Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Bere a Yesu Ba Wɔ Ahenni Anuonyam Mu
    Ɔwɛn-Aban—1997 | May 15
    • 3, 4. (a) Dɛn na Yesu kae nnansia ansa na ahosakra no reba no? (b) Ka nea esii wɔ ahosakra no mu ho asɛm.

      3 Nnansia a edi ahosakra no anim no, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Onipa ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo bɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.” Ná saa nsɛm yi benya mmamu wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei.’ Yesu kae bio sɛ: “Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu onipa ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.” (Mateo 16:27, 28; 24:3; 25:31-34, 41; Daniel 12:4) Ahosakra no bae maa nsɛm a edi akyiri yi nyaa mmamu.

  • Bere a Yesu Ba Wɔ Ahenni Anuonyam Mu
    Ɔwɛn-Aban—1997 | May 15
    • 5. Nkɛntɛnso bɛn na ahosakra no nyae wɔ ɔsomafo Petro so?

      5 Ná ɔsomafo Petro adi kan ada Yesu adi sɛ “Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!” (Mateo 16:16) Yehowa nsɛm a efi soro no sii da a wɔdaa no adi no so dua, na na Yesu ahosakra ho anisoadehu no yɛ Kristo a ɔbɛba Ahenni tumi ne anuonyam mu, na awiei koraa no, wabu adesamma atɛn no ho mfonini. Ahosakra no akyi bɛboro mfe 30 no, Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.”—2 Petro 1:16-18; 1 Petro 4:17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena