‘So Ɛsɛ Sɛ Mema Wɔbɔ Me Asu?’
EBIA gyinae ahorow nyinaa a wɔhwehwɛ sɛ yesi wɔ asetra mu no mu biara nni hɔ a ɛho hia sen eyi: ‘So ɛsɛ sɛ mema wɔbɔ me asu?’ Dɛn nti na ɛno ho hia saa? Efisɛ ɛnyɛ yɛn mprempren asetra kwan nkutoo na gyinae a yesi wɔ asemmisa yi ho no nya so nkɛntɛnso tẽẽ, na mmom yɛn daa yiyedi nso.
So ɛsɛ sɛ wusi gyinae yi? Ebia wone Yehowa Adansefo asua Bible no bere bi mu ni. Anaasɛ ebia w’awofo akyerɛkyerɛ wo Kyerɛwnsɛm no fi wo mmofraase. Afei woadu baabi a ɛsɛ sɛ wusi nea ɛsɛ sɛ woyɛ ho gyinae. Nea ɛbɛyɛ na woatumi asi gyinae a ɛfata no, ebehia sɛ wote nea asubɔ kyerɛ ne nnipa ko a ɛsɛ sɛ wɔma wɔbɔ wɔn asu no ase.
Nea Asubɔ Kyerɛ
Te sɛ ayeforohyia no, asubɔ yɛ amanne bi a ɛma wobu abusuabɔ bi aniberesɛm. Wɔ ayeforohyia fam no, abusuabɔ a emu yɛ den aba ɔbarima ne ɔbea no ntam dedaw. Ayeforohyia no ma wɔda nea wɔagye atom wɔ kokoam no adi wɔ baguam ara kɛkɛ, kyerɛ sɛ afei de wɔn baanu no rehyɛn aware nkabom no mu ankasa. Ɛde hokwan ahorow a wobetumi anya mu anigye ma awarefo no nso, na ɛma wonya asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wɔbom di ho dwuma wɔ wɔn asetra mu.
Saara na ɛte wɔ asubɔ ho. Bere a yesua Bible no, yesua nneɛma a ɔdɔ wom a Yehowa ayɛ ama yɛn no. Ɛnyɛ yɛn nkwa ne biribiara a yehia na yɛakɔ so atra ase no nko na ɔde ama yɛn na mmom wama yɛn ne Ba a ɔwoo no koro no nso sɛ ommebue kwan a ɛbɛma adesamma abɔnefo atumi ne No ahyehyɛ abusuabɔ na wɔanya daa nkwa wɔ asase so paradise mu. Sɛ yesusuw eyinom nyinaa ho a, so ɛnkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho biribi?
Dɛn na yebetumi ayɛ? Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Yiw, yebetumi ayɛ Yesu Kristo asuafo, na yɛadi nhwɛso a ɔyɛe wɔ n’Agya, Yehowa apɛdeyɛ mu no akyi. Nanso, sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ ‘yɛpa’ yɛn ho “akyi,” kyerɛ sɛ, yefi yɛn ankasa pɛ mu bɔ yɛn tirim sɛ yɛde Onyankopɔn apɛde bedi yɛn de kan; nea eyi kyerɛ ne sɛ yɛde yɛn nkwa bɛma anaasɛ yebehyira so ama n’apɛde yɛ. Nea ɛbɛyɛ na wɔabu gyinae a obi fi ne pɛ mu si wɔ kokoam yi no, wɔyɛ baguam amanne bi. Nsu mu asubɔ ne saa amanne a wɔde yɛ yɛn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ baguam no.
Hena na Ɛsɛ sɛ Wɔbɔ no Asu?
Yesu Kristo de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo, mmɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu, nkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so.’ (Mateo 28:19, 20) Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ wɔn asu no nyin wɔ adwene ne komam kodu baabi. Wɔnam Onyankopɔn Asɛm a wosua wɔ kokoam no so abehu hia a ehia sɛ ‘wɔsakra wɔn adwene na wɔdan wɔn ho’ fi wɔn kan asetra kwan no ho. (Asomafo no Nnwuma 3:19) Afei, wɔahu hia a ehia sɛ wɔyɛ asɛmpaka adwuma a Yesu Kristo yɛe no, na wɔdan n’asuafo. Eyinom nyinaa aba ansa na adeyɛ a ɛne asubɔ no reba.
So woabedu baabi a ɛte sɛɛ wɔ wo honhom fam onyin mu? So wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn? Sɛ saa a, fa mpaebɔ susuw Bible mu asɛm a ɛfa Etiopiani piani no ho, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma ti 8 no. Bere a wɔkyerɛkyerɛɛ Yesu a ɔne Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow mu kyerɛɛ ɔbarima yi no, ɔpɛɛpɛɛ n’adwene ne ne koma mu na afei obisae sɛ: “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Ɛda adi sɛ na biribiara nsiw no kwan; enti wɔbɔɔ no asu.—Asomafo no nnwuma 8:26-38.
Nnipa pii rebisa asɛm koro no ara nnɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Enti wɔbɔɔ nnipa a wɔahyira wɔn ho so foforo 300,945 asu wɔ 1991 mu. Eyi maa Yehowa nkurɔfo nyinaa ani gyei kɛse, na asafo ahorow no mu mpanyimfo ani gye ho sɛ wɔbɛboa komapafo afoforo ma wɔanya nkɔanim na wɔatumi adu asubɔ ho ahwehwɛde ahorow no ho.
Nanso, ebia w’asafo no mu mpanyimfo de nyansahyɛ bɛma wo sɛ twɛn ansa. Anaa, sɛ woyɛ abofra a, ebia w’awofo bɛkyerɛ wo sɛ twɛn ansa. Wobɛyɛ dɛn afei? Ɛmma w’abam mmu. Kae sɛ wo ne Ɔsorosoroni no ntam abusuabɔ a wobɛhyehyɛ no yɛ aniberesɛm kɛse. Ɛsɛ sɛ wutumi du gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ho na wokɔ so kura mu. Enti tie nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wo no na fi wo koma nyinaa mu di so. Sɛ wonte nea enti a wose twɛn no ase nwie a, mfɛre, na mmom bisabisa nsɛm kosi sɛ wobɛte ahosiesie a ehia sɛ woyɛ no ase yiye.
Nanso, ebia ebinom nso bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobesi gyinae titiriw yi, sɛnea wɔfrɛ no no. Woyɛ wɔn mu biako? Nokwarem no, ebia ntease horow pɔtee bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wutu ahosohyira ne asubɔ hyɛ da. Nanso sɛ wofata asubɔ nanso woda so ara twentwɛn wo nan ase a, ɛyɛ papa sɛ wubisa wo ho sɛ: “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Fa mpaebɔ susuw wo tebea ho hwɛ sɛ wowɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wutu Yehowa ɔfrɛ sɛ hyehyɛ wone no ntam abusuabɔ a wubegye so no hyɛ da ampa anaa.
‘Meda so Ara Yɛ Abofra’
Sɛ woyɛ abofra a, ebia wususuw sɛ, ‘Meda so ara yɛ abofra.’ Ɛyɛ ampa sɛ mpɛn dodow a mmofra kɔ so tie wɔn Kristofo awofo na wodi Kyerɛwnsɛm no so sɛnea wobetumi no, wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bu wɔn sɛ “wɔn ho atew.” Nokwarem no, Bible no kyerɛ yɛn sɛ ɔsoro mpeneso a awofo atreneefo wɔ no bi trɛw ka wɔn mma a wɔn ho asõdi da wɔn so no. (1 Korintofo 7:14) Nanso, wɔnkyerɛ mfe dodow a sɛ abofra di a ne ho asõdi fi n’awofo so no wɔ Bible no mu. Enti, ɛho hia sɛ Kristofo mmofra susuw asemmisa: ‘So ɛsɛ sɛ mema wɔbɔ me asu?’ no ho anibere so.
Bible no hyɛ mmofra nkuran sɛ ‘wɔnkae wɔn Bɔfo Kɛse no wɔ wɔn mmerantebere mu.’ (Ɔsɛnkafo 12:1) Wɔ eyi mu no, yɛwɔ abofra Samuel, a ‘na ɔsom Yehowa anim sɛ abofra,’ no nhwɛso no. Timoteo, a ofi ne mmofraase faa nokware a ne na ne ne nanabea de kyerɛkyerɛɛ no no aniberesɛm nhwɛso no nso wɔ hɔ.—1 Samuel 2:18; 2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.
Saara na nnɛ mmofra pii ahyira wɔn nkwa so sɛ wɔbɛsom Yehowa. Akifusa a wadi mfe 15 no kae sɛ Ɔsom Nhyiam mu dwumadi bi na ɛboaa no ma osii gyinae sɛ ɔbɛma wɔabɔ no asu. Ayumi ma wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe du. Ná ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa efisɛ ɔbɛdɔɔ no ankasa. Mprempren wadi mfe 13 na nnansa yi ara na onyaa osuahu a ɛne sɛ ne Bible suani bi a ɔno nso abɛdɔ Yehowa no ma wɔbɔɔ no asu bere a wadi mfe 12. Wɔbɔɔ Ayumi nuabarima kumaa Hikaru nso asu bere a wadi mfe du. Ose: “Ebinom kae sɛ misua dodo, nanso na Yehowa nim sɛnea mete nka. Bere a minya sii gyinae sɛ mehyira me nkwa so de nea mewɔ nyinaa asom no no ara pɛ na misii me bo sɛ mɛma wɔabɔ me asu.”
Awofo nhwɛso nso tumi boa, sɛnea wotumi hu wɔ onuawa kumaa bi osuahu mu no. Ne papa baraa ne maame sɛ ɛnsɛ sɛ ɔne ɔno, ne nuabarima ne ne nuabea sua Bible no. Ná ɔhwe wɔn hyew wɔn nhoma ahorow. Nanso esiane ɛna no boasetɔ ne gyidi nti, mmofra no tumi huu sɛnea Yehowa Nyankopɔn a wɔbɛsom no no ho hia. Wɔbɔɔ abeawa kumaa yi asu bere a odii mfe 13 no na ne nuabarima ne ne nuabea nkumaa no adi ne nhwɛso akyi.
‘Manyin Dodo’
Odwontofo no kae sɛ: “Mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa] din ayɛ.” (Dwom 148:12, 13) Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyinyin nso hu hia a ehia sɛ wogyina Yehowa afã, Nanso, wɔn a wɔanyinyin binom kwati sɛ wɔbɛyɛ nsakrae ahorow. Wɔte nka sɛ “wuntumi nkyerɛ ɔkraman a wanyin dedaw no nneɛma afoforo bio.” Nanso kae sɛ na ɔnokwafo Abraham adi mfe 75 bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so!” (Asomafo no Nnwuma 7:3; Genesis 12:1, 4) Ná Mose adi mfe 80 bere a Yehowa somaa no sɛ: “Koyi me man . . . fi Misraim.” (Exodus 3:10) Ná saa mmarima yi ne afoforo nyinaa asetra kwan agye ntini awie bere a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnna wɔn dɔ ne wɔn ho so a wɔahyira ama no no adi nkyerɛ no no. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye Yehowa ɔfrɛ no so.
Na nnɛ nso ɛ? Ná Shizumu de mfe 78 ayɛ Budhani ansa na ofii Bible no sua ase. N’abusua sɔre tiaa no, na wɔamma no kwan na wasua ade wɔ n’ankasa fie mpo. Afe biako pɛ akyi no, ohuu hia a ehia sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa, na ɔma wɔbɔɔ no asu. Dɛn nti na ɔyɛɛ nsakrae no? Ɔkae sɛ: “Ná atoro som adaadaa me mfe pii, na na mepɛ sɛ mekɔ so nya nokware no fi Yehowa nkyɛn afebɔɔ.”
‘Ɛno na Afei Egye mo Nkwa’
Bere a aka no so retew. Nkurɔfo nkwa, a wode ka ho, ho aba asɛm. Ehia sɛ woyɛ ntɛm susuw ahosohyira ma Yehowa ne nsu mu asubɔ a wɔdeyɛ ho sɛnkyerɛnne ho asɛm yi ho anibere so. Ɔsomafo Petro sii eyi so dua bere a ɔkae sɛ: “Ɛno na afei . . . ɛregye mo nkwa, ɛne asubɔ.” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asubɔ nyɛ “ɔhonam ho fi yi” (obi di kan yɛ ɛno ansa na ɔfata ma asubɔ) “na mmom ahonim pa a wɔsrɛ fi Onyankopɔn nkyɛn.”—1 Petro 3:21, New World Translation.
Bere a wadu Yehowa ahwehwɛde ahorow ho awie no, osuani a wɔabɔ no asu no benya ahonim pa. Ɛdenam nea obetumi biara a ɔyɛ wɔ Yehowa som mu so no, onya asomdwoe ne abotɔyam. (Yakobo 1:25) Nea ɛsen biara no, obetumi de ahotoso ahwɛ nhyira horow a ɛremma awiei wɔ nhyehyɛe foforo a ɛrebɛba mu no kwan. Ɛmmra sɛ ɛno bɛyɛ wo kyɛfã bere a wugye asemmisa: ‘So ɛsɛ sɛ mema wɔbɔ me asu?’ no so ɔkwan pa so no.
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Sɛ abofra no, Samuel somee wɔ Yehowa anim
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Ná Mose adi mfe 80 bere a Yehowa somaa no no
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Mmofra ne mpanyin a wɔbɔ asu nnɛ no nyinaa betumi ahwɛ nhyira horow a ɛremma awiei wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo mu no kwan