Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nea Enti a Migyaee Asɔfodi Kɔyɛɛ Ɔsom Adwuma a Eye
    Nyan!—1993 | October 8
    • Mantumi annye nsusuwii abien no nyinaa antom, efisɛ na ennyina Asɛmpa no mu nokware so. Ɛyɛ Mateo 16:18, 19 a wɔakyinkyim no, na ɛma asɔre no nkyerɛkyerɛ dedaw ne daakye de a enni Kyerɛwnsɛm mu ne asɔre no nkyerɛkyerɛ nyinaa ho kwan.b Mihui sɛ Yesu amfa Hela nsɛmfua a wɔde adi dwuma wɔ asɛm yi mu, peʹtra (ɔbea tebeam) , a ɛkyerɛ “ɔbotan,” ne peʹtros (ɔbarima tebeam) a ɛkyerɛ “ɔbo sin bi” no anni dwuma sɛ ɛkyerɛ ade biako. Afei nso, sɛ na wɔde tumi a ɛkorɔn ama Petro sɛ ɔbotan, te sɛ tweatibo a, ankaasomafo no annye wɔn mu nea ɔyɛ ɔkɛse ho akyinnye akyiri yi. (Fa toto Marko 9:33-35; Luka 22:24-26 ho.) Afei nso, anka Paulo remmɔ ne ho dam nka Petro anim wɔ baguam sɛ ‘wannantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te.’ (Galatifo 2:11-14) Mebɛtee ase sɛ Kristo akyidifo a wɔde honhom awo wɔn nyinaa te sɛ abo, a Yesu ne wɔn nhyɛase tweatibo.​—1 Korintofo 10:4; Efesofo 2:19-22; Adiyisɛm 21:2, 9-14.

  • Nea Enti a Migyaee Asɔfodi Kɔyɛɛ Ɔsom Adwuma a Eye
    Nyan!—1993 | October 8
    • b Sɛnea Katolekfo New American Bible no kyerɛ no. saa kyerɛwsɛm yi fa bi ka sɛ: “Meka mekyerɛ wo sɛ, woyɛ ‘Ɔbo, na ɔbo yi so na mede m’asɔre mesi . . . Biribiara a wobɛka sɛ wɔakyekyɛ wɔ asase so no na wɔakyekye no ɔsoro; biribiara a wobɛka sɛ wɔasan wɔ asase so no na wɔasan no ɔsoro.”​—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 23 no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena