Mateo Asɛmpa No Mu Abohene
YEHOWA NYANKOPƆN de honhom kaa Mateo a na anka ɔyɛ towgyeni no ma ɔkyerɛw Yesu Kristo awo, n’asetra, ne wu, ne ne wusɔre no ho nsɛm a ɛkanyan anigye. Nsaano nkyerɛwee a wɔkyerɛwee ansa na afeha a ɛto so du no reba no pii mu asehɔ nsɛm se wɔkyerɛw saa Asɛmpa yi bɛyɛ Yesu sorokɔ no afe a ɛto so awotwe (bɛyɛ 41 Y.B.) no mu. Eyi ne adanse a ɛwom no mmɔ abira esiane sɛ kyerɛwtohɔ no de Yesu ahyɛde a ɔde mae wɔ 33 Y.B. mu sɛ wɔnkɔyɛ asuafo no na ewie na ɛnka sɛe a Romafo sɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no ho hwee nti.
Wɔ afeha a ɛto so anan mu abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius nhoma Historia Ecclesiastica (Asɔre Abakɔsɛm) no mu no, ɔfa Papias ne Irenaeus a wɔtraa ase afeha a ɛto so abien no mu ne Origen a ɔtraa ase afeha a ɛto so abiɛsa no mu a wɔn nyinaa ka sɛ Mateo na ɔkyerɛw saa Asɛmpa yi no nsɛm ka na ose ɔkyerɛw no Hebri kasa mu. So na eyi yɛ Aram kasa ankasa? Nkrataa ahorow bi a George Howard a ɔyɛ nyamesom ho ɔbenfo wɔ Georgia Sukuupɔn mu bɔ din no kyerɛ sɛ ɛnte saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ná nea enti a wɔka eyi no fi nea na wogye di sɛ ná wɔnka Hebri kasa bio Yesu nna no mu wɔ Palestina na mmom na Aram abɛhyɛ ananmu no titiriw. Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee a wohui akyiri yi a pii wɔ Hebri kasa mu, ne Hebri kasa mu nkrataa afoforo a efi Palestina fi Yesu bere no so no kyerɛ mprempren sɛ na wɔda so ara de Hebri di dwuma na na wɔka wɔ afeha a edi kan no mu.” Ɛda adi sɛ Mateo kyerɛw n’Asɛmpa no sɛnea ɛho bɛba Hebrifo Kristofo mfaso nanso ebetumi aba sɛ ɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa a na pii ka no mu.
Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan Mateo Asɛmpa no. Bere a yɛhwehwɛ abohene a ɛwom no kakraa bi mu no, hyɛ nsɛm a kyerɛwtohɔ no gyina so a ɛma emu da hɔ no nsow.
N’awo ne ne Som Adwuma Mfiase
Mateo Asɛmpa no de Yesu anato ne n’awo na efi ase. Wohui sɛ Maria yem no, Yosef a na wɔde no ama no aware no ‘bɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.’ (1:19) Nanso ɔkwan bɛn so na na obetumi ayɛ saa esiane sɛ ka kwa na na wɔaka sɛ wɔbɛware nti? Wiɛ, wɔ Yudafo fam no, na ɔbea a wɔde no ama aware no wɔ asɛyɛde te sɛ ɔbea warefo ara pɛ. Sɛ ɔne ɔbarima foforo da a, wosiw no abo te sɛ nea ɔyɛ ɔwaresɛefo. (Deuteronomium 22:23-29) Enti, esiane sɛ ware a wɔaka sɛ wɔbɛware no kyekyere wɔn no nti, Yosef bɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no ɛwom sɛ na wɔmfaa guasodeyɛ biara so nkaa wɔn mmoom sɛ awarefo de.
Yesu Bepɔw so Asɛnka no wɔ Mateo Asɛmpa no atiri a edi kan no mu. Wɔ mu no, Kristo bɔɔ kɔkɔ sɛ sɛ obi ka “atɛnnidi nsɛm a ɛkyerɛ animtiaabu” kyerɛ ne nua a, obebu akontaa akyerɛ “Asennibea Kunini” no. (5:22, New World Translation) Na nsɛm a ɛte saa no kyerɛ sɛ obi refrɛ ne nua ɔkwasea a onnim hwee.
Nanso na dɛn ne”Asennibea Kunini no”? Na ɛne Yerusalem Sanhedrin a emufo yɛ 71 no. Dɛn na na ɛma obi fata sɛ ɔbɛyɛ emuni? McClintock ne Strong Cyclopedia no se: “Ná ɛsɛ sɛ obi a ɔhwehwɛ mu kwan yɛ nea ne ho nni asɛm abrabɔ ne honam mu. Na ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ ne mfinimfini mfe mu, ɔware, ne ho yɛ fɛ, ɔyɛ ɔdefo, ɔyɛ nhomanimfo . . . Ná wɔhwehwɛ sɛ ɔte kasa horow pii . . . Ná wɔn a wɔanyin pii, wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo, ayitotofo, ne nsɔfokwaa mfata esiane wɔn su horow no nti; na saa ara na na wɔmpaw wɔn a wonni mma efisɛ wɔrenhu ofie nsɛm di . . .; anaasɛ wɔn a wontumi nkyerɛ sɛ wɔyɛ ɔsɔfo, Lewini, anaa Israelni bi asefo mmara kwan so. . . . Nea edi kan koraa no, na wɔhwehwɛ sɛ obi a ɔbɛyɛ Sanhedrim Kɛse no muni no ayɛ ɔtemmufo wɔ ne kurow a wɔwoo no wom mu pɛn; wafi hɔ aba Sanhedrim Ketewa no mu . . .; ɛno akyi bio no, watoa so akodu Sanhedrim Ketewa a ɛto so abien no mu . . . ansa na wɔagye no sɛ aduɔson biako no muni.”
Enti na Yesu kyerɛ sɛ obi a ɔbɛka “atɛnnidi nsɛm a ɛkyerɛ animtiaabu akyerɛ ne nua no” di fɔ a wobetumi de atoto obi a Yudafo Asennibea Kunini no adi n’asɛm abu no kumfɔ no ho. Kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn nuanom animtiaa bɛn ara ni! Momma yɛnto yɛn tɛkrɛma nnareka sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfata sɛ wobu yɛn fɔ wɔ Yehowa, ‘asase nyinaa Temmufo’ no Asennibea Kɛse a Ɛsen Biara no anim.—Genesis 18:25, New World Translation; Yakobo 3:2-12.
Ná Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a Otu Mpɔn
Saa Asɛmpa yi da Yesu adi nso sɛ na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otumi de ahokokwaw bua nsemmisa. Sɛ nhwɛso no, wɔ asemmisa bi ho mmuaema mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a n’asuafo nni mmuada no mu. (9:14-17) Ná biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wodi mmuada bere a ɔte ase no. Nanso sɛnea ɔka siei no, wodii mmuada na wosui bere a owui no efisɛ na wonnim nea enti a wɔama ne wu no ho kwan. Nanso, bere a wɔn nsa kaa honhom kronkron no wɔ Pentekoste akyi no, wonyaa ntease na wɔanni mmuada wɔ awerɛhow mu bio.
Yesu da so reka asɛmti koro no ara ho asɛm no, ɔde kaa ho sɛ obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu efisɛ n’ahoɔden no ma ntetewee no yɛ kɛse. Ɔkae nso sɛ wɔmmfa nsa foforo nngu nhoma kotoku dedaw mu. Ná nhoma kotoku anaasɛ nhoma toa yɛ aboa nhoma a wɔatwitwiw so na wɔapam ɛho nyinaa gye ebia ano bi a ɛte sɛ anan nkutoo. Nsa foforo a wɔde si hɔ ma ɛpae no de carbon dioxide mframa a emu hyew a ebetumi ama nhoma kotoku dedaw apae ba. Sɛ wɔde toto ho a, na nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no mu yɛ den dodo ma Yudasom dedaw a ɛyɛ katee no. Bio nso, na ɛnyɛ sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtetare nyamesom nhyehyɛe ne ne mmuadadi amanne ne amanne afoforo a ayɛ dedaw biara mu anaasɛ ɔrekora so. Mmom no, Onyankopɔn de Yesu dii dwuma ma ɔde ɔsom nhyehyɛe foforo sii hɔ. Ɛnde, ampa ara sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara de boa gyidi afrafra akuw anaasɛ yɛma atoro som nya nkɔso.
Tie Onyankopɔn Ba no Afotu
Sɛnea Mateo kyerɛwtohɔ a ɛfa ahosakra no ho no kyerɛ no, Onyankopɔn frɛɛ Yesu Ne Ba a ɔsɔ n’ani na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie no. (17:5) Enti ɛsɛ sɛ yetie Kristo afotu nyinaa, te sɛ ne kɔkɔbɔ a ɛne sɛ eye ma obiara a ɔto nea ɔkyerɛ ne mu gyidi hintidua no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu na wokogu no asu no. (18:6) Na eyi yɛ ɔbo bɛn? Ensua, efisɛ na Yesu kyerɛ owiyammo a ɛda soro a ne trɛw yɛ efi anammɔn anan kosi anum. Ná gye sɛ mmoa ahoɔden na ebetumi adan no ato ɔbo kɛse a ɛda fam so. Obiara nni hɔ a obetumi anya nkwa wɔ nsu mu bere a ade duruduru saa sɛn ne kɔn mu no. Enti, nea ɛte ne sɛ na Yesu retu yɛn fo sɛ yɛnkwati n’akyidifo mu biara a yɛbɛto no hintidua ho afodi no. Adwene a ɛte saa ara na ɔsomafo Paulo de kyerɛwee sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.”—Romafo 14:21.
Onyankopɔn Ba no de afotu a ɛnyɛ tẽẽ mae bere a ɔkae sɛ akyerɛwfo ne Farisifo no nnue na ɔkae sɛ wɔte sɛ ɔda a wɔasra ho no. (23:27, 28) Na ɛyɛ amanne sɛ wɔsra ada ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo remfa wɔn nsa nkɔka bere a wonnim na ama wɔn ho agu fĩ. Ɛdenam saa adeyɛ yi a Yesu dan adwene kɔɔ so no so no, ɔkyerɛe sɛ na akyerɛwfo ne Farisifo no yɛ wɔn ho atreneefo nnipa ani so nanso na ‘nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ wɔn ma.’ Saa afotu a yehu wom yi bɛma yɛatwe yɛn ho afi nsɛm a wɔde nwonwan ho na yɛayɛ ade “gyidi a nkontompo nnim mu.”—1 Timoteo 1:5; Mmebusɛm 3:22; 2 Timoteo 1:5.
Yɛn Nhwɛsofo no yɛ Mudi mu Kurafo
Bere a Mateo akyerɛw Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘ne ba ho sɛnkyerɛnne’ ho no akyi no, ɔka Kristo yima, ne kyere, n’asenni, ne wu ne ne wusɔre no ho asɛm. Wɔ dua no so no, Yesu powee sɛ ɔbɛnom nsa a wɔde bɔnwoma a ɛyɛ ade a ekum nkate ano agu mu. (27:34) Na ɛyɛ amanne sɛ mmea de nsa a ɛte saa ma nsɛmmɔnedifo de kum duam a wɔde wɔn abɔ mu yaw no ano. Marko 15:23 se ná”wɔde aduhuam afra” nsa no mu a na ɛbɛma ne hua no ayɛ kama. Ɛda adi sɛ na bɔnwoma ne aduhuam nyinaa wɔ nsa a Yesu powee no mu. Bere a na wadu n’asase so som adwuma no awiei no koraa no, wampɛ sɛ wɔma no aduru nom anaasɛ wɔremma n’adwene mu nna hɔ. Yesu pɛe sɛ odi ne nkate nyinaa so koraa sɛnea ɛbɛyɛ a obedi nokware akodu owu mu. Te sɛ yɛn nhwɛsofo no, ɛmmra sɛ yɛn mudi mu a yebekura ama Yehowa Nyankopɔn no ho asɛm bɛyɛ nea ehia yɛn bere nyinaa.—Dwom 26:1, 11.