“Asɛm no Yɛfo” a Wɔwɔ Anigye
“Momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no. Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho.”—YAKOBO 1:21, 22.
1. Ɛsɛ sɛ yebu yɛn 1996 afe asɛm no dɛn?
“MONYƐ ASƐM NO YƐFO.” Asɛm tiawa yi kura nkrasɛm a tumi wom. Woyi fii “Yakobo Nhoma” a ɛwɔ Bible mu no mu, na wɔde bɛbɔ Ahenni Asa ahorow so sɛ Yehowa Adansefo afe asɛm wɔ 1996 nyinaa mu.
2, 3. Dɛn nti na na ɛfata sɛ ɛsɛ sɛ Yakobo kyerɛw krataa a ne din da so no?
2 Na Yakobo, Awurade Yesu maame ba no yɛ onipa titiriw wɔ tete Kristofo asafo no mu. Bere bi wɔ Yesu wusɔre akyi no, yɛn Awurade yii ne ho adi ankasa kyerɛɛ Yakobo ne afei asomafo no nyinaa. (1 Korintofo 15:7) Akyiri yi, bere a woyii ɔsomafo Petro fii afiase wɔ anwonwakwan so no, ɔka kyerɛɛ Kristofo kuw bi a na wɔahyiam sɛ: “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no.” (Asomafo no Nnwuma 12:17) Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea na Yakobo ankasa nyɛ ɔsomafo de, nanso ɔyɛɛ oguamtrani wɔ sodikuw no nhyiam a wɔyɛe wɔ Yerusalem bere a asomafo no ne mpanyimfo no sii gyinae sɛ ɛho nhia sɛ Amanaman mufo a wɔasakra no twa twetia no ase. Yakobo bɔɔ nsɛm no mua, na wɔde gyinaesi a honhom kronkron penee so no kɔmaa asafo ahorow no nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 15:1-29.
3 Ɛda adi sɛ na Yakobo nsusuwii a egyina ahokokwaw so no ho hia yiye. Nanso ɔde ahobrɛase gye toom sɛ n’ankasa yɛ “Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa” ara kwa. (Yakobo 1:1) Ne krataa a efi honhom mu no kura afotu ne nkuranhyɛ pa pii ma Kristofo nnɛ. Owiei bɛyɛ mfe anan ansa na Ɔsahene Cestius Gallus de Romafo bɛtow hyɛɛ Yerusalem so nea edi kan, bere a wɔaka asɛmpa no akɔ akyiri wɔ “wiase abɔde nyinaa mu” akyi no. (Kolosefo 1:23) Na wɔwɔ mmere a emu yɛ den mu, na na Yehowa asomfo nim yiye sɛ N’atemmu rebɛba Yuda man no so.
4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu ahotoso kɛse?
4 Na saa Kristofo no wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa ne Hela Kyerɛwnsɛm no mu fã kɛse no ara dedaw. Sɛnea adwene a Kristofo Bible akyerɛwfo twe sii tete nkyerɛwee no so mpɛn pii kyerɛ no, ɛda adi sɛ na wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ahotoso kɛse. Saa ara na ɛho hia sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no sua Onyankopɔn Asɛm anibere so na yɛde di dwuma wɔ yɛn asetra mu. Yehia honhom mu ahoɔden ne akokoduru a Kyerɛw Kronkron no de ma no na yɛatumi agyina.—Dwom 119:97; 1 Timoteo 4:13.
5. Dɛn nti na yehia akwankyerɛ soronko nnɛ, na yebenya afi he?
5 Ɛnnɛ adesamma gyina “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba” no aboboano. (Mateo 24:21) Yɛn ti a yebenya adidi mu no gyina ɔsoro akwankyerɛ a yɛwɔ so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya eyi? Ɛdenam yɛn koma mu a yebebue ama Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so. Eyi bɛma ‘yɛayɛ asɛm no yɛfo,’ te sɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔtraa ase wɔ tete mmere mu no. Ɛsɛ sɛ yɛde nsiyɛ kenkan Onyankopɔn Asɛm na yesua na yɛde yi Yehowa ayɛ.—2 Timoteo 2:15; 3:16, 17.
Anigye a Wɔde Gyina Mu
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya anigye wɔ sɔhwɛ a yehyia no mu?
6 Bere a Yakobo refi ne krataa no ase no, ɔbɔ anigye, Onyankopɔn honhom aba a ɛto so abien no din. Ɔkyerɛw sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ. Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.” (Yakobo 1:2-4; Galatifo 5:22, 23) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ ɛyɛ “anigye koraa” sɛ yebegyina sɔhwɛ pii ano? Ɛne sɛ Yesu mpo kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne mo bere a nnipa bɔ mo ahohora na wɔtaa mo, na me nti wodi atoro ka nsɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ ɔsoro.” (Mateo 5:11, 12, NW) Yenya akomatɔyam a ɛyɛ anigye sɛ yehu Yehowa nhyira wɔ yɛn mmɔdenbɔ so bere a yɛyere yɛn ho denneennen sɛ yebedu yɛn botae a ɛne daa nkwa ho no.—Yohane 17:3; 2 Timoteo 4:7, 8; Hebrifo 11:8-10, 26, 35.
7. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa yɛn ma yɛagyina mu? (b) Te sɛ Hiob no, ɔkwan bɛn so na wobetumi ama yɛn akatua?
7 Yesu ankasa gyinaa mu esiane “anigye a ɛda n’anim” no nti. (Hebrifo 12:1, 2) Sɛ yegyen yɛn ani hwɛ Yesu akokoduru nhwɛso no a, yɛn nso yebetumi agyina mu! Sɛnea Yakobo ka wɔ ɛrekɔ ne krataa no awiei no, Yehowa ma mudi mu kurafo akatua pii. Yakobo ka sɛ: “Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo [anigyefo, NW]. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:11) Kae sɛnea wɔmaa Hiob akatua wɔ ne mudi mu kura ho bere a wɔma onyaa ahoɔden na ɔne n’adɔfo nyaa asetra a edi mu na anigye wom no. Boasetɔ a wode bekura wo mudi mu betumi ama woanya anigye a ɛte saa ara wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu Paradise a wahyɛ ho bɔ no mu, sɛ Yehowa a woresom no seesei no mu anigye a ɛsen biara.
Nyansa a Yɛbɛhwehwɛ
8. Ɛhe na yebetumi anya nokware nyansa a mfaso wɔ so, na dɛn na mpaebɔ yɛ wɔ eyi mu?
8 Onyankopɔn Asɛm a yɛde nsiyɛ besua ne dwuma a yɛde bedi ankasa no bɛma yɛanya Onyankopɔn nyansa, na ebetumi ama yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano wɔ Satan wiase a ɛresɛe no mu ɔporɔw mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya awerɛhyem sɛ yebenya saa nyansa no? Yakobo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no. Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.” (Yakobo 1:5, 6) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae a emu yɛ den, a yɛwɔ ahotoso pintinn sɛ Yehowa bɛtie yɛn nkotɔsrɛ, na obebua wɔ n’ankasa bere ne ne kwan a ɛfata so.
9. Yakobo ka Onyankopɔn nyansa ne dwuma a wɔde di ho asɛm dɛn?
9 Onyankopɔn nyansa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Yakobo reka saa akyɛde horow no ho asɛm no, ɔka sɛ: “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.” Yakobo kyerɛkyerɛ nea efi nokware nyansa a yenya mu ba no mu akyiri yi wɔ ne krataa no mu bere a ɔka eyi no: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu. . . . Nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom.”—Yakobo 1:17; 3:13-17.
10. Ɔkwan bɛn so na atoro som ne nokware bɔ abira?
10 Nea wɔtaa yɛ wɔ wiase atoro som ahemman no mu, wɔ Kristoman mu anaa wɔ nsase foforo so, ne sɛ wɔbɛto asɔre nnwom bi, atie mpaebɔ ahorow a wotĩ mu, ne ebia ɔkasa bi. Wɔmfa nkuranhyɛ biara mma sɛ wɔmmɔ anidaso asɛm bi dawuru, efisɛ ɔsom dodow no ara nni daakye ho anidaso pa biara. Wɔnka Onyankopɔn Mesia Ahenni no anuonyam anidaso no ho asɛm da anaasɛ wɔnte ase koraa. Yehowa ka Kristoman akyidifo ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ: “Bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no, sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaapae a entumi nnyina nsu.” (Yeremia 2:13) Wonni nokware nsu biara. Wonni ɔsoro nyansa.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔsoro nyansa kanyan yɛn? (b) Ɔsoro nyansa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ dɛn ho?
11 Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ Yehowa Adansefo mu nnɛ! Esiane sɛ wɔwɔ ahoɔden kɛse a Onyankopɔn na ɔde ama wɔn nti, wɔde N’Ahenni a ɛreba no ho asɛmpa rehyɛ asase so ma. Nyansa a wɔka ho asɛm no gyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. (Fa toto Mmebusɛm 1:20; Yesaia 40:29-31 ho.) Nokwarem no, wɔde nokware nimdeɛ ne ntease di dwuma ankasa de bɔ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Bɔfo no atirimpɔw akɛse no dawuru. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn pɛ sɛ ‘Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ’ bɛhyɛ asafo no mufo nyinaa “ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu.” (Kolosefo 1:9) Bere a yɛwɔ saa nnyinaso yi no, ɛbɛkanyan mmofra ne mpanyin nyinaa ma ‘wɔayɛ asɛm no yɛfo’ bere nyinaa.
12 “Nyansa a efi soro no” bɔ yɛn kɔkɔ wɔ bɔne ahorow a ɛrentumi mma yennya Onyankopɔn anim dom no ho. Yakobo ka sɛ: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw; efisɛ onipa abufuw nyɛ Onyankopɔn trenee mu ade.” Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm, yɛma yɛn ho pere yɛn sɛ yebetie Onyankopɔn afotu na yɛde adi dwuma. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa ‘akwaa ketewa,’ tɛkrɛma, no anni dwuma ɔkwammɔne so. Tɛkrɛma nam ahoahoa, nseku a nyansa nnim, obi asɛm nkutoo a ɛyɛ no dɛ so betumi ama ogya atɔ “kwae kɛse” mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Enti ɛho hia sɛ yɛtew yɛn anim na yenya ahosodi wɔ yɛn fekubɔ nyinaa mu.—Yakobo 1:19, 20; 3:5.
13. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yegye “asɛm a wɔatɛw” no tom?
13 Yakobo kyerɛw sɛ: “Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no.” (Yakobo 1:21) Saa adifudepɛ wiase yi ne ne honam fam ade dodowpɛ ahopɛ asetra kwan a ɛde hoahoa ne ho ne n’abrabɔ bɔne no rebetwam akɔ. “Na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yegye “asɛm a wɔatɛw no” tom! Nyansa a Onyankopɔn Asɛm de ma no ne wiase a ɛresɛe yi mu nnebɔne no bɔ abira koraa. Yɛmpɛ saa nnebɔne no mu biara. (1 Petro 2:1, 2) Ɛho hia sɛ yɛtɛw nokware no ho dɔ ne gyidi a ɛyɛ den wɔ yɛn komam, na ama yɛasi yɛn bo sɛ yɛremman mfi Yehowa akwantrenee so da. Nanso Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛte no dɔɔso?
“Asɛm no Yɛfo” a Yɛbɛyɛ
14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Asɛm no “atiefo” asan ayɛ ne “yɛfo”?
14 Yɛkenkan wɔ Yakobo 1:22 sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho.” “Monyɛ asɛm no yɛfo”! Ɛda adi sɛ wosi asɛmti yi so dua wɔ Yakobo krataa no mu. Ɛsɛ sɛ yetie, na afei yɛyɛ “saa ara”! (Genesis 6:22) Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ kyerɛ sɛ ɛdɔɔso sɛ yebetie ɔkasa bi anaa yebenya ɔsom mu guasodeyɛ bi mu kyɛfa wɔ bere ne bere mu, nanso wɔma ɛso hɔ ara. Ebia wobesusuw sɛ mpɛn dodow a wɔbɔ ‘bra pa’ ma ɛne wɔn ankasa gyinapɛn ahorow hyia no, ɛno ara dɔɔso. Nanso Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Ɛda adi pefee sɛ wɔhwehwɛ fi nokware Kristofo hɔ sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ afɔre agyina mu de adi Yesu nhwɛso a ɛfa Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ no akyi. Wɔ wɔn fam no, Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no te sɛ nea na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu ara pɛ, bere a Yesu a wɔanyan no afi awufo mu hyɛe sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo” no. (Mateo 28:19) Dɛn na woreyɛ wɔ eyi mu?
15. (a) Mfatoho bɛn na Yakobo de ma a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya anigye sɛ “asɛm no yɛfo”? (b) Dɛn nti na ani so som kɛkɛ nnɔɔso?
15 Sɛ yɛkɔ so gyen yɛn ani hwɛ Onyankopɔn Asɛm mu a, ebetumi ayɛ sɛ ahwehwɛ a ɛma yehu nnipa ko a yɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Yakobo ka sɛ: “Nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.” (Yakobo 1:23-25) Yiw, ɔbɛyɛ “asɛm no yɛfo” a ɔwɔ anigye. Bio nso, ɛho hia sɛ yɛyɛ “yɛfo” wɔ yɛn Kristofo asetra fã biara mu. Ɛnsɛ sɛ yɛdaadaa yɛn ho susuw da sɛ ani so som kɛkɛ no dɔɔso. Yakobo tu yɛn fo sɛ yɛnhwɛ nokware som afã horow bi a ebia Kristofo a wɔyɛ nnam mpo abu wɔn ani agu so no. Ɔkyerɛw sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.
16. Akwan bɛn so na Abraham bɛyɛɛ “Onyankopɔn adamfo,” na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Ne nnamfo?
16 Ɛnnɔɔso sɛ wobɛka kɛkɛ sɛ, ‘Migye Onyankopɔn di,’ na woama aso hɔ ara. Sɛnea Yakobo 2:19 ka no: “Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.” Yakobo si so dua sɛ “gyidi a adwuma nni ho awu,” na ɔtwe adwene si Abraham so ka sɛ: “Ne gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi no wiee pɛyɛ.” (Yakobo 2:17, 20-22) Abraham nnwuma no bi ne sɛ ɔmaa n’abusua nyaa ahotɔ, oyii ahɔhoyɛ su adi, osiesiee ne ho sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre, na ‘ɔkae wɔ baguam’ sɛ ɔwɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa “kurow a ɛwɔ nhyɛase,” Mesia Ahenni a ɛbɛba daakye, ho no mu gyidi pintinn. (Genesis 14:16; 18:1-5; 22:1-18; Hebrifo 11:8-10, 13, 14; 13:2) Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, “wɔfrɛɛ” Abraham “Onyankopɔn adamfo.” (Yakobo 2:23) Wobetumi abu yɛn nso sɛ ‘Onyankopɔn nnamfo’ bere a yɛde nnamyɛ bɔ gyidi ne anidaso a yɛwɔ wɔ ne trenee Ahenni a ɛreba no mu dawuru no.
17. (a) Dɛn nti na ‘wobuu Rahab bem,’ na ɔkwan bɛn so na wotuaa no ka? (b) Wɔn a ‘wɔbɛyɛɛ asɛm no yɛfo’ bebree bɛn din na Bible bobɔ? (d) Ɔkwan bɛn so na wotuaa Hiob ka, na dɛn ntia?
17 Nokwarem no, ‘wofi nnwuma mu na ebu’ wɔn a ‘wɔbɛyɛ asɛm no yɛfo’ no ‘bem, na emfi gyidi nko mu.’ (Yakobo 2:24) Rahab yɛ obi a ɔde nnwuma kaa ne gyidi ho wɔ Yehowa ahoɔdenne ho “asɛm” a ɔtee no mu. Ɔde Israel akwansrafo no siei na ɔboaa wɔn ma woguanee, na afei ɔboaboaa ne papa fifo ano maa wɔkoraa wɔn so. Wɔ owusɔre no mu no, hwɛ sɛnea obedi ahurusi bere a ɔbɛte sɛ ne gyidi a nnwuma ka ho no ma ɔbɛyɛɛ Mesia no nenabea! (Yosua 2:11; 6:25; Mateo 1:5) Hebrifo ti 11 de afoforo a ‘wɔbɛyɛɛ yɛfo’ de daa wɔn gyidi adi bebree din ma, na wɔbɛma wɔn akatua pii. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Hiob nso, nea bere a ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den no ɔkaa eyi no: “Awurade [Yehowa, NW] din na nhyira nka no.” Sɛnea yɛahu dedaw no, ne gyidi ne ne nnwuma ma onyaa akatua kɛse. (Hiob 1:21; 31:6; 42:10; Yakobo 5:11) Saa ara na gyina a yebegyina mu sɛ “asɛm no yɛfo” no bɛma yɛanya Yehowa anim dom.
18, 19. Ɔkwan bɛn so na anuanom a wɔhyɛɛ wɔn so bere tenten ‘abɛyɛ asɛm no yɛfo,’ na nhyira bɛn na wɔn dwumadi de aba?
18 Wɔn a wɔagyina amanehunu pii ano wɔ mfe a atwam no mu no mu bi ne yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei Fam no. Seesei a wɔayi anohyeto pii afi hɔ no, eyinom ‘abɛyɛ asɛm no yɛfo’ ankasa wɔ wɔn tebea foforo no mu. Asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo a wofi nsase a ɛbemmɛn so no atu akɔtra hɔ rekɔboa wɔ ɔkyerɛkyerɛ ne nneɛma a wɔyɛ ho nhyehyɛe mu. Finland baa dwumadibea ne Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea foforo a ɛbemmɛn no de adansifo a wɔn ho akokwaw akɔ hɔ, na wiase nyinaa onuayɛ a wɔwɔ ayamye no atua baa dwumadibea ne Ahenni Asa foforo a wosisi ho ka.—Fa toto 2 Korintofo 8:14, 15 ho.
19 Hwɛ nnamyɛ a anuanom a wɔhyɛɛ wɔn so bere tenten no de ayɛ ade wɔ asɛnka mu! Sɛnea yɛbɛka no no, ‘wɔreyɛ adwuma denneennen na wɔyere wɔn ho sɛ’ wɔbɛyɛ biribi de asi hokwan ahorow a wɔannya wɔ “ɛbere a ennye” no mu ananmu. (1 Timoteo 4:10; 2 Timoteo 4:2) Sɛ nhwɛso no, wɔ April a etwaam yi mu wɔ Albania a wɔhyɛɛ wɔn so atirimɔden so no, wɔde nnansa pɛ na ɛkyekyɛɛ Ahenni Asɛm a wɔato din sɛ “Dɛn Nti na Ɔhaw Ahyɛ Asetra Mu Ma Saa?” no nyinaa. Na eyi yɛ adwuma pa a wɔyɛe wɔ Yesu wu Nkaedi a nnipa 3,491—wɔdɔɔso sen wɔn adawurubɔfo 538 a wɔkɔ asɛnka daa no—kɔɔ ase no akyi.
20. Dɛn na nnipa dodow a wɔkɔ Nkaedi ase nnansa yi kyerɛ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo pii?
20 Aman foforo aboa yiye wɔ nnipa dodow a wɔba Nkaedi ase, a akɔ anim wɔ nnansa yi mfe mu akodu bɛboro 10,000,000 no mu. Wɔ mmeae pii no, wɔn a wɔyɛ foforo a Nkaedi no a wɔkɔhwɛe ahyɛ wɔn gyidi den no ‘reyɛ asɛm no yɛfo.’ Yebetumi ahyɛ wɔn a wɔne yɛ bɔ a wɔyɛ foforo no bebree nkuran ma wɔafata ama saa hokwan no?
21. Nea ɛne yɛn afe asɛm no hyia no, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so, na botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa?
21 Te sɛ saa Kristofo a wɔyɛ nnam a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu, ne pii a wɔatra ase fi saa bere no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyere yɛn ho ‘apɛ daa nkwa botae no ho adu,’ sɛ ebia ɛbɛyɛ ɔsoro Ahenni no mu anaa n’asase a ebedi so no so no. (Filipifo 3:12-14) Ɛfata sɛ yɛbɛbɔ mmɔden biara adu saa botae no ho. Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛdan atiefo kɛkɛ, na mmom ɛyɛ bere a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ den na yɛyɛ adwuma.’ (Hagai 2:4; Hebrifo 6:11, 12) Esiane sɛ ‘yɛagye asɛm a wɔatɛw no atom’ nti, ɛmmra sɛ ‘yɛbɛyɛ asɛm no yɛfo a wɔwɔ anigye’ nnɛ ne daa nyinaa.
Wubebua Dɛn?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi de anigye agyina mu?
◻ Dɛn ne “nyansa a efi soro” no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ asɛm no yɛfo, na yɛnyɛ atiefo nko’?
◻ Amanneɛbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ “asɛm no yɛfo”?
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛmmra sɛ yɛn nso yebebue yɛn komam ama ɔsoro nkyerɛkyerɛ
[Kratafa 18 mfonini]
Wɔmaa Hiob akatua wɔ ne mudi mu kura ho denam asetra a edi mu na anigye wom a wɔmaa ɔne n’adɔfo san nyae no so