-
Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Yɛde Bɛsom YehowaƆwɛn-Aban—1993 | June 1
-
-
2. Dɛn na Petro yɛe wɔ Yesu nsɛm a ɛfa Ne daakye amanehunu no ho, na Yesu buaa dɛn?
2 Aka bere tiaa bi ma Yesu awu. Nanso Petro bo fuw wɔ adwene a ɛte sɛ nea ɛyɛ hu no ho. Ontumi nnye ntom sɛ wobekum Mesia no ampa. Enti Petro ka ne Wura anim. Bere a ntease pa na ɛkanyan no no, ofi nkate mu hyɛ sɛ: “Wo ne wo ho nni ayamye so, Awurade; eyi remma wo so koraa.” Nanso Yesu pow Petro ayamye a ɛmfata no ntɛm so, wɔ ahotoso mu sɛnea obi bɛbɔ ɔwɔ a ne ho yɛ hu ti no. “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen yi.”—Mateo 16: 22, 23, New World Translation.
3. (a) Ɔkwan bɛn so na Petro yɛɛ ne ho Satan dwumayeni a onnim? (b) Ɔkwan bɛn so na na Petro yɛ hintidua ma ho a wɔde bɔ afɔre asetra?
3 Petro ayɛ ne ho Satan dwumayeni a onnim. Yesu mmuae no yɛ pintinn te sɛ bere a obuaa Satan wɔ sare no so no. Ɛhɔ na Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔde asetra a ahotɔ wom, ahenni a ɔmmrɛ ho, bɛsɔ Yesu ahwɛ. (Mateo 4:1-10) Afei Petro hyɛ no nkuran sɛ ɔne ne ho nni brɛbrɛ. Yesu nim sɛ eyi nnyɛ n’Agya apɛde. Ɛsɛ sɛ otumi de ne ho bɔ afɔre wɔ n’asetram, ɛnyɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ ahotɔ ama ne ho. (Mateo 20:28) Petro abɛyɛ hintidua ama asetra kwan a ɛte saa; ne mmɔborohunu a efi adwempa mu no abɛyɛ afiri.a Nanso Yesu hu no pefee sɛ sɛ ɔma asetra a afɔrebɔ nnim ho kwan a, ɔbɛhwere Onyankopɔn dom denam Satan afiri a ɛyɛ hu bi a ɔbɛhwe mu so.
4. Dɛn nti na na asetra a anigyede a ɛtra so wom mfata Yesu ne n’akyidifo no?
4 Enti, na ehia sɛ wosiesie Petro nsusuwii. Ná ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yesu no yɛ onipa adwene, ne ɛnyɛ Onyankopɔn de. Ná Yesu mpɛ asetra a wɔyɛ nneɛma ntraso de gye ani, ɔkwan tiawa a wɔde fi ɔhaw mu; na na ɔmpɛ sɛ n’akyidifo nso benya asetra a ɛte saa, efisɛ afei Yesu ka kyerɛ Petro ne asuafo a aka no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua, na onni m’akyi daa.”—Mateo 16:24, NW.
-
-
Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Yɛde Bɛsom YehowaƆwɛn-Aban—1993 | June 1
-
-
a Wɔ Hela mu no, na “hintidua” (σκάνδαλον, skanʹda·lon) yɛ “afiri bi fã a wɔde darewa ano nam hyɛ no din, enti, ɛyɛ afiri no ankasa.”—Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words.
-