Yehowa Dom No Yiye
“MA W’ANI nnye, wo a wɔadom wo! [Yehowa] ka wo ho.” Nkyia bɛn ni! Ɔkasafo no nyɛ obiara sɛ ɔbɔfo Gabriel. Ɔrekasa kyerɛ ababaa bi a ɔbrɛ ne ho ase komam—Maria, ɔbarima bi a ne din de Eli babea. Afe no yɛ 3 A.Y.B., na beae no ne Nasaret kurow no mu.—Luka 1:26-28.
Wɔahyɛ bɔ sɛ wɔde Maria bɛma Yosef a ɔyɛ duadwumfo no aware. Sɛnea Yudafo mmara ne wɔn amammerɛ kyerɛ no, wobu no sɛ ne siyere. (Mateo 1:18) Ɔbarima no nso yɛ onipa a ɔba fam wɔ asetra mu te sɛ ɔbea no. Ɛnde, dɛn nti na ɔbɔfo no kyia no sɛ obi a wɔadom no yiye?
Onya Hokwan a Ɛyɛ Nwonwa
Gabriel de ka ho sɛ: “Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ dom. Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.”—Luka 1:29-33.
Bere a Maria ho adwiriw no, na n’adwene atu afra no, obisa sɛ: “Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara?” Gabriel bua sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na nea ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.” Nea ɛbɛyɛ na n’adwenem anyɛ no naa no, ɔbɔfo no de ka ho sɛ: “Hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewabere mu; na nea wɔfrɛ no obonin no, eyi ne ne sram a ɛto so asia; efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.”—Luka 1:34-37.
Maria gye ɔsom hokwan a ɛyɛ nwonwa yi tom ntɛm ara. Ofi ɔpɛ ne ahobrɛase mu bua sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se.” Ɛno akyi no, Gabriel gyaw ne hɔ kɔ. Maria de ahoɔhare kɔ kurow bi a ɛwɔ Yuda mantam a ɛhɔ yɛ mmepɔw mmepɔw mu. Bere a odu ɔsɔfo Sakaria ne ne yere Elisabet fie no, ohu tebea horow a ɔbɔfo no kaa ho asɛm no pɛpɛɛpɛ. Hwɛ sɛnea anigye hyɛ Maria koma ma! Ɔka nsɛm de yi Yehowa ayɛ.—Luka 1:38-55.
Ɔbɛyɛ Yosef Yere
Ɔbaabun na ɛsɛ sɛ ɔwo Yesu wɔ ɔkra nipadua mu, efisɛ wɔhyɛɛ awo a ɛte saa no ho nkɔm. (Yesaia 7:14; Mateo 1:22, 23) Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbaabun a wɔde no ama aware na ɔyɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya agya a ɔbɛtete no a ɔnam no so betumi anya hokwan atra Ɔhene Dawid ahengua no so wɔ mmara kwan so. Yosef ne Maria nyinaa fi Yuda abusua mu, na wɔyɛ Ɔhene Dawid asefo. Enti hokwan a Yesu wɔ sɛ obedi ade no bɛyɛ mmɔho. (Mateo 1:2-16; Luka 3:23-33) Eyi nti na akyiri yi ɔbɔfo no ma Yosef awerɛhyem sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛfa Maria sɛ ne mmara kwan so yere, ɛwom sɛ ɔyem de.—Mateo 1:19-25.a
Towtua ho mmara a Kaesare Augusto hyɛe no hyɛ Yosef ne Maria ma wɔkɔkyerɛw wɔn din wɔ Betlehem. Bere a wɔwɔ hɔ no, ɔwo n’abakan a ɔyɛ ɔbabarima. Nguanhwɛfo bɛhwɛ akokoaa no, na woyi n’Agya Yehowa ayɛ. Bere a Maria dwira ne ho nnafua 40 akyi sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, ɔkɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu kɔbɔ ne bɔne ho afɔre. (Leviticus 12:1-8; Luka 2:22-24) Yiw, esiane sɛ wɔannyinsɛn Maria ahotew mu, na ɔnne ne ho wɔ bɔne ho nkekae ho nti, na ɛsɛ sɛ ɔfa mpata afɔrebɔ so pata ne bɔne ahorow a onya fii awo mu no.—Dwom 51:5.
Bere a Maria ne Yosef wɔ asɔrefie hɔ no, Simeon a wabɔ akwakora ne odiyifo bea Hana a wabɔ aberewa nya hokwan hu Onyankopɔn Ba no. Ɛnyɛ Maria ne nea wɔn adwene si no so titiriw. (Luka 2:25-38) Akyiri yi, ɛnyɛ Maria na nsoromma mu ahwɛfo no kotow no na mmom Yesu.—Mateo 2:1-12.
Bere a Yesu awofo guan kɔ Misraim na wɔtra hɔ kosi sɛ ɔbɔnefo Herode wu no, wɔsan ba bɛtra kurow ketewa Nasaret mu. (Mateo 2:13-23; Luka 2:39) Ɛhɔ na Yosef ne Maria tete Yesu wɔ abusua asetra a Onyankopɔn suro wom mu.
Maria Woo Mma Afoforo
Bere a bere kɔ so no, Maria ne Yosef wo nuabarimanom ne nuabeanom ankasa ka Yesu ho. Bere a Yesu som adwuma no ma no ba ne kurow Nasaret mu no, ne mmofraaberem atipɛnfo kae no. Wobisa sɛ: “Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? Na ɛnyɛ ne nuabeanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa?” (Mateo 13:55, 56) Ɛyɛ Yosef ne Maria honam fam abusua, a Maria mmabarima ne mmabea a Nasarefo nim wɔn sɛ Yesu nuabarimanom ne ne nuabeanom ankasa ka ho ho asɛm na wɔreka.
Saa nuabarimanom ne nuabeanom yi nyɛ Yesu papa anaa ne maame nnuanom mma. Saa ara na wɔnyɛ n’asuafo, anaa ne honhom fam nuabarimanom ne nuabeanom, efisɛ Yohane 2:12 ma nsonsonoe bɛda akuw abien no ntam pefee bere a ɛka sɛ: “Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafo no.” Mfe bi akyi wɔ Yerusalem no, ɔsomafo Paulo huu Kefa, anaa Petro, na ɔde kaa ho sɛ: “Na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade ne nua Yakobo.” (Galatifo 1:19) Afei nso, asɛm a ɛne sɛ Yosef ‘anhu Maria de kosii da a ɔwoo ɔbabanin’ no kyerɛ sɛ Yesu agya a ɔtetee no no ne no dae wɔ ɛno akyi, na ɔne no woo mma afoforo. (Mateo 1:25) Ɛfata sɛ Luka 2:7 frɛ Yesu ‘n’abakan’ barima no.
Ɛna a Osuro Onyankopɔn
Sɛ́ ɛna a osuro Onyankopɔn no, Maria boa Yosef ma wɔkyerɛkyerɛ ne mma wɔ trenee mu. (Mmebusɛm 22:6) Yehu sɛnea ɔyɛ Kyerɛwnsɛm no suani a ɔyɛ nnam no fi ne honhom fam nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɔka bere a Elisabet kyia no no mu. Saa bere no, Yesu maame tĩ Hana dwom no mu nsɛm mu, na ɔda ne nimdeɛ a ɔwɔ wɔ nnwom, abakɔsɛm ne nkɔmhyɛ nsɛm, ne Mose nhoma ahorow mu no adi. (Genesis 30:13; 1 Samuel 2:1-10; Mmebusɛm 31:28; Malaki 3:12; Luka 1:46-55) Maria asua nkɔmhyɛ nsɛm agu ne tirim, akora so ne komam, adwennwen ho. Enti wasiesie ne ho yiye sɛ obenya kyɛfa wɔ awofo nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma abarimaa Yesu no mu.—Luka 2:19, 33.
Yesu a wadi mfe 12 a wakyerɛkyerɛ no yiye no da Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ adi ma animdefo a wɔwɔ asɔrefie hɔ no ho dwiriw wɔn. Esiane sɛ watew ne ho afi n’awofo ho saa Twam afahyɛ bere no nti, ne na ka sɛ: “Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw ahwehwɛ wo.” Yesu bua sɛ: “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?” Bere a Maria nte mmuae yi ase yiye no, ɔde sie ne koma mu. Wɔsan kɔ Nasaret, na Yesu kɔ so ‘nyin nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’—Luka 2:42-52.
Maria Bɛyɛ Yesu Suani
Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ awiei koraa no Maria bɛyɛ Yesu suani a ɔwɔ ahofama! Ɔyɛ ɔhobrɛasefo, na ɛmfa ho adwuma soronko a Onyankopɔn de ama no no, onni ɔpɛ bi sɛ ɔbɛda nsow. Maria nim Kyerɛwnsɛm no. Sɛ w’ankasa woyɛ nhwehwɛmu a, worenhu sɛ wɔka ne ho asɛm sɛ wɔde kontonkurowi atwa ne ti ho ahyia a ɔte ahengua so sɛ “ɔhemmaa,” a ɔhyerɛn te sɛ Kristo a ɔwɔ n’anuonyam mu. Mmom no, wubehu no sɛ onyi ne ho adi koraa na ɔmmɛn baabi a ɛbɛma wada nsow.—Mateo 13:53-56; Yohane 2:12.
Yesu sii biribiara a ɛbɛma ayɛ te sɛ nea wɔresom Maria no ano wɔ n’akyidifo mu. Bere bi a na ɔrekasa no, “ɔbea bi a ɔwɔ nkurɔfokuw no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii! Na ɔno de, ɔkae sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:27, 28) Yesu ka kyerɛɛ Maria wɔ ayeforohyia bi ase sɛ: “Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.” (Yohane 2:4) Nkyerɛase afoforo kenkan sɛ: “Gyae asɛm no ma me.” (Weymouth) “Mmɔ mmɔden sɛ wobɛma me akwankyerɛ.” (An American Translation) Yiw, na Yesu bu ne na, nanso wansom no.
Hokwan Ahorow a Ɛtra hɔ Daa
Hwɛ hokwan ahorow a Maria nyae! Ɔno na ɔwoo Yesu. Afei ɔno na ɔhwɛɛ abofra kumaa no tetee no. Awiei koraa no, ɔdaa gyidi adi bɛyɛɛ Kristo suani ne ne honhom fam nuabea. Wɔ Maria ho asɛm a etwa to a yehu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, yehu no wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem. Ɔne Yesu asomafo no, ne mma a aka no, ne mmea anokwafo bi na ahyiam wɔ hɔ—wɔn nyinaa yɛ Yehowa asomfo.—Asomafo no Nnwuma 1:13, 14.
Bere kɔɔ so no, Maria wui, na ne nipadua san kɔɔ dɔte mu. Te sɛ ne dɔba no akyidifo a wodi kan a wɔasra wɔn a wɔaka no, ɔdae wɔ owu mu kosii sɛ Onyankopɔn bere soe na onyanee no sɛ honhom abɔde na ɔmaa no nkwa a owu nnim wɔ soro. (1 Korintofo 15:44, 50; 2 Timoteo 4:8) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ nea ‘wɔadom no yiye’ no ani agye kɛse wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo anim mprempren!
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ na Maria nyɛ ɔbaabun a, anka hena na ɔbɛpɛ sɛ ɔware no? Ná nea Yudafo no hwehwɛ ara ne sɛ abeawa yɛ ɔbaabun.—Deuteronomium 22:13-19; fa toto Genesis 38:24-26 ho.
[Kratafa 31 mfonini]
Wɔdom Maria yiye sɛ Yesu na