛde bi nyinii a ɛkae wɔ ɔkwan a ɛmfata so sɛ ɛne Onyankopɔn asafo. Edii atoro kae sɛ ɛne ɔman kronkron a wɔde Onyankopɔn honhom asra no sɛ ɛne Yesu nni hene no.
13. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristoman nyaa asawu adwuma no mu kyɛfa bi?
13 So wususuw sɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wonni nokware no nyaa kyɛfa bi wɔ asawu ho bɛ yi mu? Ntease bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so abua sɛ yiw, wonyaa mu kyɛfa. Kristoman ka sɛnkyerɛnne kwan so asawu no ho. Ɛwom, Katolek Asɔre no bɔɔ mmɔden mfe pii sɛ ɛremma nnipa mpapahwekwa nsa nka Bible no. Nanso, wɔ mfehaha no mu no, Kristoman mufo nyaa Onyankopɔn Asɛm a wɔkyerɛɛ ase, wɔhwɛɛ so kyerɛw bi, na wɔkyekyɛɛ no mu kyɛfa titiriw bi. Akyiri yi asɔre ahorow tew Bible ahyehyɛde ahorow a ɛkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri kasa mu anaasɛ wogyinaa akyi. Wɔsomaa nnuruyɛfo a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo ma wonyaa nnipa a aduan ne honam fam nneɛma nti wɔbɛyɛ Kristofo nso. Eyinom boaboaa mpataa bebree a enye, a wonni Onyankopɔn anim dom ano. Nanso, anyɛ yiye koraa no, wɔmaa nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Kristofo huu Bible no ne Kristosom bi, ɛwom sɛ na wɔasɛe no de.
14. Ɔkwan bɛn so na nnwuma bi a Kristoman mu asɔre ahorow no yɛe no boaa mpataayi adwuma no?
14 Saa bere no nyinaa no, na anokwafo a wɔahwete a wodi Onyankopɔn Asɛm so no yere wɔn ho sɛnea wobetumi. Bere biara no, wɔn na wɔka bom yɛ Onyankopɔn nokware asafo a wɔasra no wɔ asase so no. Na yebetumi agye adi sɛ na wɔn nso wɔreyi mpataa, anaasɛ nnipa, a na Onyankopɔn bebu wɔn mu pii sɛ wɔyɛ nnipa pa a ɔde ne honhom bɛsra wɔn. (Romafo 8:14-17) Saa nnipa pa a wose wɔyɛ Kristofo no tumi de Bible no mu nokware no kɔmaa nnipa pii a aduan ne honam fam nneɛma nti wɔabɛyɛ Kristofo, anaasɛ wɔanya Bible mu nimdeɛ bi afi Kyerɛwnsɛm a Kristoman Bible ahyehyɛde ahorow kyerɛɛ ase kɔɔ wɔn kasa mu no mu no. Ampa, na wɔreboaboa mpataa a eye ano, ɛwom mpo sɛ wɔ Onyankopɔn fam no, na nea Kristoman reboaboa wɔn ano no mu fã kɛse no ara nye de.
15. Sɛ yɛbɛka no pen a, asawu ho bɛ no gyina hɔ ma dɛn?
15 Enti asawu no gyina hɔ ma asase so adwinnade bi a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asafo a ɛboaboa mpataa ano. Kristoman ne Kristofo asafo a wɔasra wɔn no nyinaa ka ho, na Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ so aboaboa mpataa a eye ano, wɔ abɔfo akwankyerɛ a aniwa nhu ase ma ɛne Mateo 13:49 ahyia.
Yɛn Bere Yi Da Nsow
16, 17. Dɛn nti na bere a yɛte mu no ho hia kɛse ma Yesu bɛ a ɛfa asawu ho no ho dwumadi?
16 Afei ma yensusuw bere no ho. Mfehaha pii no, asawu adwinnade no yii mpataa a eye ne nea enye, anaasɛ abɔnefo pii. Bere no dui ma abɔfo no yɛɛ mpaapaemu adwuma titiriw bi. Bere bɛn? Nkyekyem 49 ka no pefee sɛ ɛyɛ “wiase awiei no mu.” Eyi ne nea Yesu kae wɔ nguan ne mpapo ho bɛ no mu no sɛ. “Na onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.”—Mateo 25:31, 32.
17 Enti, nea ɛne Mateo 13:47-50 hyia no, wɔreyɛ mpaapaemu adwuma titiriw bi wɔ abɔfo akwankyerɛ ase fi bere a “wiase awiei” fii ase wɔ 1914 mu no. Eyi bɛdaa adi titiriw wɔ 1919 akyi, bere a wogyee wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo fii bere tiaa mu honhom fam nnommumfa mu, na wɔbɛyɛɛ adwinnade a etu mpɔn kɛse a wɔde yɛ mpataayi adwuma no.
18. Ɔkwan bɛn so na wɔaboaboa mpataa a eye no ano agu akorow mu?
18 Na wɔbɛyɛ mpataa a eye a wɔapaw no dɛn? Nkyekyem 48 ka sɛ apofofo a wɔyɛ abɔfo a wɔboaboa wɔn ano no boaboaa “[mpataa] a eye no ano guu akorow mu, na nea enye no de, wɔtow gui.” Akorow no yɛ adekorabea a ɛma ahobammɔ a wɔde mpataa a eye no gu mu. So aba saa wɔ yɛn bere yi mu. Aba saa ampa. Bere a wɔayi sɛnkyerɛnne kwan so mpataa a eye anikan no, wɔboaboa wɔn ano gu nokware Kristofo asafo ahorow no mu. Saa asafo ahorow a ɛte sɛ akorow no aboa ma wɔabɔ wɔn ho ban, na wɔakora wɔn so ama ɔsoro adwuma, anaa ɛnte saa? Nanso, ebia obi benya adwene sɛ ‘Eyi nyinaa ye, nanso ɛfa me mprempren asetra ne me daakye ho dɛn?’
19, 20. (a) Dɛn nti na ehia nnɛ sɛ yɛte bɛ yi ase? (b) Mpataayi adwuma bɛn na wɔayɛ fi 1919?
19 Ɛnyɛ mfehaha a ɛda asomafo no mmere ne 1914 ntam no mu nkutoo na nea wɔkae wɔ ɛbɛ yi mu no nyaa mmamu. Wɔ saa bere no mu no, asawu adwinnade no yii atoro ne nokware Kristofo nyinaa. Yiw, na ɛreyi mpaata a enye ne nea eye. Afei nso, mpaapaemu adwuma a abɔfo yɛ no amma awiei wɔ bɛyɛ 1919 mu. Dabida. Wɔ akwan bi so no, asawu ho bɛ no akɔ so anya mmamu abesi yɛn bere yi mu. Ɛfa yɛn ho, na saa ara na ɛfa yɛn daakye a ɛda yɛn anim pɛɛ no nso ho. Ɛho hia yiye sɛ yɛte ɔkwan ko ne nea enti a eyi te saa no ase, sɛ yɛpɛ sɛ wɔde nsɛm a edi so yi ka yɛn ho asɛm a: “Na mo de [anigye] ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ” ɛde ntease ‘te.’—Mateo 13:16.
20 Ebia wunim sɛ wɔ 1919 akyi no, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ne abɔfo a wɔakɔ so de sɛnkyerɛnne kwan so asawu ayi mpataa aba mpoano, na wɔapaw nea eye no afi nea enye no mu no yɛɛ asɛnka adwuma no kɛse. Akontaabu a efi saa bere no kyerɛ sɛ wɔkɔɔ so de asawu yii mpataa a eye a wɔde Onyankopɔn honhom bɛsra wɔn, bere a wɔde sɛnkyerɛnne kwan so asawu yii 144,000 no mufo a wotwa to no. (Adiyisɛm 7:1-4) Nanso ebeduu 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ no, mpataa a eye a woyii wɔn na wɔde honhom kronkron no asra wɔn no baa awiei ankasa. Ɛnde so na nkaefo a wɔasra wɔn asafo no bɛtow asawu no agu, sɛ yɛbɛka no saa a, na wɔatra ase a wɔnyɛ hwee, a wɔretwɛn wɔn soro akatua? Dabida!
Nea Wobɛyɛ wɔ Mpataayi no Mu
21. Mpataayi adwuma bɛn na wɔayɛ wɔ yɛn bere yi mu? (Luka 23:43)
21 Yesu bɛ a ɛfa asawu no ho no twee adwene sii mpataa a eye a wɔbɛma wɔn trabea wɔ ɔsoro Ahenni no mu de atua wɔn ka no so. Nanso, wɔ saa ɛbɛ no akyi no, wɔreyɛ sɛnkyerɛnne kwan so mpataayi adwuma foforo kɛse bi, te sɛ nea wɔkyerɛe wɔ asɛm a edi eyi anim no mu mpo no. Eyi nyɛ mpataayi adwuma a wɔde yi nkaefo mpataa a eye a wɔaka ho asɛm wɔ Yesu bɛ no mu no, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so mpataa a wobeyi wɔn anikan na wɔde nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso a ɛyɛ anigye ama wɔn.—Adiyisɛm 7:9, 10; fa toto Mateo 25:31-46 ho.
22. Ade a ɛyɛ anigye bɛn na yebetumi anya afi mu, na dɛn na ɛne eyi bɔ abira?
22 Sɛ wowɔ saa anidaso no a, ɛnde wubetumi adi ahurusi sɛ Yehowa ama kwan ma mpataayi adwuma bi a egye nkwa akɔ so abesi saa bere yi. Eyi ama woatumi anya anidaso a ɛyɛ nwonwa. Anidaso? Yiw, ɛne asɛmfua a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma, efisɛ nea ebefi mu aba no ne nokware a yɛkɔ so di ma Nea ɔkyerɛ mpataayi adwuma a yɛreyɛ no kwan no behyia. (Sefania 2:3) Kae sɛ wɔ ɛbɛ no mu no, na ɛnyɛ mpataa a asawu no yii wɔn no nyinaa na na wɔpɛ. Yesu kae sɛ wɔbɛpaw nea enye anaasɛ abɔnefo no afi atreneefo no mu. Wɔbɛyɛ wɔn dɛn? Wɔ Mateo 13:50 no, Yesu kaa nea wɔbɛyɛ mpataa a enye anaasɛ abɔnefo no ho asɛm. Wɔbɛtow eyinom agu ogya fononoo mu, ɛkyerɛ daa ɔsɛe.—Adiyisɛm 21:8.
23. Dɛn na ɛma mpataayi adwuma no ho hia nnɛ?
23 Daakye a anuonyam wom wɔ hɔ ma mpataa a eye a wɔasra wɔn ne sɛnkyerɛnne kwan so mpataa a ebia wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no. Ɛnde, ntease pa nti na abɔfo no rehwɛ sɛ wɔbɛyɛ mpataayi adwuma a ɛma woyi mpataa wɔ wiase nyinaa mprempren no. Na mpataa bebree a wɔreyi wɔn bɛn ara ni! Ɛteɛ sɛ wobɛka sɛ wɔ ɔkwan bi so no, ɛte sɛ mpataa a wɔreyi wɔn wɔ anwonwa kwan so te sɛnea asomafo no yii wɔn, bere a wɔnam Yesu akwankyerɛ so guu wɔn asawu no.
24. Dɛn na yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ honhom fam mpataayi no ho?
24 So worenya honhom mu mpataayi adwuma a egye nkwa yi mu kyɛfa sɛnea wubetumi. Pii a obi ayɛ dɛ abesi saa bere yi mfa ho, yɛn mu biara betumi anya mu mfaso denam nea wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa wɔ mpataayi adwuma kɛse ne nkwagye adwuma a wɔreyɛ mprempren no mu a yɛbɛhwɛ no so. Ɛsɛ sɛ saayɛ kanyan yɛn ma yɛde nnamyɛ kɛse gu asawu no de yi nam wɔ nna a ɛda yɛn anim pɛɛ no mu!—Fa toto Mateo 13:23; 1 Tesalonikafo 4:1 ho.
So Wokae Nsɛntitiriw Yi?
◻ Mpataa ahorow abien a wɔwɔ Yesu bɛ a ɛfa asawu ho no mu no gyina hɔ ma dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristoman mu asɔre ahorow no ayɛ asawu adwuma no bi?
◻ Dɛn nti na mpataayi a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi mu no ho hia saa?
◻ Ɛsɛ sɛ asawu ho bɛ no ma yɛn mu biara hwehwɛ n’ankasa ho mu dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Wɔayi mpataa wɔ Galilea Po no mu mfehaha pii
[Mfonini Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.