Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 7/15 kr. 32
  • “Ɔsoro Sɛnkyerɛnne Bi”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔsoro Sɛnkyerɛnne Bi”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 7/15 kr. 32

“Ɔsoro Sɛnkyerɛnne Bi”

TETE anwensɛm bi se: “Wim a ɛyɛ kɔkɔɔ anadwo ma hyɛnmufo ani gye,/Wim a ɛyɛ kɔkɔɔ anɔpa ma hyɛnmufo koma tu.” Ɛnnɛ, wɔnam ahunmu mfoninitwa afiri, wim hyew ho adesua a wɔde komputa na ɛyɛ, afiri a ɛde mframa tumi kyerɛ nneɛma ntam kwan, ne nyansahu akwan afoforo so kyerɛ sɛnea wim tebea te. Nsɛm a wɔka sie no taa ne anwensɛm a wɔfaa mu asɛm kae nkyɛe no hyia.

Bere bi, Yesu Kristo nyamesom atamfo no bisaa no “ɔsoro sɛnkyerɛnne bi,” anwonwade soronko bi a ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔne Mesia no. Ɔkae sɛ: “Edu anwummere a, moka sɛ: Wim bɛtew, efisɛ ɔsoro abere. Na anɔpa de, moka sɛ: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu? Nnɛ mma bɔne ne aweresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.”​—Mateo 16:1-4.

Ná Yesu atamfo no tumi kyerɛ sɛnea wim tebea te, nanso na wontumi nte honhom mu nneɛma ase. Sɛ́ nhwɛso no, “Yona sɛnkyerɛnne no” nso ɛ? Onyankopɔn diyifo Yona dii nnansa wɔ apataa kɛse bi yam akyi no, ɔkaa asɛm wɔ Niniwe, na ɔnam saayɛ so bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne ma saa Asiria ahenkurow no. Yesu awo ntoatoaso no nyaa “Yona sɛnkyerɛnne no” bere a Kristo dii bɛyɛ nnansa wɔ ɔboda mu na wonyan no no. N’asuafo no kaa saa adeyɛ no ho adanse kyerɛe, ma enti na Yesu yɛ sɛnkyerɛnne ma saa awo ntoatoaso no.​—Mateo 12:39-41.

Bere fofofo nso, Yesu asuafo no bisaa no ‘ba a ɔbɛba’ daakye wɔ Ahenni tumi mu no ho “sɛnkyerɛnne.” Wɔ mmuaema mu no, ɔmaa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow, a akodi a ebi mmae da, asasewosow akɛse, ɔkɔm, ne Onyankopɔn soro Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛm a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa ka ho.​—Mateo 24:3-14.

So wuhu ba a Kristo aba sɛ ɔsoro Hene a aniwa nhu no no ho sɛnkyerɛnne no? N’afã ahorow no renya mmamu wɔ awo ntoatoaso yi so. (Mateo 24:34) Na daakye nso ɛ? Ɛnyɛ sɛ Bible no da no adi sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn nko, na mmom ɛhyɛ Onyankopɔn da fofofo bi a wahyɛ ho bɔ a ɛnkyɛ ɛde nhyira bɛbrɛ adesamma ho nkɔm.​—2 Petro 3:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena